Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 4/1 kr. 14-19
  • Nokware Kristosom Di Nkonim!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Kristosom Di Nkonim!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔso a Asɛm no Anya Nnɛ
  • Honhom Kronkron Reyɛ Adwuma Nnɛ
  • Onyankopɔn Asɛm Di Nkonim Wɔ Adwumayɛfo a Wɔyɛ Nsi Mu
  • Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Dɔ Di Nkonim
  • ‘Yehowa Asɛm No Kɔɔ So Nyinii’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • ‘Adanse A Yebedi Amanaman Nyinaa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Asɛmpaka Adwuma​—N’afa Wɔ Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • ‘Asɛmpa No Ho Adwuma Kronkron A Yɛbɛyɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 4/1 kr. 14-19

Nokware Kristosom Di Nkonim!

“Sɛnea [Yehowa, “NW”] asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.”—ASOMAFO NO NNWUMA 19:20.

1. Ka nkɔso a Kristosom nyae wɔ afeha a edi kan no mu ho asɛm.

BERE a honhom kronkron tumi no hyɛɛ tete Kristofo no den no, wɔde nsi a wontumi mmrɛ no ase kaa Onyankopɔn asɛm no. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Kristosom atrɛw ntɛmntɛm ma ɛyɛ nwonwa wɔ Roma ahemman no mu. Ebetumi aba sɛ eduu afe 100 no na Kristofo wɔ ɔmansin biara a ɛbɛn Mediterranea no mu.”

2. Ɔkwan bɛn so na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛko atia asɛmpa no, na ɔkwan bɛn so na na wɔaka eyi ho asɛm asie?

2 Satan Ɔbonsam antumi amma tete Kristofo no anka wɔn ano antom. Mmom no, ɔfaa ɔkwan foforo—ɔwae—so ko tiaa asɛmpa no. Ná Yesu aka eyi ho asɛm asie wɔ ne bɛ a ɛfa awi ne wura ho no mu. (Mateo 13:24-30, 36-43) Ná ɔsomafo Petro nso abɔ kɔkɔ sɛ atoro akyerɛkyerɛfo bɛsɔre wɔ asafo no mu, na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba mu. (2 Petro 2:1-3) Saa ara na ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ pefee sɛ ɔwae bɛba ansa na Yehowa da no aba.—2 Tesalonikafo 2:1-3.

3. Dɛn na esii wɔ asomafo no wu akyi?

3 Asomafo no wu akyi no, abosonsomfo nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ bɛkataa asɛmpa no so. Sɛnea wɔka siei no, atoro akyerɛkyerɛfo kyinkyim nokwasɛm kronkron no sɛee no. Nnaadaa som a wɔfrɛɛ no Kristoman de nkakrankakra bɛkataa nokware Kristosom so. Asɔfokuw a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔremma mpapahwekwa nkenkan Bible no sɔree. Ɛwom sɛ nnipa a wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo no dodow nyaa nkɔanim de, nanso na wɔn som no nteɛ. Kristoman trɛw kɔɔ nsase pii so na ɛbɛyɛɛ ahyehyɛde a ɛyɛ den na ɛwɔ tumi wɔ Atɔe fam aman mu, nanso na Onyankopɔn nhyira anaa ne honhom nni so.

4. Dɛn nti na pɔw a Satan bɔe sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn atirimpɔw no anyɛ yiye?

4 Nanso, na Satan tirim a ɔbɔe sɛ ɔbɛsɛe Yehowa atirimpɔw no bɛyɛ kwa. Wɔ ɔwae bere a na emu yɛ hu paa mu mpo no, na nokware Kristosom da so wɔ ebinom mu. Mmarima a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no yɛɛ ahwɛyiye kyerɛw no pɛpɛɛpɛ. Enti, ɛwom sɛ nnipa pii a na wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔde Bible kyerɛkyerɛ no kyinkyim emu nsɛm no de, nanso Bible no ankasa kɔɔ so yɛɛ nea edi mu. Mfehaha pii a etwaam no, nhomanimfo te sɛ Jerome ne Tyndale de akokoduru kyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm no ase kyekyɛe. Nnipa ɔpepem pii nsa kaa Bible no de wɔn ho hyɛɛ Kristosom bi mu, ɛwom sɛ na ɛyɛ nea nnaadaa wom de.

5. Dɛn na odiyifo Daniel ka siei faa ‘nokware nimdeɛ’ ho?

5 Awiei koraa no, sɛnea Daniel nhoma no kaa ho asɛm siei no, ‘nokware nimdeɛ dɔɔso.’ Eyi asi wɔ “awiei bere” mu—bere a yɛte mu mprempren yi mu. (Daniel 12:4) Honhom kronkron no ama nnipa a wɔdɔ nokware no a wɔwɔ wiase nyinaa anya nokware Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nokware nimdeɛ. Bere a awaefo nkyerɛkyerɛ akɔ so mfehaha pii akyi mpo no, Onyankopɔn asɛm kɔ so di nkonim! Ɛnnɛ, wɔreka asɛmpa no wɔ mmaa nyinaa, rema nkurɔfo ahu wiase foforo a anigye wom ho anidaso no. (Dwom 37:11) Afei momma yɛnhwehwɛ nnɛyi nkɔso a Onyankopɔn asɛm anya no mu.

Nkɔso a Asɛm no Anya Nnɛ

6. Ebeduu 1914 mu no, na nokware ahorow bɛn na Bible Asuafo no ate?

6 Wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei mu no, Bible mu nokware no kanyan Bible Asuafo kuw ketewaa bi a ɛnnɛ wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo no. Ebeduu afe 1914 no na wɔate Bible no ase. Wɔtee Onyankopɔn atirimpɔw ho nokware ahorow a ɛyɛ anigye no ase. Yehowa dɔ a ɛma ɔsomaa ne Ba no baa asase so, na ɔnam so buee daa nkwa hokwan no kaa wɔn kɛse. Ná wɔabehu Onyankopɔn din ne ne nipasu nso anya ho anisɔ. Afei nso, wohui sɛ “amanaman no bere” no awie du dedaw, a ɛkyerɛe sɛ na ɛbere no abɛn sɛ Onyankopɔn Ahenni nniso no de nhyira ahorow brɛ adesamma. (Luka 21:24) Anuonyam asɛmpa bɛn ara ni! Na ɛsɛ sɛ wɔka nokware ahorow a tumi wom yi ho asɛm kyerɛ obiara wɔ mmaa nyinaa. Na nkurɔfo nkwa da asiane mu!

7. Ɔkwan bɛn so na Bible mu nokware adi nkonim wɔ nnɛ bere yi mu?

7 Yehowa hyiraa Kristofo kakraa bi a na wɔde honhom asra wɔn no. Ɛnnɛ, nnipa a wɔagye nokware Kristosom atom no dodow aboro ɔpepem asia. Onyankopɔn asɛm no nso atrɛw adu nsase pii so, efisɛ Yehowa Adansefo wɔ nsase 235 so. Afei nso, ahoɔden wɔ Bible mu nokware no mu, na adi akwanside ahorow, nyamesom ne afoforo, nyinaa so nkonim. Asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no ma adanse a ɛne sɛ Yesu wɔ Ahenni tumi mu mprempren no yɛ nokware koraa.—Mateo 24:3, 14.

8. Dɛn na ebinom aka afa nkɔso a Yehowa Adansefo anya no ho?

8 Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo kaa nkɔso a ɛyɛ nwonwa a Kristosom nyae wɔ afeha a edi kan no mu ho asɛm no, saa ara na nhomanimfo pii aka nkɔso a Yehowa nkurɔfo anya wɔ ɛnnɛ bere yi mu no ho asɛm. Wɔ United States no, nhomanimfo baanu bi boom kyerɛwee sɛ: “Mfirihyia 75 a atwam no Yehowa Adansefo akɔ so anya nkɔso a ɛyɛ nwonwa . . . na wɔayɛ saa wɔ wiase nyinaa.” Nsɛmma nhoma bi a ɛwɔ Afrika Apuei fam ka Adansefo ho asɛm sɛ “esiane wɔn ho a wɔde to Bible nkyerɛkyerɛ so koraa nti, ɛka wiase nyamesom ahorow a ɛrenya nkɔso ntɛmntɛm a wobu no kɛse na wonim wɔ amanaman mu no ho.” Katolekfo nsɛmma nhoma bi a ekura tetefo amammerɛ mu a wotintim wɔ Europa, ka “nkɔso kɛse a Yehowa Adansefo anya” ho asɛm. Dɛn na ɛde nkɔso yi nyinaa aba?

Honhom Kronkron Reyɛ Adwuma Nnɛ

9. (a) Dɛn ne ade titiriw nti a Onyankopɔn asɛm di nkonim nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa twe nkurɔfo ba ne nkyɛn?

9 Ade titiriw a ama Onyankopɔn asɛm adi nkonim nnɛ ne sɛ Yehowa honhom no reyɛ adwuma denneennen, sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu ara pɛ. Yesu kae sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn de nkakrankakra twe wɔn a wɔfata no, na ɔkanyan wɔn koma. Yehowa nam N’adansefo no asɛnka adwuma no so retwe “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ”—ahobrɛasefo, asase so nnipa a wɔwɔ nguanten su—aba ne som mu.—Hagai 2:6, 7.

10. Nnipa ahorow bɛn na wɔagye Onyankopɔn asɛm no atom?

10 Ɛnyɛ den nko na honhom kronkron no hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔde Onyankopɔn asɛm no duu asase ano nohoa; na mmom aka nnipa ahorow nyinaa nso ma wɔagye asɛmpa no atom. Nokwarem no, wɔn a wɔagye Onyankopɔn asɛm atom no nyinaa fi “mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu.” (Adiyisɛm 5:9; 7:9, 10) Adefo ne ahiafo, nhomanimfo akɛse ne wɔn a wonnim nhoma nyinaa ka wɔn ho. Ebinom gyee asɛm no toom wɔ ɔko ne ɔtaa a emu yɛ den mu, afoforo nso yɛɛ saa wɔ asomdwoe ne yiyedi mmere mu. Mmarima ne mmea nyinaa, nniso ahorow nyinaa, aman nyinaa mu, efi nneduaban mu kosi ahemfi ahorow mu agye asɛmpa no atom wɔ kwan a ɛfata so.

11. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no yɛ adwuma wɔ Onyankopɔn nkurɔfo asetram, na nsonsonoe bɛn na ɛda adi?

11 Ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nsɛm tebea gu ahorow ma ɛyɛ nwonwa no, wɔabom te asomdwoe mu. (Dwom 133:1-3) Eyi yɛ adanse nso a ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron no reyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔresom Onyankopɔn no asetra mu. Ne honhom no yɛ tumi a ɛyɛ ade pa na ɛboa n’asomfo ma wɔda ɔdɔ, anigye, asomdwoe, ayamye, ne su afoforo a ɛfata adi. (Galatifo 5:22, 23) Ɛnnɛ, yehu nea odiyifo Malaki kaa ho asɛm siei bere tenten a atwam no pefee: ‘Mubehu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.’—Malaki 3:18.

Onyankopɔn Asɛm Di Nkonim Wɔ Adwumayɛfo a Wɔyɛ Nsi Mu

12. Yehowa Adansefo te nka dɛn wɔ asɛmpaka adwuma no ho, na dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn asɛnka adwuma no de bɛba?

12 Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyɛ asɔrekɔfo a wotie asɛm kɛkɛ. Wɔde wɔn ho hyɛ asɛmpaka adwuma no mu. Te sɛ tete Kristofo no, wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho ma yɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔpɛ sɛ wɔboa afoforo ma wosua Yehowa Ahenni bɔhyɛ ahorow no ho ade. Wɔyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo a wɔyɛ ade ma ɛne ne honhom kronkron no hyia, na wɔboa afoforo ma wɔba Yehowa som mu. Saayɛ mu no, wɔda Yehowa mmɔborohunu ne ne dɔ adi kyerɛ adesamma a wonnye nni no. Na wɔyɛ saa ɛmfa ho sɛ wohyia anibiannaso, fɛwdi, ne ɔtaa. Yesu siesiee n’akyidifo no maa su ahorow a wɔbɛda no adi wɔ asɛmpa no ho no. Ɔkae sɛ: “Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi.”—Yohane 15:20.

13. Nneɛma a Kristoman ntumi nyɛ bɛn na abu so wɔ Yehowa Adansefo mu?

13 Yentumi mmu yɛn ani ngu nsɛdi a ɛwɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ne wɔn a wogyee nokware Kristosom toom wɔ afeha a edi kan mu no ntam no so. Ade foforo nso a yɛn ani ntumi mpa so ne nsonsonoe kɛse a ɛda Yehowa Adansefo ne Kristoman ntam nnɛ no. Bere a nhomanimfo bi kyerɛw nsi a tete Kristofo no daa no adi wɔ asɛmpaka adwuma no mu ho asɛm wiei no, ɔbɔ abubuw sɛ: “Sɛ yɛanyɛ nsakrae biara wɔ yɛn bere yi so asɔre no nhyehyɛe mu amma yɛammu asɛmpaka adwuma no bio sɛ ɛyɛ Kristoni biara a wɔabɔ no asu ahyɛde, na yɛamfa asetra kwan a eye koraa sen wɔn a wonnye nni de ammɔ yɛn bra a, ɛbɛyɛ den sɛ yebenya nkɔso pii.” Nneɛma a Kristoman ntumi nyɛ abu so wɔ Yehowa Adansefo mu! Wɔwɔ gyidi a ɛyɛ nnam, nokware gyidi, ne gyidi a egyina Bible mu nokware so a wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm kyerɛ obiara a obetie.—1 Timoteo 2:3, 4.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu buu ne som adwuma no, na su bɛn na n’asuafo da no adi nnɛ?

14 Yesu faa ne som adwuma no aniberesɛm, na ɔma ɛyɛɛ n’asetram ade titiriw. Ɔka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Onyankopɔn nkurɔfo te nka te sɛ Yesu. Bere a Bible mu nokware no wɔ wɔn komam no, wɔbɔ mmɔden hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so aka ho asɛm akyerɛ nnipa pii sɛnea wobetumi. Akwan a wɔfa so yi bi da nyansakwan a ɛyɛ nwonwa adi.

15. Ɔkwan bɛn so na ebinom afa nyansakwan so aka asɛmpa no?

15 Wɔ Amerika Anafo fam ɔman bi mu no, na Adansefo no fa asubɔnten bi a ɛbɔ Amazon Asubɔnten no mu so de nokware no kɔ nkurɔfo nkyɛn. Nanso, bere a amanko sii wɔ afe 1995 mu no, wɔbaraa ɔmanfo sɛ wɔmmfa asubɔnten no so. Esiane sɛ na Adansefo no asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so de Bible ho nhoma akɔma anigyefo no nti, wosii gyinae sɛ wɔde wɔn nkrasɛm no bɛfa nsu no ani. Wɔkyerɛw nkrataa de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma kaa ho hyehyɛɛ rɔba ntoa mu. Na afei wɔtoo ntoa no guu nsu no mu. Wɔkɔɔ so yɛɛ eyi mfirihyia anan ne fã kosii sɛ wɔmaa kwan ma ɔmanfo faa nsu no so bio. Nkurɔfo a wɔte asubɔnten no ho nyinaa daa Adansefo no ase wɔ nhoma no ho. Ɔbea bi a na ɔyɛ Bible suani de nusu yɛɛ wɔn atuu kae sɛ: “Na misusuw sɛ minhu mo bio. Nanso, bere a me nsa fii ase kaa nhoma a ɛhyehyɛ ntoa mu no, mihui sɛ mo werɛ mfii me!” Afoforo a na wɔte asubɔnten no ho kae sɛ wɔakenkan nsɛmma nhoma no mpɛn pii. Nkuraa no pii wɔ “amenae”—beae a sɛ nsuten no di kyinhyia a nneɛma a ɛtɛn nsu no ani boa ano wɔ hɔ bere tiaa mu. Ɛhɔ na na anigyefo no taa kɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka “amenade” bi afi asutifi anaa.

16. Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ mmere bi a, yɛn ho a yɛde ma no bue asuafoyɛ adwuma no hokwan ma yɛn?

16 Yehowa ne n’abɔfo a wɔwɔ tumi no taa asɛmpaka adwuma no akyi na wɔkyerɛ no kwan. (Adiyisɛm 14:6) Sɛ yɛde yɛn ho ma a, hokwan ahorow a yɛde bɛyɛ asuafo sɔre wɔ mmere bi a yɛnhwɛ kwan mu. Wɔ Nairobi, Kenya no, na Kristofo mmea baanu bi a wɔwɔ asɛnka mu awie afie a wɔde maa wɔn no mu adwuma. Ababaa bi de anigye baa wɔn nkyɛn mpofirim de anigye bɛkae sɛ: “Merebɔ mpae sɛ mehyia nnipa a wɔte sɛ mo.” Ɔsrɛɛ Adansefo no sɛ wɔmmra ne fie ntɛm ara ne no mmɛbɔ nkɔmmɔ, na wɔne no fii Bible adesua ase saa da no ara. Dɛn nti na ɔbea no kɔɔ Kristofo baanu no nkyɛn a na ne ho pere no saa? Na ne ba awu bɛyɛ adapɛn abien a atwam no. Enti bere a ohui sɛ abofra bi kura “Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu?” kratawa no, na ohia yiye, na ɔka kyerɛɛ abarimaa no sɛ ɔmfa mma no. Wamfa amma no, na mmom ɔkyerɛɛ no Adansefo a wɔde kratawa no maa no no. Ankyɛ na ɔbea no nyaa honhom fam nkɔso a ɛyɛ anigye, na otumi gyinaa ne ba no wu ho yaw no ano yiye.

Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Dɔ Di Nkonim

17-19. Ɔdɔ bɛn na Yehowa nam agyede no so ada no adi akyerɛ adesamma?

17 Nkɔso a Onyankopɔn asɛm anya wɔ asase nyinaa so no ne Kristo Yesu agyede afɔre no wɔ abusuabɔ. Te sɛ agyede no, asɛnka adwuma no yɛ Yehowa dɔ a ɔda no adi kyerɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa. Honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.

18 Susuw ɔdɔ a Yehowa daa no adi wɔ agyede a ɔde mae no ho ho hwɛ. Onyankopɔn ne ne Ba a ɔwoo no koro, “Onyankopɔn abɔde mfiase no,” anya abusuabɔ a emu yɛ den bere tenten a enni ano. (Adiyisɛm 3:14) Yesu dɔ N’agya yiye, na Yehowa dɔɔ ne Ba no “ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.” (Yohane 14:31; 17:24) Yehowa maa ne Ba no wui sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa betumi anya daa nkwa. Ɔdɔ a ɛyɛ nwonwa a wɔda no adi kyerɛ adesamma bɛn ara ni!

19 Yohane 3:17 ka sɛ: “Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.” Enti, Yehowa somaa ne Ba no sɛ ɔmmɛyɛ nkwagye adwuma a ɔdɔ wom, ɛnyɛ sɛ ommebu atɛn anaa ommebu fɔ. Eyi ne Petro nsɛm no hyia sɛ: ‘Yehowa mpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’—2 Petro 3:9.

20. Ɔkwan bɛn so na nkwagye ne asɛmpaka adwuma no wɔ abusuabɔ?

20 Bere a Yehowa ayɛ mmara kwan so nhyehyɛe a ne bo yɛ den a wobegyina so agye nkwa no, ɔpɛ sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a nnipa pii fa so nya nkwa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no benya nkwa. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?”—Romafo 10:13, 14.

21. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ hokwan a yɛanya de reka asɛmpa no bi no ho?

21 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wubenya hokwan ayɛ wiase nyinaa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi bi! Ɛnyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw, nanso hwɛ sɛnea Yehowa ani gye bere a ohu sɛ ne nkurɔfo de nokwaredi bɔ wɔn bra na wɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo no! Enti ɛmfa ho tebea biara a wowɔ mu no, ma Onyankopɔn honhom ne ɔdɔ a ɛwɔ wo komam no nkanyan wo mma wunnya adwuma yi yɛ mu kyɛfa. Na kae sɛ nea yehu sɛ wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa Nyankopɔn adi ne bɔhyɛ so de “ɔsoro foforo ne asase foforo” a emu yɛ anigye a “trenee te mu” no aba.—2 Petro 3:13.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɔwae antumi amma asɛmpakafo no annyae asɛm no ka?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm no adi nkonim wɔ yɛn bere yi so?

• Akwan bɛn so na Onyankopɔn honhom reyɛ adwuma nnɛ?

• Ɔkwan bɛn so na agyede no ne asɛmpaka adwuma no wɔ abusuabɔ?

[Akontaabu pon/Mfonini wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Nkɔso a ɛbae wɔ Ahenni adawurubɔfo mu wɔ afeha a ɛto so 20 no mu

Adawurubɔfo Nkyekyem (ɛwɔ ɔpepem mu)

6.0

5.5

5.0

4.5

4.0

3.5

3.0

2.5

2.0

1.5

1.0

0.5

1900 1910 1920 1930 1940 1950 1960 1970 1980 1990 2000

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

JEROME

TYNDALE

GUTENBERG

HUS

[Asɛm Fibea]

Gutenberg and Hus: From the book The Story of Liberty, 1878

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bible Asuafo a wɔreka asɛmpa no wɔ 1920 mfe no mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Nkurɔfo retie asɛmpa no wɔ wiase nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Te sɛ Yesu Kristo agyede afɔre no, asɛnka adwuma no ma Onyankopɔn dɔ yɛ kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena