Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 2/1 kr. 11-24
  • “Onipa A Onni Mmara” No Ho Ntama A Wɔpa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Onipa A Onni Mmara” No Ho Ntama A Wɔpa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛde a Ɛkyerɛ Sɛ Yɛnnɔ Afoforo
  • Onipa a Onni Mmara no ho Ntama a Wɔbɛpa
  • Dɛn Nti na Ahoɔden Wom Saa?
  • Onyankopɔn Atemmu A Etia “Onipa A Onni Mmara” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • “Onipa A Onni Mmara No” A Wobehu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Na Kristo Kyi Amumɔyɛ​—So Wo Nso Wukyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 2/1 kr. 11-24

“Onipa A Onni Mmara” No Ho Ntama A Wɔpa

“Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”​—ADIYISƐM 18:4.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu “onipa a onni mmara no”? (b) Adwene bɛn na Onyankopɔn kura wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom no nanso wodi mogya ho fɔ no ho?

ONYANKOPƆN Asɛm hyɛɛ “onipa a onni mmara” no ba ho nkɔm. Ɛka siei nso sɛ Onyankopɔn soro Brafo, Kristo Yesu, ‘bekum mmaratofo yi na wayi no hɔ koraa.’ (2 Tesalonikafo 2:3-8) Sɛnea nsɛm a edi eyi anim ada no adi no, saa onipa a onni mmara no ne Kristoman asɔfo. Wɔpow Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow no na wogyee abosonsomfo nkyerɛkyerɛ te se Baasakoro, hell-gya, ne ɔkra a enwu da toom bere tenten ni. Afei nso, wɔyɛ nnwuma a ɛne Onyankopɔn mmara ahorow bɔ abira. Te sɛ wɔn a Paulo bɔɔ Tito kɔkɔ wɔ wɔn ho no, “wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no; wɔyɛ nnipa a wokyi wɔn ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.”​—Tito 1:16.

2 Yesu kae sɛ “Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Wɔn aba na mode behu wɔn.” Atoro adiyifo bɛsow “aba bɔne.” (Mateo 7:15-17) Aba bɔne a asɔfo asow ho adanse ne mogya ho fɔ kɛse a wodi no. Wɔagyina mmeamudua akodi, atirimɔden asenni, ne akodi ahorow a ahwie ɔpepem pii mogya agu akyi mfehaha pii. Wɔabɔ mpae ama afanu a wɔko no nyinaa wɔ akodi ahorow a wɔn ankasa asɔremma akunkum wɔn ho wom na wɔahyira wɔn. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔsomafo Paulo tumi kae sɛ: “Me ho afi nnipa nyinaa mogya ho.” (Asomafo no Nnwuma 20:26, New World Translation.) Ɛnte saa wɔ asɔfo fam. Onyankopɔn ka kyerɛ saafo no sɛ: “Nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.”​—Yesaia 1:15.

3. Nsɛm a ebesisi wɔ wiase nyinaa bɛn na ɛrebɛn ntɛmntɛm?

3 Bere a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bu onipa a onni mmara no atɛn rebɛn ntɛmntɛm. Sɛnea Yesu ka siei no, ɛrenkyɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:21) Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman a Kristoman mu nyamesom ahorow ka ho sɛe na ebefi saa ɔhaw mmere a ebi mmae da no ase. Amammuifo ‘bɛyɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.’ (Adiyisɛm 17:16) Ahohiahia kɛse no na ɛde Satan wiase a aka no sɛe wɔ Harmagedon, “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” bɛba awiei.​—Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21.

Asɛde a Ɛkyerɛ Sɛ Yɛnnɔ Afoforo

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom Onyankopɔn “honhom ne nokware mu” no ma ɛtra wɔn adwenem?

4 Esiane sɛ ɛrenkyɛ na nsɛm a ɛbɛwosow wiase yi asisi wɔ asase so nti, asɛde ahorow bɛn na wɔn a ‘wɔsɔre Agya no honhom ne nokware mu’ wɔ? (Yohane 4:23) Ade biako ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem sɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no. . . . Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo. Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.”​—Yohane 15:10-14; 1 Yohane 5:3.

5, 6. (a) Dɛn na Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ na ama wɔahu wɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na na eyi yɛ ahyɛde foforo?

