-
Nya Anigye A Ɛkari Pɛ wɔ Ayeforohyia Apontow Ahorow AseƆwɛn-Aban—1984 | October 1
-
-
6. Dɛn na yebetumi asua wɔ Yudafo apontow ho afi asɛm bi a wɔkae wɔ Kana no mu?
6 Nnipa pii nim sɛ Yesu maa nsu danee nsa wɔ ayeforohyia apontow ase wɔ Kana. Nanso, kae saa asɛm yi: “Na adidiihwɛfo no kaa nsu a adan nsa no hwɛe no . . . [ɔfrɛɛ] ayeforokunu no, na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba.” (Yohane 2:9, 10) Wanka sɛ wɔ saa apontow yi ankasa ase no nnipa a wɔbae no ‘bobowee.’b Nokwarem no, yɛrentumi nnya adwene no sɛ na Yesu bɛpene asabow so na wama ayɛ kɛse denam nsa pii a ɔbɛma aba no so. Nanso na saa onipa yi nim sɛ nsa a wɔnom ma ɛtra so yɛ nea wɔtaa yɛ wɔ Yudafo ayeforohyia apontow ahorow ase.
-
-
Nya Anigye A Ɛkari Pɛ wɔ Ayeforohyia Apontow Ahorow AseƆwɛn-Aban—1984 | October 1
-
-
8, 9. (a) Sɛ wɔde nsa ba ase a, ɔkwan bɛn so na wobetumi akura anidahɔ mu? (b) Dɛn na ɔpanyin biako kae wɔ ɔhaw no ho?
8 Sɛ awarefo bi pɛ sɛ wɔde nsa ba wɔn apontow ase a, ɛyɛ nea nyansa wom na eye sɛ wobesusuw nneɛma a wɔbɛyɛ wɔ anidahɔ mu ho sɛnea ɛfata. (1 Timoteo 3:2; Mateo 23:25) Sɛ nhwɛso no, wɔ Kana apontow no ase no, ɔkwan bɛn so na wɔsom ahɔho a wɔbae no? Ɛda adi sɛ ɛdenam “asomfo” no so. (Yohane 2:5, 9) Enti ebia awarefo no bɛpaw nnipa bi ma wɔde nsa ama (na ebia wɔahwɛ ato ano hye.) Ɛwom, wɔ Kristofo apontow biara ase no, ɛsɛ sɛ wonya nsa a ano nyɛ den wɔ hɔ ma wɔn a ɛno na ɛsɛ sɛ wɔnom, anaasɛ ebia ɛno na wɔpɛ no.
-
-
Nya Anigye A Ɛkari Pɛ wɔ Ayeforohyia Apontow Ahorow AseƆwɛn-Aban—1984 | October 1
-
-
10. Nea Bible no kyerɛ bɛn a yebedi akyi na ebetumi aboa ma yɛahwɛ nnipa a wɔba apontow ahorow ase no so yiye?
10 Wɔ Kana apontow no ase no, na “adidiihwɛfo” wɔ hɔ. (Yohane 2:9) Saa ara na wɔ apontow ahorow ase nnɛ no wobetumi de ahyɛ onua a ne ho akokwaw a ɔfata nsa ma wahwɛ sɛnea nneɛma bɛkɔ so. Esiane sɛ onim nea nnipa a wɔreware foforo no pɛ nti, obetumi de akwankyerɛ ama nnwontofo, asomfo ne afoforo no, anaasɛ obetumi ne awarefo no atu agyina na afei wadi nneɛma ho dwuma. Ebia nea ɛka ho ne wɔn a wobegye ahɔho no a ɔde akwankyerɛ bɛma wɔn. Bere a wɔabom reyɛ adwuma no, wobetumi aboa ahɔho a wɔaba no na ɛbɛma wɔadi nnipa biara a wɔbɛpɛ sɛ wɔsɛe apontow no ho dwuma nso. Ɛdefa sɛnea wɔhwɛ ma nneɛma kɔ so sɛnea ɛfata ho no, hyɛ nea ɛbaa obi a wɔtoo nsa frɛɛ no a ɔdaa animtiaabu kɛse adi wɔ ayeforohyia apontow ase wɔ Yesu bɛ no mu no nsow.—Mateo 22:11-13.
-
-
Nya Anigye A Ɛkari Pɛ wɔ Ayeforohyia Apontow Ahorow AseƆwɛn-Aban—1984 | October 1
-
-
12. Dɛn na Bible no ka a ɛkyerɛ nea asodi da no so titiriw wɔ nea ɛkɔ so wɔ apontow ase no ho?
12 Ɛtɔ bere bi a ayeforo anaa ayeforokunu no awofo boa wɔn denam ayeforohyia apontow no ho ka a wotua no so. Enti ebia awofo no bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya ano wɔ wɔn a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn, aduan ne nsa ko a wɔde bɛba ase anaa sɛnea dwumadi no bɛyɛ mu kɛse. Bible no nka nea otuaa Kana apontow no ho ka, nanso ɛka kyerɛ yɛn sɛ bere a asɛm a ɛho hia bi sɔree no “adidiihwɛfo no frɛɛ ayeforokunu no.” (Yohane 2:9) Wɔ ayeforohyia apontow ase no, ayeforokunu no ne abusua foforo a wɔahyehyɛ no ti wɔ Kyerɛwsɛm mu. (Efesofo 5:22) Enti, bere a ɛsɛ sɛ osusuw nea n’ayeforo no pɛ wɔ da titiriw yi mu ne nea wɔn abusuafo nso pɛ ho wɔ ɔdɔ mu no, ɔno na ɛho hia titiriw sɛ ogye nea wɔbɛyɛ ne nea wɔrenyɛ ho asodi to ne ho so.
-