Buronya—So Ɛne Ɔkwan A Wɔfa So Gye Yesu Tom?
NA AGYENKWA a ɔne Mesia a wɔde bere tenten atwɛn no no awo yɛ anigye bere ampa. Ɔbɔfo bi bɔɔ nguanhwɛfo bi a na wɔwɔ Betlehem mpɔtam hɔ amanneɛ sɛ: “Hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade, ama mo.” Abɔfokuw bi bɛkaa ne ho na woyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.” (Luka 2:10-14) Ebia ebinom bɛka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo suasua abɔfo no denam asase so a Kristo baa saa bere no ho anigye a wɔbɛda no adi no so.
Eyi nyɛ Bible kyerɛwtohɔ a edi kan a ɛka abɔfo a wɔto ayeyi nnwom ho asɛm. Bere a wɔtoo asase no nhyɛase no, “adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom, na Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:4-7) Wɔankyerɛw da pɔtee a asɛm yi sii wɔ Bible no mu. (Genesis 1:1, 14-18) Ɛmfa ho sɛnea ebia na bere no yɛ anigye no, Kristofo nkae sɛ esiane sɛ abɔfo no bɔɔ ose nti, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ asase no bɔ ho fã afe biara, na ebia wogye abosonsom afahyɛ bi tom de kae bere no.
Nanso saa na nnipa a wodi Buronya no reyɛ wɔ Yesu Kristo awo ho. Encyclopedia a wotumi de ho to so biara mu a wobɛhwɛ wɔ asɛmti “Christmas” ase no si so dua sɛ yennim da ko a wɔwoo Yesu. Bible no nka hwee wɔ saa da no ho.
‘Na Ama Wɔanya Nnipa’
Tokyo Zion Asɔre no mu sɔfo bi se: “Nokwarem no, minim sɛ Buronya fi abosonsom mu de, nanso mpɛn dodow a nnipa a wɔba fam no ani gye Kristosom ho wɔ December 25, na wɔba besua Yesu a Nidi Sɛ no nkyerɛkyerɛ no, Buronya yɛ Kristosom fã.” Nnipa pii gye nea ɔka no tom. So wugye di sɛ nsɛm mu a wogyae siesie saa no teɛ?
Ebinom ka sɛ Paulo mpo gyaee nsɛm mu siesiei na ama wanya gyidifo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meyɛ me ho akoa ma obiara na ama manya nnipa pii sɛnea metumi . . . Sɛ me ne Amanaman Mufo yɛ adwuma a, mebɔ me bra sɛ Amanaman Muni, wɔ Yudafo Mmara no akyi, na ama manya Amanaman Mufo. . . . Asɛmpa no nti na meyɛ eyi nyinaa, na ama manya ne nhyira horow no bi.” (1 Korintofo 9:19-23, Today’s English Version) So nsɛm yi ma abosonsom afahyɛ a wobegye atom na atwetwe Amanaman Mufo aba Kristosom mu no teɛ?
Susuw nsɛm a ɛka nea Paulo kae no ho ho yiye. Ɔkae wɔ nkyekyem 21 sɛ: “Eyi nkyerɛ sɛ minni Onyankopɔn mmara so; Mehyɛ Kristo mmara ase ankasa.” (TEV) Enti wannyae nsɛm mu ansiesie wɔ nsɛm a ebuu Kristo mmara so no mu, na mmom ‘ɔbɔɔ ne bra sɛ Amanaman Muni’ denam wɔn amanne ne wɔn nneyɛe a ɔkyerɛɛ obu mae no so, bere dodow a eyinom mmu Kristofo mmara nsɛm so no.a
Bere a eyi wɔ w’adwenem no, susuw sɛnea abosonsomfo afahyɛ ahorow a wogye ba “Kristosom” mu sɛ Buronya no bɛda adi bere a wode Bible mu ahyɛde yi to ho no ho: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? . . . Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ? . . . Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea [Yehowa] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi.” (2 Korintofo 6:14-17) Anoyi biara a wɔde ma no mfa ho, abosonsom afahyɛ ahorow a wɔde fra Kristosom no nyɛ ɔkwan a wɔfa so gye Yesu tom sɛ Agyenkwa. Na anka ɛbɛyɛ nea ɛmfata wɔ afeha a edi kan no mu bere a Yesu bae wɔ ɔhonam mu no, na ɛremfata nnɛ anaasɛ daakye, bere a Kristo ba sɛ Ɔhene a ɔrebebu atɛn ama Onyankopɔn no. (Adiyisɛm 19:11-16) Nokwarem no, wɔn a wɔpɛ sɛ wohintaw Kristosom akyi di abosonsomfo afahyɛ ahorow no repa Yesu Kristo.
“Kristofo a Wɔde Wɔn Ho Ahintaw” Nnaa Wɔn Ho Adi Ɛ
Sua biribi fi nea ɛtoo Katolekfo wɔ Japan wɔ bere a na asraafo di tumi no mu. Bere a wofii ase sɔre tiaa Katoleksom wɔ 1614 mu no, na ɛsɛ sɛ Japanfo Katolekfo bɛyɛ 300,000 paw nneɛma abiɛsa: sɛ wɔbɛyɛ mogya dansefo, wɔbɛpa wɔn gyidi, anaasɛ wɔbɛsom wɔ kokoam. Wɔfrɛɛ wɔn a wɔsom wɔ kokoam no sɛ Kristofo a wɔde wɔn ho ahintaw. Nea ɛbɛyɛ na wɔde wɔn gyidi ahintaw no, wɔyɛɛ wɔn ade ma ɛne Budhafo ne Shintofo amanne horow hyiae. Wɔde Maria Kannon a ɛyɛ Maria a wɔasakra no ayɛ no sɛ Budhafo onyamewa a wɔfrɛ no bodhisattva a ɔte sɛ ɛna bi a okura ɔba di dwuma wɔ wɔn asɔre mpaebɔ mu. Wɔn afahyɛ de Budhasom, Katoleksom, ne Shintofo amanne frafra. Nanso sɛ wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Buhdafo ayi ase a, wɔbɔ Kristofo mpae, na wɔyɛ modoshi, guasodeyɛ bi a ɛsɛe Budhafo asɔre. Dɛn na ato saa “Kristofo” no?
Nhoma The Hidden Christians kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Kirishitans [Kristofo] no mu fã kɛse fam no, ɔsom bi ho anigye kɔɔ so wɔ wɔn mu, ma enti ɛma ɛyɛɛ den sɛ wobegyae Shintofo ne Budhafo anyame som.” Bere a wotwaa mmara a wɔde baraa Katolekfo no mu, na Katolekfo asɛmpatrɛwfo san baa Japan no, saa “Kristofo a wɔde wɔn ho ahintaw” no mu fã kɛse no ara kuraa wɔn afrafra som no mu denneennen.
Nanso, so na Katolek Asɔre no betumi akasa atia saa “Kristofo a wɔde wɔn ho ahintaw” a wɔpow sɛ wɔbɛsan aba Roman Katolek som mu no wɔ ɔkwan a ntease wom so? Katolek Asɔre no nso agye abosonsomfo nkyerɛkyerɛ ne afahyɛ pii a Buronya ka ho no atom. Sɛ Katolekfo ne Protestantfo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo de abosonsomfo afahyɛ ahorow adan wɔn “Kristosom” abosonsom a, so ɛnyɛ nea wɔn nso wɔrepow Yesu Kristo?
Wɔaba Nokware Kristosom Mu
Setsuko, obi a ɔde mfe 36 ayɛ Katolekni amapa abehu sɛ saa na asɛm no te. Wiase Ko I akyi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔnam Katolek asɔre no muni a ɔbɛyɛ no so bedi ne honhom mu kɔm ho dwuma. Onyaa adwene sɛ ‘akomatɔyam bɛn ara ni!’ bere a ɔkɔɔ Mass na ohuu Buronya nnua wɔ n’asɔredan no mu ne akyi no. Ose: “Nneɛma fɛfɛ a na yɛde asiesie hɔ a na ɛsen asɔre biara a ɛbɛn de no maa m’ani gyei.” Nanso, na Setsuko nte Katolekfo nkyerɛkyerɛ ase ankasa, ɛwom sɛ ɔkyerɛɛ ade wɔ Sunday sukuu mu kakra de. Enti bere a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ asɔre adwuma kɛse no, obisaa ne sɔfo nsɛm kakra. Sɛ anka ɔsɔfo no bebua ne nsemmisa no, obuu no animtiaa. Esiane sɛ n’aba mu bui nti, osii gyinae sɛ n’ankasa besua Bible no. Adapɛn abien akyi no, Yehowa Adansefo kɔsraa no, na ɔpenee so sɛ ɔne wɔn bɛyɛ ofie Bible adesua.
Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛyɛ yaw sɛ mihyia Bible mu nokware ahorow a ɛkyerɛ sɛ me kan gyidi horow no nyɛ nokware. Basaa a meyɛe nti, minyaa alopecia neurotica, kyerɛ sɛ me ti nhwi tutui. Nanso, nokware hann no hyerɛn kɔɔ me komam nkakrankakra. Me ho dwiriw me bere a misuae sɛ na wɔrentumi nwo Yesu osutɔ bere mu wɔ December mu, bere a nguanhwɛfo renhwɛ wɔn nguan wɔ petee mu anadwo. (Luke 2:8-12) Ɛsɛee adwene a na mikura wɔ Yesu awo ho no, efisɛ na yɛde asaawa mfuturu a ɛte sɛ sukyerɛma yɛ nguan ne nguanhwɛfo ho mfonini.”
Bere a Setsuko ankasa gyee nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa dii akyi no, osii gyinae sɛ obegyae Buronyadi. Ɛnyɛ nea onya “Buronya honhom” no pɛnkoro wɔ afe no mu, na mmom ɔda honhom a Kristoni a ɔtew n’anim kyɛ ade da biara wɔ no adi.
Sɛ wugye Kristo di ampa a, mma wo bo mfuw bere a wuhu sɛ abosonsomfo sɛe Buronya no. Wɔreyɛ sɛnea na ɛte kan no kɛkɛ—abosonsomfo afahyɛ. Buronya mma obi nnye Yesu Kristo a wasan aba sɛ ɔsoro Hene no ntom. (Mateo, atiri 24 ne 25; Marko, ti 13; Luka, ti 21) Mmom no, nokware Kristofo da Kristo su adi wɔ afe mu no nyinaa mu, na wɔka Ahenni a Yesu abɛyɛ so Hene no ho asɛmpa. Saa na Onyankopɔn pɛ sɛ yegye Yesu Kristo tom sɛ yɛn Agyenkwa ne Ahenni no so Hene.—Dwom 2:6-12.
[Ase hɔ asɛm]
a Fa akwan abien a Paulo nam so dii twetiatwa ho asɛm ho dwuma no toto ho. Na onim sɛ “twetiatwa nyɛ hwee” de, nanso otwaa n’akwantu mu hokafo Timoteo a ne na yɛ Yudani no twetia. (1 Korintofo 7:19; Asomafo no Nnwuma 16:3) Wɔ Tito fam no, ɔsomafo Paulo amma wɔantwa no twetia wɔ ɔne Yuda som no mufo apereperedi no mu esiane nnyinasosɛm nti. (Galatifo 2:3) Na Tito yɛ Helani, enti na onni ntease pa a obegyina so atwa twetia te sɛ Timoteo. Sɛ anka ɔno a ɔyɛ Amanaman Muni no twa twetia a, “Kristo ho remma mfaso bi mma no.”—Galatifo 5:2-4.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Nokware Kristofo di Yesu ni afe mu no nyinaa