BIBLE MU AKORADE | YOHANE 7-8
Yesu Hyɛɛ Ne Papa Anuonyam
Yesu de ne nsɛm ne ne nneyɛe nyinaa hyɛɛ n’Agya a ɔwɔ soro no anuonyam. Ná Yesu pɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ nsɛm a ɔka no fi Onyankopɔn hɔ. Enti na ɔde ne nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Kyerɛwnsɛm no so, na na ɔtaa fa emu nsɛm ka. Sɛ nkurɔfo kamfo no a, na ɔde ɛho ayeyi no ma Yehowa. Nea na esi n’ani so pa ara ne sɛ obewie adwuma a Yehowa de ama no no.—Yoh 17:4.
Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu bere a . . .
yɛne obi reyɛ Bible adesua anaa yɛrekyerɛkyerɛ wɔ asɛnka agua so?
nkurɔfo akamfo yɛn?
yɛresusuw sɛnea yɛde yɛn bere bɛyɛ adwuma ho no?