Turin Ntama No—So Ɛyɛ Ntama A Wɔde Siee Yesu?
So eyi yɛ Yesu Kristo anim anaa? Nnipa ɔpepem bebree a wɔwɔ wiase afanan nyinaa gye di sɛ ɛyɛ ɛno. Dɛn ntia?
SAA anim yi yɛ mfonini bi a ɛwɔ nwera ntama bi a wɔfrɛ no “nnekae a ɛho hia sen biara wɔ Kristosom abakɔsɛm mu” no so no fã—Turin Ntama no.
Wɔkyerɛ sɛ saa ntama a ne tenten yɛ anammɔn 14 na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn 31/2 no yɛ “nwera pa” (Marko 15:46, NW) a wɔde kyekyeree Yesu amu no ho wɔ ne wu akyi. Emu na wohu nipadua bi a wɔapirapira no no ho mfonini a anim ayɛ kusuu wɔ nwera pa no mu a ɛte sɛ nea mogya akeka mu a wɔkyerɛ sɛ ɛne Yesu de no di nsɛ. Wɔkyerɛ sɛ wɔde ntama no kataa no so wɔ ntenten mu na wɔsan de faa amu no ase, enti ɛma obi hu amu no anim ne n’akyi, na eyi da nsensanee atuntum abien bi a efi ogya a ɛhyew no nti no ntam.
Wɔtwee wiase no adwene sii saa tete nnekae yi so, na bere a wɔde bere tenten atwɛn na wɔayi no adi akyerɛ obiara a ɛmaa nnipa ɔpepem pii bɛhwɛe no akyi no, wɔmaa nyansahufo nso kwan sɛ wɔmpɛɛpɛɛ saa efunu ntama yi mu yiye nhwɛ. Wɔ October 1978 mu, na saa nyansahufo 45 no de nnaanum, awia ne anadwo a wokurakura nyansahu mu nnade ahorow de dii dwuma de pɛɛpɛɛ saa efunu ntama yi mu. Wɔ nokwarem no, Science News bɔɔ amanneɛ sɛ:
“Nwera basafa anum a wɔde asie Turin asɔredan no afɔremuka so no abɛyɛ ade a nyansahufo resɔ ahwɛ a ɛkyɛn tete ɔsom mu nnekae biara a wɔayɛ no saa pɛn.”
Ansa na nyansahufo no rekyerɛw nea wɔabɔre ahu afa eyi ho no, na atesɛm nkrataa ne nhoma horow rekamfo efunu ntama no sɛ:
● “Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ
● “Asɛmpa a Ɛto So Anum a Wɔde Mogya Akyerɛw”
● “Owusɔre no ho ‘Mfonini’ Ankasa a Wɔatwa!
● “Kristo ho Mfonini”
Kristoni bɛn na ɔwɔ hɔ a ɔrempɛ sɛ ohu sɛnea Yesu nipadua te? Sɛnea ebinom ka no, sɛ́ wobesusuw sɛ owusɔre no ho adansedi ankasa wɔ hɔ no kanyan anigye. Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ wuhu sɛ efunu ntama no yɛ nnaadaa a, wobɛte nka dɛn? Nsisi bɛn ni! Esiane sɛ wɔde twee nkurɔfo pii adwene saa nti, so ebetumi ayɛ sɛ wɔde reyi nkurɔfo adwene afi biribi so, a wɔreyɛ ama wɔabu wɔn ani agu nsɛm a ɛho hia titiriw so?
So wobɛpɛ sɛ wuhu nokwasɛm a ɛfa ho nyinaa? Nkɛntɛnso bɛn koraa na ɛsɛ sɛ saa ade yi nya wɔ Kristoni so?
Nea edi kan no, momma yɛmpɛɛpɛɛ nea enti a nyansahufo pii ani gye efunu ntama no ho saa no mu.
Dɛn na Ebinom Ani Gye Ho?
Sɛnea wɔanwene ntama no afa no te sɛ nea na wɔnwene no wɔ Palestina asase so wɔ Kristo nna mu no pɛpɛɛpɛ, na mfuturu a woyi fii mu no yɛ nea wohu wɔ afifide a saa bere no na enyin wɔ saa asase no so no so. Nwera a wɔatumi akora so afi Yesu nna mu no nyɛ nwonwa, efisɛ nwera pa ahorow a akyɛ kyɛn saa da so wɔ hɔ. Nea ɛma saa ntama yi yɛ soronko ne mfonini a ɛwɔ so no.
Bɛyɛ sɛ afe 1898 mu, bere a wotwaa saa efunu ntama no mfonini nea edi kan no, biribi a wɔnhwɛ kwan koraa bae, na ɛno na ɛtwee nyansahufo no adwene. Bere a wɔhohoroo mfonini no, wohui sɛ mfonini no negative (anaasɛ “saman”) no mmom na aba. Nsensanee a ayɛ kusuu a ɛwɔ efunu ntama no so no da adi wɔ mfonini no “saman” no so. Eyi ɔbarima nipadua adi kyerɛ fann.
Wohuu agyiraehyɛde bi wɔ ne bakɔn ne n’anan mu a ɛte sɛ nea wɔde biribi awowɔ mu afiti mu. Nea wohui nso ne ne mogya a akeka ne kokom wɔ nifa fam ne apirakuru ahorow ano a ɛte sɛ sumpii aba a ɛwɔ Romafo bere mu a wɔde di dwuma wɔ Kristo bere mu no. Wohuu mogya nkekae wɔ ne ti no so a ɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ no nsɔe abotiri.
Nea ayɛ nwonwa sen biara a wɔnte ase koraa ne ɔkwan a wɔfaa so maa mfonini yi bae no. Sɔhwɛ horow a wɔayɛ nnansa yi no antumi anyi adubiri biara a ebia wɔde dii dwuma wɔ Mfinimfini Mfe no mu no adi, wɔ bere a wohuu efunu ntama no nea edi kan no. Nea ɛmaa mfonini no bae biara no, nea akeka mu no ankɔ nea wɔnwenee no mu.
Asɛm a nnansa yi nnurufra ho ɔdenimfo Ray Rogers kae ne sɛ mfonini no “nam tumi bi a ano yɛ den a ɛhyerɛn so na ɛbae. Ebinom te nka sɛ eyi bae bere a wonyan Yesu no. Nanso, so wɔn nyinaa gye tom saa?
Nea Enti a Ebinom Adwenem Yɛ Wɔn Naa Kɛse Wɔ Ho
Bible asuafo a wɔde anibere susuw nsɛm ho no adwenem yɛ wɔn naa yiye wɔ nokware a eyi yɛ ho, esiane Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛwtohɔ ahorow nti. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ tebea horow a na ɛwɔ hɔ bere a wɔresie Yesu a ɛne nea wohu wɔ efunu ntama no so no bɔ abira. Sɛ efunu ntama no bɛyɛ nokware a, na ɛsɛ sɛ tebea horow abien bi wɔ hɔ wɔ bere a mfonini no puei wɔ so no: (1) ɛbɛkyerɛ sɛ wɔanguare amu no, efisɛ mogya a akeka mu no da adi pefee, ne afei (2) ɛsɛ sɛ wɔde nwera no kata amu no so brɛoo, na ɛnsɛ sɛ wɔde kyekyere no denneennen. Edward Wuenschel a ogyina saa efunu ntama yi akyi no kae sɛ, “mfonini ne nneɛma horow a wohu wɔ [efunu ntama no] so no yɛ nea ɛnyɛ nwera a wɔde akata ɔdesani honam so na ama aba mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ ntama no kata nipadua no so ankasa a, ɛbɛma ne mfonini no ani asakra a wonhu no yiye, nanso biribiara nsakrae wɔ efunu ntama no so.”
Nsɛm a wɔakyerɛw a ɛfa Yesu amu no sie ho a ɛwɔ Mateo (27:59, 60) , Marko (15:46) ne Luka (23:53) ho no yɛ tiaa. Nanso nea wɔn nyinaa ka ne sɛ wɔde “nwera kyekyeree” amu no. So wosiesiee amu no ntɛm saa a wɔanni kan anguare no? Ade a ɛte saa a Yudafo bɛyɛ no bɛyɛ soronko. Dɛn ntia? Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo a ɔtraa ase saa bere no kae sɛ, wɔn de wɔnte sɛ wɔn atamfo no, efisɛ “Yudafo no gye bere kɛse de siesie amu no ansa na wɔasie wɔn.”
Ɔsomafo Yohane a ɔde n’aniwa huu nea ɛkɔɔ so no de biribi foforo ‘ka nkyerɛkyerɛmu no ho de si so dua sɛ “wosiesiee” Yesu amu no yiye ansa na wɔresie no. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ:
“Na [Yosef a ofi Arimatea] ba beyii amu no. Na Nikodemo nso a kan ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo no bae, na ɔde kurobow ne pɛprɛ mfrafrae bɛyɛ sɛ nkaribo ɔha bae. Na wɔfaa Yesu amu no. na wɔde nwera ne nnuru kyekyeree ne ho, sɛ Yudafo amusiei te no.”—Yoh. 19:38-40.
Dɛn ne Yudafo ‘amanne’ a ɛfa amusiei ho? Adanse a yehu no nyinaa wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛkyerɛ sɛ nea edi kan no woguare amu no, na afei wɔde nnuru ne ngo huamhuam sra no. (Aso. 9:37; Mat. 26:12) Wɔ nokware a ɛyɛ sɛ Yosef ne Nikodemo de kurobow ne pɛprɛ mfrafrae dii dwuma de nwera kyekyeree amu no kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no na wɔafi Yudafo amanne a wɔfa so sie amu no ase.
Afei nso tete Yudafo nkyerɛwee a emfi Bible no mu nso kyerɛ sɛ ɛyɛ wɔn amanne sɛwoguare amu no na afei wɔde nnuru horow sra ne ho na ɛnyɛ sɛ wɔde bɛhyɛ amu no aduru ato hɔ sɛnea ebinom ka no; mmom, sɛnea Talmud no ka no, “Wɔde nnuru horow no sra no sɛnea ɛbɛyɛ na ammɔn.” Wɔammara amu no a wobesiesie saa no mpo wɔ Homeda no so; sɛnea Mishnah (Y.B. afeha a ɛto so 2 no mu) no ka no: “Ɛsɛ sɛ wosiesie [wɔ Homeda no so] nea ehia nyinaa ma amu no, na woguare no na wɔsra no.”—Shabbath 23:5.
Sɛ́ mmarima baanu no yɛɛ nhyehyɛe na wɔde asie amu no nso da adi wɔ nea wohui wɔ ɔboda a na obi nni mu wɔ Yesu wusɔre no akyi no mu. Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ:
“Na [Petro] huu nwera [“ntamabamma NW,] no sɛ egu hɔ ne dukuu a wɔde bɔɔ ne ti nanso engu nwera no ho, na mmom wɔabobɔw ɛno nkutoo da baabi no.” (Yoh. 20:6, 7)
Hela asɛmfua sindon a wɔakyerɛ ase “nwera” no asekyerɛ ankasa ne “ntamabamma.” Ebia wɔpaapae “nwera pa” no mu yɛɛ no “ntamabamma” na wɔatumi de akyekyere no. Ná ɛsɛ sɛ wɔde eyinom nyinaa kyekyere amu no. Nanso, sɛ eyi yɛ nokware a, ɛnde na ntamabamma no bɛma efunu ntama no atare amu no ho denneennen ‘atintim nea ɛwɔ amu no ho no agu nwera no mu’ na ɛremma wonhu mfonini bi a ɛte sɛnea wohu wɔ efunu ntama no so no. Sɛ ntamabamma no nso wɔ efunu ntama no ase a, ɛno nso remma wonhu mfonini no yiye.
Nokware a ɛyɛ sɛ wohuu dukuu “a wɔde bɔɔ ne ti” no kyerɛ sɛ na ɛsono ntama a wɔde kyekyeree ne ti no, nanso wohu ne ti mfonini no wɔ efunu ntama a wɔkyerɛ sɛ wɔde kataa no so no mu. Ebinom bɔ mmɔden kyerɛkyerɛ mu sɛ saa dukuu a wɔde bɔɔ ne ti no ankasa ne efunu ntama no. Nanso wɔakyerɛ saa Hela asɛmfua no ase wɔ mmeae ahorow sɛ “dukuu a wɔde popa nsa” (AV, Catholic Confraternity) , na Luka 19:20 no wɔde to dukuu ketewaa bi a wɔde sika sie mu ho. Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so de eyi ato efunu ntama a ne tenten yɛ anammɔn 14 ho! Ebinom nso te nka sɛ saa dukuu a wɔde bɔɔ ne ti yi yɛ ntamabamma a wɔde kyekyeree n’abogye sɛnea ɛbɛyɛ na ama amu no aka n’ano atom. Sɛ ɛte saa a na ɛno kyerɛ sɛ Yohane ammɔ efunu ntama no din sɛ na ɛwɔ ɔboda a biribiara nnim no mu, nanso esiane sɛ ɔhyɛɛ da kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na “dukuu” a wɔde bɔɔ ne ti ne “nwera” nso wɔ hɔ nti, so anka ɛrentumi nyɛ yiye sɛ ɔbɛbɔ efunu ntama no din, sɛ na biribi a ɛte saa wɔ hɔ a?
Nea Kyerɛwnsɛm mu nsɛm no kyerɛ ne sɛ woguaree amu no na wɔde kurobow ne pɛprɛ mfrafrae sraa no sɛnea Yudafo amanne te. Wɔyɛɛ ne nyinaa wiei, gye nnuru ne ngo huamhuama a wɔde bɛsra no a mmea no pɛe sɛ wɔyɛ no Kwasida anɔpa no. (Luka 23:55, 56; Marko 16:1) Ɔkwan a wɔfaa so siesiee amu no remma entumi nyɛ yiye sɛ wobenya mfonini a ɛte sɛɛ wɔ amu anaa efunu ntama no so. Nea ogyina efunu ntama yi akyi, Rodney Hoare penee sɛnea Bible no kyerɛkyerɛ mu no so sɛ:
“Asɛm no fa a ɛwɔ ɔsomafo Yohane nhoma no mu no ayɛ nea wɔagyina so wɔ mfe pii mu de asɔre atia nokware a Efunu Ntama no yɛ, na ɛyɛ adanse a emu yɛ den nso.”—The Testimony of the Shroud, krat. 120.
Tete Kristofo Akyerɛwfo no Kommyɛ Bi a Ɛyɛ Soronko
Sɛ Yesu mfonini wɔ efunu ntama no mu a, so wunnye nni sɛ anka wobehu na ayɛ nea wɔbɛka ho asɛm. Nanso, nea ɛwɔ Asɛmpa no mu no akyi no, Apam Foforo no nkã ntama a wɔde siee no no ho asɛm bio.
Wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo akyerɛwfo no mpo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa ne anan no mu a wɔn mu pii kyerɛw nsɛm faa nea wose wɔfrɛ no anwonwade ahorow a tete nnekae no yɛ no ho no ammɔ biribi a ɛfa efunu ntama a ɛwɔ hɔ a Yesu mfonini wom din. Ebinom ka sɛ wɔde saa efunu ntama no siei wɔ saa mfe yi nyinaa mu. Afei nso wɔ bere a wɔkae sɛ wɔahu Yesu ntama a wɔde siee no no nyinaa akyi no, sɛnea afeha a ɛto so ason no mu akyerɛwfo kyerɛ no, wɔammɔ din sɛ mfonini bi wɔ so. P. A. Beesher a na ogyina efunu ntama yi akyi bobɔɔ nnipa ahorow a wohuu saa efunu ntama wɔ afeha a ɛto so ason ne dumiɛnsa no mu, ne obi a “ɔde n’ano few” eyi din, nanso wɔn mu biara ammɔ mfonini a ɛwɔ so din. Ɛyɛ den sɛ yɛbɛte eyi ase, efisɛ sɛnea Katolek nhomanimfo Herbert Thurston kyerɛ no, wɔn a wɔhwɛɛ eyi wɔ afeha a ɛto so 15 ne 16 no mu no “kyerɛkyerɛɛ mfonini ahorow a wohui wɔ efunu ntama no so no mu sɛ ɛda adi pefee te sɛ nea afei na wɔayɛ no foforo koraa.”
Ɛyɛ afe 1205 mu na France ɔsraani, Robert de Clari bɔɔ amanneɛ sɛ ohuu “’sindon [efunu ntama] a wɔkyekyeree yɛn Awurade wɔ mu no . . . .a wɔatrɛw mu sɛnea ɛbɛyɛ na obiara atumi ahu sɛnea yɛn Agyenkwa no nipadua te ankasa.” Ian Wilson a na ogyina saa efunu ntama yi akyi no bisaa nsɛm bi a ɛho hia yiye a wɔde pɛɛpɛɛ nneɛma mu faa bere tenten a wɔde ayɛ komm afa saa efunu ntama yi ho no ho:
“Sɛ saa Turim Efunu Ntama yi yɛ nokware a, ɛnde dɛn nti na ntama a ɛyɛ nwonwa a ɛte sɛɛ no traa hɔ saa ara a wɔankyerɛw asɛm biara amfa ho ara mfeha dumiɛnsa, de kosii sɛ epuei mpofirim wɔ afeha a ɛto so dunan no mu wɔ Franse?
“So ebetumi aba sɛ wɔde siei wɔ saa bere yi nyinaa mu, esiane Yudafo ne Romafo ɔtaa a wɔde baa Kristofo so nti, a nea ɛde bae ne osuro a wɔwɔ ma mfonini ne ahoni ahorow a wokyi ho ntawntawdi a ɛbae no (725-842) ? Ɛrentumi mma saa koraa.
“Efi bere a wɔsakraa Konstantino ɔkɛseɛ no de besi bere a ofii ase sɔre tiaa ahoni ne mfonini ahorow no yɛ mfirihyia ahanan, na emu na nneɛma horow a ɛyɛ tete nnekae ‘a wɔde asie’ no bɛdaa adi, a Nokware Mmeamudua nso ka ho, nsɔe abotiri, nnadewa, atade kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no, abaa a wɔde hwee no, ɔbo a na ɛwɔ ɔbodan no ano ne nneɛma pii a ɛkeka ho nso bɛdaa adi. Na hokwan wɔ hɔ sɛ saa Turin Ntama no bɛba abɛda adi. Nanso wɔanka eyi ho asɛm wɔ baabiara.”
Enti nea ɛyɛ obiara nwonwa, ne nea enti a egyee bɛyɛ sɛ mfirihyia 1,200 ansa na wɔreka mfonini a ɛwɔ so no ho asɛm.
Nyansahu ne Abakɔsɛm mu Nsɛnnennen
Wɔakeka nsɛm pii wɔ sɛnea mfonini yi bae no ho. Nyansahu mu nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mfonini a ɛwɔ efunu ntama no so no su yɛ biako. Nanso nnipa a wohui a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 16 no mu no kyerɛ sɛ ekura su horow abien. Afei nso wɔn a wodi mfonini ahorow ho dwuma, hwɛ mfonini ahorow so yɛ bi wɔ saa bere no mu no kyerɛ sɛ ekura su horow pii, nanso wɔn mu biako, Chifflet, kae sɛ:
“Nea mfonini a ɛwɔ Turin ntama no so no kyerɛ ara ne nsu kɔkɔɔ bi a wɔde akeka mu, . . . apirakuru ho sɛnkyerɛnne a wohu wɔ mu no yɛ nea ɛte sɛ nea wɔde adubiri bi na akeka nipadua no ho mfonini a wohu no mu, na ne su no te sɛ akokɔsrade a apa.”
Obi adwene mu bɛyɛ no naa wɔ sɛ́ efunu ntama a ɛwɔ hɔ nnɛ no ara na woyii no adi kyerɛe wɔ afeha a ɛto so 14 no mu a saa bere no mu no Roma Katolek Sɔfo Panyin Henry de Troyes (France) frɛɛ no nsisi na ɔkae sɛ “wɔnam anifere kwan so de adubiri akeka mu” no. Bere a Joseph Hanlon rekyerɛw wɔ nsɛmma nhoma New Scientist no mu no ɔde nsɛm bi a ɛyɛ anigye a ebetumi aba too gua:
“Nanso ɛbɛyɛ dɛn na nnadaa ahorow abien atra hɔ, biako wɔ afeha a ɛto so 14 no mu na foforo nso wɔ afeha a etwa to no mu? Woyii saa efunu ntama no kyerɛe pii wɔ afeha a ɛto so 15 ne 16 no mu, na ɛno akyi no wɔanyi no adi bio. So ebetumi ayɛ sɛ atoro a edi kan no bɛdaa adi dodo? . . . So wɔn a wɔyɛɛ efunu ntama no bɔɔ mmɔden yiye saa bere no, ma wɔde nnɛ bere mu mfiridwuma ho nyansahu ne nnurufra ho nyansahu dii dwuma, a wɔde biribi a wɔfrɛ no Barbet sɔhwɛ ahorow nso kaa ho na wɔde tete nwera a efi Apuei Mfinimfini dii dwuma? So wɔhyɛɛ da yɛɛ ohoni bi maa saa atirimpɔw yi nkutoo, kaa no gya sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde ntama no bɛfam so na wɔde anya mfonini no wɔ ntama no so, na ɛno akyi no wɔasɛe no anaa? . . . Wɔ eyi nyinaa akyi no wɔafa fam-tutu wɔ tete hɔ so ada atoro pii a wɔadi no adi, enti yɛrentumi mmu yɛn ani ngu nea wobetumi ayɛ yi so.”
Ebinom ahyɛ nyansa sɛ wotumi de nnuru ne ngo ahorow bi frafra de yɛ mfonini a ɛte saa. Nanso Adam Otterbein, Holy Shroud Guild otitrani no de asɛm on baa awiei sɛ: “Okwan a wɔfaa so yɛɛ mfonini no bɛyɛ ahintasɛm de akosi bere awiei. Yennye nni sɛ nyansahu betumi ahu ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ eyi.”
So Enya Wo Gyidi So Nkɛntɛnso?
Ɛda adi pefee sɛ efunu ntama no ho akyinnyegye no bɛkɔ so bere tenten bi. Nanso so wugye di sɛ eyi ne Onyankopɔn kwan a ɔfa so di ne Ba no wusɔre ho adanse? Ɔkwan bɛn na nnipa a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no faa so gye dii? Sɛ́ ɔde ne ho bɛto ntama a wɔde kataa efunu bi ho so no, Yehowa hwɛ maa adansefo a wɔte ase a wɔde wɔn ani huu Kristo a wasɔre a wɔn dodow boro 500 dii ho adanse. (1 Kor. 15:3-8) Adanse a ɛte saa a ɛwɔ hɔ no ma efunu ntama no bɛyɛ nea ɛho nhia koraa.
Nanso sɛ efunu ntama no yɛ nokware mpo a, so ebetumi akata adanse ankasa a ɛfa ne wusɔre no ho a wɔde too gua pii saa no so anaa? So ebetumi atwe nnipa adwene ma wɔde wɔn werɛ ahyɛ ntamasin bi mu anaa? Efunu ntama ho nimdefo John Jackson mpo kae sɛ:
“Nanso sɛ obi de ne gyidi hyɛ ntamasin bi a ɛyɛ soronko mu a, eyi bɛyɛ abosonsom wɔ ɔkwan bi so.”—The Catholic Digest, April 1979.
Ɛnyɛ den sɛ obi bɛma nsɛm horow a ebetumi aba a ɛfa efunu ntama no ho no adaadaa ne koma. Nanso so anigye a obi benya wɔ efunu ntama no ho no bɛma wanya nokware gyidi? So ebetumi aboa ama “yɛanantew wɔ gyidi mu, na ɛnyɛ ohu mu”? (2 Kor. 5:7) Nanso sɛ wuhu sɛ ɛyɛ nsisi ɛ? So wobɛyera gyidi a wowɔ wɔ owusɔre no mu no anaasɛ anyɛ yiye koraa no w’adwenem befi ase ayɛ wo naa anaa? Sɛ w’ani gye efunu ntama no ho a, ɛnde na efi dɛn? Dɛn nti na wo gyidi hia biribi a ɛte saa a ɛbɛkyekyere no? So ebetumi ayɛ sɛ biribi a enni ahoɔden anaa enni tumi bi koraa na wode wo ho atweri no yi? Eyinom yɛ nsemmisa a ntease wom a ɛsɛ sɛ Kristoni biara susuw ho.
Ɛwom sɛ yɛte bere a nnipa de wɔn ho hyɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa mu de, nanso mpɛn ahe na eyi atwe wɔn adwene afi nsɛm a ehia titiriw ho? Sɛ nhwɛso no, Fransco Barbero, a ɔyɛ Roma Katolek sɔfo kae sɛ: “Dɛn mpo na anka ebetumi aba Turin Asɔre no mu, sɛ wɔdan tumi ne mmɔdenbɔ a wɔde di eyi ho dwuma no kɔ Asɛmpa no ka so a!” (Nea wɔakyeakyea no no yɛ yɛn de) .
Yiw, “Asɛmpa no ka” na ɛbɛma yɛanya nokware gyidi, na ɛnyɛ tete nnekae a wobeyi no adi akyerɛ. Ɛno mmom na ɛbɛma yɛanya anidaso a ɛyɛ nokware, efisɛ “anidaso nhyɛ aniwu.” (Rom. 5:5) Saa anidaso yi ma yɛn awerɛhyem sɛ Onii a onyan Yesu no bɛsan adi dwuma bio, ɛnyɛ sɛ “ɔbɛsoma” ntamasin bi aba ma ayɛ wiase no nwonwa, na mmom sɛ ɔde ne Ba a wahyɛ no anuonyam no bedi dwuma na ɔde wiase a aporɔw a nokware gyidi nnim aba n’awiei. Wɔ saa bere no ara mu no, wobegye nnipa a wɔwɔ nokware gyidi no nkwa de wɔn akɔ trenee nneɛma nhyehyɛe foforo no mu.—2 Pet. 3:13.
[Ase hɔ nsɛm]
a Na ɛho renhia sɛ woyi ntama a wɔde kyekyeree no no ansa na wɔde ngo yi asra no efisɛ anka wobetumi ahwie ngo huamhuam no agu no so ara kwa. (Hwɛ Marko 14:3, 8; ɛkyerɛ sɛ bere a Yesu da so te ase no “wɔsraa” no maa ne sie, nanso nea ɔbea no yɛe ara ne sɛ ohwiee [ngo no] guu n’atifi.”)
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Dɛn nti na Bible akyerɛwfo anaa tete “Kristofo” akyerɛwfo no mu biara anka nkatanim bi a onipa mfonini wom ho asɛm?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Nkatanim ho asɛm no akyigyinafo bi kae sɛ, Bible kyerɛwtohɔ no yɛ “adanse a emu yɛ den” a etia nokware a saa asɛm no yɛ.