Ti 28
Tra A Mo Ne Mo Ho Mo Ho Bɛtra Wɔ Ɔdɔ Mu
1. (a) Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so abɛyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no muni? (b) Ahyɛde bɛn na ɛsɛ sɛ wudi so afei?
BERE a wunyin wɔ Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ ne anisɔ mu no, wobɛpɛ sɛ wo ne nnipa a wɔwɔ gyidi ne anidaso koro yi bɔ fekuw daa. Ɛdenam saa yɛ so no, wobɛba abɛyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu, nokware Kristofo asafo, no fã. “Monnɔ anuanom” bɛba abɛyɛ ahyɛde a ɛsɛ sɛ wudi so afei.—1 Petro 2:17; 5:8, 9.
2. (a) Ahyɛde foforo bɛn na Yesu de maa n’akyidifo? (b) Dɛn na asɛm “mo ho mo ho” ne “wɔ mo mu” no da no adi pefee? (d) Ɔdɔ a yebenya ho hia dɛn?
2 Yesu Kristo sii hia a ehia sɛ n’akyidifo dodɔ wɔn ho no so dua. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho . . . Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Asɛm “mo ho mo ho” ne “wɔ mo mu” no da no adi pefee sɛ nokware Kristofo nyinaa bɛka abom wɔ kuw biako anaa ahyehyɛde biako mu. (Romafo 12:5; Efesofo 4:25) Na ɔdɔ a emufo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no bɛhyɛ ahyehyɛde yi agyirae. Sɛ obi nni dɔ a, biribi foforo biara yɛ ɔkwa.—1 Korintofo 13:1-3.
3. Bible no si hia a ɔdɔ a yebenya ama mfɛfo Kristofo na yɛaboa wɔn ho hia no so dua dɛn?
3 Enti, wɔde afotu horow te sɛ nea edidi so yi maa Kristofo a wodi kan no: “Momfa ɔdɔ nnodɔ mo ho yiye.” “Munnyigye mo ho.” ‘Monsonsom mo ho!’ “Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho.” “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho.” “Muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko.” “Munnya asomdwoe wɔ mo mu.” “Momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho.”—Romafo 12:10; 15:7; Galatifo 5:13; Efesofo 4:32; Kolosefo 3:13, 14; 1 Tesalonikafo 5:11, 13; 1 Petro 4:8; 1 Yohane 3:23; 4:7, 11.
4. (a) Dɛn na ɛda no adi sɛ ɔdɔ a wobenya ama ‘wɔn ho wɔn ho’ akyi no, ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ afoforo nso? (b) Henanom titiriw na ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ wɔn?
4 Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo dɔ wɔn a wɔne wɔn wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu nkutoo. Ɛsɛ sɛ wɔdɔ afoforo nso. Nokwarem no, Bible no hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma ‘ɔdɔ a wɔde dodɔ wɔn ho ne nnipa nyinaa’ no nkɔ anim. (1 Tesalonikafo 3:12; 5:15) Bere a ɔreda adwene a ɛfata sɛ wonya adi no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Enti bere a ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ nnipa nyinaa, a wɔn atamfo ka ho no, ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn a wɔne wɔn wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu, wɔn honhom fam nuanom mmarima ne mmea, no titiriw.—Mateo 5:44.
5. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔ tete hɔ ne nnɛ no, ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ no da adi yiye?
5 Saa ɔdɔ yi a na tete Kristofo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no yɛ nea na wonim no yiye. Sɛnea afeha a ɛto so abien no mu ɔkyerɛwfo Tertullian kyerɛ no, na nkurɔfo ka wɔ wɔn ho sɛ: ‘Hwɛ sɛnea wɔdodɔ wɔn ho, ne sɛnea wɔayɛ krado sɛ wobewu ama wɔn ho wɔn ho!’ Wohu ɔdɔ a ɛte saa ara wɔ nokware Kristofo mu nnɛ. Nanso so eyi kyerɛ sɛ akasakasa biara mma nokware Kristofo mu da anaa?
NEA SINTƆ DE BA
6. Dɛn nti na ɛtɔ da bi a nokware Kristofo fom wɔn ho wɔn ho?
6 Wɔ wo Bible sua mu no woahu sɛ yɛn nyinaa anya sintɔ afi yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, mu. (Romafo 5:12) Enti yɛtɔ kɔ bɔneyɛ so. Bible se: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2; Romafo 3:23) Na ɛsɛ sɛ wuhu sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no mufo nso nyɛ pɛ, na ɛtɔ da bi a wɔyɛ nneɛma a ɛnteɛ. Eyi betumi de nsɛm a emu yɛ den ne ɔhaw aba nokware Kristofo mu mpo.
7. (a) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ wɔka kyerɛ Euodia ne Sintike sɛ “wonnwen ade koro”? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na eyinom yɛ Kristofo mmea pa?
7 Susuw mmea baanu a wɔfrɛ wɔn Euodia ne Sintike a na wɔwɔ tete Filipifo asafo no mu no asɛm no ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnwen ade koro Awurade mu.” Dɛn nti na Paulo hyɛɛ mmea baanu yi nkuran “sɛ wonnwen ade koro”? Ɛda adi sɛ na asɛm bi wɔ wɔn ntam. Bible no nka asɛm ko. Ebia na wɔn ani bere wɔn ho wɔn ho wɔ ɔkwan bi so. Nanso, nokwarem no, na wɔyɛ mmea pa. Na wɔayɛ Kristofo bere tenten, mfe bi ansa na wɔne Paulo rebenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Enti ɔkyerɛw asafo no sɛ: “So wɔn mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no.”—Filipifo 4:1-3.
8. (a) Asɛm bɛn na ɛbaa Paulo ne Barnaba ntam? (b) Sɛ na wowɔ hɔ na wuhuu eyi a, anka adwene bɛn na ebia wubenya?
8 Bere bi nso asɛm bi sɔree wɔ ɔsomafo Paulo ne n’akwantu mu ɔhokafo Barnaba ntam. Bere a wɔrebefi wɔn asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no ase no, Barnaba pɛe sɛ ɔde ne nua Marko ka ne ho. Nanso Paulo ampɛ sɛ wɔde Marko kɔ esiane sɛ na Marko agyaw wɔn asan kɔ fie wɔ asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu nti. (Asomafo no Nnwuma 13:13) Bible no se: “Akasakasa a emu yɛ den bae, na ɛma wɔpaapaee mu.” (Asomafo no Nnwuma 15:37-40) Hwɛ asɛm! Sɛ na wowɔ hɔ na wuhuu “akasakasa a emu yɛ den” yi a, so anka wubesusuw sɛ Paulo ne Barnaba nyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no mufo esiane nea wɔyɛe no nti anaa?
9. (a) Bɔne bɛn na Petro yɛe, na dɛn na ɛma ɔyɛɛ saa? (b) Dɛn na Paulo yɛe bere a ohuu nea ɛrekɔ so no?
9 Bere foforo no ɔsomafo Petro dii mfomso. Ogyaee fekuw a na anka ɔne Amanaman mufo Kristofo bɔ no esiane suro a na osuro sɛ Yudafo Kristofo a na wodi mfomso bu wɔn nuanom Amanaman mufo no animtiaa ani rennye ho nti. (Galatifo 2:11-14) Bere a ɔsomafo Paulo huu nea Petro reyɛ no, ɔkasa tiaa Petro adeyɛ a ɛmfata no wɔ wɔn nyinaa anim. Sɛ wone Petro a anka wobɛte nka dɛn?—Hebrifo 12:11.
ƆDƆ A WODE DI NSƐM A EMU YƐ DEN HO DWUMA
10. (a) Dɛn na Petro yɛe bere a wɔteɛɛ ne so no? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Petro nhwɛso no mu?
10 Anka Petro bo betumi afuw Paulo. Anka ne bo betumi afuw sɛnea Paulo teɛɛ ne so wɔ afoforo anim no ho. Nanso wanyɛ saa. (Ɔsɛnkafo 7:9) Ná Petro wɔ ahobrɛase. Ogyee nteɛso no toom, na wamma ammrɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Paulo no ase. (1 Petro 3:8, 9) Hyɛ sɛnea Petro kaa Paulo ho asɛm akyiri yi wɔ nkuranhyɛ krataa a ɔde kɔmaa mfɛfo Kristofo mu no nsow: “Mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye, sɛnea yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no no kyerɛw mo.” (2 Petro 3:15) Yiw, Petro maa ɔdɔ kataa asɛm a, eyi mu no, ɛnam ɔno ankasa ne nneyɛe a ɛmfata so bae no so.—Mmebusɛm 10:12.
11. (a) Akasakasa a emu yɛ den a ɛbae akyi no, ɔkwan bɛn so na Paulo ne Barnaba kyerɛe sɛ wɔyɛ nokware Kristofo? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya wɔn nhwɛso no ho mfaso?
11 Na asɛm a ɛbaa Paulo ne Barnaba ntam no nso ɛ? Wodii eyi nso ho dwuma ɔdɔ mu. Efisɛ akyiri yi, bere a Paulo rekyerɛw Korintofo asafo no, ɔkaa Barnaba ho asɛm sɛ yɔnko odwumayɛni a ɔbɛn no. (1 Korintofo 9:5, 6) Na ɛwom sɛ ɛte sɛ nea na Paulo wɔ ntease pa a enti na onnye nni sɛ Marko yɛ akwantu mu ɔhokafo pa, nanso akyiri yi aberante yi ho kokwawee ma Paulo tumi kyerɛw Timoteo sɛ: “Fa Marko ka wo ho bra, na oye ma me ɔsom mu.” (2 Timoteo 4:11) Yebetumi anya ɔkwan a wɔnam so siesie nsɛm a emu yɛ den ho nhwɛso yi ho mfaso.
12. (a) Dɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Euodia ne Sintike siesiee wɔn asɛm no? (b) Sɛnea Galatifo 5:13-15 kyerɛ no, dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo siesie nsɛm a ɛba wɔn ntam no wɔ ɔdɔ mu?
12 Na, Euodia ne Sintike nso ɛ? So wosiesiee wɔn asɛm no ma ɔdɔ kataa bɔne biara a wɔayɛ atia wɔn ho wɔn ho no so? Bible no nka nea awiei koraa ɛbaa wɔn so no ho asɛm nkyerɛ yɛn. Nanso, esiane sɛ na wɔyɛ mmea pa a wɔne Paulo ayɛ adwuma denneennen wɔ Kristofo som adwuma no mu nti, yebetumi asusuw sɛ wɔde ahobrɛase gyee afotu a ɔde maa wɔn no toom. Bere a wɔn nsa kaa Paulo krataa no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ obiako kɔɔ ne yɔnko nkyɛn na wosiesiee wɔn asɛm no wɔ ɔdɔ honhom mu.—Galatifo 5:13-15.
13. Ɔdɔ a woyi adi kyerɛ ho nhwɛso bɛn na Yehowa Nyankopɔn yɛ?
13 Ebia ɛbɛyɛ den ama wo nso sɛ wo ne obi anaa nnipa ahorow bi bɛnantew wɔ asafo no mu. Ɛwom mpo sɛ ebia na wɔtɔ sin pii wɔ nokware Kristofo su horow a ɛsɛ sɛ wonya mu, nanso susuw ho hwɛ: So Yehowa Nyankopɔn twɛn kosi sɛ nkurɔfo bɛsakra wɔn subammɔne nyinaa ansa na wadɔ wɔn? Dabi; Bible se: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nhwɛso yi akyi na yeyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne a nyansa nni mu no.—Efesofo 5:1, 2; 1 Yohane 4:9-11; Dwom 103:10.
14. Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ katee a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wɔ afoforo ho no ho?
14 Esiane sɛ yɛn nyinaa tɔ sin nti, Yesu kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ katee wɔ afoforo ho. Ampa, afoforo wɔ mmerɛwyɛ ahorow, nanso yɛn nso yɛwɔ bi saa ara. Yesu bisae sɛ: “Adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa mu, na wo ankasa aniwa mu mpuran de, wunhu?” (Mateo 7:1-5) Ɛdenam afotu a nyansa wom a ɛte saa a yɛbɛma atra yɛn adwene mu so no, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ne yɛn nuanom mmarima ne mmea anantew.
15. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde firi afoforo bere a wɔyɛ biribi a enti yɛn bo betumi afuw wɔn mpo no? (b) Wɔ ne mfatoho a ɛwɔ Mateo ti 18 no mu no, ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ hia a ehia sɛ yɛde bɔne firi?
15 Ɛho hia kɛse sɛ yeyi mmɔborohunu adi kyerɛ na yɛde bɔne firi. Ampa, ebia na onuabarima anaa onuabea no ayɛ biribi atia wo. Nanso kae afotu a Bible de ma no: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho.” Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode firi afoforo bere a wowɔ nnyinaso pa a enti ɛsɛ sɛ wo bo fuw wɔn? Bible no bua sɛ, efisɛ “[Yehowa] de akyɛ mo.” (Kolosefo 3:13) Na Yesu kae sɛ, sɛ yebenya bɔne fafiri a, ɛsɛ sɛ yɛde firi afoforo. (Mateo 6:9-12, 14, 15) Yehowa, te sɛ ɔhene a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Yesu mfatoho ahorow no biako mu no, de afiri yɛn mpɛn apem, enti so yɛrentumi mfa mfiri yɛn nuanom mpɛn kakra anaa?—Mateo 18:21-35; Mmebusɛm 19:11.
16. (a) Sɛnea 1 Yohane 4:20, 21 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ɔdɔ ma mfɛfo Kristofo wɔ abusuabɔ? (b) Sɛ asɛm bi wɔ wo ne wo nua ntam a, adeyɛ bɛn na ɛho hia?
16 Yɛrentumi mfa nokware no nni dwuma na bere koro no ara mu no yɛmmɔ yɛn nuanom atirimɔden, a yɛmfa wɔn mfomso mfiri wɔn. (1 Yohane 4:20, 21; 3:14-16) Enti, sɛ wo ne wo yɔnko Kristoni nya asɛm a, nnyae sɛ wo ne no bɛkasa. Mfa ne ho asɛm nhyɛ wo yam, na mmom siesie asɛm no wɔ ɔdɔ honhom mu. Sɛ woafom wo nua a, siesie wo ho sɛ wobɛpa no kyɛw na woasrɛ fafiri.—Mateo 5:23, 24.
17. Sɛ obi fom wo a, dɛn ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wofa so?
17 Na sɛ obi yaw wo anaasɛ ɔfom wo ɔkwan bi so ɛ? Bible no tu fo sɛ: “Nka sɛ: Sɛ́ ɔyɛɛ me no, saa na mɛyɛ no.” (Mmebusɛm 24:29; Romafo 12:17, 18) Yesu Kristo tuu fo sɛ: “Nea ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no.” (Mateo 5:39) Ɛnyɛ asombɔ atirimpɔw ne sɛ ebepira ankasa ankasa, na mmom sɛ ɛbɛbɔ ahohora anaasɛ ɛbɛhyɛ abufuw. Enti na Yesu rehyɛ n’akyidifo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ntɔkwaw anaa akyinnyegye mu a wɔbɛtwetwe wɔn akɔ ho. Sɛ́ anka ‘wode bɔne betua bɔne so ka, na wode ɔyaw atua ɔyaw so ka no,’ ɛsɛ sɛ ‘wohwehwɛ asomdwoe na wudi akyi.’—1 Petro 3:9, 11; Romafo 12:14.
18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi nhwɛso a Onyankopɔn yɛ sɛ ɔdɔ nnipa nyinaa no mu?
18 Kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘yenya ɔdɔ ma anuanom no nyinaa.’ (1 Petro 2:17) Yehowa Nyankopɔn yɛ nhwɛso no. Ɔnyɛ nyiyim. Mmusua nyinaa yɛ pɛ wɔ n’anim. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 17:26) Wɔn a wɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no fi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9, 14-17) Enti, wɔ Onyankopɔn a yesuasua no mu no, ɛnsɛ sɛ yenya ɔdɔ a esua ma afoforo esiane sɛ ɛsono abusua anaa ɔman a wofi mu, anaa wɔn gyinabea wɔ asetra mu, anaasɛ ɛsono wɔn honam ani hwɛbea nti.
19. (a) Ɛsɛ sɛ yebu mfɛfo Kristofo dɛn na yɛne wɔn di wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Hokwan kɛse bɛn na ebetumi ayɛ yɛn de?
19 Hu wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no nyinaa yiye, na wubenya wɔn ho dɔ ne anisɔ. Bu mpanyimfo sɛ agyanom ne ɛnanom, mmerante ne mmabaa sɛ anuanom mmarima ne mmea. (1 Timoteo 5:1, 2) Ɛyɛ hokwan ampa sɛ yɛbɛyɛ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu a ɛte sɛ abusua, a emufo ne wɔn ho nantew fɛfɛɛfɛ wɔ ɔdɔ mu no mufo. Hwɛ fɛw ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛne abusua a ɔdɔ wom sɛɛ bɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so!—1 Korintofo 13:4-8.
[Kratafa 233 mfoni]
Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛfa Euodia ne Sintike ho no mu?
[Kratafa 235 mfoni]
So akasakasa a ɛbaa Paulo ne Barnaba ntam no kyerɛ sɛ na wɔnyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no mufo?
[Kratafa 236 mfoni]
Nokware Kristofo ma ɔdɔ kata nneɛma a ɛde akasakasa ba so
[Kratafa 237 mfoni]
Wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no, ɔdɔ ka Kristofo ma wɔne wɔn ho nantew sɛ nnipa a wɔn nyinaa yɛ pɛ