5 Enti ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔdɔ nnipa afoforo, ne titiriw no wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ nsase nyinaa so no. (Asomafo no Nnwuma 10:34; Galatifo 6:10; 1 Yohane 4:20, 21) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ mfɛfo Kristofo ‘nya ɔdɔ a emu yɛ den ma wɔn ho wɔn ho.’ (1 Petro 4:8) Saa ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔ wiase nyinaa no ma wohu wɔn sɛ nokware asomfo, efisɛ Yesu kae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”​—Yohane 13:34, 35.

6 Na dɛn ne ade foforo a ɛwɔ saa ahyɛde no mu? So wɔamfa ahyɛde amma Yudafo a na wɔwɔ Mose Mmara no ase sɛ “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”? (Leviticus 19:18) Yiw, nanso Yesu daa biribi foforo adi bere a ɔkae sɛ “Sɛnea medɔɔ mo no.” Ne nkwa a ɔde too hɔ maa afoforo no ka ɔdɔ a oyii adi kyerɛe no ho, na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wonnya saa adwene no bi. (Yohane 15:13) Na ɛyɛ ɔdɔ a ɛkorɔn, efisɛ na Mose Mmara no nhwehwɛ afɔrebɔ a ɛte saa.

7. Ɔsom bɛn na adi ɔdɔ mmara no so wɔ afeha yi mu?

7 Ɔsom bɛn na adi ɔdɔ mmara yi so wɔ yɛn afeha yi mu? Ɛnyɛ Kristoman mu nyamesom ahorow no da, efisɛ wokunkum wɔn ho wɔn ho ɔpepem du du pii wɔ wiase nyinaa ako abien no ne akodi afoforo mu. Yehowa Adansefo na wɔadi ɔdɔ mmara no so asase so nyinaa. Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanaman no akodi mu da, efisɛ Yesu se ɛnsɛ sɛ n’akyidifo “yɛ wiase no fa.” (Yohane 17:16, New World Translation) Enti, wobetumi aka sɛ wɔn ho “afi nnipa nyinaa mogya ho” te sɛ nea Paulo kae no. Sɛ nhwɛso no, hyɛ tirimbɔ bi a Yehowa nkoa gye toom wɔ nhyiam a wɔyɛe no November 27, 1921 wɔ Washington, D.C., ase no nnianim asɛm no nsow:

“Sɛ Kristofo a yɛrebɔ mmɔden yiye adi yɛn Awurade Kristo Yesu ne n’asomafo nkyerɛkyerɛ akyi no, yɛka sɛ: ɔko yɛ atirimɔdenne nkae, abrabɔ pa sɛefo ne ahohorabɔ ma Kristofo; kyerɛ sɛ nnyinasosɛm ahorow a Awurade Yesu Kristo kyerɛkyerɛe no bara Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ akodi, mogyahwiegu anaasɛ basabasayɛ biara mu.”

8. Dɛn na abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ka fa Yehowa Adansefo ho wɔ Wiase Ko ll mu?

8 Wɔde saa adwene no dii dwuma dɛn wɔ Wiase Ko II mu? Wokunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 wɔ saa ɔko a ɛso bi mmae da wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no mu. Nanso wɔn mu biako nni hɔ a Yehowa Ɔdansefo bi na okum no! Sɛ nhwɛso no, ɛkame ayɛ sɛ German asɔfo nyinaa gyinaa Nasi nniso no akyi nnamyɛ mu anaasɛ wɔ kokoam. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa Adansefo a wɔtraa Nasi nniso ase no kuraa afa biara a wonni no mu denneennen na wɔampene sɛ wɔbɛhyɛ Hitler anuonyam anaasɛ wɔbɛyɛ n’asraafo. Enti, wɔankunkum wɔn honhom mu nuanom a na wɔwɔ aman afoforo so anaa obi foforo biara. Yehowa Adansefo a na wɔwɔ aman afoforo a aka nyinaa so no nso kuraa afa biara a wonni no mu.

9. Dɛn na ɛtoo Yehowa Adansefo wɔ Germany ne Austria wɔ Nasi nniso ase?

9 Yehowa Adansefo pii de wɔn kra ato hɔ ama wɔn nnamfo de adi ɔdɔ mmara no so. Kirchenhampf in Deutschland (Germany Asɔreasɔre no Ɔko) nhoma no mu nhwehwɛmu a Friedrich Zipfel san yɛe no kaa Adansefo no ho asɛm sɛ: “Ɔman sohyialist nniso (Nasi) no de ɔtaa baa ɔsom ketewa yi mufo ɔha biara mu nkyem aduɔkron ason so. Wɔde atuo anaasɛ ayayade ahorow, ɔkɔm, nyarewa anaasɛ adwumaden a wɔyɛe sɛ nkoa kunkum wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako. Ɔtaa yi mu den so bi mmae da, na gyidi a wɔammu so a na entumi ne Ɔman sohyialist nniso no amammui adwene nhyia no na ɛma ɛbaa saa.” Wokunkum Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Austria no mu ɔha biara mu 25 wɔ Nasi nnadeban mu, wɔhwee wɔn kunkum wɔn anaasɛ wowuwui denam nyarewa ne ɔbrɛ so.

10. Na ahotoso bɛn na wɔn a ɔdɔ mmara no sodi ma wowuwui no wɔ?

10 Na wɔn a ɔdɔ mmara no sodi ma wowui mogya adansefo wu no wɔ ahotoso sɛ “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi [wɔn] adwuma ne [wɔn] dɔ mmɔden a [wɔbɔe] ne din ho” no. (Hebrifo 6:10) Na wonim sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Wɔwɔ nokware anidaso sɛ wobenyan wɔn ma wɔanya daa nkwa.​—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkoa da nsow, na nkɔmhyɛ bɛn na ɛrenya mmamu wɔ wɔn mu?

11 Yehowa nkoa da nsow wɔ ahyɛde a Petro ne afoforo kaa ho asɛm kyerɛɛ asennibea a ɛkorɔn bi no sodi mu: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo No Nnwuma 5:29) Esiane sɛ Yehowa Adansefo yɛ eyi nti, “honhom kronkron nso a Onyankopɔn de ma wɔn a wotie no no” gyina wɔn akyi. (Asomafo no Nnwuma 5:32) Ɛno ne tumi a ɛma wotumi ma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:2-4 no nya mmamu. Ɛka siei sɛ wɔbɛsan de nokware som asi hɔ yɛn bere yi mu, ne sɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu ne nyamesom ahorow mu bɛsen yuu aba mu. Ade biako a ebefi mu aba ne sɛ: ‘Wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw, de wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.’ Esiane sɛ Yehowa nkoa resiesie wɔn ho ama asetra wɔ wiase foforo bi a asomdwoe wom mu nti, wɔrensua akodi bio. Wosua ɔdɔ mmara no.​—Yohane 13:34, 35.

12. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wodi ɔdɔ mmara no so no yɛ ma afoforo?

12 Esiane sɛ Kristofo dɔ kyerɛ nso sɛ “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” nti, Onyankopɔn nkoa rentumi nyɛ pɛsɛmenkominya wɔ nea wonim ho. (Mateo 22:39) Afoforo pii a wɔbɛpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn na wɔtra ne wiase foforo no mu da so ara wɔ hɔ. Bere a bere da so ara wɔ hɔ yi, ehia sɛ saafo yi nso sua ɔdɔ mmara no ne Amansan Hene Yehowa Nyankopɔn ho nokware afoforo pii ho ade. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn sɛ Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde saa ɔsom no ma. (Mateo 4:10; Adiyisɛm 4:11) Ɛyɛ wɔn a wɔasua nneɛma yi dedaw no asɛde sɛ wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nso atumi anya Yehowa anim dom.​—Hesekiel 33:7-9, 14-16.

Onipa a Onni Mmara no ho Ntama a Wɔbɛpa

13. Sɛ yɛn wiase nyinaa adansedi no fa no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi kyerɛ, na dɛn ntia?

13 Yesu se “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɛyɛ Onyankopɔn nkoa asɛde nso sɛ wɔda n’atemmu a etia atoro som, ne titiriw no Kristoman asɔfo adi kyerɛ sɛ wɔn wiase nyinaa adansedi no fa. Asɛm wɔ eyinom ho kɛse wɔ Onyankopɔn anim efisɛ wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Ɛsɛ sɛ wɔpa wɔn ho ntama sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no atumi ade wɔn ho afi wɔn nkɛntɛnso ase na wɔayɛ nneɛma a ɛfata ma nkwagye. Sɛnea Yesu kae no: “Mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.”​—Yohane 8:32.

14. Nkrasɛm a emu da hɔ pefee bɛn na ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka fa atoro som ho?

14 Enti, ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo da atoro som ho nkrasɛm a efi honhom mu yi adi kyerɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ. . . . Ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.”​—Adiyisɛm 18:4-8.

15. Ɔkwan bɛn so na afe 1914 dii dwuma titiriw wɔ Yehowa bere nhyehyɛe mu, na dɛn na ɛbae wɔ Wiase Ko I akyi?

15 Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi “nna a edi akyiri yi” fii ase afe 1914 a na emu yɛ den no mu. (2 Timoteo 3:1-5, 13; Mateo 24:3-13) Yɛwɔ “awiei bere no” mu fi saa afe no. (Daniel 12:4) Wɔ Wiase Ko I akyi pɛɛ no, Yehowa nkoa de ahoɔden fii ase trɛw Onyankopɔn Ahenni ho amanneɛ a wɔbɔ no mu sɛnea wɔaka asie wɔ Mateo 24:14 no ma ɛne ne bere nhyehyɛe hyiae. Wofii ase paa atoro som ho ntama denneennen nso, ne titiriw no ɔwaefo Kristoman asɔfo kuw no.

16. Ɔkwan bɛn so na onipa a onni mmara no ho ntama a wɔpa no anya nkɔanim bɛboro mfe 70 ni?

16 Bɛboro mfe 70 ni no, Onyankopɔn nkoa de ahoɔden kɛse ama nkurɔfo ani aba wɔn ho so wɔ onipa a onni mmara no nnaadaa adwuma no ho. Na Adansefo mpempem kakraa bi pɛ na wɔyɛ saa wɔ Wiase Ko I akyi. Nanso seesei de wɔabɛyɛ “ɔman a ɛyɛ den” a wɔboro asomfo a wɔyɛ nnam ɔpepem abiɛsa ne fa a wɔaboaboa wɔn ano wɔ asafo ahorow bɛboro 60,000 mu wɔ asase so nyinaa. (Yesaia 60:12) Onyankopɔn nkoa de nnamyɛ rebɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuru sɛ adesamma anidaso koro pɛ, na bere koro no ara mu no, wɔrepa sɛnea asɔfo te ankasa ho ntama​—onipa ɔdaadaafo a onni mmara.

Dɛn Nti na Ahoɔden Wom Saa?

17. Dɛn nti na Yehowa nkoa de ahoɔden kɛse apa onipa a onni mmara no ho ntama?

17 Dɛn nti na Yehowa nkoa de ahoɔden kɛse apa onipa a onni mmara yi ho ntama mfe yi nyinaa? Efisɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yehowa nguan no mu nnipakuw kɛse ɔpepem pii a wɔwɔ nkwagye kwan no so dedaw no ho ban fi Satan wiase no ne n’atoro som ho. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9-14) Bio nso, gye sɛ wɔpa asɔfo ho ntama, anyɛ saa a nnipa komapafo a wonnya mmɛkaa Onyankopɔn nguan no ho no renhu sɛnea wɔbɛkwati ɔkwammɔne bi. Enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔte, te sɛnea Yesu maa nkurɔfo tee bere a ɔkaa ne bere so nyamesom akannifo nyaatwomfo ho asɛm sɛ: “Wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu” no.​—Mateo 15:14; hwɛ 2 Korintofo 4:4; 11:13-15 nso.

18. Dɛn na ɛho hia sɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no hu?

18 Asɔfo yɛ Satan wiase no fa. (Yohane 8:44) Nanso ɛyɛ wiase a ɛrenkyɛ na Onyankopɔn asɛe no pasaa. (2 Petro 3:11-13; 1 Yohane 2:15-17) Enti Onyankopɔn Asɛm bɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Asɔfo bu wɔn ani gu saa kɔkɔbɔ no so na wɔkɔ so de wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu. Wɔka kyerɛ wɔn akyidifo sɛ amammuifo mmɔdenbɔ de wiase bi a eye bɛba. Nanso ɛno yɛ atoro anidaso, efisɛ wiase a Satan di so yi rebɛsɛe. Enti wɔredaadaa wɔn a wɔhwɛ anidaso kwan fi wiase yi hɔ no. Ɛho hia sɛ wɔka nokware a ɛfa faako a wiase no de n’ani akyerɛ ne nea ebesi n’ananmu no ho asɛm kyerɛ wɔn.​—Mmebusɛm 14:17; 19:21; Mateo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:4, 5.

19. Ɔkwan bɛn so na wɔapa yɛ a asɔfo bi ayɛ wɔn ho wiasefo no ho ntama wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu nnansa yi?

19 Wɔada yɛ a asɔfo bi ayɛ wɔn ho wiasefo no adi wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu nnansa yi, sɛ nhwɛso no, TV so asɔfo bi ahohwibra ne taamudi asetra. Nnɛ bere yi mu dwonkyerɛwfo bi yɛɛ dwom bi a ne ti ne sɛ: “So Yesu bɛbɔ [dɔla mpem du] (bɛyɛ (¢3,000,000) Rolex [watch,] wɔ Ne Television so Dwumadi Mu?” Dwom no toa so se: “Sɛ Yesu san ba asase so a, so anka Ɔde ne ho bɛhyɛ amammuisɛm mu na wɔasi Ne fi a ɛto so abien wɔ Palm Springs [adefo atrae] na wabɔ mmɔden de agyapade a ɔwɔ ahintaw?” Bio nso, asɔfo pii pene ɔbarima ne ɔbarima nna so anaasɛ wɔde wɔn ho hyem. Mprempren mpo Katolek Asɔre a ɛwɔ United States no retua dɔla ɔpepem pii wɔ ka a wɔabɔ wɔn wɔ asennibea wɔ mmofra a asɔfo ato wɔn mmonnaa ho.​—Romafo 1:24-27; 1 Korintofo 6:9, 10.

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkoa kɔ so pa onipa a onni mmara no ho ntama?

20 Onyankopɔn nkoa rentumi mmu wɔn ani ngu bɔne a ɛte saa so, na mmom ɛsɛ sɛ wɔpa ho ntama ma afoforo nya mu mfaso. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no ho ban fi wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔabu Onyankopɔn mmara ahorow so no ho. Na ɛho hia sɛ wɔhwehwɛ ‘mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ no so nkɔmmɔ no nyinaa’ na wɔboaboa wɔn ano ba Oguanhwɛfo Panyin, Yehowa Nyankopɔn ne ne Oguanhwɛfo Kumaa, Kristo Yesu akwankyerɛ a ɔdɔ wom no ase.​—Hesekiel 9:4; Yohane 10:11; Mmebusɛm 18:10;

21. Dɛn na Yehowa Adansefo bɛkɔ so apae mu aka?

21 Enti, Onyankopɔn nkurɔfo rentwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛpae mu aka n’aweredi a ɔde bɛba Satan wiase no nyinaa a ne onipa a onni mmara, Kristoman asɔfo, ka ho no so akyerɛ. Wɔde ahoɔden bɛka abɔfo nkrasɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 14:7 no: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.” Na wɔde atoro som ho kɔkɔbɔ a egye ntɛmpɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 18:4 no bɛka mpaemuka yi ho: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”

Ntimu Nsemmisa:

◻ Dɛn na ɛbɛba onipa a onni mmara no so, na dɛn ntia?

◻ Asɛde bɛn na Yehowa nkoa wɔ wɔ afoforo ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkoa ade wɔn ho afi nnipa nyinaa mogya ho?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Babilon Kɛse no ho?

◻ Dɛn nti na yɛbɛkɔ so aka yɛn nkrasɛm a tumi wom no afa onipa a onni mmara no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Asomafo no ka kyerɛɛ asennibea a ɛkorɔn bi sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa”

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɛho hia sɛ nnipa komapafo hu faako a wiase no ne ne nyamesom ahorow de n’ani akyerɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena