Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/1 kr. 14-19
  • Momma Onuadɔ Ntra Hɔ Daa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Onuadɔ Ntra Hɔ Daa!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munnya Tema Mma Mo Ho
  • Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ
  • Adɔe a Yɛbɛyɛ
  • Momma Yensi Yɛn Bo sɛ ‘Yɛbɛma Yɛn Nuadɔ Akɔ So’!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nea Ɛma Wonya Onuadɔ a Yɛbɛhwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Anisɔ Ma Yɛn Nuanom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/1 kr. 14-19

Momma Onuadɔ Ntra Hɔ Daa!

‘Momma onuadɔ ntra hɔ daa.’—HEBRIFO 13:1.

1. Dɛn na wobɛyɛ na ama ogya akɔ so adɛw wɔ anadwo a awɔw wom, na asɛyɛde a ɛte saa bɛn na yɛn nyinaa wɔ?

AWƆW wom kɛse wɔ abɔnten, na ewim reyɛ wiriduduu ntɛmntɛm. Baabi biako pɛ a wubenya ɔhyew wɔ wo fie ne ogya a ɛreturuturuw wɔ bukyia mu no ho. Mo nkwa gyina ogya no a wobɛma akɔ so adɛw no so. So wobɛtra hɔ kɛkɛ ahwɛ ma ogya no adum ma biriw a adɔ kɔɔ no adan nsõ? Dabida. Wokɔ so ka gya hyem ma ɛkɔ so dɛw a wommrɛ wɔ ho. Ɔkwan bi so no, yɛn mu biara wɔ adwuma a ɛte saa, wɔ “ogya” bi a ɛho hia sen saa koraa, nea ɛsɛ sɛ ɛdɛw wɔ yɛn komam—ɔdɔ—ho.

2. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ ano adwo wɔ nna a edi akyiri yi mu? (b) Ɔdɔ ho hia nokware Kristofo dɛn?

2 Yɛte bere bi a sɛnea Yesu kaa ho asɛm siei bere tenten ni no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ wiase nyinaa no dɔ ano redwo mu. (Mateo 24:12) Na Yesu reka ɔdɔ a ɛho hia sen biara, ɔdɔ a wonya ma Yehowa Nyankopɔn ne N’asɛm Bible no, ho asɛm. Ɔdɔ afoforo nso so rehuan. Bible ka siei sɛ, wɔ “nna a edi akyiri” mu no, nnipa pii bɛyɛ wɔn a “wonni dɔ.” (2 Timoteo 3:1-5) Hwɛ sɛnea eyi abam! Ɛsɛ sɛ abusua yɛ baabi a ɔdɔ wɔ, nanso ɛhɔ mpo no, basabasayɛ ne ayayade—ɛtɔ da bi a nea ɛyɛ hu boro so—yɛ nea abu so. Nanso, wɔ wiase yi tebea a ɔdɔ nnim yi mu no, ɛnyɛ hyɛ nko na wɔhyɛ Kristofo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho na mmom sɛ wonnya ɔdɔ a ahofama wom nso, na wɔmfa afoforo ahiade nni wɔn de anim. Ɛsɛ sɛ yɛda saa dɔ yi adi pefee ma obiara hu na ayɛ nokware Kristofo asafo no agyiraehyɛde.—Yohane 13:34, 35.

3. Dɛn ne onuadɔ, na tra a yɛbɛma atra hɔ daa no kyerɛ dɛn?

3 Wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔhyɛe sɛ: ‘Momma onuadɔ ntra hɔ daa.’ (Hebrifo 13:1) Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “onuadɔ” (phi·la·del·phiʹa) wɔ ha no “fa ɔdɔ a emu yɛ den, adɔe a wɔyɛ, tema, ne mmoa a wɔde ma” ho. Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ yɛma ɔdɔ a ɛte saa tra hɔ daa no? Nhoma koro no ara ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔma edwo da.” Enti ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛte nka ama yɛn nuanom; ɛsɛ sɛ yɛma wohu. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛma saa dɔ yi tra hɔ daa, a yɛmma ennwo da. So ɛyɛ den? Yiw, nanso Yehowa honhom betumi aboa yɛn ma yɛanya onuadɔ na yɛakura mu. Ma yensusuw akwan abiɛsa a yebetumi afa so aka saa dɔ yi gya no ahyem wɔ yɛn koma mu ho.

