Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade no Atu Mpɔn
YEHOWA NYANKOPƆN maa onipa amemene a ɛma otumi kae ade. Ɔyɛɛ no sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ wɔfa biribi fi mu a, ɛmma nneɛma pa a wɔde ahyem no mfi mu. Sɛnea Onyankopɔn yɛɛ adwene no ne n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ nnipa tra ase daa no hyia.—Dw. 139:14; Yoh. 17:3.
Nanso ebia wobɛte nka sɛ nneɛma a wode hyɛ wo tirim no mu pii yera. Sɛ wuhia a, ɛte sɛ nea enni hɔ no. Dɛn na wubetumi ayɛ de ama sɛnea wokae ade no atu mpɔn?
Nya Ho Anigye
Biribi ho anigye a wubenya no ho hia paa na ama woatumi akae ade yiye. Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛhyɛ ade nsow, anya nnipa ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho anigye a, ɛkanyan yɛn adwene. Ɛno na ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛda anigye a ɛte saa ara adi bere a yɛkenkan ade anaasɛ yetie biribi a mfaso wɔ so paa no.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ obi bɛbrɛ wɔ nkurɔfo din a ɔbɛkae no ho. Nanso, sɛ Kristofo no, yenim sɛ nnipa ho hia—mfɛfo Kristofo, wɔn a yedi wɔn adanse, ne afoforo a bere a yɛyɛ asetra mu nneɛma afoforo no, yɛne wɔn di no. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakae edin ahorow a ɛsɛ sɛ yɛkae no? Ɔsomafo Paulo bobɔɔ nnipa 26 a na wɔwɔ asafo bi a ɔkyerɛw wɔn krataa no mu no din. Wɔn ho anigye a na ɔwɔ no da adi wɔ nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ ɛnyɛ wɔn din nko na na onim na mmom ɔkaa wɔn mu pii ho nsɛm pɔtee no mu. (Rom. 16:3-16) Ɛnnɛyi Yehowa Adansefo ahwɛfo akwantufo bi bɔ mmɔden yiye wɔ edin a wɔkaakae mu, ɛmfa ho sɛ wofi asafo biako mu kɔ foforo mu dapɛn biara no. Dɛn na ɛboa wɔn? Wɔde yɛ wɔn su sɛ wɔbɛbɔ obi din mpɛn pii bere a edi kan a wɔne no kasa no. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde onipa no din bɛhyɛ n’anim nsow. Bio nso, wogye bere ne ankorankoro pii nantew wɔ asɛnka mu, ne wɔn to nsa didi nso. Sɛ wuhyia obi a, wobɛkae ne din? Fi ase nya nnyinaso pa bi a ɛbɛboa wo ma woakae ne din no; afei sɔ nyansahyɛ ahorow a wɔaka ho asɛm dedaw no bi hwɛ.
Kae nso sɛ nea wokenkan no nso ho hia. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woatu mpɔn wɔ eyi mu? Ɛho anigye ne ntease nyinaa boa. Ehia sɛ woma nea worekenkan no ho hia wo na ama woatumi de w’adwene nyinaa asi so. Sɛ w’adwene wɔ biribi foforo so bere a worebɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan ade no a, asɛm no renka wo tirim. Sɛ wode asɛm no toto nneɛma bi a wunim anaa nimdeɛ a wowɔ dedaw ho a, ɛma wo ntease tu mpɔn. Bisa wo ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na metumi de asɛm yi adi dwuma wɔ m’ankasa m’asetra mu? Mɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma de aboa obi foforo?’ Sɛ wokenkan kasasin ahorow sen sɛ wobɛkenkan nsɛmfua mmiako mmiako a, ɛma wo ntease tu mpɔn. Ɛrenyɛ den koraa sɛ wobɛkyere nsusuwii ne emu nsɛntitiriw, sɛnea ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wobɛkae.
Gye Bere Fa Yɛ Ntimu
Adesua mu abenfo asi mfaso a ɛwɔ ntimu so so dua. Wɔ nhwehwɛmu bi mu no, kɔlege ɔbenfo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ simma biako a obi de yɛ ntimu ntɛm so no ma nsɛm a otumi kyere gu ne tirim no bu bɔ ho. Enti bere a woakenkan ade awie—anaa ne fã titiriw bi ara pɛ no—tĩ nsɛntitiriw a ɛwom no mu wɔ wo tirim na fa hyɛ w’adwene mu. Susuw sɛnea wode wo nsɛm bɛkyerɛkyerɛ nsɛm foforo biara a woasua no mu ho. Sɛ wokaakae w’adwene bere a woakenkan biribi awie no ara pɛ a, ɛma ɛkyɛ ansa na afi wo tirim.
Afei sɛ nna kakra twam a, pɛ ɔkwan bi a wobɛfa so atĩ nea wokenkanee no mu denam ka a wobɛka ho asɛm akyerɛ obi foforo no so. Wubetumi ne obusuani bi, obi a ɔwɔ asafo no mu, obi a wo ne no yɛ adwuma, obi a wo ne no kɔ sukuu, ofipamfo, anaa obi a wuhyia no wɔ asɛnka mu ayɛ saa. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkae Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛbata ho no de aka emu nsɛntitiriw no ho. Wubenya eyi a wobɛyɛ no so mfaso, na aboa ama nneɛma bi a ehia aka wo tirim; ɛso bɛba afoforo nso mfaso.
Dwennwen Nneɛma a Ɛho Hia Ho
Wɔ ade a wokenkan a wubetĩ mu na woaka ho asɛm akyerɛ afoforo akyi no, wubehu sɛ mfaso wɔ nneɛma atitiriw a woasua a wubesusuw ho no so. Bible akyerɛwfo Asaf ne Dawid yɛɛ saa. Asaf kae sɛ: “Mɛkae [Yehowa, NW] nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.” (Dw. 77:11, 12) Saa ara na Dawid kyerɛwee sɛ: “Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a, midi wo so dadwen, adasu mu,” na “Mekae tete nna, midwen wo nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho.” (Dw. 63:6; 143:5) So woyɛ saa?
Nsusuwii a ɛkɔ akyiri saa a wode dwennwen Yehowa nnwuma, ne su ahorow, ne n’apɛde a wɔada no adi ho no boa wo sen nsɛm a ɛka wo tirim kɛkɛ. Sɛ wususuw nneɛma ho wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, ɛbɛma nneɛma a ɛho hia yiye no aka wo komam. Ebesiesie wo nipasu. Nsɛm a ɛbɛka w’adwenem no bɛyɛ nea woasusuw ho akɔ akyiri.—Dw. 119:16.
Dwuma a Onyankopɔn Honhom Di
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkae Yehowa nnwuma ho nokwasɛm ne nneɛma a Yesu Kristo kaa ho asɛm no a, ɛnyɛ yɛn nkutoo ahoɔden na yɛde bɛyɛ. Anadwo ansa na Yesu rewu no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka mo eyinom; na okyigyinafo a ɔne Honhom kronkron a m’agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.” (Yoh. 14:25, 26) Ná Mateo ne Yohane ka wɔn a na wɔwɔ hɔ no ho. So honhom kronkron no boaa wɔn saa? Yiw, ɛte saa! Bɛyɛ mfe awotwe bi akyi no, Mateo kyerɛw Kristo asetra ho nsɛm a ɛkɔ akyiri wiei, a na Bepɔw so Asɛnka a ɛsom bo ne Kristo mmae ho sɛnkyerɛnne ahorow ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ka ho. Yesu wu akyi mfirihyia aduosia anum no, Yohane kyerɛw N’asɛmpa no, a nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no anadwo a etwa to a Awurade de ne nkwa too hɔ no nso ka ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Mateo ne Yohane nyinaa kae nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe bere a na ɔne wɔn wɔ hɔ no, nanso honhom kronkron no dii dwuma titiriw ma wɔn werɛ amfi nsɛm a ehia a na Yehowa pɛ sɛ wɔde hyɛ N’asɛm mu no.
So honhom kronkron no yɛ adwuma sɛ ɔboafo ma Onyankopɔn asomfo nnɛ? Yiw! Ɛwom, honhom kronkron no mfa nsɛm a yensuae da nhyɛ yɛn adwenem de, nanso edi dwuma sɛ ɔboafo ma yɛkae nsɛm a ɛho hia a yɛasua wɔ bere a atwam no. (Luka 11:13; 1 Yoh. 5:14) Afei sɛ ɛho behia a, ɛkanyan yɛn adwene ma ‘yɛkae nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ ne ahyɛde a ɛyɛ Awurade ne agyenkwa de no.’—2 Pet. 3:1, 2.
‘Mma Wo Werɛ Mmfi’
Yehowa kaee Israelfo no mpɛn pii sɛ: ‘Mma wo werɛ mmfi.’ Ná ɛnyɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkae biribiara pɛpɛɛpɛ. Nanso na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn ankasa nnwuma gye wɔn ti araa ma enti wopia Yehowa nnwuma to nkyɛn. Ná ɛsɛ sɛ wɔkae sɛnea Yehowa gyee wɔn bere a ɔbɔfo bi kunkum Misraim mmakan nyinaa ne bere a Yehowa paee Po Kɔkɔɔ no mu na ɔka boom ma ɛfaa Farao ne n’asraafo no. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no kae sɛ Onyankopɔn de ne Mmara maa wɔn wɔ Bepɔw Sinai so, ɛne sɛ odii wɔn anim faa sare so koduu Bɔhyɛ Asase no so. Na ɛnsɛ sɛ wɔn werɛ fi, a ntease a ɛwom ne sɛ na ɛsɛ sɛ saa nneɛma no nya wɔn da biara da asetra mu nnwuma so nkɛntɛnso kɛse.—Deut. 4:9, 10; 8:10-18; Ex. 12:24-27; Dw. 136:15.
Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ awerɛfirifo. Bere a yegyina asetram nhyɛso ano no, ehia sɛ yɛkae Yehowa, na yɛma Onyankopɔn ko a ɔyɛ, ne ɔdɔ a ɔdaa no adi de akyɛde a ɛne ne Ba a ɔde yɛn bɔne ho agyede mae na ama yɛanya asetra a ɛyɛ pɛ a enni awiei no tra yɛn adwenem. (Dw. 103:2, 8; 106:7, 13; Yoh. 3:16; Rom. 6:23) Bible a yɛbɛkenkan no daa ne yɛn ho a yɛde bɛhyɛ asafo nhyiam ahorow ne asɛnka adwuma mu no bɛkɔ so ama nokware a ɛsom bo yi atra yɛn mu.
Sɛ ɛsɛ sɛ wusi gyinae ahorow a ɛsoso anaa esusua a, kae saa nokware ahorow a ehia no, na ma ennya wo nsusuwii so tumi. Mma wo werɛ mmfi. Hwehwɛ akwankyerɛ fi Yehowa nkyɛn. Sɛ anka wubegyina honam fam nneɛma so asusuw nsɛm ho anaasɛ wubedi wo koma a ɛnyɛ pɛ akyi no, bisa wo ho sɛ, ‘Afotu anaa Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ migyina so si gyinae?’ (Mmeb. 3:5-7; 28:26) Wuntumi nkae nneɛma a wonkenkanee anaa wontee da. Nanso bere a wunya nkɔso wɔ nokware nimdeɛ ne Yehowa ho dɔ mu no, nimdeɛ a ɛwɔ wo tirim a Onyankopɔn honhom betumi aboa wo ma woakae no bɛdɔɔso, na Yehowa ho dɔ a ɛyɛ kɛse no bɛkanyan wo ma woayɛ ade ma ɛne no ahyia.