Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 31. Ɔhene Yesu Kristo gyina Yehowa anim.

      ADESUA 31

      Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

      Onyankopɔn Ahenni no ne ade titiriw a Bible no ka ho asɛm. Yehowa nam saa Ahenni no so bɛma asaase no asan ayɛ Paradise. Yemmisa sɛ, Ahenni no koraa, ɛyɛ dɛn? Yɛyɛ dɛn hu sɛ afi ase redi tumi? Dɛn na Ahenni no atumi ayɛ, na dɛn na ɛbɛyɛ daakye? Adesua yi ne adesua mmienu a edi hɔ no bɛma yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

      1. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni, na hena na ɔyɛ so Hene?

      Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban bi a Yehowa Nyankopɔn ahyehyɛ wɔ soro, na Yesu Kristo na ɔyɛ so Hene. (Mateo 4:17; Yohane 18:36) Bible ka Yesu ho asɛm sɛ: ‘Obedi Hene afebɔɔ.’ (Luka 1:32, 33) Ɛrenkyɛ, Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no bedi nnipa a ɛwɔ asaase nyinaa so.

      2. Henanom na wɔne Yesu bedi ade?

      Ɛnyɛ Yesu nko ara na obedi ade. Onyankopɔn ayi nnipa bi afi “abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu . . . na wɔbɛyɛ ahemfo na wɔadi asaase so.” (Adiyisɛm 5:9, 10) Nnipa dodow sɛn na wɔne Kristo bedi ade? Nea enti a yɛrebisa saa ne sɛ, efi bere a ɔbaa asaase so besi nnɛ, nnipa bebree abɛyɛ n’akyidifo. Enti wɔn nyinaa na wɔbɛkɔ soro ne no akodi ade anaa? Daabi. Wɔn mu 144,000 pɛ na wɔbɛkɔ akɔka ne ho ne no adi ade. (Kenkan Adiyisɛm 14:1-4.) Kristofo a aka nyinaa bɛtena asaase so, na Onyankopɔn Ahenni no adi wɔn so.—Dwom 37:29.

      3. Adɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no yɛ papa sen nnipa aban?

      Atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, wɔn mu bi wɔ hɔ a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pa. Nanso ɛno mpo no, ɛnyɛ biribiara na wotumi yɛ. Ɛno da nkyɛn a, obi foforo tumi besi wɔn ananmu. Ɛtɔ da a, nea ɔbɛba abesi wɔn ananmu no, ebia na onni ɔmanfo no ho adwempa. Nanso Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no, ɔremfi so, na obi abesi n’ananmu. Onyankopɔn Ahenni no de, ‘wɔrensɛe no da.’ (Daniel 2:44) Yesu bedi asaase nyinaa so. Ɔrenyɛ nyiyim; ɔne obiara bedi no pɛpɛɛpɛ. Ɔwɔ ɔdɔ, ne yam ye, na ɔmpɛ nsisi, na ɔbɛboa nnipa nyinaa ama wɔanya ɔdɔ ne ayamye. Afei, ɔbɛhwɛ ama obiara ne ne yɔnko adi no yiye.—Kenkan Yesaia 11:9.

      SUA PII KA HO

      Ɔfã yi bɛma yɛahu nea enti a Onyankopɔn Ahenni no yɛ papa sen nnipa aban.

      Yesu Kristo te n’ahengua so wɔ soro, na ɔredi asaase so. Wɔn a wɔne no bedi ade no tete nhengua so wɔ n’akyi. Hann a efi Yehowa hɔ no atɔ wɔn so.

      4. Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ tumi a ebedi asaase nyinaa so

      Ahemfo ne atumfoɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ ne wɔn a wɔabɛsen kɔ nyinaa, Yesu Kristo wɔ tumi sen wɔn koraa. Monkenkan Mateo 28:18. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, Yesu wɔ tumi koraa sen ahemfo ne atumfoɔ a wodi nnipa so no?

      Nnipa aban de, ɛnnɛ wei bedi so a, ɔkyena na foforo aba. Afei nso, wɔn mu biara nni hɔ a odi asaase nyinaa so. Onyankopɔn Ahenni no nso ɛ? Monkenkan Daniel 7:14. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛnea Bible no aka no, ‘wɔrensɛe Onyankopɔn Ahenni no da.’ Adɛn nti na wei yɛ asɛmpa?

      • Onyankopɔn Ahenni bedi asaase nyinaa so. Wei nso yɛ asɛmpa. Adɛn ntia?

      5. Ɛsɛ sɛ woyi nnipa aban nyinaa fi hɔ

      Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni besi nnipa aban ananmu? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?—Ne Fã Bi (1:41)

      • Ɔhaw bɛn na nnipa amammu akɔfa aba?

      Monkenkan Ɔsɛnkafo 8:9. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni besi nnipa aban ananmu anaa? Adɛn nti na woreka saa?

      6. Wɔn a wobedi Onyankopɔn Ahenni no so no te yɛn ase

      Yɛn Hene Yesu ‘te yɛn mmerɛwyɛ ase,’ efisɛ wayɛ onipa pɛn. (Hebrifo 4:15) Nnipa 144,000 a wɔne Yesu bɛbom adi ade no, wɔyɛ mmarima ne mmea anokwafo a wofi “abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu.”—Adiyisɛm 5:9.

      • Yesu ne wɔn a wɔne no bedi ade no atena asaase so pɛn, enti wɔte nnipa ase. Wei ma wote nka sɛn? Adɛn nti na woreka saa?

      Mmarima ne mmea a wɔasra wɔn.

      Wɔn a Yehowa ayi wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade no, wofi aman ahorow nyinaa so

      7. Mmara a Onyankopɔn Ahenni no ahyehyɛ no yɛ papa koraa sen mmara a nnipa ahyehyɛ

      Aban biara hyehyɛ mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ne manfo benya so mfaso, na abɔ wɔn ho ban. Onyankopɔn Ahenni no nso wɔ mmara a ɛsɛ sɛ ne manfo no di so. Monkenkan 1 Korintofo 6:9-11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obiara de Onyankopɔn mmara reyɛ adwuma a, wohwɛ a, anka sɛn na wiase bɛyɛ?a

      • Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔn a Ahenni no bedi wɔn so no de ne mmara bɛyɛ adwuma. Wohwɛ a, ntease wom? Adɛn nti na woreka saa?

      • Wɔn a wɔmfa Onyankopɔn Ahenni no mmara nyɛ adwuma no, dɛn na ɛma yehu sɛ wobetumi asesa?—Hwɛ nkyekyɛm 11.

      Polisini bi agyina kar bi ama nkurɔfo bi retwam.

      Aban biara hyehyɛ mmara sɛnea ɛbɛyɛ a ne manfo benya so mfaso, na abɔ wɔn ho ban. Mmara a Onyankopɔn Ahenni no ahyehyɛ no yɛ papa koraa sen mmara a nnipa aban ahyehyɛ

      OBI BETUMI ABISA SƐ: “Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?”

      • Sɛ obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?

      NEA YƐASUA

      Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ soro, na ebedi asaase nyinaa so.

      Ntimu

      • Henanom na wobedi Onyankopɔn Ahenni no so?

      • Adɛn nti na Onyankopɔn Ahenni no yɛ papa sen nnipa aban?

      • Wɔn a Onyankopɔn Ahenni no bedi wɔn so no, sɛn na Yehowa pɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Ɛhe na Ahenni no wɔ? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea Yesu ka faa ho.

      “Onyankopɔn Ahenni No Wɔ Wo Komam Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

      Onyankopɔn Ahenni no ho hia Yehowa Adansefo koraa sen nnipa aban. Adɛn ntia?

      Yɛtaa Onyankopɔn Ahenni No Akyi Denneennen (1:43)

      Nnipa 144,000 a Yehowa ayi wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade no, kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea Bible ka fa wɔn ho.

      “Henanom Na Wɔkɔ Soro?” (Ɛwɔ jw.org)

      Dɛn na ɛboaa maame bi a na ɔda afiase ma ohuu sɛ Onyankopɔn nko ara na obetumi ayi nsisi ne ntɛnkyea afi wiase yi mu?

      “Mibehuu Sɛ Onyankopɔn Nko Ara Na Obetumi Ayi Nsisi Afi Hɔ” (Nyan!)

      a Yebesusuw saa mmara no bi ho wɔ Ɔfã 3.

  • Dɛn Na Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yennyina Ɔfã Biara Akyi?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 45. Onuawa kumaa bi sukuufo de wɔn nsa ato wɔn koko so reka ntam sɛ wobedi wɔn man nokware. Ɛwom sɛ wasɔre agyina hɔ de, nanso ɔde ne nsa agu ne ho, na waka n’ano atom.

      ADESUA 45

      Dɛn Na Yɛyɛ a Ɛkyerɛ Sɛ Yennyina Ɔfã Biara Akyi?

      Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘wɔka wiase no ho’ anaa wɔde wɔn ho bɔ wiase no. (Yohane 15:19) Wei kyerɛ sɛ, sɛ ɛba amanyɔsɛm anaa akodi a, ɛnsɛ sɛ yɛtaa ɔfã biara akyi. Nanso yɛreka yi, ɛnna fam sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɛtɔ da a, esiane sɛ yenni ɔfã biara nti, ebinom tumi di yɛn ho fɛw anaa wɔserew yɛn. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so adi Yehowa Nyankopɔn nokware, na yɛankogyina ɔfã biara akyi?

      1. Sɛn na nokware Kristofo hu nnipa aban?

      Kristofo bu aban a edi tumi wɔ ɔman a wɔte mu no, na Yesu asɛm a ɔkaa sɛ “muntua Kaesare de mma Kaesare” no, wɔde yɛ adwuma. Ɛno nti, mmara biara a aban no ahyɛ no, wodi so. Ebi ne sɛ, wotua tow. (Marko 12:17) Bible ma yehu sɛ, sɛ ɛnyɛ Yehowa na ama kwan a, anka nnipa aban biara rentumi nni tumi. (Romafo 13:1) Wei ma yehu sɛ, tumi a nnipa aban wɔ no nnu Yehowa de ho baabiara. Enti yɛn de, Onyankopɔn na yɛde yɛn ani to no so, na yenim sɛ n’Ahenni no nko ara na ebetumi ayi nnipa haw afi hɔ.

      2. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yenni ɔfã biara?

      Yesu amfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Saa ara na yɛn nso, yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Bere bi, Yesu yɛɛ anwonwade bi. Bere a nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no hui no, wɔyɛe sɛ wɔbɛkyere no asi no hene. Nanso, wamfa ne ti annye. (Yohane 6:15) Adɛn ntia? Akyiri yi ɔkaa sɛ, “m’Ahenni mfi wiase.” (Yohane 18:36) Yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo nso, nneɛma bɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi? Baako ne sɛ, yɛnkɔ ɔko. (Kenkan Mika 4:3.) Afei nso, ɛwom sɛ yemmu ɔman no ahyɛnsode te sɛ frankaa animtiaa, nanso yɛmfa nidi soronko biara mma no. (1 Yohane 5:21) Bio nso, yɛntaa amanyɔkuw anaa frankaatufo biara akyi, na saa ara nso na yɛnkasa ntia wɔn. Yɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa de kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na yɛtaa akyi anaa yɛde yɛn ho ato so.

      SUA PII KA HO

      Tebea ahorow bi wɔ hɔ a, ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi. Tebea a ɛtete saa mu no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛasɔ Yehowa ani? Yebesusuw saa asɛm yi ho wɔ ɔfã yi mu.

      Amanyɔkuw mmienu bi abɔ gua, na wɔreka nea wɔn aban ba a, ɛbɛyɛ. Nanso ɔbarima bi de, wasi ne bo sɛ ɔrentaa wɔn mu biara akyi, enti ɛnyɛ nea wɔreka no koraa na ɔretie.

      3. Nokware Kristofo nnyina ɔfã biara akyi

      Yebetumi asuasua nhwɛso pa a Yesu ne n’akyidifo no yɛe no. Monkenkan Romafo 13:1, 5-7 ne 1 Petro 2:13, 14. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Nokware Kristofo Nnyina Ɔfã Biara Akyi—Ɔfã 1 (4:28)

      • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ aban atumfoɔ?

      • Nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ atumfoɔ no ase?

      Sɛ ɔko si aman mmienu ntam a, ɛyɛ a aman bi tumi ka sɛ wonnyina ɔfã biara akyi, nanso wobɛkɔ mu no, na wɔyɛ nneɛma bi de boa aman a wɔreko no. Enti sɛ yɛka sɛ obi nnyina ɔfã biara akyi a, dɛn paa na ɛkyerɛ? Monkenkan Yohane 17:16. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Nokware Kristofo Nnyina Ɔfã Biara Akyi—Ɔfã 2 (3:11)

      • Sɛ yɛka sɛ obi nnyina ɔfã biara akyi a, ɛkyerɛ sɛn?

      Sɛ ɛba sɛ atumfoɔ anaa aban no ka sɛ yɛ biribi a etia Onyankopɔn mmara a, dɛn na wobɛyɛ? Monkenkan Asomafo Nnwuma 5:28, 29. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Nokware Kristofo Nnyina Ɔfã Biara Akyi—Ɔfã 3 (1:18)

      • Sɛ aban no hyehyɛ mmara bi, na sɛ ɛne Onyankopɔn mmara nhyia a, hena na ɛsɛ sɛ yetie no?

      • Tebea ahorow bi wɔ hɔ a, sɛ Kristoni bi hyia a, ɛnsɛ sɛ otie aban no. Ebi ne dɛn?

      4. Nneɛma a yedwinnwen ho ne nneɛma a yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi

      Monkenkan 1 Yohane 5:21. Afei, hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Nea Enti a Nokware Kristofo Hia Akokoduru—Sɛnea Ɛbɛyɛ a Yɛrennyina Ɔfã Biara Wɔ Amanyɔsɛm Mu (2:49)

      • Adɛn nti na Ayenge sii gyinae sɛ ɔrennɔm amanyɔkuw biara anaa ɔrenkyia frankaa?

      • Wohwɛ a, osii gyinae pa?

      Tebea afoforo bɛn na yehyia a, ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Nea Yɛasua Afi Ɔwɛn-Aban Mu—Nnyina Ɔfã Biara Akyi Wɔ Wiase a Emu Apaapae Yi Mu (5:16)

      • Sɛ agokansi bi rekɔ so wɔ aman mmienu anaa nea ɛboro saa ntam a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi?

      • Sɛ aban bi si gyinae, na sɛ ɛkɔ tia wo anaasɛ ɛboa wo mpo a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wunnyina ɔfã biara akyi?

      • Wɔn a yɛne wɔn bɔ, ne amanneɛbɔ a yɛte wɔ TV, radio, anaa intanɛt so no betumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi. Ɔkwan bɛn so?

      Mfoni ahorow: 1. Nkurɔfo bi a wɔn bo afuw aban no reyɛ ɔyɛkyerɛ. 2. Agokansi bi rekɔ so, na ɔbarima bi kura ne man frankaa rebɔgye wɔn a wɔresi akan ama ne man no so. 3. Sukuuni bi de ne nsa ato ne koko so reka ntam sɛ obedi ne man nokware. 4. Ɔsraani bi kura tuo. 5. Amanyɔfo mmienu bi reka nea wɔn mu biara aban ba a ɛbɛyɛ ho asɛm wɔ TV so. 6. Ɔbea bi reto aba.

      Tebea ahorow bɛn mu na ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye na wanka biribi anaa wanyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ogyina ɔfã bi akyi?

      OBI BETUMI ABISA SƐ: “Adɛn nti na wunkyia frankaa anaa wonto ɔman nnwom?”

      • Obi bisa saa a, wubeyi ano sɛn?

      NEA YƐASUA

      Kristofo yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔremfa wɔn ho mfɔrefɔre amanyɔsɛm. Enti wɔde wɔn nsusuwii, wɔn nneyɛe, ne wɔn kasa nyinaa kyerɛ sɛ wonnyina ɔfã biara akyi.

      Ntimu

      • Ɔman biara a yɛte mu no, sɛn na ɛsɛ sɛ yehu aban a ɛwɔ hɔ no?

      • Sɛ ɛba amanyɔsɛm a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyina ɔfã biara akyi?

      • Tebea ahorow bɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Hwɛ video yi, na wubehu nneɛma bi a ebia ɛho behia sɛ yɛde bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennyina ɔfã biara akyi.

      Yehowa Nnii Yɛn Huammɔ Da (3:14)

      Dɛn na mmusua betumi ayɛ de asiesie wɔn ho, na sɛ wohyia tebea bi a ebetumi ama ayɛ den sɛ wɔrennyina ɔfã biara akyi a, wɔahu nea wɔbɛyɛ?

      Kura Ɔfã Biara a Yenni No Mu Wɔ Baguam (4:25)

      Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ obi bɔ ne man ho ban a, ɛyɛ abasobɔde a ɛsen biara a obetumi anya wɔ n’asetenam. Nanso hwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ saa asɛm no nyɛ nokware.

      “Onyankopɔn Fam De Ade Nyinaa Betumi Ayɛ Yiye” (5:19)

      Sɛ worehwehwɛ adwuma a, wobɛyɛ dɛn apaw adwuma a ɛremma womfa wo ho mfɔrefɔre wiase no?

      “Obiara Bɛsoa N’ankasa Adesoa” (Ɔwɛn-Aban, March 15, 2006)

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena