-
“Obiara Nkasaa Saa Da”Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Ebinom tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, wɔkaa sɛ: “Nokwasɛm nie, oyi ne Odiyifoɔ no.” Ɛbɛyɛ sɛ na wɔretwe adwene asi odiyifo a wɔaka sɛ ɔbɛyɛ kɛse asen Mose no so. Afoforo kaa sɛ: “Oyi ne Kristo no.” Ebinom nso kaa sɛ: “Galilea na Kristo no bɛfiri aba anaa? Twerɛnsɛm no nkaa sɛ Kristo no bɛfiri Dawid ase ne Betlehem akuraa a na Dawid teɛ no mu na aba anaa?”—Yohane 7:40-42.
-
-
“Obiara Nkasaa Saa Da”Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Kyerɛwnsɛm no anka ansi no pi sɛ odiyifo bi bɛfiri Galilea aba. Nanso Onyankopɔn Asɛm kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ ɛhɔ na Kristo no bɛfiri aba; ɛhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛhu “hann kɛseɛ bi” wɔ “amanaman mufoɔ Galilea.” (Yesaia 9:1, 2; Mateo 4:13-17) Bio nso, sɛnea nkɔmhyɛ no kae no, wɔwoo Yesu wɔ Betlehem, na na ɔyɛ Dawid aseni. Ɛwom, ebia na Farisifo no nim saa nkɔmhyɛ no nyinaa, nanso ɛbɛyɛ sɛ wɔn ara na wɔyɛ maa nkurɔfo nyaa Yesu ho adwene a ɛntene no.
-