BIBLE MU AKORADE | LUKA 10-11
Mfatoho a Ɛfa Samariani Bi a Ɔboaa Ne Yɔnko Ho
Yesu maa mfatoho yi de buaa asɛmmisa a ɛne sɛ: “Hena paa ne me yɔnko?” (Lu 10:25-29) Ná Yesu nim sɛ bere bi bɛba a nnipa “ahorow nyinaa” bɛba Kristofo asafo no mu. Ná Samariafo ne Amanaman mufo nso bɛba abɛka ho. (Yoh 12:32) Yesu mfatoho yi kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ɛsɛ sɛ woyi wɔn yam fa akwan horow so da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo. Enti sɛ onipa no fi he oo, sɛ ɔte sɛn oo, ɛsɛ sɛ wɔdɔ no.
BISA WO HO SƐ:
‘Anuanom a ɛsono wɔn amammerɛ no, mete nka sɛn wɔ wɔn ho?’
‘Wɔn a me ne wɔn nsɛm tebea di nsɛ nko ara na me ne wɔn taa bɔ anaa?’
‘Metumi abue me komam na anuanom Kristofo a wofi mmeae foforo no, mahu wɔn yiye anaa?’ (2Ko 6:13)
Hena na metumi ato nsa afrɛ no ama . . .
me ne no akɔ asɛnka?
waba me fie abedidi?
wabɛka m’abusua ho ama yɛayɛ Abusua Som a edi hɔ no?