-
Onyankopɔn Ne Nnipa—Hena Na Wutie No?Ɔwɛn-Aban—2005 | December 15
-
-
7. Dɛn na ɛmaa asɛnka adwuma no hyɛɛ asɔfo mpanyin no abufuw?
7 Asɛnka adwuma no a asomafo no annyae no hyɛɛ asɔfo mpanyin no abufuw. Ná Kaiafa ankasa ne asɔfo binom yɛ Sadukifo, na na wonnye owusɔre nni. (Asomafo Nnwuma 4:1, 2; 5:17) Nanso na asɛm a asomafo no ano da so daa ne sɛ, wɔanyan Yesu afi awufo mu. Bio nso na asɔfo mpanyin no bi de wɔn ho ahyehyɛ Roma atumfoɔ no araa ma wɔabɛpɛ wɔn asɛm. Bere a wɔredi Yesu asɛm no, wɔde asɛm bi too asɔfo mpanyin no anim a anka ebetumi ama wɔagye Yesu atom sɛ wɔn hene, nanso wotumi buee wɔn ano kae sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare.” (Yohane 19:15)a Sɛ asomafo no kae sɛ wɔanyan Yesu kɛkɛ mpo a, anka ebia ɛrenhaw wɔn kɛse, nanso na wɔasan rekyerɛkyerɛ sɛ, Yesu din akyi no, “din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Asomafo Nnwuma 2:36; 4:12) Ná asɔfo no suro sɛ, sɛ ɔmanfo no fi ase bu Yesu a wɔanyan no no sɛ wɔn Kannifo a, anhwɛ a na Romafo no aba wɔn so ama Yuda akannifo no ‘asɔrefie ne wɔn man’ abɔ wɔn.—Yohane 11:48.
-
-
Onyankopɔn Ne Nnipa—Hena Na Wutie No?Ɔwɛn-Aban—2005 | December 15
-
-
a “Kaesare” a asɔfo mpanyin no kaa no pen sɛ ɔne wɔn hene saa bere no ne Roma Hempɔn Tiberio, a na wɔmmɔ no din pa no; ná ɔyɛ nyaatwom ne owudifo. Ná ɔbrasɛe nso adidi Tiberio mu.—Daniel 11:15, 21.
-