Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Anyansafo Kakraa Bi Nkutoo De?
    Nyan!—1989 | February 8
    • Wɔ Yesu mfe abiɛsa ne fã ɔsom adwuma no mu no, ɔyɛɛ Israel asasesin no mu fã kɛse mu adwuma. So ɔyɛɛ eyi wɔ sum ase kwan bi so anaasɛ kuw bi a ahintaw a wɔagye wɔn atom nkutoo na ɔsrasraa wɔn? Dabi. Ɔkaa ne nkrasɛm no baguam, mpɛn pii wɔ nnipakuw anim. Bere tiaa bi ansa na ɔrewu, bere a Yudafo nyamesom akannifo no bisabisaa no nsɛm fa ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ ho no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, nea Yudafo ahyia, na kokoam de menkaa hwee.”​—Yohane 18:20.

      So wohyɛɛ no nsow sɛ na Yesu ka ne nkrasɛm no kyerɛ atiefo a wɔdɔɔso kɛse sen Palestinafo nkutoo? Ɔka kyerɛɛ wiase nyinaa! Yesu anka sɛ: ‘Maka asɛm no makyerɛ nnipa no nyinaa, kyerɛ sɛ Yudafo no nyinaa. Mmom no, esiane sɛ na ɔrehyɛ nkɔm nti, ɔpaw asɛmfua “wiase” pɔtee.a Enti, Yesu anka nyansa a nnipa kakraa bi na wonim nkyerɛkyerɛ biara ho asɛm; na ɛyɛ obiara dea, wɔ baabiara.

  • So Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Yɛ Anyansafo Kakraa Bi Nkutoo De?
    Nyan!—1989 | February 8
    • a Yesu amfa asɛm (pant·iʹ toi la·oiʹ) “nnipa no nyinaa,” kyerɛ sɛ wɔn a wɔahyiam anaasɛ abusua koro no ara mufo nyinaa no na edii dwuma na mmom ɔde (toi koʹsmoi) , “wiase no,” kyerɛ sɛ adesamma abusua, nnipa, no na edii dwuma. Nea ɛyɛ anigye no, A Critical and Exegetical Commentary on the Gospel According to St. John ka wɔ Yohane 18:20 ho sɛ: “Ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ adanse a emu yɛ den a ɛtew Asɛmpa ahorow no fi nyansa a nnipa krakraa bi na wonim nkyerɛkyerɛ ho ne Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane no.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena