Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 6/1 kr. 8-9
  • Wɔ Asesebɔ Afahyɛ no Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔ Asesebɔ Afahyɛ no Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkɔɔ Asese Afahyɛ no Ase Wɔ Yerusalem
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Ne Dɔn Nnya Nnui”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Obiara Nkasaa Saa Da”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔrekɔ Yerusalem no, Ɔkyerɛkyerɛɛ Nkurɔfo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 6/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Wɔ Asesebɔ Afahyɛ no Ase

NA YESU agye din bɛyɛ mfe abiɛsa wɔ n’asubɔ akyi. Na nnipa mpempem pii ahu n’anwonwade ahorow na na ne dwumadi ahorow ho amanneɛbɔ atrɛw wɔ ɔman no mu nyinaa. Afei bere a nnipa no hyiam sɛ wɔrebedi Asesebɔ afahyɛ no wɔ Yerusalem no, wɔhwehwɛ no wɔ hɔ. Na wɔpɛ sɛ wohu sɛ “Saa ɔbarima no wɔ he?”

Na Yesu abɛyɛ obi a wogye ne ho akyinnye. Ebinom ka sɛ: “Ɔyɛ onipa pa.” Afoforo nso ka sɛ “Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfo mmom.” Kasa huhuhuhu a ɛte saa pii kɔɔ so wɔ afahyɛ no mfiase. Nanso na obiara nni akokoduru a ɛbɛma wakasa wɔ baguam ama Yesu. Efisɛ na nnipa no suro sɛ Yudafo akannifo no bɛyɛ wɔn biribi.

Bere a wɔadi afahyɛ no adu mfinimfini no Yesu bedu hɔ. Ɔkɔ asɔrefi hɔ, faako a nnipa no ho dwiriw wɔn wɔ anwonwa kwan a ɔnam so kyerɛkyerɛ no ho no. Esiane sɛ Yesu ankɔ rabifo sukuu ahorow no bi nti, Yudafo no ho dwiriw wɔn: “Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi?”

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa tirim na meka.” Yesu nkyerɛkyerɛ ne Onyankopɔn mmara hyia yiye. Enti, ɛsɛ sɛ ɛda adi sɛ ɔhwehwɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛnyɛ n’ankasa de. Yesu bisa sɛ: “Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no?” Na wɔ animka kwan so no, ɔkɔɔ so kae sɛ: “Nanso mo mu biara nni mmara no so.”

Afei Yesu bisa sɛ: “Adɛn na morehwehwɛ me akum me?”

Na nnipadɔm no a ebia wɔyɛ ahɔho a wɔaba afahyɛ no ase no nnim saa. Wosusuw sɛ ɛnyɛ nea ebetumi aba obi adwenem sɛ ɔbɛpɛ sɛ okum ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho yɛ nwonwa a ɔte saa. Enti na wogye di sɛ ɛbɛyɛ sɛ biribi atoto wɔ Yesu fam na ɛno nti na osusuw saa. Wɔka sɛ: “Wowɔ honhommɔne; hena na ɔhwehwɛ wo akum wo?”

Na Yudafo akannifo no pɛ sɛ wokum Yesu ɛwom sɛ ebia na nnipadɔm no nnim de. Bere a Yesu saa ɔbarima bi yare Homeda wɔ afe ne fã a atwam no mu no, akannifo no bɔɔ mmɔden sɛ wobekum no. Enti afei Yesu da wɔn adwene a ɛnteɛ no adi denam bisa a obisa wɔn sɛ: “Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wanto Mose mmara no a dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda? Mummmu ntɛn sɛnea muhu kwa; na mummu ntɛn a ɛteɛ” no so.

Afei Yerusalemfo a wonim tebea no ka sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne nea wɔrehwehwɛ no akum no no? Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sesɛɛ mpanyimfo ahu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa?” Saa Yerusalemfo yi kyerɛkyerɛ nea enti a wonnye nni sɛ Yesu ne Kristo no mu: “Nanso oyi de, yenim nea ofi; na Kristo no de, sɛ ɔba a, obi renhu nea ofi.”

Yesu bua sɛ: “Munim me, nso munim nea mifi. Na ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo a munnim no. Na me de, minim no; efisɛ mifi ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.” Eyi nti wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyere no na ebia wɔde no akɔto afiase anaasɛ wɔama wɔakum no. Nanso wɔantumi efisɛ na bere nnui sɛ Yesu wu.

Nanso nnipa pii kɔ so gye Yesu di, na nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Ɛdɛn, na wanantew nsu so, wama mframa ayɛ dinn, wama po so ahum ayɛ komm, ɔnam anwonwa kwan so de abodoo ne mpataa kakraa bi ama mpempem adi, wasa ayarefo yare, wabue anifuraefo aniwa, wasa akwatafo yare, na wanyan awufo mpo. Enti wobisa sɛ: “Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi?”

Bere a Farisifo no te sɛ nnipadɔm no reka eyi no, wɔne asɔfo mpanyin no soma asraafo mpanyimfo sɛ wɔnkɔkyere Yesu. Yohane 7:11-32.

◆ Bere bɛn na Yesu du afahyɛ no ase, na asɛm bɛn na wɔka fa ne ho?

◆ Dɛn nti na ebia ebinom ka sɛ Yesu wɔ adaemone?

◆ Yesu ho adwene bɛn na Yerusalemfo wɔ?

◆ Dɛn nti na nnipa pii gye Yesu di?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena