-
“Wankwati Bɛ Anka Asɛm Biara Ankyerɛ Wɔn”Ɔwɛn-Aban—2002 | September 1
-
-
14. Wɔ ɛbɛ a ɛfa Samariani mmɔborohunufo ho no mu no, dɛn nti na na ehia sɛ Yesu de ɔkwan a ‘efi Yerusalem kɔ Yeriko’ no ka n’asɛm?
14 Nea ɛto so abien, kae Samariani mmɔborohunufo ho bɛ no. Yesu fii ase sɛ: “Onipa bi fi Yerusalem sian kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no afɛ gyaw no kɔe a watɔ beraw.” (Luka 10:30) Ɛfata sɛ Yesu de ɔkwan a efi ‘Yerusalem kɔ Yeriko’ no dii dwuma de kaa n’asɛm no. Ɔrebu saa bɛ no na ɔwɔ Yudea, baabi a ɛbɛn Yerusalem; enti ɛda adi sɛ na n’atiefo no nim ɔkwan a na ɔreka ho asɛm no. Ná wonim saa kwan no sɛ ɛso yɛ hu yiye, titiriw ma obi a ne nkutoo tu kwan wɔ so no. Ná ɔkwan no konton fa baabi a ɛhɔ yɛ dinn, a na ɛbɛma akwanmukafo anya baabi a wɔbɛtetɛw.
15. Dɛn nti na na obiara ntumi nnye ɔsɔfo no ne Lewini no ti wɔ mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborohunufo ho no mu?
15 Ɛfata sɛ yɛhyɛ biribi foforo nso nsow wɔ ka a Yesu kaa ɔkwan a ‘esian fii Yerusalem kɔɔ Yeriko’ ho asɛm no mu. Sɛnea asɛm no kyerɛ no, nea edi kan no, ɔsɔfo, ne afei Lewini nso faa kwan no so—nanso wɔn mu biara annyina anhwɛ nea wapira no. (Luka 10:31, 32) Ná asɔfo no som wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, na Lewifo no boaa wɔn. Sɛ asɔfo ne Lewifo no nyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ a, na wɔn mu pii tra Yeriko, efisɛ na efi Yerusalem rekɔ Yeriko no yɛ kilomita 23 pɛ. Ne saa nti, na wɔtaa fa saa kwan no so. Hyɛ no nsow nso sɛ, na ɔsɔfo no ne Lewini no nam kwan no so ‘fi Yerusalem’ a ɛkyerɛ sɛ na wofi asɔrefie hɔ.b Enti na obiara ntumi nnye mmarima yi ti wɔ wɔn anibiannaso no ho denam ka a ɔbɛka sɛ, ‘Esiane sɛ na ɛte sɛ nea ɔbarima a wapira no awu nti na wɔanso ne mu no, efisɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka funu a ɛbɛma wɔremfata saa bere no sɛ wɔsom wɔ asɔrefie hɔ.’ (Leviticus 21:1; Numeri 19:11, 16) So emu nna hɔ sɛ na Yesu mfatoho ahorow no fa nneɛma a na n’atiefo no nim ho?
-
-
“Wankwati Bɛ Anka Asɛm Biara Ankyerɛ Wɔn”Ɔwɛn-Aban—2002 | September 1
-
-
b Ná Yerusalem wɔ koko so sen Yeriko. Enti sɛ ɔkwantuni bi fi ‘Yerusalem rekɔ Yeriko,’ sɛnea wɔkae wɔ ɛbɛ no mu no a, na ‘ɔresian.’
-