Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 9/15 kr. 20-23
  • Sɛnea Kristo Ahosakra No Ka Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Kristo Ahosakra No Ka Wo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Esisi Dii Kan
  • Ɛnyɛ Adaeso Anaasɛ Atosɛm
  • Nea Enti a Wohuu Mose
  • Nea Enti a Elia Puei
  • N’atirimpɔw
  • Nea Ɛkyerɛ Ma Wo
  • Bere a Yesu Ba Wɔ Ahenni Anuonyam Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ahosakra no Yɛ Kristo Anuonyam Ho Mpopoe
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Kristo—Nea Nkɔmhyɛ Twe Adwene Si No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 9/15 kr. 20-23

Sɛnea Kristo Ahosakra No Ka Wo

Na mmarima baanan aforo bepɔw tenten bi. Anwonwasɛm bi sii wɔ bepɔw no so. Bere a Yesu Kristo asuafo baasa a wɔn ho adwiriw wɔn no rehwɛ no, ɔsakrae wɔ wɔn ani so. Tie bere a Asɛmpa kyerɛwfo Marko de anigyesɛm a esii yi ho amanneɛbɔ ma no:

“Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim, na n’atade haranee fitafita a asase so ɔtamasifo biara ntumi nhoa no saa. Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na wɔne Yesu rekasa. Na Petro bua see Yesu sɛ: Rabi, eye sɛ yɛtra ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako ne Elia de biako. Na onnim nea ommua; efisɛ na wosuro yiye. Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no! Na amonom hɔ ara, wotwitwaa wɔn ani no, wɔanhu obiara bio sɛ Yesu nko ne wɔn.”​—Marko 9:2-8.

Afei susuw ho! Na Yesu anim rehyerɛn te sɛ owia. (Mateo 17:2) Na n’atade haran “fitafita a asase so ɔtamasifo biara ntumi nhoa no saa.” Afei wɔtee sɛ Onyankopɔn ankasa nne a ano yɛ den no reka ne Ba no ho asɛm bi. Anwonwasɛm a esii bɛn ara ni!

Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “ɔsakrae” no kyerɛ sɛ “biribi bɛsakra ayɛ biribi foforo.” Epue wɔ Romafo 12:2 nso, faako a wotu Kristofo fo sɛ ‘wɔnsakra wɔn ho’ denam wɔn adwene a wɔbɛyɛ no foforo so no.​—An Expository Dictionary of New Testament Words a W. E. Vine, yɛe, Po IV, kratafa 148.

Yiw, anwonwasɛm bi sii bere a wɔsakraa Yesu bere bi wɔ 32 Y.B. Twam afahyɛ no akyi. Dɛn na ɛmaa anwonwasɛm yi sii? So ɛkyerɛ biribi titiriw? Dɛn nti na na Mose ne Elia ka ho? Na Kristo ahosakra no ka wo dɛn?

Nsɛm a Esisi Dii Kan

Ansa na wɔreforo bepɔw no, na Yesu ne n’asuafo wɔ Kaesarea Filipi mpɔtam hɔ. Esiane sɛ na kurow yi wɔ bɛyɛ kilomita 25 wɔ Hermon Bepɔw kesee fam atɔe nti, ebia ahosakra no sii wɔ bepɔw yi fã atenten no biako so.

Bere a Yesu rekɔ “bepɔw tenten” no ho no, obisaa n’asuafo no sɛ: “Nnipa ka sɛ mene hena?” Wobuae sɛ: “Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: adiyifo no mu biako.” Afei Kristo bisae sɛ: “Na mode, muse mene hena?” Petro buae sɛ: “Wone Kristo no.” Ɔkae saa no, Yesu ‘baraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no po no, na wokum no, na ne nnansa so wasɔre.’​—Marko 8:27-31.

Yesu toaa so de bɔhyɛ yi mae sɛ: “Wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu Nyankopɔn ahenni no sɛ ɛde tumi aba.” (Marko 9:1; Mateo 16:28) Bɔhyɛ yi baam wɔ “ɛno akyi nnansia” bere a na Yesu rebɔ mpae na ɔsakraa wɔ Petro, Yakobo, ne Yohane anim no. Luka ka sɛ eyi sii wɔ ne “nnawɔtwe” akyi, efisɛ ebia ɔde da a ɔhyɛɛ bɔ no ne ne mmamu kaa ho.​—Mateo 17:1, 2; Marko 9:2; Luka 9:28.

Ɛnyɛ Adaeso Anaasɛ Atosɛm

Na Yesu ahosakra no nyɛ adaeso. Asomafo baasa no renso dae koro, na Yesu frɛɛ no ‘anisoadehu.’ Ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ atosɛm, efisɛ wɔakyerɛ Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Mateo 17:9 ne mmeae afoforo no ase sɛ “anisoade.” (Asomafo no Nnwuma 7:31) Enti na wɔn a wɔhwɛ no nnae, na wɔde wɔn aniwa hui na wɔde wɔn aso tee nea na ɛrekɔ so no ankasa.​—Luka 9:32.

Esiane sɛ na Petro nnae na onnim nea ɔbɛka nti, ɔde nyansahyɛ mae sɛ wɔmmɔ asese abiesa​—Yesu de biako, Mose de biako, ne Elia de biako. (Luka 9:33) Ɛda adi sɛ omununkum a esii bere a Petro rekasa no daa adi sɛ Onyankopɔn wɔ bepɔw no so,‘te sɛ nea na ɛte wɔ Israel ahyiae ntamadan no mu wɔ sare no so no. (Exodus 40:34-38; Luka 9:34) Nokwarem no, na asomafo no nnae bere a “Agya Onyankopɔn” no kae sɛ: “Oyi ne me Ba a mapaw no, muntie no!”​—2 Petro 1:17, 18; Luka 9:35.

Nea Enti a Wohuu Mose

Bere a ahosakra no sii no, na Mose ‘nnim biribiara,’ efisɛ na wawu wɔ mfehaha pii a atwam no mu. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Te sɛ Dawid no, na wonnyan no mfii owu mu ma enti na n’ankasa nni hɔ. (Asomafo no Nnwuma 2:29-31) Nanso dɛn nti na wohui sɛ Mose ka Kristo ho wɔ anisoadehu yi mu?

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛma odiyifo so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na waka nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.” (Deuteronomium 18:18) Petro hyɛɛ da kae sɛ nkɔmhyɛ yi fa Yesu ho. (Asomafo no Nnwuma 3:20-23) Wɔ Yesu akyi no, na Mose ne odiyifo a ɔsen biara a Onyankopɔn somaa no kɔɔ Israel man nkyɛn.

Nsɛdi ahorow bi wɔ Mose ne Mose Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo ntam. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔyɛ nkokoaa no, sodifo atirimɔdenfo de wɔn baanu nyinaa nkwa too asiane mu, nanso Onyankopɔn hwɛe ma wɔkoraa nkokoaa no so. (Exodus 1:20-2:10; Mateo 2:7-23) Wɔn baanu nyinaa dii mmuada nnafua 40 ansa na wɔrefi wɔn adwuma ase sɛ Yehowa nkoa a wɔda nsow. (Exodus 24:18; 34:28; Deuteronomium 9:18, 25; Mateo 4:1, 2) Na Mose ne Yesu baanu nyinaa de Onyankopɔn tumi yɛɛ anwonwade ahorow.​—Exodus 14:21-31; 16:11-36; Dwom 78:12-54; Marko 4:41; Luka 7:18-23; Yohane 14:11.

Onyankopɔn de Mose dii dwuma gyee Israel fii Misraim nkoasom mu, te sɛ nea Yesu de honhom mu ogye ba no ara. (Exodus 12:37-14:31; Yohane 8:31, 32) Mose nyaa hokwan yɛɛ Onyankopɔn ne Israelfo no ntam Mmara apam no ntamgyinafo, na Yesu yɛ apam foforo no Ntamgyinafo. (Exodus 19:3-9; 34:3-7; Yeremia 31:31-34; Luka 22:20; Hebrifo 8:3-6; 9:15) Yehowa de Mose dii dwuma nso ma ogyee din maa No wɔ Israelfo, Misrifo ne afoforo anim, te sɛ nea Yesu Kristo ma wohuu Yehowa din kronkron no kɛseyɛ no. (Exodus 9:13-17; 1 Samuel 6:6; Yohane 12:28-30; 17:5, 6, 25, 26) Ɛdenam Mose a wɔma opue kaa Yesu ho no so no, Onyankopɔn daa no adi sɛ Kristo bɛsom saa wɔ ɔkwan a ɛkyɛn so koraa so.

Nea Enti a Elia Puei

Ɛwom sɛ na wonnyan odiyifo Elia a wawu no mfii owu mu de, nanso na ɛfata sɛ opue wɔ ahosakra anisoadehu no mu. Elia yɛɛ adwuma kɛse de ɔsom kronn san sii hɔ, na ɔtew Yehowa din ho wɔ Israelfo no mu. Yesu Kristo yɛɛ saa ara bere a na ɔwɔ asase so no, na ɔbɛyɛ nea ɛsen saa mpo de nokware som asan asi hɔ de atew ne soro Agya no din ho denam Mesia Ahenni no so.

Odiyifo Malaki kyerɛe sɛ Elia adwuma no yɛɛ daakye dwumadi bi ho mfonini. Onyankopɔn nam Malaki so kae sɛ: “Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na [Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu no aba. Na ɔbɛdannan agyanom koma aba mma so, ne mma koma aba agyanom so, na mamma mamfa mmusu mammɛbɔ asase no.”​—Malaki 4:5, 6.

Saa nkɔmhyɛ yi nyaa ne mmamu ketewa wɔ Yohane suboni adwuma no mu. Yesu daa eyi adi wɔ n’ahosakra no akyi, bere a n’asuafo bisaa nea enti a kyerɛwfo no kae sɛ ɛsɛ sɛ Elia di kan ba​—ansa na Mesia no apue no. Yesu se: “Elia ba na wabɛsesɛw nneɛma nyinaa de, nanso mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na onipa Ba no rebehu amane wɔn nsam.” Kyerɛwtohɔ no de ka ho sɛ: “Ɛno na asuafo no tee ase sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn.”​—Mateo 17:10-13.

Yohane yɛɛ adwuma bi a ɛte sɛ nea Elia yɛe no bere a ɔbɔɔ Yudafo a wonyaa adwensakra no asu wɔ bɔne a wɔyɛ de buu Mmara apam no so no. Nea ehia titiriw no, Yohane na odii Mesia no anim kan bae na ɔdaa Yesu Kristo adi kyerɛe. (Mateo 11:11-15; Luka 1:11-17; Yohane 1:29) Nanso dɛn nti na adwuma a Yohane yɛe no yɛ Malaki nkɔmhyɛ no mmamu ketewaa bi pɛ?

Wohui sɛ Elia ne Yesu rekasa wɔ anisoadehu yi mu. Eyi sii wɔ Yohane Suboni wu akyi, enti ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma bi a ɛte sɛ nea Elia yɛe no daakye. Afei nso, nkɔmhyɛ no kyerɛe sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma yi ansa na “[Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu” no aba. “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon anaa Armagedon no ka saa asɛm a ebesi a ɛrebɛn ntɛmntɛm no ho. (Adiyisɛm 16:14-16) Eyi kyerɛe sɛ wɔbɛyɛ adwuma bi a ɛte sɛ nea Elia ne ne nanmusini Elisa yɛe no adi Onyankopɔn soro Ahenni a wɔde besi hɔ daakye no anim. Bɛboro afeha ni a Yehowa nnɛyi Adansefo reyɛ adwuma bi a ɔsom kronn a wɔbɛsan de asi hɔ ne Onyankopɔn din a wɔbɛma wɔahu ka ho.​—Dwom 145:9-13; Mateo 24:14.

N’atirimpɔw

Ɛbɛyɛ sɛ ahosakra no hyɛɛ Yesu den ma ogyinaa amanehunu ne owu a na ɔrebehyia no ano. Ɛbɛyɛ sɛ ne soro Agya a ɔtee sɛ ɔka ne ho asɛm sɛ Ne Ba a n’ani sɔ no no hyɛɛ Yesu gyidi den. Nanso dɛn na ahosakra no yɛ maa afoforo?

Yesu ahosakra no nso hyɛɛ wɔn a na wɔhwɛ no gyidi den. Ɛma ɛtraa wɔn adwenem sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba. Nokwarem no, esiane sɛ na Yehowa Kasamafo a ɔne Asɛm no wɔ wɔn ntam saa bere no nti, wɔtee sɛ Onyankopɔn ankasa nne paem ka sɛ: “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.” Ɛwom sɛ na Yehowa adi Yesu ho adanse saa ara bere a wɔbɔɔ no asu no de, nanso Onyankopɔn ka kaa ho wɔ ahosakra no mu sɛ ɛsɛ sɛ asuafo no tie Ne Ba no.​—Mateo 3:13-17; 17:5; Yohane 1:1-3, 14.

Ahosakra no hyɛɛ gyidi den wɔ ɔkwan foforo so. Wɔ anisoadehu no mu no, Yesu, “Mose,” ne “Elia” kaa “[Kristo] kɔ a ɛbɛbam wɔ Yerusalem no ho asɛm.” (Luka 9:31, NW) Wɔkyerɛɛ “kɔ” no ase fii Hela asɛmfua eʹxo·dos mu. Ɛda adi sɛ saa kɔ yi kyerɛ Yesu wu ne nyan a Onyankopɔn benyan no afi owu mu akɔ honhom asetra mu no. (1 Petro 3:18) Enti ahosakra no hyɛɛ Kristo owusɔre no mu gyidi den. Ne titiriw no, ɛnam adanse a edi mũ a ɛde mae sɛ Yesu bɛyɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni no so Hene no so hyɛɛ gyidi den. Bio nso, anisoadehu no kyerɛe sɛ Ahenni no bɛyɛ nea ɛwɔ anuonyam.

Ahosakra no hyɛɛ gyidi a wɔwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ mu nso den. Bɛyɛ mfe 32 akyi (bɛyɛ 64 Y.B.) no, Petro kaee osuahu yi na ɔkyerɛwee sɛ: “Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo ahoɔden ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a yɛn ani tuae. Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani! no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae. Nanso yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn kyɛn sa, ɛno na sɛ mohwɛ yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye.”​—2 Petro 1:16-19.

Nea Ɛkyerɛ Ma Wo

Yiw, Petro buu Yesu ahosakra no sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛsɛm so duasi a tumi wom. Ebia na anisoadehu yi na na ɔsomafo Yohane reka ho asɛm bere a ɔkaa eyi no: “Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtraa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ agya no ba a ɔwoo no koro anuonyam, na ɔdom ne nokware ayɛ no ma.” (Yohane 1:14) Saa ara nso na ahosakra no betumi ahyɛ wo gyidi a wowɔ wɔ Yehowa nkɔmhyɛsɛm mu no mu den.

Ahosakra no ne nsɛm a esisi kaa ho no betumi ahyɛ wo gyidi den sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Ebetumi ahyɛ wo gyidi wɔ nyan a wonyan Yesu fii owu mu kɔɔ honhom asetra mu wɔ soro no mu den. Ɛsɛ sɛ anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi ma gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn ahenni no mu no yɛ kɛse, efisɛ ahosakra no yɛ Kristo anuonyam ne n’Ahenni tumi ho mfonini.

Ɛhyɛ gyidi den titiriw sɛ yebehu sɛ Kristo ahosakra no twe adwene si yɛn bere yi so, bere a Yesu aba ampa no. (Mateo 24:3-14) Efi 1914 reba no, ɔredi tumi sɛ Onyankopɔn Hene a wapaw no wɔ ɔsoro. Ɛrenkyɛ na ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no adi dwuma atia ɔsoro nniso atamfo nyinaa, na abue kwan ma nhyehyɛe foforo bi aba. (2 Petro 3:13) Wubetumi anya emu nhyira a enni awiei no bi sɛ wokyerɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wɔdaa no adi wɔ Yesu Kristo ahosakra no mu no mu gyidi a.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena