-
Ɛhe na Wɔwoo Yesu na Bere Bɛn na Wɔwoo No?Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Roma Ɔhempɔn Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ obiara nkɔ ne kurom nkɔkyerɛw ne din. Enti, na ɛsɛ sɛ Yosef ne Maria tu kwan kɔ wɔn kurom Betlehem wɔ Yerusalem anafo fam.
Nnipa bebree kɔɔ Betlehem sɛ wɔrekɔkyerɛw wɔn din, enti na ɛdan ho ayɛ den. Yosef ne Maria annya baabiara antena sɛ baabi a afurum ne mmoa foforo da. Ɛhɔ na Maria woo Yesu, na ɔde ntoma kyekyeree no de no too mmoa adididaka mu.
Yɛhwɛ mmara a Kaesare Augusto hyɛɛ sɛ obiara nkɔ ne kurom nkɔkyerɛw ne din no a, yɛhu sɛ na Onyankopɔn nsa wom. Adɛn ntia? Mmara no ma wɔkɔwoo Yesu wɔ Betlehem, ne nana Ɔhene Dawid kurom. Ná Bible aka ato hɔ dadaada sɛ ɛhɔ na wɔbɛwo Ɔhene a wɔahyɛ ne ho nkɔm no.—Mika 5:2.
-
-
Ɛhe na Wɔwoo Yesu na Bere Bɛn na Wɔwoo No?Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Ɛnnɛ, nnipa pii susu sɛ wɔwoo Yesu December 25. Nanso wokɔ Betlehem December mu a, saa bere no yɛ awɔwbere a nsuo taa tɔ. Ɛtɔ da mpo a sukyerɛmma tɔ. Enti saa bere no, na nnwanhwɛfoɔ rentumi nna nwuram anadwo nhwɛ wɔn nnwan. Roma ɔhempɔn no nso, na nkurɔfo no ara repɛ ate ne so atua dada, enti ɛnyɛ ade a anka ɔbɛhyɛ mmara sɛ nkurɔfo nkɔ wɔn kurom nkɔkyerɛw wɔn din awɔwbere mu. Enti ɛbɛyɛ sɛ October mu hɔ baabi na wɔwoo Yesu.
-