Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 10/1 kr. 32
  • “Dɛn Ne Nokware?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Dɛn Ne Nokware?”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 10/1 kr. 32

“Dɛn Ne Nokware?”

ROMA Amrado Pontio Pilato na obisaa Yesu saa asɛm yi animtiaabu so. Ná onhia n’asɛmmisa no ho mmuae, na Yesu nso amma no mmuae biara. Ebia na Pilato bu nokware sɛ ɛyɛ ade a obiara ntumi nte ase.—Yohane 18:38.

Nnipa pii na wɔwɔ hɔ nnɛ a wokura adwene a na Pilato kura wɔ nokware ho no bi, na wɔn mu bi yɛ nyamesom akannifo, akyerɛkyerɛfo, ne amanyɔfo. Wogye di sɛ nokware, titiriw nokware a ɛfa abrabɔ ne Onyankopɔn som ho no nyɛ ade biako, na mmom, egu ahorow, na ɛkɔ so sesa. Nokwarem no, nea saa asɛm a wɔka yi kyerɛ ne sɛ nkurɔfo ankasa na wobetumi akyerɛ nea wosusuw sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Yesaia 5:20, 21) Saa adwene yi san kyerɛ nso sɛ nnipa betumi abu nea bere bi na nkurɔfo bu no sɛ ɛyɛ suban pa ne abrabɔ pa no sɛ ade a ne bere atwam.

Ɛfata sɛ yɛhyɛ asɛm a ɛmaa Pilato bisaa saa asɛm yi no nsow. Ná Yesu aka sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Ná Yesu mmu nokware sɛ ɛyɛ bibiri a obi ntumi nhu anaasɛ ontumi nte ase. Ɔhyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:32.

Ɛhe na yebetumi ahu nokware a ɛte saa no? Bere bi, Yesu kae wɔ mpae bi a ɔbɔɔ Onyankopɔn mu sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Bible no a Onyankopɔn ma wɔde ne honhom kyerɛwee no ma yehu nokware no, na saa nokware no na ɛma yenya akwankyerɛ pa ne daa nkwa a yebenya no daakye no ho anidaso a edi mu.—2 Timoteo 3:15-17.

Pilato poo hokwan a onyae a anka ɔde besua nokware a ɛte saa no. Na wo nso ɛ? Wubetumi abisa Yehowa Adansefo ma wɔakyerɛ wo nea “nokware” a Yesu kaa ho asɛm no kyerɛ. Wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛma woahu saa nokware no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena