Adanse a Wodi “Amanaman Nyinaa”
“Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—MATEO 24:14.
1. Dɛn nti na ebetumi aba sɛ Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:14 no maa n’asuafo no ho dwiriw wɔn?
HWƐ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no maa n’asuafo a wɔyɛ Yudafo no ho dwiriw wɔn! Ná adwene a ɛne sɛ Yudafo a wɔatew wɔn ho no bɛkɔ akɔka asɛm akyerɛ Amanaman Mufo a wɔn “ho ntew” no yɛ asɛm foforo koraa ma Yudani, ná ɛyɛ akyide mpo.a Hwɛ, ná Yudani a ɔwɔ ahonim pa rensusuw ho mpo sɛ ɔbɛkɔ Amanaman Muni fie! Ná saa asuafo a wɔyɛ Yudafo no da so ara wɔ Yesu, ne dɔ, ne n’adwuma no ho nneɛma pii sua. Na na wɔda so wɔ hwɛ a Yehowa nhwɛ nnipa anim no ho nneɛma pii sua.—Asomafo no Nnwuma 10:28, 34, 35, 45.
2. (a) Adansefo no ayɛ wɔn som adwuma no akodu he? (b) Nneɛma abiɛsa bɛn na aboa Adansefo no ma wɔanya nkɔso?
2 Yehowa Adansefo aka asɛmpa no wɔ amanaman mu, a nnɛyi Israel nso ka ho, na wɔreka wɔ aman pii mu nnɛ sen bere biara. Wɔ 1994 mu no, Adansefo a wɔn dodow boro ɔpepem anan ne fã reka asɛm no wɔ nsase bɛyɛ 230 so. Wɔne anigyefo bɛboro ɔpepem anan ne fã reyɛ ofie Bible adesua. Wɔreyɛ eyinom nyinaa ɛmfa ho sɛ wɔtan wɔn wɔ wiase nyinaa, a mpɛn pii ɔtan no gyina Adansefo no nkyerɛkyerɛ ne wɔn botae horow ho nimdeɛ a nkurɔfo nni so. Wobetumi aka nea wɔka faa tete Kristofo no ho no wɔ wɔn nso ho sɛ: “Fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Ɛnde dɛn na yebetumi aka sɛ aboa wɔn ma wɔanya nkɔso wɔ wɔn som adwuma no mu? Anyɛ yiye koraa nneɛma abiɛsa na aboa wɔn ma wɔanya nkɔso—Yehowa honhom no akwankyerɛ akyi a wodi, Kristo akwan a mfaso wɔ so a wosuasua, ne adwinnade a ɛfata a wɔde di dwuma ne nkurɔfo de bɔ nkɔmmɔ a etu mpɔn no.
Yehowa Honhom ne Asɛmpa No
3. Dɛn nti na yentumi mfa nea yɛayɛ no nhoahoa yɛn ho?
3 So Yehowa Adansefo de nkɔso a wɔanya no hoahoa wɔn ho, te sɛ nea gyama tumi soronko bi a wɔwɔ nti na aba saa? Dabi, efisɛ Yesu nsɛm yi fa wɔn ho: “Sɛ moayɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” Sɛ́ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no, Yehowa Adansefo fi wɔn pɛ mu agye asɛyɛde no atom sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, ɛmfa ho sɛnea wɔn nsɛm tebea te biara. Ebinom fam no, saa a wɔbɛyɛ no kyerɛ bere nyinaa som adwuma a wɔde wɔn ho bɛhyem sɛ asɛmpatrɛwfo anaasɛ wɔn ho a wɔde bɛma akɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea ne mmeae a wotintim Kristofo nhoma ahorow. Afoforo fam nso, ɔpɛ a ɛte saa a wonya sɛ́ Kristofo no ma wɔkɔyɛ ɔsom ho adansi adwuma, bere nyinaa asɛnka adwuma sɛ akwampaefo asomfo, anaasɛ asɛnka adwuma a wɔde bere fã yɛ sɛ́ asɛmpa no ho adawurubɔfo wɔ wɔn asafo ahorow mu. Yɛn mu biara ntumi mfa yɛn adwuma a yɛyɛ no, “nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ” no nhoahoa yɛn ho ma ɛmfata.—Luka 17:10; 1 Korintofo 9:16.
4. Ɔkwan bɛn so na wɔadi Kristofo som adwuma no a wɔsɔre tia wɔ wiase nyinaa no so?
4 Yebetumi aka sɛ Yehowa honhom anaa n’adeyɛ tumi no na ɛboa yɛn ma yenya nkɔso biara. Ɛfata sɛ yɛka saa nnɛ te sɛ nea wɔkae wɔ odiyifo Sakaria nna no mu no: “Eyi ne [Yehowa] asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na me honhom so, asafo [Yehowa] na ose.” Enti, ɛnnam nnipa mmɔdenbɔ so na Adansefo no atumi adi wɔn asɛnka adwuma no ho ɔsɔretia so wɔ wiase nyinaa na mmom ɛnam Yehowa akwankyerɛ ne n’ahobammɔ so.—Sakaria 4:6.
5. Dwuma bɛn na Yehowa di wɔ Ahenni no ho asɛm ntrɛwmu mu?
5 Ɛdefa wɔn a wotie Ahenni ho asɛm ho no, Yesu kae sɛ: “Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. . . . Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’agya de ama no ansa.” (Yohane 6:45, 65) Yehowa tumi hu nea ɛwɔ koma ne adwene mu, na onim wɔn a wobetumi agye ne dɔ atom, ɛwom mpo sɛ ebia na wonnya nhuu no de. Ɔde n’abɔfo nso di dwuma ma wɔkyerɛ ɔsom adwuma soronko yi kwan. Ɛno nti na Yohane hui sɛ abɔfo renya adwuma no mu kyɛfa wɔ anisoadehu mu na ɔkyerɛwee sɛ: “Mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.”—Adiyisɛm 14:6.
Wɔn a Honhom mu Nneɛma ho Hia Wɔn
6. Su titiriw bɛn na ɛho hia na ama obi atie asɛmpa no?
6 Ade foforo nti a Yehowa ma obi nya hokwan a ɔde begye asɛmpa no atom ne nea Yesu kyerɛkyerɛɛ mu yi: “Anigye ne wɔn a honhom mu nneɛma hia wɔn, wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3, New World Translation) Honhom mu nneɛma ho nhia onipa a ɔte nka sɛ hwee nhia no anaa ɔnhwehwɛ nokware no. Osusuw honam fam nneɛma nkutoo ho. Gye a ogye ne ho di bɛyɛ akwanside ma no. Enti, sɛ nnipa a yehyia wɔn wɔ afie afie adwuma no mu pii pow asɛm no a, ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma a ɛma wɔyɛ saa no nyinaa ho.
7. Dɛn nti na nnipa pii nnye nokware no ntom?
7 Nnipa pii ntie esiane sɛ wofi mpiyɛ mu de wɔn ho fam ɔsom a wɔwoo wɔn wom ho denneennen, na wɔmpɛ sɛ wɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ nti. Afoforo nso ani agye ɔsom a ɛfata wɔn nipasu ho—ebinom pɛ ɔsom a wɔyɛ anwonwade wom, afoforo nso di nkate akyi, na ebinom hwehwɛ anigyede nkutoo wɔ wɔn som mu. Nnipa pii apaw asetra kwan a ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow nhyia. Ebia na ɔbrasɛe a wɔde wɔn ho hyem nti na wɔka sɛ, “M’ani nnye ho” no. Nanso afoforo a ebia wɔkyerɛ sɛ wonim nhoma ne nyansahu pow Bible no sɛ emu nsɛm yɛ ntetekwaasɛm.—1 Korintofo 6:9-11; 2 Korintofo 4:3, 4.
8. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma pow a wɔpow asɛm no brɛ yɛn mmɔdenbɔ ase? (Yohane 15:18-20)
8 So ɛsɛ sɛ pow a nnipa pii pow asɛm no brɛ yɛn gyidi ne yɛn mmɔdenbɔ ase wɔ ɔsom adwuma a egye nkwa no yɛ mu? Yebetumi anya awerɛkyekye afi Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu: “Na sɛ ebinom annye anni ɛ? So wɔn gye a wonnye nni no bɛma Onyankopɔn gyidi adan hunu? Dabida, na mmom, ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɛbɛyɛ na woadi bem wo nsɛm mu, na wubu atɛn a, woadi nim.”—Romafo 3:3, 4.
9, 10. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔadi ɔsɔretia so wɔ nsase pii so?
9 Yebetumi anya nkuranhyɛ afi nhwɛso pii a efi wiase nyinaa a ɛfa aman a na ayɛ sɛ nea wontie asɛm no koraa nanso bere kɔɔ so no, abɛyɛ mmeae a wotie asɛm no kɛse wɔ hɔ no ho mu. Ná Yehowa ne abɔfo no nim sɛ wobetumi anya nnipa komapafo wɔ hɔ—nanso na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo kɔ so yɛ wɔn adwuma no na wogyina tebea no ano. Fa aman a na ayɛ te sɛ nea na Katoleksom yɛ akwanside kɛse wɔ hɔ mfe 50 a atwam mu sɛ nhwɛso—Argentina, Brazil, Colombia, Ireland, Italy, Mexico, Portugal, ne Spain. Ná Adansefo no yɛ kakraa bi wɔ 1943 mu, ná wɔn nyinaa dodow yɛ 126,000 pɛ wɔ wiase nyinaa, na na wɔn mu 72,000 wɔ United States. Ná Adansefo no ho anibiannaso a nkurɔfo yɛ ne wɔn ho adwemmɔne a wɔwɔ no ayɛ te sɛ ntayaa fasu bi a wontumi mmubu. Nanso, ɛnnɛ nkɔso a afi asɛnka adwuma no mu aba a ɛsen biara no bi aba wɔ saa aman yi mu. Ɛte saa ara wɔ kan Komunist aman pii mu. Nnipa 7,402 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Kiev, Ukraine ase wɔ 1993 mu no di eyi ho adanse.
10 Akwan bɛn na Adansefo no afa so na ama wɔatumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn afipamfo? So wɔde honam fam nneɛma na ɛtwetwe nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya agyidifo sɛnea nnipa binom ka no? So ahiafo ne wɔn a wonnim nhoma nkutoo na wɔsra wɔn sɛnea afoforo kyerɛ no?
Akwan Horow a Wɔfa so Ka Asɛmpa no ma Ɛsow Aba
11. Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛe wɔ ne som adwuma no mu? (Hwɛ Yohane 4:6-26.)
11 Yesu ne n’asuafo no na wɔyɛɛ nhwɛso a Adansefo no adi akyiri wɔ wɔn asuafoyɛ adwuma no mu de besi nnɛ no. Yesu kɔɔ baabiara a na nnipa wɔ, adefo anaa ahiafo—afie mu, gua so, asutare ho, mmepɔw so, ne hyiadan mu mpo.—Mateo 5:1, 2; 8:14; Marko 1:16; Luka 4:15.
12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ nhwɛso maa Kristofo? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo adi Paulo nhwɛso no akyi?
12 Ná ɔsomafo Paulo betumi aka n’ankasa ne som adwuma ho asɛm nokwarem sɛ: “Munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia no, me ne mo trae bere no nyinaa mu, . . . mesom Awurade. Na mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu.”—Asomafo no Nnwuma 20:18-20.
13 Wɔde asomafo no nhwɛso akyi a Yehowa Adansefo di, afie afie som adwuma no na enim wɔn wɔ wiase nyinaa. Sɛ́ anka Adansefo no de wɔn adwene besi TV so asɛnka a ɛkabɔ wom, ɛmu nnɔ, na ɛmma wontumi ne nkurɔfo nni nkitaho tee so no, wɔkɔ nkurɔfo nkyɛn, adefo ne ahiafo, ne wɔn hyia mpɛn pii. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne nkurɔfo bɛbɔ Onyankopɔn ne N’asɛm no ho nkɔmmɔ.b Wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa aduan ne honam fam nneɛma foforo so ama nnipa bi asakra abɛyɛ Kristofo. Wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wosusuw nsɛm ho fam no, wɔda no adi kyerɛ wɔn sɛ adesamma haw ahorow ano aduru a edi mũ koro pɛ ne Onyankopɔn Ahenni nniso a ɛbɛsakra yɛn asase yi so tebea ma ayɛ yiye no.—Yesaia 65:17, 21-25; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4.
14. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛmpatrɛwfo pii ne akwampaefo ato fapem a ɛyɛ den? (b) Dɛn na yesua fi Yehowa Adansefo a wɔwɔ Japan suahu no mu?
14 Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ adwuma no wɔ nsase pii so sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no, asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo atoto fapem a ɛyɛ den wɔ aman pii mu. Wɔatoto nhyɛase, na afei ɛhɔ Adansefo no adi anim. Enti, wonhiaa Adansefo a wofi amannɔne pii na ama wɔatumi ayɛ asɛnka adwuma no na wɔayɛ ho nhyehyɛe pa. Nhwɛso titiriw biako ne Japan. Wɔ 1940 mfe no awiei hɔ no, na Australasia ne Britania asɛmpatrɛwfo nkutoo na wɔkɔ hɔ, wosuaa ɛhɔ kasa no, na wosuaa sɛnea wɔbɛtra tebea horow a na anibue nnim pii mu wɔ ɔko no akyi, na wofii ase kaa asɛm wɔ afie afie. Wɔ Wiase Ko II mu no, ná wɔabara Adansefo no, na wɔtaa wɔn wɔ Japan. Enti asɛmpatrɛwfo no bae bɛtoo Japanfo Adansefo a wɔyɛ hyew kakraa bi pɛ. Nanso ɛnnɛ wɔn dodow akɔ anim aboro 187,000 wɔ bɛboro asafo ahorow 3,000 mu! Dɛn na ɛmaa wonyaa nkɔso mfiase no? Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔde bɛboro mfe 25 asom wɔ hɔ kae sɛ: “Nkɔmmɔ a yesuae sɛ yɛne nkurɔfo no bɛbɔ yɛ ade a na ɛho hia sen biara. Ɛdenam wɔn kasa a yesuae so no, yetumi ne wɔn bɔe kɛse, tee wɔn asetra kwan no ase na yenyaa ho anigye. Ná ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛdɔ Japanfo no. Yefi ahobrɛase mu bɔɔ mmɔden yɛɛ yɛn ho sɛ ɛhɔfo no, nanso yɛkɔɔ so kuraa yɛn Kristofo gyinapɛn ahorow mu.”
Kristofo Abrabɔ Nso Di Adanse
15. Ɔkwan bɛn so na Adansefo no ada Kristofo abrabɔ pa adi?
15 Nanso, ɛnyɛ Bible mu asɛm nkutoo na nkurɔfo atie. Wɔahu Kristosom a wɔda no adi wɔ nneyɛe mu nso. Wɔahu ɔdɔ, asomdwoe, ne biakoyɛ a ɛwɔ Adansefo no mu wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo te sɛ amanko, mmusuakuw ntam akodi, ne mmusua ntam nitan mu. Adansefo no akɔ so akura afã biara a Kristofo nni no mu na wɔama Yesu nsɛm no abam sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35.
16. Osuahu bɛn na ɛkyerɛkyerɛ Kristofo dɔ a mfaso wɔ so no mu?
16 Yɔnko dɔ daa adi wɔ asɛm bi a ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim kyerɛw faa “Owura ne Owurayere Yamyefo” ho kɔmaa ɛhɔ atesɛm krataa bi no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, n’afipamfo no yii ayamye adi kyerɛɛ no bere a na ne yere rewu no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Efi bere a owui no, . . . wɔayɛ ma aboro so. Efi saa bere no ‘wɔafa me sɛ wɔn busuani’ . . . , na wɔyɛ me fie nnwuma nyinaa ma me, na wɔreboa ɔbarima a madi mfe 74 a makɔ pɛnhyen ma madi me nsɛnnennen ho dwuma. Nea ɛma eyi nyinaa yɛ nwonwa koraa ne sɛ wɔyɛ abibifo, na meyɛ buroni. Wɔyɛ Yehowa Adansefo, na meyɛ Katolekni a magyae asɔrekɔ.”
17. Asetra kwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?
17 Osuahu yi kyerɛ sɛ yebetumi adi adanse wɔ akwan pii so, a yɛn da biara da abrabɔ ka ho. Nokwarem no, sɛ yɛn abrabɔ anyɛ sɛ Kristo de a, ɛnde yɛn som bɛyɛ te sɛ Farisifo de, a ɛmfa hwee mma. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ wɔn a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛɛ no: “Nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.”—Mateo 22:37-39; 23:3.
Akoa Kuw no de Nnwinnade a Ɛfata Ma
18. Ɔkwan bɛn so na Bible ho nhoma horow siesie yɛn ma yetumi boa nnipa komapafo?
18 Ade foforo a ɛboa ma yetumi ka asɛmpa no kyerɛ amanaman no nyinaa ne Bible nhoma horow a Ɔwɛn Aban Asafo tintim a yɛwɔ no. Yɛwɔ nhoma, nhomawa, nkratawa, ne nsɛmma nhoma horow a ɛkame ayɛ sɛ ebetumi aboa obiara a ofi nokwaredi mu bisa asɛm bi no. Sɛ yehyia Kramoni, Hinduni, Buddhani, Taoni, anaa Yudani a, yebetumi de nhoma Mankind’s Search for God anaa nkratawa ne nhomawa ahorow adi dwuma de afi nkɔmmɔbɔ ase na sɛ ɛbɛyɛ yiye a adan Bible adesua. Sɛ obi a ogye adannandi di bisa yɛn adebɔ ho asɛm a, yebetumi de nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? adi dwuma. Sɛ abofra bi bisa sɛ, ‘Dɛn ne asetra atirimpɔw?’ a, yebetumi atwe n’adwene akɔ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work so. Sɛ obi ankasa nsɛnnennen—adwenemhaw, ɔbrɛ, mmonnaato, awaregyae—ama no ahaw kɛse a, yɛwɔ nsɛmma nhoma ahorow a adi nsɛm a ɛtete saa ho dwuma ɔkwampa so. Nokwarem no, akoa nokwafo kuw no a Yesu hyɛɛ ne ho nkɔm siei sɛ ɔbɛma “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” no redi n’asɛyɛde ho dwuma.—Mateo 24:45-47.
19, 20. Ɔkwan bɛn so na Ahenni adwuma no anya nkɔanim ntɛmntɛm wɔ Albania?
19 Nanso ɛho abehia sɛ wotintim saa nhoma ahorow yi wɔ kasa horow pii mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebedu amanaman no nkyɛn. Ɛyɛɛ dɛn na wɔatumi akyerɛ Bible no ne Bible ho nhoma ahorow ase akɔ kasa horow bɛboro 200 mu? Nhwɛso biako a yebesusuw ho tiawa a ɛne Albania, kyerɛ sɛnea akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no atumi ama asɛmpa no ka anya nkɔso ɛmfa ho nsɛnnennen ne kasa horow a wontumi nka nnɛ te sɛ Pentekoste da no.—Asomafo no Nnwuma 2:1-11.
20 Mfe kakraa bi a atwam no, na wɔda so bu Albania sɛ ɛno nkutoo ne Komunist man a ennye Onyankopɔn nni ankasa. National Geographic nsɛmma nhoma no kae wɔ 1980 mu sɛ: “Albania bara [nyamesom], na ɛdaa ne ho adi wɔ 1967 mu sɛ ɛne ‘ɔman a edi kan a ennye Onyankopɔn nni wɔ wiase.’ . . . Nea Albania awo ntoatoaso foforo no nim ara ne Onyankopɔn a onni hɔ.” Afei a Komunism akɔ fam no, Albaniafo a wosusuw wɔn honhom mu ahiade ho retie asɛm a Yehowa Adansefo reka no. Wɔhyehyɛɛ nsɛm asekyerɛfo kuw ketewaa bi a emufo no yɛ Adansefo nkumaa a wɔwɔ Italia ne Engiresi kasa ho nimdeɛ wɔ Tiranë wɔ 1992 mu. Anuanom mmarima a wɔfata a wofi nsase afoforo so bɛsraa wɔn kyerɛɛ wɔn sɛnea wobetumi de kɔmputa nketewa akyerɛw Albania kasa. Wɔde nkratawa ne Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no na efii nsɛm asekyerɛ no ase. Bere a wɔn ho kokwaw no, wɔkyerɛ Bible ho nhoma afoforo a ɛsom bo nso ase. Mprempren Adansefo a wɔyɛ hyew bɛyɛ 200 na wɔwɔ saa ɔman ketewa (emu nnipa dodow yɛ 3,262,000) no mu, na nnipa 1,984 na wɔbaa 1994 Nkaedi no ase.
Yɛn Nyinaa wɔ Asɛyɛde Bi
21. Bere bɛn mu na yɛte yi?
21 Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no redu ne mpɔmpɔn so. Bere a nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ, amanko mu nnipakum ne mmonnaato, ɔbrasɛe a ɛrekɔ so a wɔnka ho hwee ne aba a asow a ɛne nyarewa a wonya fi nna mu, obu a wɔnkyerɛ mma tumidi a ɛfata renya nkɔanim no, ɛkame ayɛ sɛ wiase no abɛyɛ basabasayɛ wiase, nea wontumi nni so. Yɛte bere bi a ɛne bere a edii Nsuyiri no anim a wɔaka ho asɛm wɔ Genesis no di nsɛ mu: “[Yehowa] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. Na [Yehowa] nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam.”—Genesis 6:5, 6; Mateo 24:37-39.
22. Kristofo asɛyɛde bɛn na Yehowa Adansefo nyinaa wɔ?
22 Yehowa bɛyɛ ho biribi te sɛ nea ɔyɛe wɔ Noa nna no mu no ara pɛ. Nanso esiane n’atɛntrenee ne ne dɔ nti, ɔpɛ sɛ wɔka asɛmpa no ne kɔkɔbɔ no kyerɛ amanaman no nyinaa kan. (Marko 13:10) Yehowa Adansefo wɔ asɛyɛde wɔ eyi mu—sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔfata ma Onyankopɔn asomdwoe na wɔakyerɛ wɔn n’asomdwoe akwan no. Ɛnkyɛ, wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wobewie asɛmpaka adwuma no nkonimdi mu. “Ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 10:12, 13; 24:14; 28:19, 20.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu Amanaman Mufo ho nsɛm pii a, hwɛ asɛmti “Nations” ase wɔ Insight on the Scriptures a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii, Po II, nkratafa 472-4.
b Sɛ wopɛ sɛ wunya Kristofo som adwuma no ho nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a, hwɛ May 1, 1985, Ɔwɛn-Aban, kratafa 10, “Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ayɛ Asomfo a Wɔn Ho Akokwaw,” ne kratafa 21, “Ɔsom Adwuma a Etu Mpɔn a Ɛde Asuafo Pii Ba.”
So Wokae?
◻ Nkɔso bɛn na nnɛyi Adansefo anya wɔ wɔn som mu?
◻ Dɛn nti na nnipa pow Kristofo asɛm no?
◻ Asomafo no kwan a wɔfaa so bɛn na Adansefo no de di dwuma?
◻ Nnwinnade bɛn na yɛwɔ a yɛde di dwuma ma yɛn som adwuma tumi tu mpɔn?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ ma ɛne Marko 13:10 hyia?
[Kratafa 19 adaka]
ƆMAN 1943 MU ADANSEFO WƆ 1993
A NA WƆYƐ HYEW
Argentina 374 102,043
Brazil 430 366,297
Chile 72 44,668
Colombia ?? 60,854
France Wiase Ko II—wonni kyerɛwtohɔ 122,254
Ireland 150? 4,224
Italy Wiase Ko II—wonni kyerɛwtohɔ 201,440
Mexico 1,565 380,201
Peru Wonni adwuma no ho kyerɛwtohɔ 45,363
Philippines Wiase Ko II—wonni kyerɛwtohɔ 116,576
Poland Wiase Ko II—wonni kyerɛwtohɔ 113,551
Portugal Wonni adwuma no ho kyerɛwtohɔ 41,842
Spain Wonni adwuma no ho kyerɛwtohɔ 97,595
Uruguay 22 9,144
Venezuela Wonni adwuma no ho kyerɛwtohɔ 64,081
[Kratafa 17 mfonini]
Yehowa Adansefo redɔɔso wɔ Katolekfo aman, te sɛ Spain, mu
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Yehowa Adansefo reyɛ adwuma denneennen wɔ wiase aman nyinaa mu