-
Bere a Yesu Ba Wɔ Ahenni Anuonyam MuƆwɛn-Aban—1997 | May 15
-
-
4 Dɛn ade pɔtee na asomafo baasa no hui? Sɛnea Luka kaa adeyɛ no ho asɛm na edi so yi: “Na [Yesu rebɔ] mpae no, n’anim tebea sakrae, na n’atade yɛɛ fitaa, na ɛharanee. Na hwɛ, mmarima baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae; na woyii wɔn ho adi anuonyam mu, na wɔkaa ne wu a obewu wɔ Yerusalem ho asɛm.” Afei, “omununkum bae bɛkataa [asomafo no] so; na wɔrekɔ omununkum no mu no, wosuroe. Na ɛnne bi fi mununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me ba a mapaw no, muntie no!”—Luka 9:29-31, 34, 35.
-
-
Bere a Yesu Ba Wɔ Ahenni Anuonyam MuƆwɛn-Aban—1997 | May 15
-
-
5. Nkɛntɛnso bɛn na ahosakra no nyae wɔ ɔsomafo Petro so?
5 Ná ɔsomafo Petro adi kan ada Yesu adi sɛ “Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba!” (Mateo 16:16) Yehowa nsɛm a efi soro no sii da a wɔdaa no adi no so dua, na na Yesu ahosakra ho anisoadehu no yɛ Kristo a ɔbɛba Ahenni tumi ne anuonyam mu, na awiei koraa no, wabu adesamma atɛn no ho mfonini. Ahosakra no akyi bɛboro mfe 30 no, Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo ahoɔden ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a yɛn ani tuae. Na onyaa nidi ne anuonyam fii agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani! no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.”—2 Petro 1:16-18; 1 Petro 4:17.
-