Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Munsiesie Mo Ho Nsie!
    Ɔwɛn-Aban—1985 | June 1
    • “Munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw mu na onipa ba no bɛba.”​—LUKA 12:40.

      1. Dɛn na Kristo kae wɔ hia a ɛho hia sɛ wɔbɛwɛn no ho?

      YESU Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnwɛn. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ: “Na mo de, monhwɛ yiye. Maka ne nyinaa makyerɛ mo dedaw. . . .Na ɛno na wobehu onipa ba no sɛ ɔde tumi kɛse ne anuonyam reba omununkum mu. Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, ɔba no nso nnim, gye agya no. Monhwɛ yiye, monwɛn na mommɔ mpae! Na munnim da ko a bere no du. Ɛte sɛ onipa a watu kwan agyaw ne fi, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmiako mmiako, na wahyɛ ɔpon ano hwɛfo sɛ ɔnwɛn. Enti monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa anɔpa, na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moadeda. Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!”​—Marko 13:23-37.

  • Munsiesie Mo Ho Nsie!
    Ɔwɛn-Aban—1985 | June 1
    • “Monwɛn”​—Wɔ Dɛn Ho?

      3. Dɛn nti na na Kristofo rentumi mmu wɔn ani ngu bere ho asɛm a ɛwom no so?

      3 Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa “Nneɛma a Etwa To” ho no mu a wobɛhwehwɛ yiye da nneɛma pɔtee a ɛsɛ sɛ Kristofo ‘wɛn’ wɔ ho no adi. Nea edi kan no na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn adwene fi bere ho asɛm a ɛwom no so, efisɛ Yesu kaa “bere a wɔahyɛ” bi a n’Agya nkutoo na onim ho asɛm. (Marko 13:32, 33, NW) Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ “amanaman no betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman mmere a wɔahyɛ no, bewie du.” (Luka 21:24, NW) Ɛda adi sɛ Yesu kaa asɛm yi kyerɛɛ n’akyidifo no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔahu awiei bere no, efisɛ na ɛyɛ asemmisa yi ho mmuae a ɔde mae fã, a ɛne sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, da bɛn na eyinom bɛba, na eyinom rebɛba a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn?”​—Luka 21:7.

      4. “Sɛnkyerɛnne” bɛn na na ɛsɛ sɛ Kristofo wɛn wɔ ho no?

      4 Nea ɛka wɔn ani a wɔbɛma akũ bere ho asɛm a ɛwom no ho no, na ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ wɔ “sɛnkyerɛnne” a wobisae a wɔaka ho asɛm nso wɔ Mateo 24:3 ne Marko 13:4 no ho. Sɛnkyerɛnne a nneɛma pii wom yi​—a amanaman ntam akodi, ɔkɔm, asasewosow, ɔyaredɔm ne nokware Kristofo a wɔtaa wɔn ka ho no​—ne bere ho nkɔmhyɛ ahorow mmamu behyia ma wɔahu “awo ntoatoaso” a ‘ɛrentwam’ kosi sɛ nneɛma ahorow nyinaa a ɛsɛ sɛ ɛba wɔ awiei bere no mu bɛba ansa no.​—Luka 21:10-12, 32.

      5. Ɔkwan bɛn so na Kristo ne ne nokware akyidifo no bɛwɔ hɔ wɔ mfehaha no mu, nanso so na eyi nkutoo na ɔkyerɛ bere a ɔde ne ‘ba’ ho sɛnkyerɛnne no mae no?

      5 Asɛm titiriw a ɛfa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho bɛn na sɛnkyerɛnne yi bɛda no adi? Yesu asuafo no bisaa no sɛɛ “Dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba [Hela, pa·rou·siʹa] no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3, NW) Dɛn na na Kristo “ba a waba” no bɛkyerɛ? Ɛbɛyɛ nea ɛsen wɔ a ɔne ne nokware akyidifo no wɔ hɔ bere a wɔahyiam anaasɛ bere a wɔreyɛ wɔn asuafoyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. Ɔbɛboa n’akyidifo wɔ saa kwan yi so wɔ mfehaha pii no mu. (Mateo 18:20; 28:18-20) Kristoman asɔfo mpo gye tom sɛ nsɛmfua “ba a waba” no benyaa ntease titiriw bi. The New International Dictionary of New Testament Theology ka sɛ: “Mprempren de parousia ho adwene no ba bɛyɛ nea ɛbata asɔre no akwanhwɛ a ɛfa Kristo ba a ɔbɛba wɔ bere no awiei no ho.” Efi ne mfiase kɔpem awiei no, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no tu Kristofo fo sɛ wɔnhwɛ Kristo ba no kwan.​—Mateo 24:3, 27, 37, 39; Yakobo 5:7, 8; 2 Petro 3:3, 4; 1 Yohane 2:28; Adiyisɛm 1:7; 22:7.

      6. (a) Dɛn na Kristo ba no bɛkyerɛ ama nneɛma nhyehyɛe bɔne yi? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo ba no bɛka Kristofo a woasra wɔn a wowuwui nokwaredi mu ne wɔn a wɔda so ara te ase wɔ asase so no?

      6 Kristo ba no bɛkyerɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei.” (Mateo 24:3, NW; Marko 13:4) Ɛbɛkyerɛ sɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no ahyɛn ‘n’awiei bere,’ anaa “nna a edi akyiri” mu. (Daniel 12:4, 9; 2 Timoteo 3:1-5) Ɛbɛkyerɛ sɛ Kristo anya tumi afi n’Agya nkyɛn sɛ onni hene wɔ asase so ‘wɔ n’atamfo mfinimfini.’ (Dwom 110:2; 2:6-9; Adiyisɛm 11:15-18) Ansa na obebu wiase no nyinaa atɛn no, Kristo bɛba abɛhwɛ n’ankasa asafo no ahwɛ na wanyan Kristofo a wɔasra wɔn a wowui nokwaredi mu no. (1 Korintofo 15:21, 23; 1 Tesalonikafo 2:19; 3:13; 4:13-17; 2 Tesalonikafo 2:1) Kristo bɛpaw Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ nkwa mu wɔ asase so na wɔresom nokwaredi mu sɛ Kristo “akoa” denam wɛn a wɔwɛn honhom mu na wɔde honhom mu ‘aduan ma ɛbere a ɛsɛ’ mu so no ma wɔadi “nea ɔwɔ nyinaa,” anaasɛ Ahenni nneɛma a ɛwɔ asase so no so. (Mateo 24:45-47; Luka 12:42-44) Ɛsɛ sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ “ahenni no ho asɛmpaka” adwuma no wɔ wiase nyinaa na ɔhwɛ so ‘ansa na awiei no aba.’​—Mateo 24:14.

      7. Bere a Kristo aba mpo no, sɛnkyerɛnne foforo bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo wɛn wɔ ho, na dɛn nti na wɔbɛkɔ so ara abɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni no “mmra”?

      7 Ná ɛsɛ sɛ nokwre Kristofo ‘wɛn’ wɔ nneɛma a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔte Kristo ba ne “nneɛma nhyehyɛe no awiei” mu no nyinaa ho. Na wɔ “awiei bere” no mu mpo no, na ɛsɛ sɛ wɔwɛn wɔ “onipa ba no sɛnkyerɛnne,” ne ‘ba a ɔreba’ abebu atɛn atia Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no ho. (Mateo 24:30, 44; Marko 13:26, 35; Luka 12:40; 21:27; 2 Tesalonikafo 1:7-10) Enti, ɛwom sɛ ɛbɛyɛ nea ‘waba’ na wɔde n’Ahenni no asi hɔ dedaw de, nanso ɛsɛ sɛ n’Ahenni no ‘ba’ ara na “ebebubu” Satan wiase aman ne ahenni horow no nyinaa ma ‘ɛsa.’ (Daniel 2:44) Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a bere a Kristo de ne ba no ho “sɛnkyerɛnne” no mu nneɛma ama akyi no ɔde kaa ho sɛ, “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn” no mu. (Luka 21:31) Yiw, wɔ Kristo ba no mu mpo no, Kristofo bɛkɔ so ara abɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra, na ɛho behia sɛ wɔkɔ so ara ‘hwɛ yiye’ na ‘wɔwɛn’ wɔ “awiei” bere a wɔahyɛ no ne wɔn “gye” ho.​—Marko 13:7, 29, 32-37; Luka 21:9, 28.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena