Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 5/8 kr. 26-27
  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Bu Mass Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Bu Mass Dɛn?
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Mass Yɛ Bible Nkyerɛkyerɛ?
  • Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔre—Mpɛn Ahe?
  • Asɔre a Ɛresakra wɔ France
    Nyan!—1993
  • Sɛnea Yehowa Adansefo Hyɛ Awurade Anwummere Aduan No Ho Fã No Ne Asɔre a Aka No De Nyɛ Pɛ. Adɛn Ntia?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Adidi Kronkron Amanne no Ho Nokwasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Nkwa Abodoo” a Ɛwɔ Hɔ Ma Nnipa Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 5/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

Ɛsɛ sɛ Kristofo Bu Mass Dɛn?

SƐNEA The New York Times kyerɛ no, Katolekfo amapa pii ne Pope John Paul II a nnansa yi “ɔsan sii so dua sɛ sɛ Katolekni bi ankɔ Mass a, ɛyɛ bɔne” no, yɛ adwene. Dɛn ne Mass? So asɔre no ne Bible adwene hyia wɔ asɛm no ho?

Katolek sɔfo Martin J. Scott kyerɛ Mass ase wɔ ne nhoma Things Catholics Are Asked About mu sɛ: “Mass yɛ Kristo Nipadua ne ne Mogya ho afɔrebɔ a mogya ankasa nka ho. Kristo de ne mogya bɔɔ afɔre wɔ Calvary. Mass no ne mmeamudua so afɔrebɔ no yɛ ade koro. Eyi nyɛ kasakoa, akasabebu, anaa nsɛm a wogugu mu.” Ɔka nso sɛ: “Mass ma wɔde Onyankopɔn Ba no bɔ afɔre wɔ yɛn afɔremuka no so ma Onyankopɔn.”

So Mass Yɛ Bible Nkyerɛkyerɛ?

Wɔn a wɔyɛ Katolekfo ankasa no gye di sɛ Mass gyina Bible nkyerɛkyerɛ so. Wɔtwe adwene si Yesu nsɛm a ɔkae wɔ nea nnɛ wɔfrɛ no Anwummeduan a Etwa To no so sɛ adanse. Bere a na Yesu reka abodoo no ho asɛm wɔ bere a na ɔrekyekyɛ abodoo ne bobesa ama n’asuafo no, ɔkae sɛ: “Eyi ne me nipadua.” Bere a ɔreka bobesa no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Eyi ne me mogya.” (Mateo 26:26-28)a Katolekfo gye di sɛ bere a Yesu kaa nsɛm yi no, ɔdanee abodoo ne bobesa no ma ɛbɛyɛɛ ne nipadua ne ne mogya ankasa. Nanso New Catholic Encyclopedia (1967) no bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛfa nsɛm, ‘Eyi ne me nipadua’ anaa ‘Eyi ne me mogya.’ . . . no sɛ ɛyɛ paara ma enti yɛde yɛn ho to so pii. Efisɛ wɔ nsɛm te sɛ ‘twa bere no ne wiase awiei’ (Mat 13.39) anaa ‘Mene nokware bobe no’ (Yoh 15.1) mu no, nea [adeyɛ asɛm “ne”] kyerɛ ara ne sɛ kyerɛ biribi anaa gyina hɔ ma biribi.” Enti nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm a wogye tom yi mpo gye tom sɛ asɛm a ɛwɔ Mateo 26:26-28 no nkyerɛ sɛ wɔsesaa abodoo no ne bobesa no ma ɛbɛyɛɛ Yesu nipadua ne ne mogya ankasa wɔ Anwummeduan a Etwa To no ase.

Ebia obi bɛkae sɛ bere bi Yesu kae sɛ: “Mene nkwa abodoo a esian fii soro no. . . . Obiara a odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa.” (Yohane 6:51, 54) Yesu atiefo no mu bi faa ne nsɛm no saa ara ma enti wɔn ho dwiriw wɔn. (Yohane 6:60) Nanso yebetumi abisa sɛ, So Yesu danee ne nipadua abodoo saa bere no? Ɛnte saa ankasa! Ná ɔrekasa sɛnkyerɛnne kwan so. Ɔde ne ho totoo abodoo ho efisɛ ɛdenam n’afɔrebɔ no so no, ɔbɛma adesamma anya nkwa. Yohane 6:35, 40 ma ɛda adi pefee sɛ na didi a wobedidi anom no begyina hɔ ama Yesu Kristo mu gyidi a wobenya.

Esiane sɛ Mass yɛ Katolek Asɔre no amanne titiriw nti, ebia obi bɛhwɛ kwan sɛ Kyerɛwnsɛm no bɛfoa so. Ɛnte saa. The Catholic Encyclopedia (1913 de no) kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛte saa no mu sɛ: “Yɛn nkyerɛkyerɛ no fibea titiriw . . . yɛ atetesɛm a efi teteete akyerɛ sɛnea Mass Afɔrebɔ no som bo sɛ [mpatade] no.” Yiw, Roma Katolek Mass no nnyina Bible no so, mmom egyina atetesɛm so.

Onyankopɔn mpene atetesɛm a ɛne Bible no nhyia so, ɛmfa ho sɛ wofi komam gye tom no. Yesu kaa ne bere so nyamesom akannifo no anim sɛ: “Mo atetesɛm nti, moasɛe Onyankopɔn asɛm.” (Mateo 15:6) Esiane sɛ na Onyankopɔn Asɛm som bo ma Yesu nti, momma yenyina Kyerɛw Kronkron no so nhwehwɛ Mass no mu.

Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔre—Mpɛn Ahe?

Katolek Asɔre no kyerɛkyerɛ sɛ bere biara a wobedi Mass no, wɔde Yesu bɔ afɔre, ɛmfa ho sɛ wogye tom sɛ ɛnyɛ owu ankasa na owu, na wɔmfa mogya ankasa nni dwuma wɔ afɔrebɔ no mu no. So Bible no pene nsusuwii yi so? Hyɛ Hebrifo 10:12, 14 nsow: ‘Yesu abɔ bɔne ho afɔre prɛko, na afei wakɔtra n’agua so daa, wɔ Onyankopɔn nifa so. Ɛdenam saa afɔrebɔ biako no so no, wama wɔn a wɔatew wɔn ho no anya pɛyɛ a ɛtra hɔ daa.’

Nanso ebia obi a ɔyɛ Katolekni paa begye kyim sɛ: ‘So ɛrenyɛ papa sɛ Yesu de ne ho bɛbɔ afɔre mpɛn pii? Yɛn nyinaa yɛ bɔne mpɛn pii.’ Wɔakyerɛw mmuae a Bible no de ma no wɔ Hebrifo 9:25, 26: ‘Enhia sɛ [Kristo] kɔ so de ne ho bɔ afɔre bere ne bere mu. . . . Wayi ne ho adi prɛko wɔ awiei bere yi mu, na ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so ayi bɔne afi hɔ.’ Hyɛ eyi nsow yiye: ‘Enhia sɛ’ Kristo ‘kɔ so de ne ho bɔ afɔre bere ne bere mu.’ Wɔ Romafo 5:19 no, ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu: “Nnipa bebree nam onipa biako [Adam] asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfo, saa ara nso na ɛnam onipa biako [Yesu] atɛntrenee so maa nnipa bebree bɛyɛɛ atreneefo.” Adam asoɔden biako pɛ no nti, yɛn nyinaa wu; Yesu ogye adeyɛ biako pɛ no bue hokwan ma wɔde yɛn a yɛkyerɛ saa afɔrebɔ no mu gyidi no nyinaa bɔne firi yɛn ma yenya daa nkwa daakye.

Mfomso bɛn na ɛyɛ sɛ ebia wɔde Yesu bɔɔ afɔre pɛnkoro anaasɛ wɔde no bɔɔ afɔre mpɛn pii no? Asɛm no fa anisɔ a wɔkyerɛ ma ɛbo a Yesu afɔrebɔ no som no ho. Ɛno ne akyɛde a ɛsen biara a wɔde ama pɛn—akyɛde a ɛsom bo, na dɛmdi biara nni ho ma enti ɛho renhia sɛ wotĩ mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ yɛkae Yesu afɔrebɔ no. Nanso ɛsono kae a wɔkae adeyɛ bi na ɛsono ti a wobetĩ mu. Sɛ nhwɛso no, awarefo a wɔrekae wɔn ayeforohyia betumi akae da a wɔwaree no, a ɛho renhia sɛ wotĩ ayeforohyia no mu. Afe biara, Yehowa Adansefo hyɛ Yesu wu ho fã, na wɔyɛ saa wɔ ɔkwan a Yesu hyɛe sɛ wɔnyɛ no no so—sɛ ‘wɔmfa nkae’ no, ɛnyɛ sɛ wɔde no bɛbɔ afɔre. (Luka 22:19) Afei nso, Kristofo yi bɔ mmɔden sɛ wɔnam Yesu Kristo so ne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ pa denam wɔn asetra, wɔn nneyɛe, ne wɔn gyidi a wɔbɛma ɛne Kyerɛw Kronkron no ahyia so.

Mpɛn pii no, saa a wɔyɛ no kyerɛ sɛ wɔresakra wɔn nsusuwii. Nanso nim a Adansefo no nim sɛ sɛ wofi nokwaredi mu gyina Onyankopɔn Asɛm akyi sen sɛ wobegyina nnipa atetesɛm akyi a, wobehyira wɔn no ma wodi ahurusi. Na sɛ wɔkyerɛ Yesu mogya a ɔde bɔɔ afɔre prɛko bɛyɛ mfirihyia mpem abien ni maa nnipa nyinaa no mu gyidi a, ɛbɛtew wɔn ho afi bɔne nyinaa ho.—1 Yohane 1:8, 9.

[Ase hɔ asɛm]

a Kyerɛwnsɛm a wɔafa aka asɛm wɔ asɛm yi mu nyinaa fi Katolekfo New Jerusalem Bible no mu.

[Kratafa 26 mfonini]

Ɔhotefo Giles Mass (emu nsɛm)

[Asɛm Fibea]

Erich Lessing/Art Resource, NY

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena