-
Ahosakra no Yɛ Kristo Anuonyam Ho MpopoeYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Ɛfiri Kaesarea Filipi rekɔ Bepɔ Hermon so bɛyɛ kilomita 25, na Kaesarea hɔ na na Yesu rekyerɛkyerɛ nkurɔfo. Ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no, ɔde asɛm kɛse bi too dwa. Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ da kɔsi sɛ wɔbɛhunu sɛ onipa Ba no reba n’ahennie mu.”—Mateo 16:28.
Ɛbɛyɛ sɛ asuafo no ante Yesu asɛm no ase. Bɛyɛ nnawɔtwe akyi no, ɔfaa asomafo no mmiɛnsa kaa ne ho kɔɔ bepɔ tenten bi so. Asomafo no ne Petro, Yakobo ne Yohane. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ anadwo, efisɛ na wɔn mmiɛnsa nyinaa ani kum. Yesu gu so rebɔ mpae no, ɔsakraa wɔ wɔn anim. Asomafo no huu sɛ n’anim hyerɛn te sɛ awia, na n’atade nso hyerɛn sɛ kanea.
-
-
Ahosakra no Yɛ Kristo Anuonyam Ho MpopoeYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Hwɛ sɛnea anisoadehu no bɛhyɛ Yesu ne asomafo no nyinaa nkuran! Ɛyɛ anuonyam a Kristo bɛnya wɔ n’Ahenni mu no ho mpopoe. Enti yɛbɛtumi aka sɛ sɛnea Yesu kae no, asuafo no huu sɛ “onipa Ba no reba n’ahennie mu.” (Mateo 16:28) Wɔde wɔn ‘ani kann huu n’animuonyam.’ Ná Farisifo no repɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Hene a wayi no, nanso wamma wɔn sɛnkyerɛnne biara. Yesu asuafo a wɔbɛn no no deɛ, ɔma wɔhuu n’ahosakra no, na ɛsii so dua sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ahenni no ho no bɛba mu. Ɛno nti na akyiri yi Petro kyerɛw sɛ: “Wɔahyɛ nkɔmhyɛsɛm no mu den ama yɛn.”—2 Petro 1:16-19.
-