Munnya Tema Mma Mo Ho

4. Dɛn ne tema?

4 Sɛ wopɛ sɛ wunya ɔdɔ ma wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea a, nea edi kan no, ebehia sɛ wunya tema ma wɔn, wo yam hyehye wo ma wɔn wɔ sɔhwɛ ne ɔhaw ahorow a wohyia wɔ asetra mu no ho. Eyi na ɔsomafo Petro hyɛɛ ho nyansa bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, [munnya tema mma mo ho, NW], monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.” (1 Petro 3:8) Hela asɛm “munnya tema” a ɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ “amane a wɔbom hu.” Nhoma bi a ɛka Hela Bible ho asɛm ka wɔ asɛmfua yi ho sɛ: “Ɛkyerɛ adwenem tebea a yɛba mu bere a yenya afoforo nkate mu kyɛfa te sɛ nea tebea no ato yɛn ankasa no.” Enti, tema ho hia. Yehowa somfo nokwafo bi a n’ani afi kae bere bi sɛ: “Tema kyerɛ wo yaw a ɛwɔ me koma mu.”

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa wɔ tema?

5 So Yehowa wɔ tema a ɛte saa? Ɔwɔ bi papaapa. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan ne man Israel amanehunu ho asɛm sɛ: “Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no.” (Yesaia 63:9) Yehowa anhu wɔn amanehunu kɛkɛ; ɔtee nka maa nkurɔfo no. Yehowa ankasa nsɛm a ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Sakaria 2:8 no kyerɛ ayamhyehye ankasa a ɔwɔ: “Nea ɔka mo no, waka [m’aniwa, NW] kesua.”a Sɛnkyerɛwfo bi kaa nkyekyem yi ho asɛm sɛ: “Aniwa yɛ nipadua mu akwaa a ɛyɛ nwonwa paa na ɛyɛ mmerɛw no mu biako; na aniwa kesua—aniwa no fã a ɔsoro hann tɔ a ɛma etumi hu ade no—yɛ aniwa no fã a ɛte ade nka na ɛho hia sen biara. Biribiara nni hɔ a wobetumi de akyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa hwɛ abɔde a ɔdɔ wɔn yiye no mu ma asen eyi.”

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo ada no adi sɛ ɔwɔ tema?

6 Yesu nso ada tema a emu yɛ den adi bere nyinaa. Ne mfɛfo nnipa a na wɔyare anaa wɔahaw no tebea ‘yɛɛ no mmɔbɔ’ mpɛn pii. (Marko 1:41; 6:34) Ɔkyerɛe sɛ sɛ obi ne n’akyidifo a wɔasra wɔn no anni no ayamye so a, ɔte nka sɛ nea ɔno ankasa na wɔreyɛ no saa. (Mateo 25:41-46) Na ɛnnɛ, sɛ́ yɛn ‘sɔfo panyin’ a ɔwɔ soro no, ɔne obi a obetumi ‘ahu yɛn mmerɛwyɛ ama yɛn.’—Hebrifo 4:15.

7. Ɔkwan bɛn so na tema betumi aboa yɛn bere a onua anaa onuawa bi ahyɛ yɛn abufuw no?

7 ‘Obehu yɛn mmerɛwyɛ ama yɛn’—so ɛnyɛ awerɛkyekye? Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛyɛ saa ara ama yɛn ho yɛn ho. Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛbɛhwehwɛ afoforo mmerɛwyɛ ahorow. (Mateo 7:3-5) Nanso, bere foforo a onua anaa onuawa bi bɛhyɛ wo abufuw no, dɛn nti na wonsɔ eyi nhwɛ? Fa no sɛ wo na wowɔ saa nipa no tebea mu, a wunyaa saa ntetee, saa su, ne mfomso ahorow a ɔredi ho dwuma no. So wubetumi aka sɛ worenyɛ mfomso koro no ara bi—anaasɛ ebi mpo a, nea ɛsen saa koraa? Sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ pii afi afoforo hɔ no, ɛsɛ sɛ yenya tema a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nnipa a yɛwɔ ntease sɛ Yehowa, a “ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma” no. (Dwom 103:14; Yakobo 3:17) Onim yɛn sintɔ ahorow. Ɔnhwehwɛ pii mfi yɛn hɔ nsen nea yebetumi ayɛ da. (Fa toto 1 Ahene 19:5-7 ho.) Momma yɛn nyinaa nnya tema a ɛte saa mma afoforo.

8. Sɛ onua anaa onuawa bi wɔ ahokyere bi mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

8 Paulo kyerɛwee sɛ asafo no te sɛ nipadua a ɛwɔ akwaa bebree a ɛsɛ sɛ ne nyinaa bom yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu. Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa nyinaa hu bi.” (1 Korintofo 12:12-26) Ehia sɛ yɛne wɔn a wɔwɔ sɔhwɛ mu hu amane, anaa yɛn yam hyehye yɛn ma wɔn. Mpanyimfo no di anim wɔ eyi yɛ mu. Paulo kyerɛwee nso sɛ: “Hena na ɔyɛ mmerɛw, na menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔto no hintidua, na me yam nhyehye me?” (2 Korintofo 11:29) Mpanyimfo ne ahwɛfo akwantufo suasua Paulo wɔ eyi mu. Wɔ wɔn kasa ahorow mu, wɔn hwɛ adwuma mu, ne asɛnni boayifo nsɛm a wodi mu mpo no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda tema adi. Paulo hyɛɛ nyansa sɛ: “Mo ne asufo nsu.” (Romafo 12:15) Sɛ nguan no hu sɛ ahwɛfo no te nka ma wɔn ankasa, wɔte wɔn sintɔ ahorow ase, na wɔda ayamhyehye adi bere a wɔwɔ ahokyere mu no a, wɔtaa gye afotu, akwankyerɛ, ne nteɛso tom ntɛm. Wɔde anigye kɔ asafo nhyiam ahorow, a wɔwɔ ahotoso sɛ ɛhɔ na ‘wobenya ɔhome ama wɔn kra.’—Mateo 11:29.

Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da no adi sɛ n’ani sɔ ade pa a ɛwɔ yɛn mu no?

9 Ɔkwan a ɛto so abien a yɛbɛfa so ahyɛ onuadɔ mu den ne anisɔ a yɛbɛkyerɛ. Sɛ yɛbɛkyerɛ afoforo ho anisɔ a, gye sɛ yɛde yɛn adwene si su pa a wɔwɔ ne mmɔden a wɔbɔ no so na yɛkyerɛ obu wɔ ho. Sɛ yɛyɛ saa a, yesuasua Yehowa ankasa. (Efesofo 5:1) Ɔde yɛn bɔne nketenkete pii kyɛ yɛn da biara da. Ɔde bɔne a anibere wom mpo kyɛ yɛn bere tenten a yenu yɛn ho nokware mu no. Afei nso sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔmfa nhyɛ ne mu. (Hesekiel 33:14-16) Odwontofo no bisae sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Nea Yehowa de n’adwene si so ne nneɛma pa a yɛyɛ wɔ ne som mu no.—Hebrifo 6:10.

