Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Yesu Nkradi Nsɛm no a Wotiei
NISAN 14, 33 Y.B. anwummere no, Yesu Kristo ne n’asomafo anokwafo 11 no too nsa didii wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem. Esiane sɛ na onim sɛ ne wu abɛn nti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ.” (Yohane 13:33) Nokwarem no, na Yuda Iskariot asim dedaw ne abɔnefo a na wɔpɛ sɛ wokum Yesu rekɔyɛ ho nhyehyɛe.
Na wɔn a wɔwɔ abansoro dan no mu no biara nnim sɛnea tebea no gye ntɛmpɛ sɛ Yesu. Na onim pefee sɛ ɔrebehu amane. Na Yesu nim nso sɛ n’asomafo no bɛpa no saa anadwo no ara. (Mateo 26:31; Sakaria 13:7) Esiane sɛ na eyi ne hokwan a etwa to a Yesu benya ne n’asomafo no akasa ansa na wawu nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ na ne nkradi nsɛm no fa nneɛma a ɛho hia paa ho.
“Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae”
Yesu ne n’asomafo anokwafo no de afahyɛ foforo bi a na ebesi Yudafo Twam no ananmu sii hɔ. Ɔsomafo Paulo frɛɛ no “Awurade anwummeduan.” (1 Korintofo 11:20, NW) Yesu faa abodoo a mmɔkaw nnim, na ɔbɔɔ mpae. Afei obubuu abodoo no mu de maa n’asomafo no. Ɔkae sɛ: “Munnye nni; eyi ne me honam.” Afei ɔfaa kuruwa a bobesa wom, bɔɔ mpae daa ase de maa asomafo no, kae sɛ: “Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.”—Mateo 26:26-28.
Dɛn na na saa adeyɛ yi kyerɛ? Sɛnea Yesu daa no adi no, na abodoo no gyina hɔ ma ne nipadua a bɔne nni ho no. (Hebrifo 7:26; 1 Petro 2:22, 24) Na bobesa no gyina hɔ ma Yesu mogya a ohwie gui a na ɛbɛma wɔatumi anya bɔne fafiri no. Na n’afɔrebɔ mogya no bɛma apam foforo a Yehowa Nyankopɔn ne nnipa 144,000 a awiei koraa wɔne Yesu bedi hene wɔ soro no bɛyɛ no nso adi mũ. (Hebrifo 9:14; 12:22-24; Adiyisɛm 14:1) Yesu nam nsa a ɔto frɛɛ n’asomafo no ma wobedii aduan yi bi no so kyerɛe sɛ wɔbɛka ne ho wɔ ɔsoro Ahenni no mu.
Ɛdefa nkae adidi yi ho no, Yesu hyɛe sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Yiw, na Awurade Anwummeduan no bɛyɛ afe afe adeyɛ, sɛnea na Twam no te no. Bere a wɔde Twam no kaee gye a wogyee Israelfo fii Misraim nkoasom mu no, na Awurade Anwummeduan no bɛtwe adwene asi ogye kɛse koraa so—adesamma a wɔfata ogye a wobegye wɔn afi bɔne ne owu nkoasom mu. (1 Korintofo 5:7; Efesofo 1:7) Bio nso, na ɛbɛma wɔn a wobenya abodoo ne bobesa a ɛyɛ sɛnkyerɛnne no mu kyɛfa no akae hokwan ahorow a wobenya daakye sɛ ahene ne asɔfo wɔ Onyankopɔn soro Ahenni mu no.—Adiyisɛm 20:6.
Nokwarem no, na Yesu Kristo wu no ne ade a ɛho hia sen biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Wɔn a wɔn ani sɔ nea Yesu yɛe no tiee n’ahyɛde a ɛfa Awurade Anwummeduan ho yi: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” Yehowa Adansefo kae Yesu wu no afe biara wɔ da a ɛne Nisan 14 hyia no. Wɔ 1996 mu no, saa da yi si April 2, bere a owia akɔtɔ. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔ bi wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no.
‘Mema Mo Ahyɛde Foforo’
Wɔ Awurade Anwummeduan a Yesu de sii hɔ no akyi no, na ɔwɔ nkradi afotu bi ma n’asomafo no. Ɛmfa ho ntetee pa a na saa mmarima yi anya no, na wɔwɔ pii sua. Na wɔnte Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma Yesu, wɔn, anaasɛ daakye no ase yiye. Nanso Yesu ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm yi nyinaa mu saa bere no. (Yohane 14:26; 16:12, 13) Mmom no, ɔkaa biribi a na ɛho hia kɛse ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!” Afei Yesu de kaa ho sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.
Ɔkwan bɛn so na na eyi yɛ “ahyɛde foforo”? Wiɛ, Mose Mmara no hyɛe sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18) Nanso, Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wonnya ɔdɔ a ɛbɛma wɔde wɔn ho abɔ afɔre kosi sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ ama wɔn mfɛfo Kristofo. Nokwarem no, na ‘ɔdɔ ho ahyɛde’ no bɛyɛ adwuma wɔ tebea a ennye ntɛmpɛ mu nso. Wɔ tebea nyinaa mu no, Yesu Kristo kyidini befi ne pɛ mu ayi ɔdɔ adi denam boa a ɔbɛboa afoforo wɔ honhom fam ne akwan foforo so no so.—Galatifo 6:10.
Wɔ anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetram yi mu no, ɔdɔ kanyan no ma ɔbɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae maa n’asuafo no. Ɔbɔɔ mpae a ne fã bi ne sɛ: “Eyinom na ɛwɔ wiase, na me de, mereba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ biako sɛ yɛn.” (Yohane 17:11) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔ Yesu adesrɛ a ɔde too n’Agya anim yi mu no, ɔbɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a n’akyidifo no bɛyɛ biako wɔ ɔdɔ mu. (Yohane 17:20-23) Na ehia sɛ ‘wɔdodɔ wɔn ho sɛnea Yesu dɔɔ wɔn no.’—Yohane 15:12.
Asomafo anokwafo no tiee Yesu nkradi nsɛm no. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi n’ahyɛde ahorow so. Wɔ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu no, ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛbɛtra nokware asomfo ntam no ho hia sen bere biara a atwam. (2 Timoteo 3:1) Nokwarem no, nokware Kristofo tie Yesu ahyɛde ahorow, na woyi onuadɔ adi. Nea ɛka eyi ho ne n’ahyɛde a ɛne sɛ wonni Awurade Anwummeduan no a wotie.