-
“Obiara Nkasae Saa Da”“Bra Bedi M’akyi”
-
-
TI 11
“Obiara Nkasae Saa Da”
1, 2. (a) Adɛn nti na awɛmfo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra no san de nsapan bae? (b) Adɛn nti na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔda nsow saa?
NÁ FARISIFO no bo afuw paa. Ná Yesu wɔ asɔrefie hɔ rekyerɛkyerɛ nkurɔfo n’Agya ho asɛm. Ná nnipa a wɔretie Yesu no mu akyɛ mmienu. Ná wɔn mu pii gye no di, nanso na afoforo repɛ no akyere no. Nyamesom akannifo a na wɔntumi nhyɛ wɔn abufuw so no somaa awɛmfo sɛ wɔnkɔkyere Yesu. Nanso, awɛmfo no san de nsapan bae. Asɔfo mpanyin no ne Farisifo no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moamfa no amma?” Awɛmfo no buae sɛ: “Obiara nkasae saa da.” Yesu nkyerɛkyerɛ no maa wɔn ho dwiriw wɔn araa ma enti wɔantumi ankyere no.a—Yohane 7:45, 46.
-
-
“Obiara Nkasae Saa Da”“Bra Bedi M’akyi”
-
-
a Ɛda adi sɛ na awɛmfo no yɛ adwuma ma Sanhedrin no, na na asɔfo mpanyin no na ɛma wɔn akwankyerɛ.
-