Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 3/1 kr. 8-23
  • Suasua Yesu Onyamesom Pa Ahofama Nhwɛso No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suasua Yesu Onyamesom Pa Ahofama Nhwɛso No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔba No Te Sɛ Agya No
  • Onyamesom Pa Ahofama a Wɔbɛda no Adi Akyerɛ Mmusua Mufo
  • “Eyi Nti na Mebae”
  • Fa Onyamesom Pa Ka Wo Boasetɔ Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Fa Onyamesom Pa Ka Wo Boasetɔ Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Munni Onyamesom Pa Ahofama Akyi Sɛ Kristofo A Wɔabɔ Wɔn Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Yɛma Wo Akwaaba Ba “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam Horow No Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 3/1 kr. 8-23

Suasua Yesu Onyamesom Pa Ahofama Nhwɛso No

‘Na saa onyamesom pa ahofama ahintasɛm yi so: Yesu yii ne ho adi ɔhonam mu.’​—1 TIMOTEO 3:16.

1. (a) Asemmisa bɛn na wɔammua bɛboro mfe 4,000? (b) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na wɔde mmuae no mae?

ƐYƐ asemmisa a wɔamma mmuae bɛboro mfe 4,000. Efi bere a onipa a odi kan, Adam, antumi ankura ne mudi mu no, na asemmisa no ne: Ɔkwan bɛn so na wobetumi ada onyamesom pa ahofama adi wɔ adesamma mu? Awiei koraa no, bere a Onyankopɔn Ba no baa asase so afeha a edi kan Y.B. no, wobuaa asemmisa no. Yesu Kristo daa ne ho adi wɔ nsusuwii, asɛm, ne nneyɛe nyinaa mu sɛ ɔde ne ho bata Yehowa ho. Enti oyii ‘onyamesom pa ahofama ahintasɛm’ no adi, na ɔkyerɛɛ ɔkwan a adesamma a wɔahyira wɔn ho so bɛfa so akura ahofama a ɛte saa no mu.​—1 Timoteo 3:16.

2. Bere a yedi onyamesom ahofama akyi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Yesu nhwɛso no ho yiye?

2 Bere a yedi onyamesom pa ahofama akyi sɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so abɔ asu no, eye sɛ ‘yɛbɛhwɛ’ Yesu nhwɛso no ‘yiye.’ (Hebrifo 12:3) Dɛn ntia? Esiane nneɛma abien nti. Nea edi kan no, Yesu nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛanya onyamesom pa ahofama. Yesu nim n’Agya yiye sen obiara. (Yohane 1:18) Na Yesu suasua Yehowa akwan ne ne su horow yiye araa ma otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no.” (Yohane 14:9) Ɛnde yɛnam Yesu asetra ne ne som adwuma so betumi anya Yehowa odwo su horow no ho anisɔ a emu dɔ, na yɛnam saayɛ so ama yɛn ho a yɛde abata yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no ho no mu ayɛ den. Nea ɛto so abien no, Yesu nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛada onyamesom pa ahofama adi. Ɔde abrabɔ a ɛda onyamesom pa ahofama adi ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ mae. Enti, eye sɛ yebesusuw sɛnea yebetumi ‘ahyɛ Kristo,’ no ho, kyerɛ sɛ, yɛbɛfa no sɛ nhwɛsode, na yɛasuasua ne nhwɛso no.​—Romafo 13:14.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka yɛn kokoam Bible adesua ho, na dɛn ntia?

3 Ɛnyɛ biribiara a Yesu kae na ɔyɛe no na wɔkoraa so denam kyerɛw a wɔkyerɛw too hɔ so. (Yohane 21:25) Enti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye nneɛma a wofi soro de honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛw too hɔ no ho titiriw. Enti, ɛsɛ sɛ yɛde Asɛmpa no kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu ho no ho daa akenkan ka yɛn kokoam Bible adesua nhyehyɛe ho. Nanso sɛ akenkan a ɛte saa no bɛboa yɛn wɔ onyamesom pa ahofama a yedi akyi no mu a, ɛsɛ sɛ yegye bere de anisɔ susuw nea yɛkenkan no ho. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ nso sɛ yɛbɛhwɛ ade atra nea yehu no.

Ɔba No Te Sɛ Agya No

4. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ anigye ne tema kɛse? (b) Dɛn na Yesu dii kan yɛe bere a na ɔne afoforo di no?

4 Susuw nhwɛso bi ho. Na Yesu yɛ obi a ɔwɔ anigye ne tema kɛse. Hyɛ no nsow wɔ Marko 10:1, 10, 13, 17, ne 35 sɛ na nnipa nyinaa tumi bɛn no. Oturuu mmofra wɔ ne nsa so bɛboro pɛnkoro. (Marko 9:36; 10:16) Dɛn nti na na nkurɔfo, mmofra mpo tumi kɔ Yesu nkyɛn a wonsuro? Efi wɔn ho anigye a efi komam a ɔkyerɛe ankasa no nti. (Marko 1:40, 41) Ɛda adi sɛ eyi te saa, efisɛ na ɔno na odi kan kɔ afoforo a wohia mmoa no nkyɛn. Enti yɛkenkan sɛ ‘ohuu’ Nain okunafo a na wɔso ne ba a wawu no rekɔ no. Afei ‘ɔbaa’ abarimaa no nkyɛn na onyanee no, na na ɛnyɛ obi na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ saa. (Luka 7:13-15) Ɔsaa ɔbea obubuafo bi ne ɔbarima bi a na ɔyare sesaborɔ yare a wɔanka ankyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ saa.​—Luka 13:11-13; 14:1-4.

5. Dɛn na Yesu som adwuma ho kyerɛwtohɔ ahorow yi kyerɛ yɛn wɔ Yehowa su horow ne n’akwan ho?

5 Sɛ wokenkan nsɛm a ɛtete saa a, gyina na bisa wo ho sɛ: ‘Esiane sɛ Yesu suasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ nti, dɛn na kyerɛwtohɔ yi ka wɔ Yehowa su ne n’akwan ho kyerɛ me?’ Ɛsɛ sɛ ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa yɛ anigye ne tema Nyankopɔn. Daa anigye a ɔwɔ wɔ adesamma abusua no ho mu den aka no ma wadi kan ayɛ biribi wɔ wɔne no nsɛnnii mu. Na ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ne Ba mma sɛ ‘agyede mma nnipa.’ (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Ɔhwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma ɔde ne ho ‘abata’ wɔn a wobefi ɔdɔ mu asom no no ho. (Deuteronomium 10:15) Sɛnea Bible ka no: “[Yehowa] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no.”​—2 Beresosɛm 16:9.

6. Sɛ yedwen Yehowa dɔ ne ne tema kɛse sɛnea ne Ba no ayɛ ho nhwɛso no ho a, dɛn na efi mu

6 Yehowa anigye ne ne tema kɛse a ne Ba no ayɛ ho nhwɛso no ho a wubesusuw wɔ saa kwan yi so no bɛka wo koma, na ɛde odwo su a Ɔwɔ a ɛtwetwe afoforo ho anisɔ kɛse bɛhyɛ wo koma mu. Eyi nso bɛtwe wo abɛn no. Ɛbɛkanyan wo ma woabɛn no mpaebɔ mu bere nyinaa ne wɔ tebea horow nyinaa mu. (Dwom 65:2) Ɛbɛhyɛ wo ho a wode abata no ho no mu den.

7. Bere a woadwen Yehowa dɔ ne ne tema kɛse no ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ wubisa wo ho, na dɛn ntia?

7 Nanso, kae sɛ pii wɔ onyamesom pa ahofama mu sen ɔsom nkate ara kwa. Sɛnea Bible ho ɔdenimfo B. Lenski ka no, “yɛn obu nyinaa ne ɔsom mu su a yɛwɔ ne nneyɛe a efi mu ba nyinaa ka ho.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afa bi no.) Enti bere a woasusuw Yehowa anigye ne ne tema sɛnea Yesu yɛɛ nhwɛso ho awie no, bisa wo ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn atumi ayɛ te sɛ Yehowa wɔ eyi mu? So afoforo hu sɛ wotumi bɛn me?’ Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛsɛ sɛ wo mma tumi ba wo nkyɛn. Na sɛ woyɛ asafo mu ɔpanyin a, ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ afoforo tumi ba wo nkyɛn. Ɛnde, dɛn na ɛbɛma afoforo atumi abɛn wo kɛse? Anigye ne tema. Ɛsɛ sɛ wunya afoforo ho anigye a efi koma mu ankasa. Sɛ wudwen afoforo ho ankasa, na wowɔ ɔpɛ sɛ wode wo ho bɛma ayɛ biribi ama wɔn a, wobehu eyi na wɔabɛn wo.

8. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwenem bere a wokenkan Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu ho no? (b) Dɛn na yesua fa Yehowa ho fi kyerɛwtohɔ a wɔabobɔ din wɔ ase hɔ asɛm no mu no mu?

8 Enti sɛ wokenkan Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu ho no a, ma ɛntra w’adwenem sɛ wubetumi asua pii afa Yehowa ho sɛ ɔteasefo afi nsɛm a Yesu kae ne nneɛma a ɔyɛe no mu.’a Na sɛ woma Onyankopɔn su horow sɛnea Yesu ada no adi no ho anisɔ ka wo ma wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ te sɛ Ɔno a, na wode onyamesom pa ahofama a wowɔ no ho adanse rema.

Onyamesom Pa Ahofama a Wɔbɛda no Adi Akyerɛ Mmusua Mufo

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu dɔ ma ne na Maria, ne ne ho a na odwen no daa adi bere tiaa bi ansa na ɔrewu? (b) Ɛda adi sɛ dɛn nti na Yesu de ne na Maria hyɛɛ ɔsomafo Yohane nsa sɛ ɔnhwɛ no na ɛnyɛ n’ankasa honam fam nuanom?

9 Yesu Kristo asetra ne ne som adwuma da pii adi wɔ sɛnea ɛsɛ wɔda onyamesom pa ahofama adi no mu. Wɔakyerɛw ɛho nhwɛso a ɛka koma wɔ Yohane 19:25-27, faako a yɛkenkan sɛ: “Nso Yesu ne na ne ne na nuabea, Maria, Klopa yere, ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛndua no ho. Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, osee ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ, wo ba ni! Afei osee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na ni! Na efi dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ n’ankasa fi.”

10 Susuw ɛno ho! Bere tiaa bi na Yesu de n’asase so nkwa ato hɔ no, ɔdɔ a ɔwɔ ne afoforo ho a odwen kaa no ma ɔde ne na, Maria (ɛda adi sɛ na ɔyɛ okunafo saa bere no) hyɛɛ ɔsomafo Yohane a na ɔdɔ no no nsa. Nanso dɛn nti na Yesu amfa no anhyɛ n’ankasa honam fam nuanom no nsa na mmom Yohane? Efisɛ na ɛnyɛ ne na honam fam ahiade nkutoo ho na odwen, na mmom ne titiriw no, ne honhom fam yiyedi. Na ɔsomafo Yohane (ɛbɛyɛ sɛ Yesu ne na nua ba) ada gyidi a ɔwɔ adi, bere a na hwee nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu honam fam nuanom no abɛyɛ gyidifo.​—Mateo 12:46-50; Yohane 7:5.

11. (a) Sɛnea Paulo kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi asua onyamesom pa ahofama wɔ n’ankasa fi? (b) Dɛn nti na nokware Kristoni yɛ nsiesiei ma n’awofo a wɔn mfe akɔ anim no?

11 Afei, ɔkwan bɛn so na eyi yɛ onyamesom pa ahofama a wɔda no adi? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni. Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa [ahofama] wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Timoteo 5:3, 4) Sɛnea Paulo ka no, obi awofo a odi wɔn ni denam honam fam nneɛma a ɔde ma wɔn bere a ɛho abehia so no yɛ onyamesom pa ahofama a ɔda no adi. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Yehowa a ɔne abusua nhyehyɛe no Hyehyɛfo no hyɛ mmofra sɛ wonni wɔn awofo ni. (Efesofo 3:14, 15; 6:1-3) Enti, nokware Kristoni hu sɛ ɛnyɛ sɛ abusua asɛyɛde a ɛte saa a obedi ho dwuma no kyerɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma n’awofo nko, na mmom obu ma Onyankopɔn ne ne mmara so a odi nso.​—Fa toto Kolosefo 3:20 ho.

12. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayi onyamesom pa ahofama adi akyerɛ w’awofo a wɔn mfe akɔ anim no, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wo botae?

12 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi ayi onyamesom pa ahofama adi akyerɛ w’abusua mufo? Ɛda adi sɛ nhyehyɛe a wobɛyɛ de adi w’awofo a wɔn mfe akɔ anim no honhom ne honam fam ahiade ho dwuma, sɛnea Yesu yɛe no ka eyi ho. (Fa toto 2 Timoteo 3:2, 3, 5 ho.) Kristoni a wahyira ne ho so hwɛ n’awofo a ahia wɔn no a ɛnyɛ sɛ ɛyɛ ayamye anaa n’adwuma ara kwa nti, na mmom esiane sɛ ɔdɔ n’abusua na ohu sɛnea Yehowa bu asɛyɛde a ɛte saa a obedi ho dwuma no kɛse nti. Enti, hwɛ a ɔhwɛ n’awofo a wɔn mfe akɔ anim no yɛ onyamesom pa ahofama a ɔda no adi.b

13. Ɔkwan bɛn so na agya a ɔyɛ Kristoni betumi ayi onyamesom pa ahofama adi akyerɛ n’abusua?

13 Wobetumi asua onyamesom pa ahofama wɔ fie wɔ akwan afoforo so. Sɛ nhwɛso no, agya a ɔyɛ Kristoni wɔ asɛyɛde sɛ ɔde n’abusua honam fam, nkate ne honhom mu ahiade bɛma wɔn. Enti, ofi ɔdɔ mu yɛ daa abusua Bible adesua ho nhyehyɛe de ka honam fam nneɛma a ɔde ma no ho. Ɔyɛ bere nhyehyɛe na ama ɔne n’abusua anya asɛnka mu kyɛfa daa. Ɔkari pɛ na ohu hia a wohia ɔhome ne ahomegye nso. Ofi nyansam de nneɛma a ɛho hia titiriw sisi hɔ na ɔmma asafo mu dwumadi mma ommu n’ani ngu n’abusua so. (1 Timoteo 3:5, 12) Dɛn nti na ɔyɛ eyi nyinaa? Ɛnyɛ sɛ ɔte nka sɛ ɛyɛ n’adwuma ara kwa nti, na mmom ɔdɔ a ɔwɔ ma n’abusua nti. Ohu sɛnea hwɛ a obi bɛhwɛ n’abusua no ho hia Onyankopɔn. Enti, ɛdenam n’asɛyɛde ho dwuma a odi sɛ okunu ne agya so no, na ɔresuasua onyamesom pa ahofama.

14. Ɔkwan bɛn so na ɔyere a ɔyɛ Kristoni betumi ada onyamesom pa ahofama adi wɔ fie?

14 Ɔyerenom Kristofo nso wɔ asɛyɛde a ɛkyerɛ sɛ wonsuasua onyamesom pa ahofama wɔ fie. Ɔkwan bɛn so? Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ‘brɛ ne ho ase’ ma ne kunu na “ɔfɛre” no. (Efesofo 5:22, 33) Sɛ ne kunu nyɛ gyidini mpo a, ɛsɛ sɛ ‘ɔbrɛ ne ho ase’ ma no. (1 Petro 3:1) Saa Kristoni ɔbea no da saa ahobrɛase sɛ ɔyere no adi denam ne kunu gyinaesi ahorow akyi a ogyina bere tenten a eyi ne Onyankopɔn mmara ahorow mmɔ abira no so. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Dɛn nti na ogye asɛyɛde yi tom? Ɛnyɛ sɛ ɔdɔ ne kunu no ara kwa nti, na mmom ne titiriw no ohu sɛ ɛno na “ɛsɛ Awurade mu”​—kyerɛ sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe ma abusua no. (Kolosefo 3:18) Enti, ne pɛ mu a ofi brɛ ne ho ase ma ne kunu no yɛ onyamesom pa ahofama a ɔda no adi.

“Eyi Nti na Mebae”

15. Ɔkwan titiriw bɛn so na Yesu daa onyamesom pa ahofama adi?

15 Akwan atitiriw a Yesu faa so daa onyamesom pa ahofama adi no mu biako ne sɛ ‘ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa.’ (Luka 4:43) Wɔ Yesu asubɔ wɔ Yordan mu wɔ afe 29 Y.B. mu akyi no, ɔde nnam yɛɛ adwuma a ɛho hia yi mfe abiɛsa ne fa. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi nti na mebae.” (Marko 1:38; Yohane 18:37) Nanso ɔkwan bɛn so na na eyi yɛ onyamesom pa ahofama a ɔwɔ a ɔdaa no adi?

16, 17. (a) Dɛn na ɛkanyan Yesu ma ɔde nnam kaa asɛm na ɔkyerɛkyerɛe? (b) Dɛn nti na Yesu som adwuma a ɛne asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ no yɛ onyamesom pa ahofama a ɔwɔ a ɔdaa no adi?

16 Kae sɛ nea ɛwɔ onyamesom pa ahofama mu ne tra a wobɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so, efisɛ wodɔ no na wokyerɛ ne su horow a ɛma wopɛ n’asɛm no ho anisɔ a emu dɔ. Ɛnde, dɛn na ɛkanyan Yesu ma ɔde n’asase so asetra mu mfe a etwa to no kyerɛkyerɛe na ɔkaa asɛm nnamyɛ mu no? So na ɛyɛ n’adwuma anaa n’asɛde ara kwa nti? Akyinnye biara nni ho sɛ na odwen afoforo ho. (Mateo 9:35, 36) Ohui yiye sɛ honhom kronkron a wɔde sraa no no paw no sɛ ɔnyɛ ne som adwuma. (Luka 4:16-21) Nanso na n’atirimpɔw kɔ akyiri sen saa.

17 Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no pefee anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetra mu no sɛ: “Medɔ Agya no.” (Yohane 14:31) Saa ɔdɔ no gyina Yehowa su horow ho nimdeɛ a emu dɔ yiye so. (Luka 10:22) Esiane sɛ koma a anisɔ a emu dɔ akanyan no na ɛkanyan Yesu nti, n’ani gyee Onyankopɔn apɛdeyɛ ho. (Dwom 40:8) Na ɛyɛ ‘n’aduan’​—ehia kɛse ma nkwa, ɛyɛ dɛ yiye. (Yohane 4:34) Ɔyɛɛ ‘ahenni no a wobɛhwehwɛ no kan’ ho nhwɛso sen sɛ anka ɔde nea ɔpɛ bedi kan. (Mateo 6:33) Enti, na ɛnyɛ nea ɔyɛe anaasɛ dodow a ɔyɛe ara kwa no na ɛmaa ne som adwuma a ɛne asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ no yɛɛ nyamesom pa ahofama a ɔdaa no adi no ho nhwɛso na mmom nea enti a ɔyɛe no.

18. Dɛn nti na ɔsom adwuma no mu kyɛfa bi a wunya no nyɛ onyamesom pa ahofama a woda no adi ankasa?

18 Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yesu “nhwɛso” no wɔ eyi mu? (1 Petro 2:21) Wɔn a wogye Yesu nsato a ɛne sɛ “bra bedi m’akyi” no so nyinaa wɔ ɔsoro ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ wɔnka Ahenni ho asɛmpa no na wɔnyɛ asuafo. (Luka 18:22; Mateo 24:14; 28:19, 20) So eyi kyerɛ sɛ bere a yenya kyɛfa bi wɔ asɛmpaka no mu no, na yɛredi onyamesom pa ahofama akyi? Ɛnte saa ankasa. Sɛ yɛyɛ ɔsom adwuma no sɛ adwuma bi ara kwa anaasɛ ebi ne bi anaa sɛnea ɛbɛyɛ na yɛasɔ yɛn abusua mufo anaa afoforo ani a, ɛbɛyɛ den sɛ wobebu no ‘onyamesom pa ahofama adeyɛ.’​—2 Petro 3:11.

19. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade titiriw a yegyina so yɛ nea yɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no? (b) Sɛ ɔdɔ ma Onyankopɔn a ase atim yiye kanyan yɛn a, dɛn na efi mu ba?

19 Te sɛ Yesu no, ɛsɛ sɛ yɛn botae horow kɔ akyiri sen saa. Yesu se: “Na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma [komam nipa no nkate ne apɛde] nyinaa mu ne wo kra [wo nkwa ne wo nipa mu no nyinaa] nyinaa mu ne w’adwene [wo nsusuwii] ne w’ahoɔden nyinaa mu.” Ɔkyerɛwfo bi a ɔwɔ nhumu kaa eyi kaa ho sɛ: ‘Eyi sen ɔhye afɔre ne mogya afɔre nyinaa.’ (Marko 12:30, 33, 34) Enti ɛnyɛ nea yɛyɛ nkutoo na ehia na mmom nea enti a yɛyɛ nso. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a ase atim yiye a yɛwɔ ma Onyankopɔn a yɛn biribiara ka ho no yɛ ade titiriw a yegyina so yɛ nea yɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no. Sɛ ɛte saa a, yɛremma kakraa bi ara kwa a yɛyɛ no nnɔɔ yɛn so, na mmom wɔbɛkanyan yɛn ma yɛada sɛnea yɛn onyamesom pa ahofama mu dɔ no adi denam nea yebetumi nyinaa a yɛyɛ no so. (2 Timoteo 2:15) Bere koro no ara mu no, sɛ ɔdɔ ma Onyankopɔn na ɛyɛ yɛn botae de a, yɛrenyɛ wɔn a wɔkasa tia afoforo a yɛde yɛn som adwuma toto afoforo de ho.​—Galatifo 6:4.

20. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso kɛse afi Yesu nhwɛso wɔ onyamesom pa ahofama akyidi mu?

20 Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ Yehowa ayi onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no adi akyerɛ yɛn! Ɛdenam anisɔ a yɛde besua nea Yesu kae ne nneɛma a ɔyɛe, na yɛabɔ mmɔden sɛ yebesuasua no so no, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya onyamesom pa ahofama na yɛada no adi kɛse. Yehowa behyira yɛn pii bere a yesuasua Yesu nhwɛso wɔ onyamesom pa ahofama a yedi akyi sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu no mu no.​—1 Timoteo 4:7, 8.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ nhwɛso afoforo bi a, susuw nea yesua fa Yehowa ho wɔ kyerɛwtohɔ a edidi so yi mu: Mateo 8:2, 3; Marko 14:3-9; Luka 21:1-4; ne Yohane 11:33-36.

b Sɛ wopɛ sɛ wususuw nea ɛwɔ onyamesom pa ahofama a wobeyi adi akyerɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim no mu nyinaa ho a, hwɛ June 1, 1987 Watchtower, nkratafa 13 kosi 18.

So Wokae?

◻ Bere a yedi onyamesom pa ahofama akyi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Yesu nhwɛso no ho?

◻ Dɛn na yesua fa Yehowa ho fi anigye ne tema kɛse a Yesu yɛɛ ho nhwɛso no mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi onyamesom pa ahofama adi akyerɛ yɛn mmusua mufo?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn atirimpɔw na ama yɛn som adwuma ayɛ onyamesom pa ahofama a yɛda no adi?

[Mfonini wɔ kratafa  21]

Ɛyɛ Agya a ɔyɛ Kristoni asɛyɛde sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua honam, nkate, ne honhom mu

[Mfonini wɔ kratafa  23]

“Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, . . . [wonni] kan ntua wɔn awofo ne [wɔn nananom] ka”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena