-
“Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”Suasua Wɔn Gyidi
-
-
10 Maria ne Yosef hui sɛ na nnipa ahyɛ akuraa hɔ ma. Ná afoforo a wɔrebɛkyerɛw wɔn din adi wɔn anim kan, enti na ahɔhodan a ɛwɔ hɔ nyinaa ayɛ ma.b Saa anadwo no, na wonni baabiara a wɔbɛsoɛ sɛ mmoa dan mu. Yebetumi de yɛn ani abu sɛnea Yosef ho bɛyeraw no bere a ohui sɛ ne yere rete yaw a ɔmfaa bi mu da, na emu rekɔ so yɛ den no. Awo anka no baabiara sɛ mmoa dan mu.
11. (a) Dɛn nti na mmea a wɔwɔ baabiara betumi ate nka ama Maria? (b) Akwan bɛn so na na Yesu yɛ “abakan”?
11 Ɔbea biara betumi ate nka ama Maria. Bɛyɛ mfe 4,000 a na atwam no, Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ esiane bɔne a wɔde awo nnipa nti, mmea nyinaa bɛte yaw wɔ awo mu. (Gen. 3:16) Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Maria ante yaw. Luka kyerɛwtohɔ no anka yaw a ɔfaa mu no ho asɛm, na mmom nea ɛka ara ne sɛ: “Ɔwoo ɔbarima, n’abakan.” (Luka 2:7) Nokwarem no, na wawo “n’abakan”—Maria mma bɛyɛ ason no mu nea odi kan. (Mar. 6:3) Nanso, na abofra yi bɛyɛ soronko wɔ wɔn nyinaa mu. Ná ɔnyɛ Maria nkutoo abakan, na mmom na ɔyɛ Yehowa ankasa “abɔde nyinaa mu abakan,” Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no!—Kol. 1:15.
12. Ɛhe na Maria de abofra no toe, na ɔkwan bɛn so na nea esii ankasa no yɛ soronko wɔ Yesu awo ho ɔyɛkyerɛ, mfonini, ne sini ahorow a woyi no ho?
12 Saa bere yi na kyerɛwtohɔ no ka asɛm foforo bi a nkurɔfo nim no yiye ho asɛm: “Ɔde ntama kyekyeree no too mmoa adididaka mu.” (Luka 2:7) Yesu awo ho ɔyɛkyerɛ, mfonini, ne sini ahorow a woyi wɔ wiase nyinaa no gugu n’awo ho nsɛm mu dodo. Nanso, ma yensusuw nea esii ankasa no ho nhwɛ. Maria de akokoaa no too mmoa adididaka mu. Kae sɛ, na abusua no akɔsoɛ mmoa dan mu, baabi a saa bere no na ɛhɔ ntew anaa mframa pa nni hɔ sɛnea ɛte ɛnnɛ no nso. Nokwarem no, ɔwofo bɛn na sɛ baabi pa wɔ hɔ a ɔbɛkɔ beae a ɛte saa akɔwo? Awofo dodow no ara pɛ sɛ wɔn mma nya adepa. Sɛ saa a, mpɛn ahe ara na na Maria ne Yosef nso renhwehwɛ adepa mma Onyankopɔn Ba no!
13. (a) Ɔkwan bɛn so na Maria ne Yosef de nea wɔwɔ hwɛɛ abofra no sɛnea wobetumi? (b) Dɛn na awofo pa bɛyɛ na wɔatumi de nneɛma a ɛho hia asisi wɔn mma ani so sɛnea Maria ne Yosef yɛe no?
13 Nanso, wɔamma nea na wontumi nyɛ no ammu wɔn aba mu; wɔde nea na wɔwɔ no yɛɛ nea wobetumi biara de hwɛɛ abofra no. Sɛ nhwɛso no, hyɛ no nsow sɛ, Maria ankasa na ɔhwɛɛ akokoaa no, ɔfaa ntama de kyekyeree ne ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw nkɔ no mu, na ɔdedaa no wɔ mmoa adididaka mu. Ná Maria remma tebea a waba mu no ho adwinnwen mma onnyae nea na obetumi ayɛ de aboa ne ba no. Ná ɔne Yosef nyinaa nim nso sɛ, ade a ɛho hia titiriw paa a na wobetumi ayɛ ama abofra no ne sɛ wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɛtete no. (Monkenkan Deuteronomium 6:6-8.) Ɛnnɛ, awofo pa nso bɔ mmɔden sɛ wɔde nneɛma a ɛho hia saa ara besisi wɔn mma ani so wɔ wiase a nkurɔfo mfa Onyankopɔn som nyɛ hwee yi mu.
-
-
“Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”Suasua Wɔn Gyidi
-
-
b Saa bere no, na wɔtaa sisi ahɔhodan wɔ nkurow mu ma akwantufo ne aguadifo bɛda hɔ.
-