Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 51 kr. 126-kr. 127 nky. 9
  • Wɔkuu Obi Wɔ Awodadi Bi Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔkuu Obi Wɔ Awodadi Bi Ase
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Apontow Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 51 kr. 126-kr. 127 nky. 9
1. Salome resa wɔ Herode awodadi ase; 2. Salome de Yohane Suboni ti rebrɛ Herodia

TI 51

Wɔkuu Obi Wɔ Awodadi Bi Ase

MATEO 14:1-12 MARKO 6:14-29 LUKA 9:7-9

  • HERODE MA WƆTWAA YOHANE SUBONI TI

Bere a Yesu asomafo no reyɛ asɛnka adwuma wɔ Galilea no, Yohane Suboni a ɔdii Yesu ho adanse no deɛ, na waka adwaa mu. Ná wada afiase bɛyɛ mfe mmienu.

Nea ɛbae ne sɛ, na Ɔhene Herode Antipa agyaa ne yere akɔfa ne nua Filipo yere Herodia. Ɛbaa saa no, Yohane ka sii n’anim sɛ nea wayɛ no yɛ bɔne. Mose Mmara mu no, obi yɛ saa a, ɛyɛ awaresɛe. Herode nso, na ɔgye ne ho di paa sɛ ɔdi Mose Mmara no so. Bere a Yohane kaa Herode anim no, anyɛ no abodwo, na ɛbɛyɛ sɛ Herodia nso sosoo gya guu mu maa Herode de Yohane too afiase.

Ná Herode nhu nea ɔmfa nyɛ Yohane, efisɛ ‘na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.’ (Mateo 14:5) Herodia deɛ, adwene baako pɛ na na ɛwɔ ne tirim. Ná wanya Yohane “ho menasepɔ,” enti na ɔrepɛ no akum no. (Marko 6:​19) Afei deɛ biribi bɛbɔɔ mu ma ɔnyaa nea ɛda ne koma so.

Aka kakra ama afe 32 Twam afahyɛ adu so no, Herode too pon kɛse de dii n’awoda. Herode mpanimfoɔ ne mmapɔmma a wɔwɔ Galilea nyinaa ne n’asraafo mpanimfoɔ baa apontow no ase. Ná Herodia wɔ babaa bi a yɛfrɛ no Salome, na ɔne ne kunu dada Filipo na ɛwoo no. Ɔbɛsaa wɔ apontow no ase maa mmarima a wɔwɔ hɔ ani gyei paa.

Salome resa wɔ Herode awodadi ase, na Herode ani agye asa no ho

Herode huu sɛ n’abanoma no atew n’anim. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me deɛ wopɛ biara, na mede bɛma wo.” Ɔkaa no ntam mpo sɛ: “Biribiara a wobɛbisa me no, mɛma wo kɔsi m’ahennie mu fã so.” Ná Salome nhu nea ɔmmisa, enti ɔkɔɔ ne maame hɔ kɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na memmisa?”​—Marko 6:​22-​24.

Afei deɛ, na Herodia nsa aka nea ɔpɛ. Enti ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne babaa no sɛ ɔnkɔka sɛ ɔpɛ “Yohane suboni tiri.” Salome nso yɛɛ ntɛm de n’abisade kɔtoo Herode anim sɛ: “Mepɛ sɛ wode Yohane Suboni ti to apampaa so ma me seesei ara.”​—Marko 6:​24, 25.

Asɛm no haw Herode paa, nanso ntam a ɔkaa Salome no, wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa tee. Enti sɛ wanyɛ Salome abisade no a, ɛbɛyɛ animguase ama no. N’anim bɛgu ase nso deɛ, ɛnde ɔbɛkum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Enti Herode somaa ɔwɛmfo bi kɔɔ afiase hɔ sɛ ɔnkɔtwa Yohane ti. Ankyɛ na ɔwɛmfo no de Yohane ti too apampaa so bae. Ɔde maa Salome, na ɔno nso de kɔmaa ne maame.

Bere a Yohane asuafo tee nea asi no, wɔbaa afiase hɔ bɛfaa n’amu kɔsiei. Afei wɔkɔbɔɔ Yesu amanneɛ.

Akyiri yi a Herode tee sɛ Yesu resa nkurɔfo yareɛ na ɔretu ahonhommɔne no, ɔbɔɔ hu. Ɛyɛɛ no sɛ nneɛma a Yesu reyɛ no deɛ, gyama Yohane Suboni na ‘wɔanyane afiri awufoɔ mu’ a ɔreyɛ saa nneɛma no. (Luka 9:7) Enti, na Herode Antipa ani abere pɛ sɛ ɔhu Yesu. Ɛnyɛ asɛm a Yesu reka no na na ɔrepɛ atie, na mmom na ɔpɛ sɛ ɔhu sɛ ɛyɛ Yohane na wasan aba anaa.

  • Ɛyɛɛ dɛn na wɔde Yohane Suboni too afiase?

  • Ɛbaa no sɛn na afei Herodia yɛ maa wɔkuu Yohane?

  • Yohane wui no, adɛn nti na na Herode Antipa pɛ sɛ ɔhu Yesu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena