Bere a Ayamye Bu So
SƐ WUNYA hokwan sɛ wode akyɛde bi bɛma ɔhene bi a, dɛn na anka wode bɛma no? Na sɛ ɔno ne sodifo a wanya ne ho sen biara na onim nyansa sen biara nso ɛ? So wubetumi asusuw akyɛde a anka ɛbɛsɔ n’ani ho? Bɛyɛ mfe mpem abiɛsa a atwam ni no, na ɛsɛ sɛ Seba hemmaa susuw saa nsɛmmisa yi ho bere a na ɔresiesie ne ho akɔsra sodifo bi a ɔte saa pɛpɛɛpɛ—Israel hene Salomo—no.
Bible ka kyerɛ yɛn sɛ nea na ɛka n’akyɛde no ho ne sika dwetikɛse 120, “ne nnuhuam bebree pa ara, ne aboɔden abo.” Sɛ wobu sika no ano wɔ nnɛ bere yi mu a, ɛbɛyɛ sɛ $40,000,000. Na wɔtaa de nnuhuam toto sika kɔkɔɔ ho sɛ ade a ɛsom bo. Bere a Bible no nka nnuhuam dodow a ɔhemmaa no de maa Salomo no nkyerɛ yɛn no, ɛka sɛ na n’akyɛde no yɛ bebree paa a ɛso bi mmae saa bio.—1 Ahene 10:10.
Ɛda adi sɛ na Seba hemmaa no yɛ ɔdefo ne ɔbea yamyefo. Enti, onyaa n’ayamye no so akatua. Bible no ka sɛ: “Na ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no n’ade a ɔpɛ a obisae no nyinaa, ɛsono nea ɔde brɛɛ ɔhene no.” (2 Beresosɛm 9:12, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛwom sɛ ebia na ɛyɛ ahemfo su sɛ wɔbɛma wɔn ho wɔn ho akyɛde de; nanso Bible no ka Salomo ho asɛm pefee sɛ ‘obi a na ne nsam gow.’ (1 Ahene 10:13) Salomo ankasa kyerɛwee sɛ: “Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.”—Mmebusɛm 11:25.
Nokwarem no, Seba hemmaa no nso de ne bere ne nneɛma pii bɔɔ afɔre de kɔsraa Salomo. Ɛda adi sɛ na Seba wɔ beae a mprempren ɛne Yemen Adehyeman no mu; enti ɔhemmaa no ne ne yoma twaa kwan a ɛboro kilomita 1,600 kɔɔ Yerusalem. Sɛnea Yesu kae no, “ofi asase ano nohɔ betiee.” Dɛn nti na Seba hemmaa no haw ne ho saa? Ɔbae sɛ ‘ɔrebetie Salomo nyansa.’—Luka 11:31.
Ahene Nhoma a edi kan 10:1, 2 ka sɛ Seba hemmaa no ‘bae sɛ ɔde Mmebusɛm a emu wɔ sum rebɛsɔ Salomo ahwɛ. Ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ.’ Dɛn na Salomo yɛɛ wɔ ho? “Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhintaw ɔhene a wanka ankyerɛ no.”—1 Ahene 10:3.
Anwonwasɛm a ɔhemmaa no tee ne nea ohui nti, ofi ahobrɛase mu buae sɛ: ‘Nhyira ne wo nkoa yi a wogyinagyina w’anim daa yi tie wo nyansa no!’ (1 Ahene 10:4-8) Ɛwom sɛ na Salomo nkoa no wɔ ahode pii de, nanso ɛnyɛ ɛno nti na ɔkamfoo wɔn. Mmom no, na Salomo nkoa no wɔ nhyira esiane sɛ na wobetumi atie Salomo nyansa a Onyankopɔn de ama no no bere nyinaa nti. Hwɛ nhwɛso pa ara a Seba hemmaa no ayɛ ama Yehowa nkoa nnɛ, sɛ wotie Ɔbɔadeɛ no ankasa ne ne Ba, Yesu Kristo nyansa!
Nea ɛfata a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow bio nso ne ɔhemmaa no asɛm a ɔka kyerɛɛ Salomo no: “Nhyira nka [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn.” (1 Ahene 10:9) Ɛda adi sɛ ohui sɛ Yehowa nsa wɔ Salomo nyansa ne ne nkɔso no mu. Eyi ne nea na Yehowa adi kan de ahyɛ Israel bɔ no hyia. Ɔkae sɛ: “Munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ, ‘Saa ɔman kɛse yi yɛ anyansafo ne nhumufo.’”—Deuteronomium 4:5-7.
Wɔba Nea Ɔma Nyansa no Nkyɛn
Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii aba Yehowa ahyehyɛde no mu efisɛ wɔahu sɛ wɔn a wɔyɛ “Nyankopɔn Israel” no yɛ ‘nkurɔfo a wonim nyansa na wɔwɔ ntease,’—a ɛnyɛ nnipa de, efisɛ Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ ne n’adwene na ɛkyerɛ wɔn kwan. (Galatifo 6:16) Wɔn a wɔbɔ wɔn asu no kyerɛ sɛ nnansa yi, asuafo foforo ɔpehaha pii na wɔaka akyerɛ honhom mu Israelfo no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Hwɛ yɛ a ɛyɛ wɔn a wɔaba foforo yi nwonwa bere a wohu honhom mu nnuan a abu so a Yehowa de ato n’asomfo pon no! Wonhuu ɛso bi da wɔ ɔsom ahorow a na kan wɔwom no mu.—Yesaia 25:6.
Ɔdemafo Kɛse no a Wɔma No Ade
Bere a wonya nnepa pii no, wɔn a wɔkyerɛ anisɔ no ntumi nhu nea wɔmfa mma Ɔhene ne Ɔdemafo a ɔsen biara, Yehowa Nyankopɔn. Bible no da no adi sɛ akyɛde a ɛsom bo paa a yebetumi de ama Yehowa ne sɛ yɛbɛbɔ no “ayeyi afɔre.” (Hebrifo 13:15) Dɛn ntia? Efisɛ saa afɔrebɔ no fa nkwagye ho, ade titiriw a ehia Yehowa wɔ saa awiei bere yi mu. (Hesekiel 18:23) Afei nso, obi ahoɔden ne ne bere a ɔde bɛboa ayarefo, wɔn a wɔabotow, ne afoforo no yɛ afɔrebɔ a ɛsɔ ani.—1 Tesalonikafo 5:14; Hebrifo 13:16; Yakobo 1:27.
Sika fam ntoboa nso di akoten kɛse wɔ eyi mu. Ɛboa ma wotumi tintim Bible ne Bible ho nhoma, na ɛma wonya mmeae a Kristofo betumi ahyiam. (Hebrifo 10:24, 25) Ntoboa nso boa ma wonya nneɛma a wɔde boa wɔn a ɔko ne asiane ato wɔn.
Onyankopɔn Asɛm ma yɛn nea yebetumi agyina so de bi ama. Sɛ nhwɛso no, ɛkyerɛkyerɛ sɛ, wontwaa bo biara mmaa Kristofo, na mmom nea obiara betumi ama na ofi ne pɛ mu ne koma a ɛpɛ mu de ma. (2 Korintofo 9:7) Ebinom tumi ma nea ɛdɔɔso; afoforo nso, te sɛ okunafo hiani a na ɔwɔ Yesu bere so no, ebia wotumi ma kakraa bi. (Luka 21:2-4) So ɛnyɛ nea Yehowa—amansan nyinaa Wura no—ani sɔ afɔrebɔ ne akyɛde a efi koma mu a yɛbɔ wɔ ne din ho no?—Hebrifo 6:10.
Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi afi anigye mu ama no, wɔkɔ so de ahiade ahorow ne ɔkwan pa a wobetumi afa so adi saa ahiade no ho dwuma ho amanneɛbɔ ma Yehowa nkurɔfo. Afei Yehowa honhom kronkron ka komapafo ma wodi ho dwuma. Akwankyerɛ yi na wɔde dii dwuma wɔ tete Israel bere a na wɔresi ntamadan no ne asɔrefie no. (Exodus 25:2; 35:5, 21, 29; 36:5-7; 39:32; 1 Beresosɛm 29:1-19) Wɔ afeha a edi kan Y.B. no, saa akwankyerɛ yi boaa Kristofo ma wonyaa nneɛma a na wohia ama wɔde Ahenni asɛmpa no akɔ amanaman so na wɔaboa anuanom a wɔwɔ Israel wɔ ɔkɔm bere mu no.—1 Korintofo 16:2-4; 2 Korintofo 8:4, 15; Kolosefo 1:23.
Saa pɛpɛɛpɛ na ɛnnɛ, Yehowa ahyira ne nkurɔfo, na ɔbɛkɔ so ahyira wɔn, denam nea wohia de awie asɛmpaka adwuma kɛse ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛso bi mmae da a wɔreyɛ no wiase nyinaa a ɔde bɛma wɔn no so.—Mateo 24:14; 28:19, 20.
Nneɛma Bɛn na Ɛho Hia Seesei?
Nnansa yi, wɔde Yehowa Adansefo dwumadi no ahyɛ mmara ase wɔ aman pii a kan no na wɔde nsa ato wɔn dwumadi so no mu. Ama adawurubɔfo dodow anya nkɔanim wɔ saa nsase yi so. Sɛnea ntease wom no, ama Bible ne Bible ho nhoma ho abehia kɛse.
Saa ara nso na ɛte wɔ Ahenni Asa ahorow nso ho. Wohia Ahenni Asa foforo bɛyɛ 9,000 wɔ wiase nyinaa mprempren yi ara. Sɛ wotumi si Ahenni Asa biako da biara a, ebegye mfe 24 ansa na wɔatumi adi mprempren ahiade yi ho dwuma! Ne nyinaa mu no, wɔhyehyɛ asafo ahorow bɛyɛ ason foforo da biara da, na pii wɔ aman a wonni sika pii mu. Ɔkwan foforo so no, saa mmeae yi mu dodow no ara nhia adan a ne bo yɛ den pii. Mmeae bi wɔ hɔ a, Ahenni Asa a ɛfata a ebetumi ayɛ adansedi wɔ mpɔtam hɔ no begye sika kakraa bi bɛyɛ sɛ $6,000 pɛ na wɔde asi awie.
Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Kristofo binom di yiye sen afoforo, ɛno nti ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Saa bere yi mu mo mmoroso akogu wɔn hia mu, na wɔn mmoroso nso abegu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ.” (2 Korintofo 8:14) Ɛnnɛ, wɔnam nneɛma a wɔma ɛkari “pɛpɛɛpɛ” saa ara so nya sika a ehia na wɔde anya Bible, Bible ho nhoma, Ahenni Asa, mmoa a wɔde ma wɔn a asiane ato wɔn, ne nneɛma foforo wɔ wiase afã horow pii. Hwɛ nhyira ara a saa ɔma no de brɛ wɔn a woyi ne wɔn a wonya no nyinaa!—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Sɛnea nkrataa a Asafo ti no nsa ka fi nnipa ayamyefo hɔ kyerɛ no, nsɛmma nhoma yi akenkanfo pii pɛ sɛ wɔboa adwuma no nanso wontumi nhu akwan a wɔbɛfa so ayi ntoboa. Akyinnye biara nni ho sɛ adaka a ɛka ho yi bebua wɔn nsɛmmisa no.
Wɔ Salomo anuonyam nniso no mu no, “asase so ahene nyinaa” a wɔtee ne ho asɛm no bɛhwehwɛɛ no. Nanso Bible no bɔ sodifo biako pɛ din—Seba hemmaa no. (2 Beresosɛm 9:23) Hwɛ afɔre ara a ɔbɔe! Nanso onyaa so akatua pii—na ɛboro so araa ma ne nsrahwɛ no akyi no, “ne ho dwiriw no a na onhu nea ɔnka.”—2 Beresosɛm 9:4, Today’s English Version.
Daakye nso, Yehowa, Ɔhene ne Ɔdemafo kɛse no, bɛyɛ nneɛma akɛse pii a ɛsen Salomo de no ama wɔn a wɔbɔ No afɔre no. Wɔn ho ‘bedwiriw wɔn a wonhu nea wɔnka’ efisɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa bɛkora wɔn so wɔ ne da kɛse a ɛyɛ hu no mu nko na mmom ɛno akyi no ‘obebue ne nsam ama ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’—Dwom 145:16.
[Kratafa 22 adaka]
Akwan a Ebinom Fa So Yi
NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO
NNIPA pii yi sika to hɔ a wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Asafo ti no Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14,” mu. Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena wiase nyinaa dwumadibea ti wɔ Brooklyn, New York, anaa wɔn man mu baa dwumadibea.
Wubetumi de sika ntoboa a wufi wo pɛ mu de ma nso amena Treasurer’s Office, Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ akyɛde koraa ka ntoboa yi ho.
NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE
Obi betumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no, na wɔayɛ nhyehyɛe soronko bi wɔ ho sɛ sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de n’ade ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm dedaw no so.
ADƆE HO NHYEHYƐE
Nea ɛka sika a wɔde kyɛ koraa ne ntoboa a nhyehyɛe bi bata ho ho no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni adwuma no. Nea ɛka eyinom ho ni:
Insurance: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyɛn a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no.
Sika a Wɔasie Wɔ Sikakorabea: Obi betumi de sika a wasie wɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no ato hɔ ama Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde horow hyia.
Adwuma mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma bi mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaa obetumi ayɛ ho nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔakɔ so atua mfaso a efi mu ba no nkutoo ama nea ɔde mae no.
Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte nkwa mu so. Ɛsɛ sɛ obi ne Asafo ti no di nkitaho ansa na wadan adan anaa asase biara ama Asafo ti no.
Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no denam mmara kwan so samansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Asafo ti no. Wɔtaa tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so.
Sɛnea “tirimbɔ” kyerɛ no, nea ntoboayi ahorow a ɛte saa yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɔ ne tirim wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa ankorankoro a wɔpɛ sɛ wɔboa Asafo ti no denam tirimbɔ bi so no, Asafo ti no asiesie Engiresi kasa mu nhomawa bi a wɔato din Planned Giving to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no de dii nsɛmmisa pii a Asafo ti no anya fa akyɛde, nsamansew, ne sika a wɔde sie ma wɔhwɛ so ho no ho dwuma. Ɛsan kura nsɛm foforo a mfaso wɔ so a ɛfa adan ne nsase, sikasɛm, ne towtua ho nhyehyɛe ho. Na wɔayɛ na aboa ankorankoro a wɔwɔ United States a wɔpɛ sɛ wɔma Asafo ti no akyɛde soronko nnɛ anaa wɔpɛ sɛ sɛ wowu a, wogyaw Asafo ti no ade no na wɔapaw akwan a edi mũ a mfaso wɔ so sen biara a wɔbɛfa so ayɛ saa bere a wosusuw wɔn mmusua ne wɔn ankasa nsɛm tebea ho no. Wubetumi anya saa nhomawa yi bi denam Charitable Planning Office a wubebisa afi wɔn hɔ tẽẽ no so.
Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Charitable Planning Office adi nkitaho no, wɔatumi aboa Asafo ti no, na bere koro ara no, wɔanya saa a wɔyɛ no ho towtua a wɔatew so no ho mfaso kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Charitable Planning Office no amanneɛ wɔ nhyehyɛe yi mu biara ho, na wɔkɔma wɔn ɛho nkrataa biara a ɛho hia. Sɛ w’ani gye nhomawa no anaa tirimbɔ nhyehyɛe yi biara ho a, wubetumi afa nkrataa-kyerɛw anaa telefon so de address a ɛwɔ ase hɔ no anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no, ne Charitable Planning Office no adi nkitaho.
CHARITABLE PLANNING OFFICE
Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
100 Watchtower Drive, Patterson, New York 12563-9204
Telephone: (914) 306-1000
[Kratafa 23 mfonini ahorow]
Wɔde ntoboa a wofi pɛ mu de ma na ɛboa Yehowa Adansefo dwumadi no