Onyankopɔn Dwen Wo Ho
MARY, Kristoni bea bi a ɔwɔ ne mfe 40 awiei, ahu amane kɛse wɔ n’asetram. Ne kunu awaresɛe ma wogyaee aware bɛboro mfe du a atwam ni. Ɛno akyi no, Mary bɔɔ mmɔden dii n’asɛyɛde ho dwuma sɛ ɔwofo a onni ɔhokafo hwɛɛ ne mma baanan. Nanso ɔda so ara yɛ ankonam, na ɛtɔ mmere bi a na ankonamyɛ no reyɛ amene no. Mary bisa sɛ, ‘Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn nnwen me anaa me mma a wonni agya no ho?’
Sɛ ebia woahyia amanehunu a ɛte saa pɛn anaasɛ wunhyiaa bi da no, akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi anya tema ama Mary wɔ sɛnea ɔte nka no ho. Yɛn nyinaa ahyia tebea horow a ɛyɛ den pɛn, na ebia yesusuw bere ne ɔkwan a Yehowa bɛfa so adi yɛn asɛm ama yɛn no ho saa ara. Osuahu ahorow yi mu bi fi yɛn ho a yɛde bata Onyankopɔn mmara ho no tẽẽ. (Mateo 10:16-18; Asomafo no Nnwuma 5:29) Afoforo ba esiane sɛ yɛyɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ a yɛte wiase a Satan di so mu no nti. (1 Yohane 5:19) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo.”—Romafo 8:22.
Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wuhyia sɔhwɛ a emu yɛ den no nkyerɛ sɛ Yehowa agyaw wo anaasɛ wo yiyedi ho nhia no. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ eyi te saa? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen wo ho?
Tete Nhwɛso Bi
Bible de sɛnea Yehowa dwen nnipa ho sɛ ankorankoro no ho adanse a emu da hɔ pefee ma. Susuw Dawid ho. Yehowa kyerɛɛ oguanhwɛfo kumaa yi ho anigye, buu no sɛ “ne koma so barima.” (1 Samuel 13:14) Akyiri yi, bere a Dawid dii hene no, Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.”—2 Samuel 7:9, NW.
Eyi kyerɛ sɛ Dawid nyaa asetra a “ɔhaw nnim,” a enti wanhyia nsɛnnennen? Dabi, Dawid hyiaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den ansa na ɔrebedi ade ne bere a ɔredi ade no. Owudifo Ɔhene Saul taa ne so denneennen mfe pii ansa na Dawid rebedi hene. Wɔ Dawid asetram bere yi mu no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Me kra da gyata mu nnipa mma a wɔn se yɛ mpeaw ne agyan mu.’—Dwom 57:4.
Nanso, wɔ amanehunu yi nyinaa mu no, na Dawid gye di sɛ Yehowa dwen ne ho. Ɔkae wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo na woabu me kyini a mikyini yi ano.” Yiw, wɔ Dawid fam no na ɛte sɛ nea Yehowa ayɛ ahohia no nyinaa ho kyerɛwtohɔ. Afei Dawid de kaa ho sɛ: “Fa me nusu gu wo kotoku [nhoma ntoa, NW] mu. Enni wo nhoma mu anaa?”a (Dwom 56:8) Dawid nam mfatoho yi so daa ahotoso a na ɔwɔ sɛ ɛnyɛ ne tebea no nko na Yehowa nim, na mmom nkɛntɛnso a anya wɔ ne nkate so no nso adi.
Ɛde rekɔ Dawid asetra awiei no, otumi kyerɛw n’ankasa suahu ho asɛm sɛ: “Awurade na ɔde onipa anammɔn sisi yiye, na ne kwan sɔ n’ani, sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea fam koraa, efisɛ Awurade kura ne nsam.” (Dwom 37:23, 24) Wo nso wubetumi anya ahotoso sɛ sɛ wo sɔhwɛ ahorow no yɛ nea ennyae na ɛkɔ so bere nyinaa a, Yehowa hu, na wo boasetɔ no som bo ma no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.”—Hebrifo 6:10.
Afei nso, Yehowa betumi adi ama wo denam ahoɔden a ɔde bɛma wo ma wode agyina akwanside biara a aba wo kwan mu ano no so. Dawid kyerɛwee sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso, na Awurade gye no ne nyinaa mu.” (Dwom 34:19) Nokwarem no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa aniwa “kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.”—2 Beresosɛm 16:9.
Yehowa Atwe Wo
Yetumi hu dwen a Yehowa dwen yɛn ho no ho adanse foforo wɔ Yesu nsɛm mu. Ɔkae sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Yiw, Yehowa boa nnipa ankorankoro ma wonya Kristo afɔrebɔ no mu mfaso kosi ase. Ɔkwan bɛn so? Mpɛn pii no, ɔnam Ahenni asɛmpaka adwuma no so. Ampa, adwuma yi di “amanaman nyinaa adanse,” nanso edu nkurɔfo nkyɛn sɛ ankorankoro. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ woretie asɛmpa no na woredi ho dwuma no di dwen a Yehowa dwen wo ho sɛ ankorankoro no ho adanse.—Mateo 24:14.
Ɛdenam honhom kronkron so no, Yehowa twe nnipa ba ne Ba no ne daa nkwa anidaso no ho sɛ ankorankoro. Eyi boa obiara ma ɔte honhom fam nokwasɛm ahorow ase de di dwuma, ɛmfa ho sintɔ ne mmerɛwyɛ ahorow a wɔde woo wɔn biara no. Nokwarem no, obi ntumi nte Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ase bere a Onyankopɔn honhom no mmoa nka ho. (1 Korintofo 2:11, 12) Sɛnea Paulo kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no, “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tesalonikafo 3:2) Yehowa de ne honhom ma wɔn a wɔda no adi sɛ wɔpɛ sɛ ɔtwe wɔn no nkutoo.
Yehowa twe nkurɔfo efisɛ ɔdɔ wɔn sɛ ankorankoro, na ɔpɛ sɛ wonya nkwa. Dwen a Yehowa dwen yɛn ho no ho adanse a emu yɛ den bɛn ara ni! Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nketewa yi mu biako bɛyera.” (Mateo 18:14) Yiw, Onyankopɔn ani so no, onipa biara ho hia sɛ ankorankoro. Ɛno nti na Paulo tumi kyerɛwee sɛ: “Ɔno na obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako.” (Romafo 2:6) Na ɔsomafo Petro kae sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea [onipa ankorankoro a] osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
Yesu Anwonwade Ahorow
Sɛnea Onyankopɔn ani gye nnipa ho no daa adi yiye wɔ anwonwade ahorow a ne Ba, Yesu yɛe no mu. Na saa ayaresa ahorow no fi nkate a emu yɛ den mu. (Marko 1:40, 41) Esiane sɛ Yesu “ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ” nti, ne mmɔborohunu no da sɛnea Yehowa dwen ne somfo biara ho no adi kɛse.—Yohane 5:19.
Susuw asɛm bi a ɛfa anwonwade bi a Yesu yɛe ho a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Marko 7:31-37 no ho. Ɛha no, Yesu saa ɔbarima bi a ɔyɛ ɔsotifo a na ɔpo dodow yare. Bible ka sɛ: “Ɔfaa [ɔbarima] no fii nkurɔfokuw no mu kɔɔ nkyɛn.” Afei, “ɔhwɛɛ ɔsoro guu ahome, na osee no sɛ: Hefata! ɛne sɛ: Bue!”
Dɛn nti na Yesu faa ɔbarima yi fii nkurɔfokuw no anim? Wiɛ, ɛbɛyɛ sɛ na ɔsotifo a ɛyɛ den ma no sɛ obetumi akasa no bɛyɛ basaa wɔ bɛhwɛadefo no anim. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu huu ɔbarima yi ahoyeraw no, na ɛno nti na ɔpawee sɛ ɔbɛsa no yare wɔ kokoam no. Bible ho onimdefo bi ka sɛ: “Asɛm no nyinaa kyerɛ yɛn pefee sɛ Yesu ammu ɔbarima no ɔyarefo bi ara kɛkɛ; obuu no sɛ ankorankoro. Na ɔbarima no wɔ ahiade ne ɔhaw a ɛyɛ soronko, na Yesu ne no dii no ayamye kɛse mu a amma wannya atenka bɔne bi, na ɔyɛɛ saa wɔ ɔkwan a ɛbɛma watumi ate ase so.”
Saa kyerɛwtohɔ yi kyerɛ sɛ na Yesu dwen nnipa ho ankasa. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔwɔ wo ho anigye saa ara. Nokwarem no, n’afɔrebɔ wu no yɛ ɔdɔ a oyii no adi kyerɛɛ adesamma a wɔwɔ wiase nyinaa a wobetumi agye wɔn nkwa no. Nanso, wubetumi afa no sɛ ɔyɛɛ saa ade yi maa wo, sɛnea Paulo a ɔkyerɛw eyi no faa no no: “Onyankopɔn Ba no . . . dɔɔ me na ɔde ne ho mae maa me.” (Galatifo 2:20, NW) Na esiane sɛ Yesu sii so dua sɛ ‘nea wahu no no ahu agya no’ nti, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa wɔ n’asomfo no mu biara ho anigye saa ara.—Yohane 14:9.
Yehowa Bɛyɛ Ɔkatuafo
Nea ɛka Onyankopɔn ho nimdeɛ a obi benya ho ne ne nipasu a wɔada no adi wɔ Bible mu no afã biara a obehu. Yehowa din no ankasa kyerɛ “Nea Ɔma Biribi Yɛ Hɔ,” a ɛkyerɛ sɛ Yehowa betumi aba gyinabea biara a ɔpaw sɛ ɔbɛbam mu na ama watumi ayɛ n’apɛde. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, wadi asɛyɛde ahorow pii ho dwuma, a nea ɛka ho bi ne Ɔbɔadeɛ, Agya, Amansan Hene, Oguanhwɛfo, asafo Yehowa, mpaebɔ Tiefo, Ɔtemmufo, Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini, ne Ogyefo.b
Nea ɛbɛyɛ na yɛate Onyankopɔn din no ase akosi ase no, ɛsɛ sɛ yehu dwuma a Yehowa di sɛ Ɔkatuafo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.
Yehowa de daa nkwa wɔ paradise asase so ahyɛ wɔn a wofi koma nyinaa mu paw sɛ wɔbɛsom no nnɛ no bɔ. Ɛnyɛ pɛsɛmenkominya sɛ wobɛhwɛ saa bɔhyɛ kɛse no mmamu kwan, na saa ara nso na ɛnyɛ aniammɔnho sɛ wobɛfa no sɛ wote hɔ. Mose ‘hwɛɛ akatua no.’ (Hebrifo 11:26) Saa ara na Paulo nso de anigye hwɛɛ ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no mmamu kwan. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no.”—Filipifo 3:14.
Wo nso wubetumi ahwɛ akatua a Yehowa de ahyɛ wɔn a wogyina wɔn mudi mu bɔ no kwan. Saa akatua no kwan a wobɛhwɛ no yɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ a wubenya ne boasetɔ a wubenya wɔ ne som mu no fã titiriw. Enti susuw nhyira horow a Yehowa ahyɛ ato hɔ ama wo no ho da biara da. Mary a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no abɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛyɛ eyi. Ɔka sɛ: “Nea edi kan wɔ m’asetram no, nnansa yi ara na migye toom sɛ Yesu agyede afɔrebɔ no fa me ho. Mafi ase rete nka sɛ Yehowa dwen me ho sɛ onipa bi. Mayɛ Kristoni bɛboro mfe 20 ni, nanso nnansa yi ara na merefi ase agye eyi adi.”
Ɛdenam adesua ne komam a wofi susuw Bible ho so no, Mary ne nnipa foforo ɔpepem pii rehu sɛ ɛnyɛ sɛ Yehowa dwen ne nkurɔfo ho sɛ nnipakuw nko na mmom sɛ ankorankoro nso. Na ɔsomafo Petro gye eyi di araa ma ɔkyerɛwee sɛ: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:7) Yiw, Onyankopɔn dwen wo ho!
[Ase hɔ nsɛm]
a Na nhoma toa yɛ ade a wɔde aboa nhoma yɛ a wɔde nneɛma te sɛ nsu, ngo, nufusu, bobesa, bɔta, ne kyiis gu mu. Na tete ntoa no kɛse gu ahorow pii, na ebi yɛ nhoma kotoku na afoforo yɛ ade a wɔde nneɛma gu mu a ne kɔn yɛ teateaa a ɛwɔ ntuano.
b Hwɛ Atemmufo 11:27; Dwom 23:1; 65:2; 73:28; 89:26; Yesaia 8:13; 30:20; 40:28; 41:14; hwɛ New World Translation of the Holy Scriptures—With References, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii, Appendix 1J, kratafa 1568.
[Kratafa 6 adaka]
Owusɔre No—Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho
WOHU adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani gye ankorankoro biara ho wɔ Bible mu wɔ Yohane 5:28, 29 (NW): “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne, na wɔafi adi.”
Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wɔde Hela asɛmfua mne·meiʹon (nkae ɔda) na edi dwuma wɔ ha mmom sen taʹphos (ɔdamoa). Asɛmfua taʹphos twe adwene si amusie so ara kɛkɛ. Nanso mne·meiʹon kyerɛ sɛ wɔkae onipa a wawu no kan asetra.
Eyi mu no, susuw nea ɛbɛhwehwɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ wɔ owusɔre ho no ho. Sɛ obetumi de obi aba nkwa mu a, ɛsɛ sɛ ohu onii no ho biribiara—a su horow a onya fii awo mu ne ne nkae nyinaa ka ho. Saa a ɔbɛyɛ no nkutoo na obetumi de obi aba nkwa mu a okura su koro a na ɔwɔ no.
Nokwarem no, wɔ onipa fam de eyi ntumi nyɛ yiye, nanso “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.” (Marko 10:27) Obetumi ahu nea ɛwɔ onipa bi komam mpo. Sɛ onipa bi awu mfehaha pii mpo a, ne ho nkae a Onyankopɔn wɔ no renni huammɔ; ɛmpopa. (Hiob 14:13-15) Enti, bere a Yesu reka Abraham, Isak, ne Yakob ho asɛm wɔ wɔn wu akyi mfehaha pii mpo no, otumi kae sɛ Yehowa ‘nyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de; efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no.’—Luka 20:38.
Enti, Yehowa Nyankopɔn kae nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu ho biribiara. Adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen nnipa ho sɛ ankorankoro bɛn ara ni!
[Kratafa 7 mfonini]
Yesu kyerɛɛ wɔn a ɔsaa wɔn yare no ho anigye sɛ ankorankoro