Ma Wonhu Yesu Ho Nokware No
1 Kristofo a wɔasra wɔn, a wɔn mfɛfo nguan foforo no boa wɔn no, ‘kura Yesu ho adansedi adwuma no mu.’ (Adi. 12:17) Eyi yɛ adwuma titiriw, efisɛ ɔno mu nkutoo na nkwagye wɔ.—Yoh. 17:3; Aso. 4:12.
2 ‘Ɔkwan, Nokware, ne Nkwa No’: Yesu kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yoh. 14:6) Yesu, ‘ɔkwan no,’ nkutoo so na yebetumi afa akɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu na yɛne No anya abusuabɔ pa. (Yoh. 15:16) Yesu ne ‘nokware no,’ efisɛ ne mu na nkɔmhyɛ ahorow ne nneɛma ho sunsuma a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nyaa mmamu. (Yoh. 1:17; Kol. 2:16, 17) Nokwarem no, na nokware nkɔmhyɛ no atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛma yɛahu dwuma titiriw a odi na ɛnam so ma Onyankopɔn atirimpɔw nya mmamu. (Adi. 19:10) Bio nso, Yesu ne “nkwa.” Sɛ yebenya daa nkwa akyɛde no a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya n’agyede afɔrebɔ no mu gyidi.—Yoh. 3:16, 36; Heb. 2:9.
3 Eti ne Ɔhene a Ɔredi Tumi: Ɛsɛ sɛ nkurɔfo gye tumi a ɛkorɔn paa a Yehowa de ahyɛ ne Ba no nsa no tom. Wɔde Yesu asi agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene—‘ɔno na aman betie no.’ (Gen. 49:10) Bio nso, Yehowa apaw no sɛ asafo no Ti. (Efe. 1:22, 23) Ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wohu sɛnea Yesu kyerɛ asafo no kwan na ɔde “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no di dwuma de honhom fam “aduan” ma wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu” no.—Mat. 24:45-47.
4 Ɔsɔfopanyin Mmɔborohunufo: Esiane sɛ Yesu huu sɔhwɛ mu amane sɛ onipa nti, “otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.” (Heb. 2:17, 18) Hwɛ akomatɔyam ara a ɛyɛ sɛ nnipa a wɔtɔ sin behu sɛ Yesu hu wɔn mmerɛwyɛ, na ofi mmɔborohunu mu srɛ ma wɔn! (Rom. 8:34) Ɛdenam Yesu afɔrebɔ ne n’adwuma sɛ Ɔsɔfopanyin so no, yebetumi ‘de kasa mu ahofadi’ akɔ Yehowa nkyɛn na ama yɛanya ‘mmoa ɛbere a ɛsɛ mu.’—Heb. 4:15, 16.
5 Ɛmmra sɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛma afoforo ahu Yesu ho nokware no bɛka wɔn ma wɔayɛ osetie ama no na wɔne yɛn abom asom no.—Yoh. 14:15, 21.