10. (a) Dɛn nti na asiane wom sɛ awarefo bɛhwere anisɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no? (b) Sɛ anisɔ a obi wɔ ma ne hokafo resa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

10 Ɛho hia titiriw sɛ wodi nhwɛso yi akyi wɔ abusua mu. Sɛ awofo da no adi sɛ wɔn ani sɔ wɔn ho wɔn ho a, wɔyɛ nhwɛso ma abusua no. Ɛnnɛ mmere yi a aware dodow no ara nni gyina no, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obi bebu ne hokafo animtiaa, aka ne sintɔ ahorow ho asɛm ma ayɛ kɛse, na wabu n’ani agu ne su pa ahorow so. Adwemmɔne a ɛte saa sɛe aware, na ɛma ɛbɛyɛ adesoa a anigye biara nnim. Sɛ anisɔ a wowɔ ma wo hokafo so rehuan a, bisa wo ho sɛ, ‘So me hokafo no nni su pa ahorow ankasa?’ Kaakae nea enti a wunyaa ɔdɔ maa no na mowaree no. So nea enti a wunyaa ɔdɔ maa onipa soronko yi no nyinaa asa koraa? Dabida; enti bɔ mmɔden sɛ wubenya wo hokafo no nneyɛe pa ho anisɔ, na ka w’anisɔ no kyerɛ no.—Mmebusɛm 31:28.

11. Sɛ awarefo dɔ bɛyɛ nea nkontompo nnim a, nneyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkwati?

11 Anisɔ nso boa awarefo ma wɔn dɔ yɛ nea nkontompo nnim. (Fa toto 2 Korintofo 6:6; 1 Petro 1:22 ho.) Ɔdɔ a ɛte saa a komam anisɔ kanyan no no mma wɔnyɛ atirimɔdensɛm biara wɔ kokoam, nkeka nsɛm a epira na egu afoforo anim ase, nyɛ aka a ebia nna bi betwam a wɔnka asɛm a ɛyɛ dɛ anaa nea nidi wom nkyerɛ wɔn ho, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛmma wɔnhwe wɔn ahokafo. (Efesofo 5:28, 29) Okunu ne ɔyere a wɔwɔ anisɔ ma wɔn ho wɔn ho ankasa no di wɔn ho wɔn ho ni. Ɛnyɛ bere a wɔwɔ baguam nko na wɔyɛ saa na mmom bere a wɔwɔ baabiara a Yehowa hu wɔn no—anaasɛ, bere nyinaa.—Mmebusɛm 5:21.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo kyerɛ nneɛma pa a wɔn mma yɛ ho anisɔ?

12 Ehia sɛ mmofra nso te nka sɛ wɔkyerɛ wɔn ho anisɔ. Ɛnyɛ adɛfɛdɛfɛsɛm a hwee nnim a awofo bɛka akyerɛ wɔn mma, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn mma wɔ wɔn su ahorow a ɛfata nkamfo ne nneɛma pa ankasa a wɔyɛ ho. Kae nhwɛso a Yehowa yɛe de daa anisɔ a ɔwɔ ma Yesu adi no. (Marko 1:11) Kae Yesu nso nhwɛso sɛ “owura” a ɔwɔ bɛ bi mu no. Ɔkamfoo ‘nkoa pa ne anokwafo’ no pɛpɛɛpɛ, ɛwom sɛ na ɛsono nea wɔde hyɛɛ wɔn mu biara nsa ne nea wɔn mu biara de bae de. (Mateo 25:20-23; fa toto Mateo 13:23 ho.) Saa ara na awofo a wonim nyansa hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so akyerɛ abofra biara su ahorow a ɛda nsow, nneɛma a ɔbɔ mu mmɔden, ne nneɛma a watumi ayɛ ho anisɔ. Bere koro no ara no, wɔbɔ mmɔden sɛ wonsi nneɛma a wotumi yɛ so dua pii na amma wɔn mma ammɔ mmɔden sɛ wobesi akan bere nyinaa. Wɔmpɛ sɛ wɔn mma de abufuw ne abasamtu benyin.—Efesofo 6:4; Kolosefo 3:21.

13. Henanom na wodi anim wɔ anisɔ a wɔda no adi kyerɛ asafo no muni biara no mu?

13 Wɔ Kristofo asafo no mu no, mpanyimfo ne ahwɛfo akwantufo di anim wɔ anisɔ a wɔda no adi kyerɛ Onyankopɔn nguankuw no muni biara no mu. Wɔwɔ gyinabea a ɛyɛ den, efisɛ wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru nso sɛ wɔde nteɛso bɛma wɔ trenee mu, ateɛ wɔn a wɔyɛ bɔne so wɔ odwo honhom mu, na wɔde afotu a emu yɛ den ma wɔn a wohia no. Ɔkwan bɛn so na wodi asɛyɛde a egu ahorow yi ho dwuma ma ɛkari pɛ?—Galatifo 6:1; 2 Timoteo 3:16.

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo karii pɛ wɔ afotu a emu yɛ den a wɔde ma mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo ahwɛfo betumi ama hia a ehia sɛ wosiesie mfomso ahorow ne hia a ehia sɛ wɔde nkamfo ma no akari pɛ? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Paulo nhwɛso no boa kɛse. Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo, ɔpanyin, ne ɔhwɛfo a ɔda nsow. Ná ɛsɛ sɛ odi asafo ahorow a wɔwɔ nsɛnnennen ho dwuma, nanso wammɔ hu antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde afotu a emu yɛ den bɛma bere a na ɛho hia no. (2 Korintofo 7:8-11) Sɛ yɛhwɛ Paulo som adwuma no nyinaa mu a, ɛda adi sɛ, na ɔntaa mfa nkaanim mma—gye bere a na tebea no ma ɛbɛyɛ nea ɛho hia anaasɛ ɛfata nkutoo. Ɔdaa Onyankopɔn nyansa adi wɔ eyi mu.

15 Sɛ ɔpanyin som adwuma bɛyɛ sɛ dwom wɔ asafo no anim a, ɛnde animka bɛyɛ sɛ dwom mu nnyigyei biako a ɛne nkae no nyinaa kɔ. Saa nnyigyei no fata wɔ baabi a ɛhyɛ no. (Luka 17:3; 2 Timoteo 4:2) Susuw dwom bi a ne nnyigyei yɛ biako pɛ, na wotim mpɛn pii, ho hwɛ. Ɛrenkyɛ na abetuatua yɛn aso. Saa ara na Kristofo mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn nkyerɛkyerɛ ayɛ nea edi mu a wɔasesa mu ma etu mpɔn. Wɔmma ɛnso nsɛnnennen a wosiesie ara so. Mmom no, sɛ wɔka ne nyinaa bom a, ɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran. Te sɛ Yesu Kristo no, mpanyimfo a wɔwɔ dɔ no di kan hwɛ ade pa a wobetumi akamfo, na ɛnyɛ mfomso a wɔbɛkasa atia. Wɔn ani sɔ adwumaden a wɔn mfɛfo Kristofo reyɛ no. Wɔwɔ ahotoso sɛ sɛ́ kuw no, obiara reyɛ nea obetumi de asom Yehowa. Na mpanyimfo da nkate a ɛte saa adi denam ɛho nsɛm a wɔtaa ka so.—Fa toto 2 Tesalonikafo 3:4 ho.

16. Nkɛntɛnso bɛn na anisɔ ne tema a na Paulo wɔ no nyae wɔ ne mfɛfo Kristofo so?

16 Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo a Paulo som wɔn no mu dodow no ara hui sɛ na n’ani sɔ wɔn, na na ɔwɔ tema ma wɔn. Yɛyɛ dɛn hu eyi? Hwɛ sɛnea wɔtee nka wɔ Paulo ho. Na wonsuro no, ɛwom mpo sɛ na ɔwɔ tumi kɛse de. Dabi, na wɔdɔ no, na na wotumi bɛn no. Bere a na ɔrefi beae bi no, mpanyimfo no ‘susoo ne kɔn few n’ano’! (Asomafo no Nnwuma 20:17, 37) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ mpanyimfo—ne yɛn nyinaa—de aseda ma sɛ yɛwɔ Paulo nhwɛso no a yebesuasua! Yiw, momma yenya anisɔ mma yɛn ho yɛn ho.

Adɔe a Yɛbɛyɛ

17. Nneɛma pa a adɔe a wɔyɛ wɔ asafo no mu de ba no bi ne dɛn?

17 Nneɛma a emu yɛ den a ɛde onuadɔ ba no mu biako ne adɔe ketewaa bi a yɛbɛyɛ. Sɛnea Yesu kae no, “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Sɛ yɛde honhom fam nneɛma, honam fam nneɛma, anaa yɛn bere ne ahoɔden ma a, ɛnyɛ afoforo nko na yɛma wɔn ani gye, na mmom yɛma yɛn ankasa nso ani gye bi. Adɔe san afoforo wɔ asafo no mu. Adɔe biako a obi bɛyɛ no bɛma afoforo atoatoa so aba. Ɛnkyɛ na onuadɔ agye ntini!—Luka 6:38.

18. ‘Adɔe’ a wɔaka ho asɛm wɔ Mika 6:8 no kyerɛ dɛn?

18 Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo Israelfo sɛ wɔnyɛ adɔe. Yɛkenkan wɔ Mika 6:8 sɛ: “Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea [Yehowa, NW] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.” “Adɔepɛ” kyerɛ dɛn? Wɔakyerɛ Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha sɛ ‘adɔe’ (cheʹsedh) no ase wɔ Twi mu sɛ “mmɔborohunu.” Sɛnea The Soncino Books of the Bible kyerɛ no, asɛmfua yi “kyerɛ biribi a wɔyɛ ma ɛda adi mmom sen Twi asɛmfua mmɔborohunu a ɛyɛ ade a aniwa ntumi nhu no. Ɛkyerɛ ‘mmɔborohunu a wɔma ɛda adi,’ ɛkyerɛ adɔe a obi bɛyɛ ama ne mfɛfo nnipa nyinaa, a ɛnyɛ ahiafo nkutoo.” Enti nhomanimfo foforo ka sɛ cheʹsedh kyerɛ “ɔdɔ a wɔde yɛ adwuma.”

19. (a) Akwan bɛn na yebetumi afa so adi kan ayɛ afoforo adɔe wɔ asafo no mu? (b) Ma onuadɔ a wɔada no adi akyerɛ wo ho nhwɛso bi.

19 Yɛn nuadɔ no nyɛ atirimsɛm anaa ade a aniwa nhu. Ɛyɛ ade a ɛda adi ankasa. Enti, hwehwɛ akwan a wobɛfa so ayɛ nneɛma a adɔe wom ama wo nuanom mmarima ne mmea. Yɛ te sɛ Yesu a ɛnyɛ bere nyinaa na ɔtwɛn maa nkurɔfo baa ne nkyɛn bɛhwehwɛɛ mmoa na mmom ɔno ankasa dii kan yɛɛ saa mpɛn pii no. (Luka 7:12-16) Susuw wɔn a ade ahia wɔn ankasa no ho titiriw. So obi a ne mfe akɔ anim anaa ɔyarefo bi hia nsrahwɛ anaa ebia mmoa wɔ obi a ɔbɛsoma no ho? So ehia sɛ wonya bere ma ‘ayisaa’ bi na wotie no? So ehia sɛ wɔyɛ aso ma ɔkra bi a ne koma atu na wɔkyekye ne werɛ? Momma yennya bere mma adɔe a ɛtete saa a yɛbɛyɛ no, sɛnea yebetumi biara. (Hiob 29:12; 1 Tesalonikafo 5:14; Yakobo 1:27) Mma wo werɛ mmfi da sɛ wɔ asafo a nnipa a wɔnyɛ pɛ na wɔwom mu no, adɔe a ɛho hia sen biara no mu biako a wobɛyɛ ne bɔne a wode befiri—asɛm a womfa nhyɛ wo mu bere a wowɔ nea wubegyina so abɔ sobo ma afata mpo no. (Kolosefo 3:13) Krado a yɛbɛyɛ de bɔne afiri no boa ma mpaapaemu, menasepɔw, ne akasakasa, a ɛte sɛ kuntu a afɔw a edum onuadɔ ho gya no fi asafo no mu.

20. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwehwɛ yɛn ho mu?

20 Momma yɛn nyinaa nyɛ krado sɛ yɛbɛma ɔdɔ ho gya a ɛho hia yi akɔ so adɛw wɔ yɛn koma mu. Momma yɛnkɔ so nhwehwɛ yɛn mu. So yɛte nka ma afoforo? So yɛn ani sɔ afoforo? So yɛyɛ afoforo adɔe? Bere tenten a yɛkɔ so yɛ saa no, ɔdɔ ho gya no bɛma yɛn nuadɔ no mu akɔ so ayɛ hyew, ɛmfa ho sɛnea wiase yi dɔ adwo na enni tema koraa no. Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, ‘momma onuadɔ ntra hɔ daa’—ɛnnɛ nkosi afebɔɔ!—Hebrifo 13:1.

[Ase hɔ asɛm]

a Nkyerɛase bi kyerɛ mu wɔ ha sɛ nea ɔka Onyankopɔn nkurɔfo no nka Onyankopɔn, na mmom Israel aniwa anaasɛ mpo onii no ankasa de. Ɛyɛ mfinimfini Mmere no mu akyerɛwfo a wɔbɔɔ mmɔden a ɛmfata sɛ wɔbɛteɛ kyerɛw no afã bi a wosusuw sɛ ɛho nhia, na wɔsesaa nkyekyem yi maa mfomso yi bae. Wɔnam saayɛ so kataa sɛnea Yehowa ayamhyehye mu dɔ no so.

Wudwen Ho Dɛn?

◻ Dɛn ne onuadɔ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra hɔ daa?

◻ Ɔkwan bɛn so na tema a yebenya no boa yɛn ma yekura onuadɔ a yɛwɔ no mu?

◻ Dwuma bɛn na anisɔ di wɔ onuadɔ mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na adɔe a yɛbɛyɛ no ma onuadɔ gye ntini wɔ Kristofo asafo no mu?

[Kratafa 16 adaka]

Ɔdɔ a Wɔda No Adi

Mfe bi a atwam no, na ɔbarima bi a ɔne Yehowa Adansefo asua Bible no bere tenten bi adwenem da so ara yɛ no nãã kakra wɔ onuadɔ ho. Ná onim sɛ Yesu aka sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Nanso ɛyɛɛ den maa no sɛ obegye adi. Da koro, ohuu Kristofo dɔ a ɛreyɛ adwuma.

Ɛwom sɛ ɔbarima yi te mmubuafo akongua mu de, nanso na ɔretu kwan akɔ akyirikyiri. Wɔ Betlehem, Israel no, ɔkɔɔ asafo nhyiam bi. Ɛhɔ no, Ɔdansefo Arabni bi hyɛe ketee sɛ Ɔdansefo nsrahwɛfo foforo bi nna ne fie anadwo no, na ɔtoo nsa frɛɛ Bible suani yi nso. Ansa na wɔrekɔda no, osuani no srɛɛ ne fiewura no kwan sɛ ɔpɛ sɛ opue kɔ abrannaa no so anɔpa kɔhwɛ owiapue. Ne fiewura no bɔɔ no kɔkɔ denneennen sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa. Ade kyee no, onua Arabni yi kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔkaa saa no mu. Ɔnam kasa asekyerɛfo bi so kae sɛ, sɛ n’afipamfo no hui sɛ wanya ahɔho a wɔyɛ Yudafo​—sɛnea na Bible suani no yɛ no—​a anka wɔbɛhyew ne fie no dwerɛbee bere a ɔne n’abusua wɔ mu no. Bere a na Bible suani no adwene atu afra no, obisaa no sɛ, “Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na wode wo nkwa too asiane mu saa?” Bere a onua Arabni no amma kasa asekyerɛfo no ankasa no, ɔhwɛɛ n’anim kae tiawa sɛ, “Yohane 13:35.”

Onuadɔ a ɔde dii dwuma ankasa no maa Bible suani no ho dwiriw no kɛse. Ɔbɔɔ asu wɔ ɛno akyi bere tiaa bi.

[Kratafa 18 mfonini]

Ɔsomafo Paulo adamfofa su ne anisɔ a na ɔwɔ no maa nkurɔfo tumi bɛnee no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena