Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 1/1 kr. 24-25
  • Gerisim—‘Bepɔw Yi so na Yɛsomee’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gerisim—‘Bepɔw Yi so na Yɛsomee’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sekem—Kurow a Ɛda Bon Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɔkyerɛkyerɛɛ Samariani Baa Bi
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Henanom Som Na Onyankopɔn Gye Tom?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Asase ho Nsɛm a Bible Ka So Ɛyɛ Nokware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 1/1 kr. 24-25

Bɔhyɛ Asase no so Mmeae Ahorow

Gerisim​—‘Bepɔw Yi so na Yɛsomee’

SAMARIANI bea a ɔwɔ abura no ho no. So saa asɛm no nkae wo ɔbea bi a Yesu dii no adanse bɔnnɔ so wɔ “Yakob abura” a ɛwɔ Samaria kurow Sikar ho no ho amanneɛbɔ a ɛka koma no? So wobɛpɛ sɛ wuhu saa asɛm a ɛkyerɛ biribi a esii no mu yiye?​—Yohane 4: 5-14

Hyɛ mmepɔw abien a ɛwɔ atifĩ hɔ a ɛwɔ Yerusalem kusuu fam bɛyɛ kilomita 50 no nsow.a Benkum so hɔ (kesee fam) na Gerisim a nnua ahyɛ so ma no wɔ; mmasu a abu so wɔ hɔ no ma asase no sow aba na ɛyɛ fɛ. Nifa fam (kesee fam) na Ebal a ɛwɔ soro kakra na ɛhɔ yɛ mmepɔw mmepɔw na afifide nni so no wɔ. Sekem bon a ɛsow aba pii no wɔ wɔm ntam. Kae sɛ bere a Onyankopɔn adamfo Abram (akyiri yi wɔfrɛɛ no Abraham) tuu kwan faa Bɔhyɛ Asase no so no, ɔsoɛɛ Sekem. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Yehowa a na Oyii Ne ho adi kyerɛɛ no na Ɔhyɛɛ no bɔ sɛ Ɔde asase yi bɛma n’asefo nkyɛe no. (Genesis 12:5-7) Hwɛ sɛnea beae a wɔde bɔhyɛ no mae no fata, asase no mfinimfini pɛɛ! Ná agyapanyin no betumi agyina Gerisim anaa Ebal atifi ahu Bɔhyɛ Asase no afã horow pii. Ná Sekem kurow (nnɛyi Nablus) no yɛ dwumadibea titiriw bi, efisɛ na ɛwɔ kusuu fam kɔ kesee fam bepɔw kwan bi a ɛbɛn apuei fam kɔ atɔe fam kwan bi a ɛda mpoano ne Yordan Bon no ntam no so.

Ná Abraham afɔremuka no yɛ nyamesom mu adeyɛ atitiriw a ɛkɔɔ so wɔ ha no mu biako pɛ. Akyiri yi, Yakob tɔɔ asase wɔ ha na ɔde ne ho hyɛɛ ɔsom kronn mu. Otui anaasɛ ɔmaa apaafo tuu abura bi a emu dɔ nso wɔ baabi a ɛbɛn Gerisim ase hɔ. Mfehaha pii akyi no, Samariani bea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi . . ., nom bi.” Ebetumi aba sɛ na emu nsu no yɛ mmasu, enti na Yohane frɛɛ no ‘Yakob asuti’ no.

Ebia ɔsom kronn ho asɛm a wɔka fa Gerisim me Ebal ho no bɛma woakae nso sɛ Yosua de Israel baa ha sɛnea Mose hyɛe no. Yosua sii afɔremuka wɔ Ebal so. Yɛ mfonini wɔ w’adwenem sɛ nnipa no fã bi wɔ Gerisim anim na nkae no wɔ Ebal anim bere a Yosua rekenkan “mmara mu nsɛm no nyinaa, nhyira no ne nnome no.” (Yosua 8:30-35; Deuteronomium 11:29) Mfe bi akyi no Yosua san kɔɔ hɔ na ɔkae wɔ n’afotu a etwa to mu sɛ: “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa].” Nkurɔfo mo yɛɛ apam sɛ wɔbɛyɛ saa ara. (Yosua 24:1, 15-18, 25) Nanso so na wɔbɛyɛ saa ampa?

Ebia mmuae mo bɛma woate Yesu ne Samariani bea no nkɔmmɔbɔ no ase. Woahu, nokware som a Abraham, Yakob, ne Yosua de traa ase no ankɔ so antra Samaria ha.

Bere a kusuu fam mmusuakuw du no tew wɔn ho no, wɔdan kɔɔ nantwi ba som so. Enti Yehowa maa Asiriafo no kwan ma wodii saa beae yi so wɔ 740 A.Y.B. mu. Wotuu ɛhɔfo pii fii hɔ kɔe, de ananafo a wɔsom ananafo anyame fi Asiria Aheman mo afã afoforo bɛhyɛɛ wɔn ananmu. Ɛda adi sɛ abosonsomfo yi binom ne Israelfo dii ayeware na wosuaa nokware som mu nkyerɛkyerɛ ahorow bi, te sɛ twetiatwa. Nanso nokwarem no, na Samariafo som a efii mu bae no nsɔ Onyakopɔn ani nwie.​—2 Ahene 17:7-33.

Samariafo a na wɔn som adi afra mo gyee Mose nhoma anum a edi kan, Pentateuch no nkutoo toom sɛ Kyerɛwnsɛm. Bɛyɛ afeha a ɛto so anan A.Y.B mu no, wosii asɔrefi bi wɔ Gerisim Bepɔw so, de tiaa Onyakopɔn asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no. Akyiri yi wohyiraa so maa Seus (anaasɛ Jupiter) na awiei koraa no, wɔsɛee no. Nanso, Samariafo som kɔɔ so traa Gerisim ara. Ɛde besi nnɛ no, Samariafo di afe afe Twam afahyɛ wɔ Gerisim so. Wokum nguammaa pii. Wɔde wɔn afunu hyɛ nsu a ehuru wɔ ankora mu na ama wɔatumi ayi nhwi no, ma wɔde nnɔnhwerew bi noa nam no wɔ amoa mu. Samariafo ɔhaha pii, a pii fi Yerusalem, di twam aduan no wɔ ɔdasum. Wutumi hu Samariani ɔsɔfo panyin no, a wakata ne ti so, sɛ ɔredi Twam Afahyɛ bi di anim wɔ Bepɔw Gerisim so wɔ benkum so hɔ.

Kae nea Samariani bea no ka kyerɛɛ Yesu no: “Yɛn agyanom sɔree bepɔw yi so.” Yesu de nkyerɛkyerɛmu a ɛfata maa ɔno, ne yɛn nso sɛ: “Da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no. . . . Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.”​—Yohane 4:20-24.

[Ase hɔ asɛm]

a Wubetumi ahwɛ mfonini yi kɛse wɔ 1993 Calendar of Jehovah’s Witnesses mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Garo Nalbandian

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena