Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Hwɛ Obobe Yi So’!
    Ɔwɛn-Aban—2006 | June 15
    • Sɛnea Yehowa de Israel man no totoo bobe ho no, saa ara na Yesu nso yɛe. Bere a Yesu ne n’asuafo no dii nea nnipa pii frɛ no Anwummeduan a Etwa To no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no.” (Yohane 15:1) Yesu de n’asuafo no totoo bobe bãã ho. Sɛnea bobe nya ahoɔden fi ne dua mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ Kristo asuafo kɔ so tra ne mu. Yesu kae sɛ: “Minni hɔ a, muntumi nyɛ hwee.” (Yohane 15:5) Sɛnea akuafo dua bobe twa so aba no, saa ara na Yehowa nso hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo bɛsow aba wɔ honhom mu. Eyi ma Onyankopɔn a odua bobe no koma tɔ ne yam na ɛhyɛ No anuonyam.—Yohane 15:8.

  • ‘Hwɛ Obobe Yi So’!
    Ɔwɛn-Aban—2006 | June 15
    • ‘Monkɔ so Nsow Aba Pii’

      Sɛnkyerɛnne kwan so “nokware bobe” bãã no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no. Nanso ɛsɛ sɛ “nguan foforo” no da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Kristo asuafo a wɔsow aba. (Yohane 10:16) Wɔn nso betumi asow ‘aba pii” de ahyɛ wɔn soro Agya no anuonyam. (Yohane 15:5, 8) Yesu mfatoho a ɛfa nokware bobe ho no kae yɛn sɛ yɛn nkwagye gyina Kristo a yɛne no bɛyɛ biako na yɛasow honhom mu aba pii no so. Yesu kae sɛ: “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.”—Yohane 15:10.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena