Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 4/15 kr. 8-13
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adesamma Mmɔdenbɔ a Adi Nkogu
  • Nea Ɛde Ba Ankasa a Yebehu
  • Asomdwoe Kwan
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Sɛnea Wubetumi Anya Ɔsoro Asomdwoe a Ɛdɔɔso Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Bere Bɛn Na Asomdwoe A Enni Awiei Bɛba Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 4/15 kr. 8-13

Nokware Asomdwoe—Efi He?

“[Yehowa ma] akodi gyae kosi asase ano.”—DWOM 46:9.

1. Asomdwoe ho bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn na yehu wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu?

“TRENEE no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa; na me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” (Yesaia 32:17, 18) Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn ni! Ɛyɛ nokware asomdwoe a Nyankopɔn na ɔde ba ho bɔhyɛ.

2, 3. Kyerɛkyerɛ nokware asomdwoe mu.

2 Nanso, dɛn ne nokware asomdwoe? So nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔko nni hɔ? Anaasɛ ɛyɛ bere a amanaman no de siesie wɔn ho ma ɔko a edi hɔ no kɛkɛ? So nokware asomdwoe yɛ adaeso ara kwa? Ɛno ne nsɛmmisa a yehia ho mmuae a edi mũ. Nea edi kan no, nokware asomdwoe sen adaeso koraa. Asomdwoe a Nyankopɔn ahyɛ ho bɔ no kɔ akyiri sen biribiara a wiase yi betumi asusuw ho. (Yesaia 64:4) Ɛnyɛ asomdwoe a ɛtra hɔ mfe kakraa bi. Ɛtra hɔ daa! Na ɛnyɛ asomdwoe a nnipa titiriw kakraa bi pɛ nya—ɛfa ɔsoro ne asase, abɔfo ne nnipa ho. Ɛka nnipa a wofi aman ne mmusua nyinaa mu a wɔn kasa ne wɔn honam ani hwɛbea gu ahorow nyinaa. Ahye a ɛdeda amanaman ntam biara ntumi no, akwanside biara ntumi no, na ɛrenni huammɔ nso.—Dwom 72:7, 8; Yesaia 48:18.

3 Nokware asomdwoe kyerɛ asomdwoe a ɛwɔ hɔ da biara da. Ɛkyerɛ sɛ wobɛsɔre anɔpa biara a ɔko ho asɛm mma wo tirim, wunnwenwen wo daakye, wo mma daakye, ne wo mmanananom daakye mpo ho. Ɛkyerɛ nnipa asom a ebedwo no koraa. (Kolosefo 3:15) Ɛkyerɛ nsɛmmɔnedi a enni hɔ bio, basabasayɛ a enni hɔ bio, mmusua a emu atetew a enni hɔ bio, nnipa a wonni atrae a enni hɔ bio, nnipa a wobua da anaa awɔw kunkum wɔn a enni hɔ bio, ne abasamtu ne ahoyeraw a enni hɔ bio. Nea ɛsen saa no, Onyankopɔn asomdwoe kyerɛ wiase a ɔyare, ɛyaw, awerɛhow, ne owu nni mu. (Adiyisɛm 21:4) Hwɛ anidaso nwonwaso a yɛwɔ sɛ yebenya nokware asomdwoe daa! So ɛnyɛ asomdwoe ne anigye a ɛte saa na yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya? Ɛnyɛ asomdwoe a ɛte saa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae na yɛyɛ ho adwuma?

Adesamma Mmɔdenbɔ a Adi Nkogu

4. Mmɔden bɛn na amanaman no abɔ sɛ wɔbɛma asomdwoe aba, na dɛn na afi mu aba?

4 Mfehaha pii ni na nnipa ne aman aka asomdwoe ho asɛm, adi anobaabae wɔ asomdwoe ho, na wɔde wɔn nsa ahyɛ asomdwoe apam ɔhaha pii ase. Dɛn na afi mu aba? Wɔ mfe 80 a atwam mu no, ɛkame ayɛ sɛ ɛmmae da sɛ bere bi betwam a wɔnte sɛ ɔman anaa kuw bi reko. Ɛda adi pefee sɛ adesamma ne asomdwoe abɔ nsianho. Enti asɛmmisa no ne sɛ, Adɛn nti na mmɔden a onipa abɔ sɛ obenya amanaman ntam asomdwoe no nyinaa adi nkogu, na adɛn nti na onipa ntumi mfa nokware asomdwoe a ɛbɛtra hɔ daa mma?

5. Dɛn nti na mmɔden a adesamma abɔ wɔ asomdwoe ho no akɔ so adi nkogu?

5 Mmuae no ara ne sɛ adesamma nnan nkɔɔ nokware asomdwoe fibea ankasa. Wɔ Satan Ɔbonsam nkɛntɛnso ase no, nnipa de ahyehyɛde ahorow asisi hɔ a esiane wɔn mmerɛwyɛ ne nneyɛe bɔne nti entumi nnyina—wɔn adifudepɛ ne akɛsesɛm, ne wɔn ani a ɛbere tumidi ne din. Wɔakɔ nhomasuabea akɛse, na wɔde ahyehyɛde ne nhwehwɛmu asoɛe ahorow asisi hɔ, ma nea atumi ayɛ ara ne sɛ ama wɔahu akwan foforo a wobetumi afa so ahyɛ nnipa so na wɔasɛe ade. Ɛhefa na wɔakyerɛ nnipa kwan kɔ? Ɛhe na wɔde wɔn ani ato?

6, 7. (a) Dwuma bɛn na Amanaman Apam no bedii? (b) Dwuma bɛn na Amanaman Nkabom no adi?

6 Wɔ 1919 mu no, amanaman no de wɔn werɛ hyɛɛ Amanaman Apam no mu sɛ ɛde asomdwoe a ɛtra hɔ daa bɛba. Saa anidaso no tu yerae koraa bere a Mussolini asraafo to hyɛɛ Ethiopia so wɔ 1935 mu ne bere a Spain ɔmanko no pae gui wɔ 1936 mu no. Apam no awiei bae bere a wɔde Wiase Ko II hyehyɛɛ so wɔ 1939 mu no. Ná asomdwoe a wosusuw sɛ wɔn nsa aka no nnii mfe 20 mpo.

7 Amanaman Nkabom no nso ɛ? Ɛde asomdwoe a ɛbɛba asase so baabiara daa ho anidaso a edi mũ bi ama anaa? Dabida. Efi bere a wɔde sii hɔ wɔ 1945 mu no, wɔadi ako bɛboro 150! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Gwynne Dyer, Canadani bi a osua akodi ne nea ɛde ba ho nsɛm, kaa UN no ho asɛm sɛ ɛyɛ “abɔmmɔfo kuw a wɔabɛdan nwuram mmoa so ahwɛfo, ɛnyɛ ahotefo bagua,” na ɛyɛ “ahyehyɛde a wonni tumi a nea aka wɔn ara ne kasatenten.”—Fa toto Yeremia 6:14; 8:15 ho.

8. Ɛmfa ho sɛ amanaman no ka asomdwoe ho nsɛm no, dɛn na wɔakɔ so ayɛ? (Yesaia 59:8)

8 Ɛmfa ho sɛ amanaman no ka asomdwoe ho nsɛm no, wɔkɔ so yɛ akode ahorow. Mpɛn pii no, aman a wɔhwɛ ma wɔyɛ asomdwoe nhyiam ahorow no ara na wodi akoten wɔ akode a wɔyɛ mu. Aguadi mu mfaso kɛse a saa aman yi nya na epiapia wɔn ma wɔyɛ akode a edi awu, a emu bi ne ɔtopae a ɛyɛ hu a wɔde sie asase mu a afe biara ekunkum mpanyin ne mmofra a wɔnyɛ asraafo bɛyɛ 26,000 anaa edi wɔn dɛm no. Nea ɛkanyan wɔn ne adifudepɛ ne dwotwa. Adanmude ne di-bi-ma-minni-bi yɛ ade titiriw wɔ akode ho aguadi a ɛkɔ so wɔ amanaman ntam no mu. Amanyɛfo bi nam saa kwan yi so nya wɔn ho.

9, 10. Dɛn na wiase animdefo ahyɛ no nsow wɔ akodi ne nnipa dwumadi ahorow ho?

9 Wɔ December 1995 mu no, Polandni a ɔyɛ nneɛma a aniwa hu ho nimdefo, Joseph Rotblat, a onyaa Nobel Asomdwoe Akyɛde no de too amanaman no anim sɛ wonnyae akode ho akansi no. Ɔkae sɛ: “Ɔkwan biako pɛ a wobetumi afa so akwati [akode ho akansi foforo] ne sɛ wobegu akodi koraa.” Wususuw sɛ eyi betumi aba? Efi 1928 reba no, aman 62 de wɔn nsa hyɛɛ Kellogg-Briand Apam no ase de kyerɛe sɛ akodi nyɛ ɔkwampa a wɔfa so siesie nsɛm. Wiase Ko II daa no adi pefee sɛ na apam no yɛ adehunu bi.

10 Akyinnye biara nni ho sɛ akodi ayɛ adesamma abakɔsɛm mu akwanside a akɔ so fi tete. Sɛnea Gwynne Dyer kyerɛwee no, “akodi yɛ nnipa asetra fã titiriw, na atra hɔ akyɛ sɛ adesamma ara pɛ.” Yiw, ɛkame ayɛ sɛ ɔman ne ahemman biara anya nnɔmmarima a wɔbɔ wɔn din ka asɛm, asraafodɔm a wɔayɛ krado bere biara, ako akɛse a wɔadi, asraafo nteteebea a wonni ho agoru, ne akode a wɔaboaboa ano asum hɔ. Nanso, sɛ yɛhwɛ nneɛma a asɛe ne nnipa dodow a ama wɔahwere wɔn nkwa a, akodi ahyɛ yɛn afeha yi agyirae sen bere foforo biara.

11. Ade titiriw bɛn na wiase akannifo abu wɔn ani agu so wɔ asomdwoe a wɔhwehwɛ no mu?

11 Ɛda adi sɛ wiase akannifo no abu wɔn ani agu anyansasɛm ankasa a ɛwɔ Yeremia 10:23 no so: “Awurade [Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Sɛ Onyankopɔn ho nnim a, nokware asomdwoe ntumi mma. Ɛnde so eyi nyinaa kyerɛ sɛ yɛrentumi nkwati akodi wɔ nkɔanim wiase mu? Ɛkyerɛ sɛ asomdwoe—nokware asomdwoe—ntumi mma anaa?

Nea Ɛde Ba Ankasa a Yebehu

12, 13. (a) Dɛn na Bible da no adi sɛ ɛno ne ade titiriw a ɛde akodi ba a aniwa nhu? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan adan adesamma adwene afi wiase nsɛnnennen ano aduru no ankasa so?

12 Sɛ yebetumi abua saa nsɛm no a, ehia sɛ yehu nneɛma a ɛde ɔko ba. Bible ka no fann sɛ ɔbɔfo tuatewfo Satan yɛ “owudifo” ne “ɔtorofo” a odi kan, ne sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (Yohane 8:44; 1 Yohane 5:19) Dɛn na wayɛ na ama n’akwan no anya nkɔso? Yɛkenkan wɔ 2 Korintofo 4:3, 4 sɛ: “Na sɛ yɛn asɛmpa so kata a, ɛso kata wɔn a wɔyera no mu; wɔn mu na wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.” Satan fa akwanuasa nyinaa so sɛ ɔbɛdan adesamma adwene afi Onyankopɔn Ahenni so sɛ wiase haw ahorow ano aduru. Ɔde asetra, amammui, ne nyamesom mu nsɛm a ɛde mpaapaemu ba fura nnipa ani, dan wɔn adwene, ma ɛyɛ te sɛ nea eyinom ho hia sen Onyankopɔn nniso no. Ade biako a ɛrekɔ so nnansa yi a ɛyɛ ho nhwɛso ne ɔmampɛ honhom a abu afa wiase nyinaa no.

13 Satan Ɔbonsam hyɛ ɔmampɛ ne abusua mu nyiyim, a ɛne adwene a nnipa nya sɛ wɔn man, abusua a wofi mu anaa kasa a wɔka, sen afoforo de no ho nkuran. Wɔrekanyan ɔtan a emu yɛ den a wɔaka ahyɛ mfehaha pii no ma ɛde ɔko ne ntawntawdi pii aba. Federico Mayor, UNESCO kwankyerɛfo panyin, de saa su yi ho kɔkɔbɔ mae sɛ: “Wɔ mmeae a na wɔwɔ afoforo ho koma kɛse mpo no, adanse kɔ so da adi sɛ wɔwɔ ahɔho ho adwemmɔne, na wɔtaa te nsɛnkeka a ɛkyerɛ sɛ nyiyim ne abusua foforo ho adwemmɔne a na wosusuw sɛ ne bere atwam no da so ara wɔ hɔ.” Dɛn na afi mu aba? Okunkɛse a ɛyɛ asefem a akɔ so wɔ kan Yugoslavia ne mmusuakuw ntam mogyahwiegu a akɔ so wɔ Rwanda no yɛ nsɛm a ɛte saa a wɔabɔ no dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu no ho nhwɛso abien pɛ.

14. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 6:4 kyerɛkyerɛ yɛn bere yi so akodi ne nea afi mu aba no mu?

14 Bible ka too hɔ sɛ sɛ nneɛma nhyehyɛe yi rekɔ n’awiei a, ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ bi a ɔyɛ akodi ho sɛnkyerɛnne, betu mmirika afa asase so mmaa nyinaa. Yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 6:4 sɛ: “Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.” Efi 1914 reba no, yɛahu sɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so pɔnkɔ yi ‘ayi asomdwoe afi hɔ,’ ma amanaman no akɔ so adi ako atu sa.

15, 16. (a) Kyɛfa bɛn na nyamesom anya wɔ akodi ne nnipakum mu? (b) Yehowa bu nea nyamesom ayɛ no dɛn?

15 Ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne kyɛfa a nyamesom anya wɔ saa akodi ne nnipakum yi mu no. Yebetumi aka sɛ atoro som nkɛntɛnso bɔne ne ade titiriw a ama adesamma abakɔsɛm adan mogyahwiegu nkutoo saa. Katolek nyamekyerɛfo Hans Küng kyerɛwee sɛ: “Obiara ntumi nnye ho kyim sɛ, sɛ yɛka nkɛntɛnso bɔne a ɛsɛe ade ho asɛm a, [ɔsom ahorow] anya mu kyɛfa kɛse, na ɛkɔ so boa. Yebetumi de apereperedi, ntawntawdi a wɔde ka mogya gu ne, nokwasɛm ni, ‘nyamesom mu akodi,’ pii ho asodi ato wɔn so; . . . na wiase ako abien no nso ka ho.”

16 Yehowa Nyankopɔn te nka dɛn wɔ kyɛfa a nyamesom anya wɔ nnipakum ne akodi mu no ho? Sobo a Nyankopɔn bɔ atoro som a wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 18:5 no ka sɛ: “Ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.” Ɛyɛ atoro som ho a ɛde hyehyɛ wiase amammui atumfoɔ no na ɛde mogya ho afɔdi yi, saa bɔne a aboaboa ano sum hɔ a Nyankopɔn ntumi mmu n’ani ngu so yi, aba. Ɛrenkyɛ, obeyi ade a esi nokware asomdwoe kwan yi afi hɔ koraa.—Adiyisɛm 18:21.

Asomdwoe Kwan

17, 18. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ adaeso ara kwa sɛ obi begye adi sɛ asomdwoe a ɛtra hɔ daa betumi aba? (b) Dɛn na Yehowa ayɛ dedaw sɛ ɔde bɛhwɛ ma nokware asomdwoe aba?

17 Sɛ nnipa ntumi mfa ahyehyɛde ahorow te sɛ Amanaman Nkabom so mma nokware asomdwoe a ɛtra hɔ daa mma a, ɛnde ɛhefa na nokware asomdwoe betumi afi aba, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛfa aba? So ɛyɛ adaeso ara kwa sɛ obi begye adi sɛ asomdwoe a ɛtra hɔ daa betumi aba? Sɛ yɛdan kɔ asomdwoe farebae no ankasa nkyɛn a, yebehu sɛ ɛnte saa. Na ɔne hena? Dwom 46:9 ma mmuae bere a ɛka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa ‘ma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.’ Na Yehowa afi akwan a ɔnam so bɛma akodi agyae na ɔde nokware asomdwoe aba no ase dedaw. Ɔkwan bɛn so? Denam Kristo Yesu a ɔde no sii N’ahenni agua a ɔne obiara mpere ho no so 1914, ne afei asomdwoe ho nkyerɛkyerɛ a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu a wama ɛrekɔ so no so. Yesaia 54:13 mu nkɔmhyɛsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ Awurade [Yehowa, NW] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.”

18 Saa nkɔmhyɛ yi yɛ nhwɛso a ɛkyerɛkyerɛ nnyinasosɛm a ɛne sɛ biribi na ɛkɔfa biribi ba no mu—kyerɛ sɛ ade biara, biribi na ɛkɔfa ba. Ɛha no, ɛyɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ—ɔfabafo no—na ɛma nnipa a wɔpɛ akodi sakra bɛyɛ nnipa a wɔdɔ asomdwoe a wɔne Nyankopɔn nya asomdwoe. Nea efi mu ba ne komam nsakrae a ɛma nnipa bɛyɛ wɔn a wɔdɔ asomdwoe. Seesei mpo, saa nkyerɛkyerɛ a ɛsakra nkurɔfo koma ne wɔn adwene yi retrɛw kɔ wiase afanan nyinaa bere a nnipa ɔpehaha pii di “Asomdwoe-hene,” Yesu Kristo, nhwɛso akyi no.—Yesaia 9:6.

19. Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛe faa nokware asomdwoe ho?

19 Na dɛn na Yesu kyerɛkyerɛ faa nokware asomdwoe ho? Ɛnyɛ amanaman ntam asomdwoe kɛkɛ ho asɛm na ɔkae, na mmom asomdwoe a ɛba nipa ne ne yɔnko nipa ntam ne komam asomdwoe a efi ahonim pa mu ba no. Yɛkenkan Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no wɔ Yohane 14:27 sɛ: “Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma ɛmmpere mo!” Ɔkwan bɛn so na na Yesu asomdwoe no yɛ soronko wɔ wiase de ho?

20. Ɔkwan bɛn na Yesu nam so de nokware asomdwoe bɛba?

20 Nea edi kan, na Yesu asomdwoe no ne N’ahenni ho nsɛm no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Ná onim sɛ ɔsoro trenee nniso, a emufo ne Yesu ne 144,000 adedifo no, beyi ɔko ne wɔn a wɔhyɛ ho nkuran afi hɔ. (Adiyisɛm 14:1, 3) Ná onim sɛ ɛde paradise tebea a asomdwoe wom a ɔde hyɛɛ ɔbɔnefo a owui wɔ ne nkyɛn no bɔ no bɛba. Yesu anka sɛ obenya kwan wɔ ɔsoro Ahenni no mu, na mmom ɔkae sɛ: “Nokware mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”—Luka 23:43, NW.

21, 22. (a) Anidaso a ɛhyɛ den kɛse bɛn na ɛbata nokware asomdwoe ho? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛahu saa nhyira no?

21 Afei nso, na Yesu nim sɛ N’ahenni no de awerɛkyekye bɛbrɛ wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi a wodi awerɛhow nyinaa. Nea ɛka asomdwoe a ɔde ma ho ne owusɔre ho anidaso a ɛhyɛ den kɛse no. Kae ne nkuranhyɛsɛm a ɛwɔ Yohane 5:28, 29 no: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”

22 Wohwɛ saa bere no kwan anaa? Woahwere adɔfo bi wɔ owu mu? Wo ho pere wo sɛ wubehu wɔn bio? Ɛnde nya asomdwoe a Yesu de ma no mu mfaso. Nya gyidi te sɛ Lasaro nuabea Marta a ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre” no. Nanso hyɛ mmuae a ɛyɛ anigye a Yesu de maa Marta no nsow: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di renwu da. Wugye eyi di anaa?”—Yohane 11:24-26.

23. Dɛn nti na Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ ho hia na obi atumi anya nokware asomdwoe?

23 Wo nso wubetumi agye saa bɔhyɛ no adi na woanya mu mfaso. Ɔkwan bɛn so? Denam Onyankopɔn Asɛm no mu nokware nimdeɛ so. Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo sii hia a nokware nimdeɛ ho hia so dua no nsow: “Yɛn nso, . . . yennyaee mo ti so mpaebɔ ne ɔsrɛ ɛ, sɛ ne pɛ mu hu nyɛ mo ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛfata Awurade [Yehowa, NW] na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.” (Kolosefo 1:9, 10) Saa nokware nimdeɛ yi bɛma woagye adi sɛ Yehowa Nyankopɔn ne nokware asomdwoe farebae. Afei nso ɛbɛka nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama wo ne odwontofo no ayɛ adwene aka sɛ: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, Awurade [Yehowa, NW], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.”—Dwom 4:8.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn nti na mmɔden a nnipa abɔ wɔ asomdwoe ho no akɔ so adi nkogu?

◻ Dɛn ne ade a ɛde akodi ba ankasa?

◻ Dɛn nti na asomdwoe a ɛtra hɔ daa nyɛ adaeso ara kwa?

◻ Dɛn ne nokware asomdwoe farebae?

[Kratafa 8 mfonini]

Nokware asomdwoe nyɛ adaeso. Ɛyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ

[Kratafa 10 mfonini]

Efi 1914 no, sɛnkyerɛnne kwan so pɔnkɔ kɔkɔɔ sotefo no ayi asomdwoe afi asase so

[Kratafa 11 mfonini]

So nyamesom ne UN betumi de asomdwoe aba?

[Asɛm Fibea]

UN mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena