Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 3/1 kr. 8-13
  • Afahyɛ Ahorow A Na Ɛda Nsow Wɔ Israel Abakɔsɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afahyɛ Ahorow A Na Ɛda Nsow Wɔ Israel Abakɔsɛm Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfaso a na Ɛwɔ Afahyɛ Akɛse no So
  • Dawid Mu Ahene no Bere So
  • Nnommumfa no Akyi
  • Wɔ Afeha a Edi Kan Y.B. Mu
  • “Ma W’ani Nnye Ara”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Afahyɛ Ahorow a Ná Israelfo Di No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Mu?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 3/1 kr. 8-13

Afahyɛ Ahorow A Na Ɛda Nsow Wɔ Israel Abakɔsɛm Mu

“Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ . . . na wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, [Yehowa, “NW”] anim.”—DEUTERONOMIUM 16:16.

1. Dɛn na yebetumi aka wɔ afahyɛ a ɛkɔɔ so wɔ Bible mmere mu no ho?

SƐ WORESUSUW afahyɛ ho a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ahohwibɔ ne ɔbrasɛe kɔɔ so wɔ afahyɛ ahorow a na wodi wɔ tete mmere mu no bi ase. Saa ara na ɛte wɔ nnɛyi afahyɛ ahorow bi ho. Nanso na afahyɛ ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel mu no nte saa. Ɛwom sɛ na ɛyɛ anigye bere de, nanso na wotumi san frɛ no “nhyia kronkron.”—Leviticus 23:2.

2. (a) Dɛn na na wɔhwehwɛ sɛ Israelfo mmarima yɛ no mprɛnsa afe biara? (b) Dɛn ne “afahyɛ” sɛnea wɔde asɛmfua no adi dwuma wɔ Deuteronomium 16:16 (NW) no?

2 Israelfo mmarima anokwafo—a na wɔn mmusua taa ka wɔn ho—nyaa anigye ne akomatɔyam wɔ ɔkwan a wotu kɔɔ Yerusalem, ‘faako a Yehowa kyerɛe’ no mu, na woyii wɔn yam yii ntoboa boaa afahyɛ akɛse abiɛsa. (Deuteronomium 16:16) Old Testament Word Studies nhoma no kyerɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ Deuteronomium 16:16 (NW) sɛ “afahyɛ” no ase sɛ “anigye bere kɛse . . . a na wɔde afɔrebɔ ne apontow hyɛ Nyankopɔn adɔe soronko no ho fa.”a

Mfaso a na Ɛwɔ Afahyɛ Akɛse no So

3. Nhyira horow bɛn na afe afe afahyɛ abiɛsa no dan adwene kɔ so?

3 Esiane sɛ na Israelfo asetra gyina kuayɛ so titiriw nti, na wɔdan Nyankopɔn na watɔ osu de ahyira wɔn. Ná Mose Mmara no mu afahyɛ akɛse abiɛsa no ne atoko twabere a na ɛhyɛ fefɛw bere mfiase, awi twabere a na ɛhyɛ fefɛw bere awiei, ne nnɔbae a aka no twabere a na ɛhyɛ ahohuru bere awiei no, hyia. Ná eyinom yɛ bere a wonya anigye kɛse na wɔde aseda ma Nea ɔma osu kyinhyiadi no kɔ so ne asase pa Yɛfo no. Nanso na afahyɛ ahorow no kyerɛ pii sen saa.—Deuteronomium 11:11-14.

4. Abakɔsɛm mu adeyɛ bɛn na wɔde afahyɛ a edi kan no kaee?

4 Ná wodi afahyɛ a edi kan no wɔ tete Bible ɔsram a edi kan no mu, efi Nisan 15 kosi 21, a ɛne yɛn bere yi mu March awiei anaa April mfiase hyia no. Ná wɔfrɛ no Apiti Afahyɛ, na esiane sɛ na ɛtoa Nisan 14 Twam no so pɛɛ nti, na wɔsan frɛ no “Twam afahyɛ.” (Luka 2:41; Leviticus 23:5, 6) Afahyɛ yi maa Israelfo kaee ogye a wonya fii Misraim amanehunu mu no, efisɛ na wɔfrɛ apiti no “amanehunu abodoo.” (Deuteronomium 16:3) Ɛma wɔkaee sɛ bere a wɔreguan afi Misraim no, na wɔn ho pere wɔn araa ma wɔannya bere amfa mmɔkaw amfra wɔn mmɔre mu antwɛn ma antu. (Exodus 12:34) Sɛ afahyɛ yi du so a, na ɛnsɛ sɛ wohu abodoo a mmɔkaw wom biara wɔ Israelni biara fie. Ná ɛsɛ sɛ wɔde owu twe obiara a ɔba afahyɛ no bi a obedi abodoo a mmɔkaw wom, a na ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn ka ho no, aso.—Exodus 12:19.

5. Hokwan bɛn na ebia afahyɛ a ɛto so abien no ma wɔkaee, na henanom na na ɛsɛ sɛ wonya anigye no bi?

5 Ná wodi afahyɛ a ɛto so abien no wɔ Nisan 16 akyi adapɛn ason (nnafua 49), na na esi ɔsram a ɛto so abiɛsa, Sivan, a ɛne yɛn bere yi mu May awiei hyia, no da a ɛto so 6. (Leviticus 23:15, 16) Ná wɔfrɛ no Adapɛn Nnapɔnna (wɔ Yesu bere so no, na wɔsan frɛ no Pentekoste, a ɛkyerɛ “Nea Ɛto so Aduonum” wɔ Hela kasa mu), na na bere a ɛhyɛ no reyɛ akɔyɛ sɛ bere a wɔne Israel yɛɛ Mmara apam no wɔ Sinai Bepɔw so no afirihyia da ara pɛ. (Exodus 19:1, 2) Sɛ Israelfo anokwafo redi afahyɛ yi a, na ɛbɛma wɔasusuw hokwan a wɔanya sɛ wɔayi wɔn asi nkyɛn sɛ Onyankopɔn man kronkron no ho. Esiane sɛ na wɔyɛ Onyankopɔn man titiriw nti, na ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ setie ma Nyankopɔn Mmara, a ebi ne ahyɛde a ese womfi ɔdɔ mu mmoa wɔn a wodi hia no, na ama wɔn nso atumi anya afahyɛ no mu anigye no bi.—Leviticus 23:22; Deuteronomium 16:10-12.

6. Osuahu bɛn na afahyɛ a ɛto so abiɛsa no maa Onyankopɔn nkurɔfo kaee?

6 Ná wɔfrɛ afe afe afahyɛ akɛse abiɛsa no mu nea etwa to no, Anoboa Afahyɛ anaa Asese Afahyɛ. Ná wodi no ɔsram a ɛto so ason a ɛne Tishri anaa Ethanim mu, efi da a ɛto so 15 kosi da a ɛto so 21, a ɛne yɛn bere yi mu October mfiase hyia no. (Leviticus 23:34) Edu saa bere yi a, na Onyankopɔn nkurɔfo tu fi wɔn afie mu kɔtra apata (asese) a wɔde nnubaa ne nhaban ayɛ mu wɔ abɔnten anaa wɔn adan atifi. Eyi ma wɔkaee mfe 40 kwan a wotu fii Misraim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so, a saa bere no na ɛsɛ sɛ ɔman no de wɔn ho to Nyankopɔn so na wama wɔn wɔn da biara da ahiade no.—Leviticus 23:42, 43; Deuteronomium 8:15, 16.

7. Mfaso bɛn na yenya fi afahyɛ ahorow a tete Israelfo dii no mu a yɛbɛhwehwɛ so?

7 Momma yensusuw afahyɛ ahorow bi a na ɛda nsow wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu no abakɔsɛm mu ho. Ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn nkuran nnɛ, efisɛ wɔto nsa frɛ yɛn nso sɛ yenhyiam dapɛn biara, na yɛnkɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam akɛse mprɛnsa afe biara.—Hebrifo 10:24, 25.

Dawid Mu Ahene no Bere So

8. (a) Afahyɛ titiriw bɛn na wodii wɔ Ɔhene Salomo bere so? (b) Asese Afahyɛ no nsusuwso a edi mũ koraa awiei bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

8 Wodii Asese Afahyɛ soronko bi wɔ Dawid ba, Ɔhene Salomo nniso a na wodi yiye wom no mu. “Asafo kɛse pa” fi Bɔhyɛ Asase no so akyirikyiri behyiaam maa Asese Afahyɛ no ne asɔrefie no so hyira. (2 Beresosɛm 7:8) Bere a wowiei no, Ɔhene Salomo gyaa baguafo no kwan, na “wohyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a [Yehowa, NW] ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel no nyinaa ho anigye ne koma pa sii mu kokɔɔ wɔn afi mu.” (1 Ahene 8:66) Nokwarem no na ɛyɛ afahyɛ a ɛda nsow. Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo hwɛ Asese Afahyɛ no nsusuwso a edi mũ koraa no kwan wɔ Salomo Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, Mfirihyia Apem Nniso no awiei. (Adiyisɛm 20:3, 7-10, 14, 15) Saa bere no, nnipa a wɔte asase so baabiara, a wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu ne wɔn a wobetwa Harmagedon no ka ho, bɛbom de anigye asom Yehowa Nyankopɔn.—Sakaria 14:16.

9-11. (a) Dɛn na esisii ansa na wɔredi afahyɛ a ɛda nsow bi wɔ Ɔhene Hesekia bere so? (b) Nhwɛso bɛn na nnipa pii a wofi atifi fam mmusuakuw du ahemman no mu yɛe, na ɛkae yɛn dɛn nnɛ?

9 Afahyɛ a ɛda nsow a edi hɔ a wɔde ho amanneɛbɔ ama wɔ Bible mu no baa so wɔ omumɔyɛfo Ɔhene Ahas, a ɔtoo asɔrefie no mu, na odii Yuda ahemman no anim kɔɔ ɔwae mu no nniso akyi. Onipa pa Ɔhene Hesekia na obedii Ahas ade. Hesekia nniso afe a edi kan mu, bere a na wadi mfe 25 no, ofii nsiesiei ne nsakrae adwuma kɛse bi ase. Obuee asɔrefie no ntɛm ara, na ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wosiesiei. Afei ɔhene no de nkrataa kɔmaa Israelfo a na wɔwɔ Israel mmusuakuw du ahemman a na ɛwɔ atifi fam a ɛhɔ yɛ basabasa no, de too nsa frɛɛ wɔn sɛ wommedi Twam ne Apiti Afahyɛ no. Ɛmfa ho sɛ wɔn ayɔnkofo dii wɔn ho fɛw no, nnipa pii bae.—2 Beresosɛm 30:1, 10, 11, 18.

10 Afahyɛ no kɔɔ so yiye? Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Na Israelfo a wohuu wɔn Yerusalem no dii apiti nnapɔnna no nnanson anigye kɛse mu, na Lewifo ne asɔfo no de [Yehowa, NW] asanku no yii [Yehowa, NW] ayɛ nna nyinaa.” (2 Beresosɛm 30:21) Hwɛ nhwɛso fɛfɛ ara a Israelfo yi gya maa Onyankopɔn nkurɔfo, a wɔn mu pii hyia ɔsɔretia na wotu kwan fi akyirikyiri kɔ ɔmantam nhyiam ahorow nnɛ no!

11 Sɛ nhwɛso no, susuw “Onyankopɔn Mu Ahofama” Ɔmantam Nhyiam abiɛsa a wɔyɛe wɔ Poland wɔ 1989 mu no ho hwɛ. Nnipa 166,518 a wɔkɔɔ bi no mu pii fi kan Soviet Union ne Europa Apuei fam aman foforo a na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma wɔ hɔ saa bere no mu na ɛbae. Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdomb nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ wɔn a wɔkɔɔ nhyiam horow yi no binom fam no, na ɛno ne bere a edi kan koraa a wɔakɔ Yehowa nkurɔfo nhyiam kɛse a nnipa no boro 15 anaa 20. Anisɔ hyɛɛ wɔn koma ma bere a wɔmaa wɔn ani so hwɛɛ nnipa ɔpedudu pii a wɔwɔ agumadibea hɔ, na wɔne wɔn boom wɔ mpaebɔ mu, de biakoyɛ too nnwom yii Yehowa ayɛ no.”—Kratafa 279.

12. Dɛn na esisii ansa na wɔredi afahyɛ a ɛda nsow bi wɔ Ɔhene Yosia nniso mu?

12 Hesekia wu akyi no, Yudeafo no dan kɔɔ atoro som so bio wɔ Ɔhene Manase ne Ɔhene Amon nniso ase. Ɛno akyi no ɔhempa foforo bedii ade, abofra Yosia a ɔyɛɛ ade akokoduru so no de nokware som sii hɔ bio. Bere a na Yosia adi mfe 25 no, ɔhyɛe sɛ wonsiesie asɔrefie no. (2 Beresosɛm 34:8) Bere a wogu so resiesie no, wohuu Mmara a Mose kyerɛwee no wɔ asɔrefie hɔ. Nea Ɔhene Yosia kenkan fii Onyankopɔn Mmara no mu no kaa ne koma yiye, na ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔkenkan kyerɛɛ ɔman no nyinaa. (2 Beresosɛm 34:14, 30) Afei, esiane nea na wɔakyerɛw wom no nti, ɔyɛɛ Twam afahyɛ no di ho nhyehyɛe. Ɔhene no yɛɛ nhwɛso pa nso bere a oyii ne yam yii ntoboa boaa afahyɛ no. Ne saa nti, Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Na efi odiyifo Samuel bere so wonnii Twam bi sɛ eyi Israel.”—2 Beresosɛm 35:7, 17, 18.

13. Dɛn na Hesekiel ne Yosia bere so afahyɛ ahorow no kae yɛn nnɛ?

13 Nsakrae horow a Hesekia ne Yosia yɛe no ne nokware som ho nsiesiei a ɛyɛ anigye a wɔyɛe wɔ nokware Kristofo mu fi bere a wɔde Yesu Kristo sii ahengua so wɔ 1914 mu no di nsɛ. Sɛnea na ɛte wɔ nsakrae horow a Yosia yɛe no ho titiriw no, nnɛyi nsiesiei no gyina nea wɔakyerɛw wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so. Na te sɛ nsakrae a ɛkɔɔ so wɔ Hesekia ne Yosia bere so no, wɔayeyɛ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam horow wɔ nnɛyi nsiesiei horow no mu, ma wɔde Bible nkɔmhyɛ mu ntease a ɛkanyan adwene ne Bible mu nnyinasosɛm ahorow ho nkyerɛkyerɛmu ama wɔ ase. Nea ɛma saa nkyerɛkyerɛ bere yi yɛ anigye kɛse bio ne nnipa pii a wɔbɔ wɔn asu no. Te sɛ Israelfo a wɔkyerɛɛ ahonu wɔ Hesekia ne Yosia bere so no, wɔn a wɔabɔ wɔn asu foforo no po Kristoman ne Satan wiase nkae no amumɔyɛde no. Wɔ 1997 mu no, wɔbɔɔ nnipa bɛboro 375,000 asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma ahotew Nyankopɔn, Yehowa, no ho sɛnkyerɛnne—sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛboro nnipa 1,000 da biara.

Nnommumfa no Akyi

14. Dɛn na esisii ansa na wɔredi afahyɛ a ɛda nsow bi wɔ 537 A.Y.B.?

14 Yosia wu akyi no, ɔman no san dan kɔɔ atoro som mu aniwude so. Awiei koraa, wɔ 607 A.Y.B. mu no, Yehowa twee ne man no aso denam Babilon asraafo dɔm a ɔma wɔtow hyɛɛ Yerusalem so no so. Wɔsɛee kurow no ne n’asɔrefie, na asase no daa mpan. Ɛno akyi no, Yudafo kɔɔ mfe 70 nnommumfa mu wɔ Babilon. Afei Onyankopɔn san kanyan Yudafo nkaefo a wɔkyerɛɛ ahonu no, na wɔsan kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so de nokware som kosii hɔ bio. Woduu Yerusalem kurow a na asɛe no mu wɔ 537 A.Y.B. no mu ɔsram a ɛto so ason mu. Ade a wodii kan yɛe ne sɛ, wosii afɔremuka a wɔbɛbɔ so afɔre da biara da sɛnea na Mmara apam no akyerɛ no. Ná bere aso sɛ wodi afahyɛ titiriw foforo nso. “Na wodii asese nnapɔnna no sɛ wɔakyerɛw no.”—Esra 3:1-4.

15. Adwuma bɛn na na ɛda nkaefo a wɔasan aba no anim wɔ 537 A.Y.B., na ɔkwan bɛn so na tebea bi a ɛne no di nsɛ bae wɔ 1919 mu?

15 Ná adwuma kɛse da nnommum a wɔasan aba yi anim—Onyankopɔn asɔrefie ne Yerusalem ne n’afasu a wɔbɛsan asi. Aman a atwa hɔ ahyia no de ahoɔyaw sɔre tiaa wɔn denneennen. Bere a wɔresi asɔrefie no, na ɛyɛ “nneɛma nketewa da.” (Sakaria 4:10) Ná tebea no te sɛ nea ɛtoo Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn wɔ 1919 mu no. Wɔ saa afe titiriw no mu no, woyii wɔn fii Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman, no honhom fam nkoasom mu. Ná wɔyɛ mpem kakraa bi pɛ na na wiase no tan wɔn ani. So na Onyankopɔn atamfo betumi asiw nokware som nkɔanim kwan? Saa asɛmmisa no ho mmuae dan adwene kɔ afahyɛ abien a etwa to a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu so.

16. Dɛn na na ɛda nsow wɔ afahyɛ bi ho wɔ 515 A.Y.B. mu?

16 Awiei koraa no, wɔsan sii asɔrefie no wiei wɔ 515 A.Y.B. wɔ Adar ɔsram no mu, na ankyɛ koraa na Nisan fefɛw bere mu afahyɛ no dui. Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Wodii apiti dapɔnna nnanson, anigye mu, efisɛ [Yehowa, NW] maa wɔn ani gyei, na ɔkom Asiria hene no koma baa wɔn ho ma ɔhyɛɛ wɔn abasam den, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fi adwuma no mu.”—Esra 6:22.

17, 18. (a) Afahyɛ a ɛda nsow bɛn na ɛkɔɔ so wɔ 455 A.Y.B. mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛwɔ tebea a ɛte saa ara mu nnɛ?

17 Mfirihyia aduosia akyi, wɔ 455 A.Y.B. no, biribi foforo a ɛda nsow sii. Afe no Asese Afahyɛ no na wɔde wiee Yerusalem afasu no si. Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔsan fii nnommumfa mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtratraa asese no mu. Na Israelfo nyɛɛ saa da fi Nun ba Yosua bere so de besi da no. Na ɛyɛɛ anigye kɛse pa.”—Nehemia 8:17.

18 Onyankopɔn nokware som a wɔsan de sii hɔ wɔ ɔkwan a ɛda nsow so a ɔtaa a emu yɛ den mfa ho bɛn ara ni! Tebea no te saa ara nnɛ. Ɔtaa ne ɔsɔretia nyinaa akyi no, adwuma kɛse a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka no adu asase ano, na wɔaka Onyankopɔn atemmusɛm no adu akyirikyiri. (Mateo 24:14) Nnipa 144,000 a wɔasra wɔn no mu nkaefo no anosɔ a etwa to abɛn. Wɔaboaboa wɔn mfɛfo “nguan foforo” no bɛboro ɔpepem anum ano afi aman nyinaa mu ma wɔne wɔn a wɔasra wɔn no mu nkaefo abɛyɛ “kuw biako.” (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:3, 9, 10) Asese Afahyɛ no nkɔmhyɛ kwan so nsusuwso no mmamu a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Na saa anoboaboa adwuma kɛse yi bɛtoa so akodu wiase foforo no mu bere a wɔto nsa frɛ nnipa ɔpepepem pii a wobenyan wɔn afi awufo mu no ma wobenya Asese Afahyɛ nsusuwso no mu kyɛfa no.—Sakaria 14:16-19.

Wɔ Afeha a Edi Kan Y.B. Mu

19. Dɛn na ɛmaa 32 Y.B. mu Asese Afahyɛ no yɛɛ soronko?

19 Akyinnye biara nni ho sɛ afahyɛ ahorow a ɛda nsow sen biara a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no biako ne nea Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo kɔɔ bi no. Sɛ nhwɛso no, susuw Asese (anaa, Ntamadan) Afahyɛ a Yesu kɔɔ bi wɔ afe 32 Y.B. no ho hwɛ. Ɔde saa bere no kyerɛkyerɛɛ nokwasɛm ahorow a ɛho hia, na ɔde Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm foaa ne nkyerɛkyerɛ so. (Yohane 7:2, 14, 37-39) Ade a na wɔyɛ no daa wɔ afahyɛ yi ase ne akanea akɛse anan a na wɔsosɔ sisi asɔrefie no abangua a ɛhyɛ mfinimfini so no. Ná eyi boa ma afahyɛ no dwumadi ahorow a na ɛtoam kodu anadwo no yɛ anigye. Ɛda adi sɛ Yesu twee adwene sii akanea akɛse yi so bere a ɔkae sɛ: “Mene wiase hann; nea odi m’akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann” no.—Yohane 8:12.

20. Dɛn nti na na 33 Y.B. mu Twam no yɛ soronko?

20 Ɛno akyi na afe titiriw 33 Y.B. mu Twam ne Apiti Afahyɛ no bae. Saa Twam Da no, Yesu atamfo kum no, na ɔbɛyɛɛ Twam Guan no nsusuwso, a ɔnam ne wu so yii ‘wiase bɔne kɔe’ no. (Yohane 1:29; 1 Korintofo 5:7) Nnansa akyi, wɔ Nisan 16 no, Onyankopɔn nyanee Yesu maa no honhom nipadua a owu nni so tumi. Eyi ne bere a na wɔde atoko mu adekan no kɔma sɛ ayɛyɛde sɛnea Mmara no kyerɛe no hyiae. Saa kwan no so no, Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no no bɛyɛɛ “wɔn a wɔadeda no mu aba a edi kan.”—1 Korintofo 15:20.

21. Dɛn na esii wɔ Pentekoste 33 Y.B.?

21 Afahyɛ bi a na ɛda nsow ankasa ne 33 Y.B. mu Pentekoste no. Saa da no, na Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo pii ahyiam wɔ Yerusalem, a Yesu asuafo bɛyɛ 120 ka ho. Bere a na afahyɛ no rekɔ so no, Awurade Yesu Kristo a na wɔanyan no no hwiee Onyankopɔn honhom kronkron guu nnipa 120 no so. (Asomafo no Nnwuma 1:15; 2:1-4, 33) Wɔnam saa kwan no so sraa wɔn de wɔn yɛɛ Onyankopɔn man foforo a ɔnam apam foforo a Yesu Kristo yɛɛ ne ntamgyinafo no so apaw wɔn. Saa afahyɛ no ase no, na Yudafo sɔfopanyin no de abodoo abien a mmɔkaw wom a wɔde awi a edi kan a wotwa no yɛ, ma Onyankopɔn. (Leviticus 23:15-17) Saa abodoo a mmɔkaw wom yi gyina hɔ ma nnipa 144,000 a wɔnyɛ pɛ a Yesu ‘tɔɔ wɔn maa Nyankopɔn’ sɛ wɔnsom sɛ ‘ahemman ne asɔfo na wonni asase so ahene’ no. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 3) Abodoo abien a mmɔkaw wom no betumi nso ayɛ nokwasɛm a ɛne sɛ ɔsoro sodifo ahorow yi fi adesamma abɔnefo akuw abien, Yudafo ne Amanaman mufo, mu no ho mfonini.

22. (a) Dɛn nti na Kristofo nni Mmara apam no mu afahyɛ ahorow no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

22 Bere a apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma wɔ Pentekoste 33 Y.B. no, ɛkyerɛe sɛ Mmara apam dedaw no nsom bo wɔ Onyankopɔn ani so bio. (2 Korintofo 3:14; Hebrifo 9:15; 10:16) Ɛno nkyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn nni mmara. Wɔhyɛ Onyankopɔn mmara a Yesu Kristo kyerɛkyerɛe a wɔakyerɛw agu wɔn koma so no ase. (Galatifo 6:2) Enti, afe afe afahyɛ abiɛsa a na ɛwɔ Mmara apam dedaw no mu no nyɛ nea Kristofo di. (Kolosefo 2:16, 17) Nanso, yebetumi asua pii afi su a Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no daa no adi wɔ wɔn afahyɛ ahorow ne ɔsom ho nhyiam afoforo a wɔyɛe ho no mu. Wɔ yɛn adesua asɛm a edi hɔ mu no, yebesusuw nhwɛso horow a akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛkanyan obiara ma wahu hia a ɛho hia sɛ ɔkɔ Kristofo nhyiam daa no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no, Po 1, kratafa 820, ɔfã 1, nkyekyem 1 ne 3, a ɛhyɛ asɛmti, “Afahyɛ” ase no.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

Ntimu Nsɛmmisa

◻ Israel afahyɛ akɛse abiɛsa no dii atirimpɔw bɛn ho dwuma?

◻ Dɛn na ɛdaa nsow wɔ Hesekia ne Yosia bere so afahyɛ ahorow no ho?

◻ Adeyɛ a ɛda nsow bɛn na ɛkɔɔ so wɔ 455 A.Y.B. mu, na dɛn nti na ɛyɛ nkuranhyɛ ma yɛn?

◻ Dɛn na na ɛda nsow wɔ 33 Y.B. mu Twam ne Pentekoste no ho?

[Kratafa 12 adaka]

Afahyɛ Ho Asuade Ma Yɛn Nnɛ

Ɛsɛ sɛ wɔn a wobetumi anya Yesu afɔrebɔ a ɛpata bɔne no so mfaso daa no abrabɔ ne nea Apiti Afahyɛ no yɛɛ ho mfonini no hyia. Saa afahyɛ nsusuwso yi ne ahurusi a Kristofo a wɔasra wɔn no di wɔ ogye a wɔanya afi wiase bɔne yi mu ne ahofadi a wɔnam Yesu agyede no so anya afi bɔne afobu mu ho no. (Galatifo 1:4; Kolosefo 1:13, 14) Afahyɛ paa no dii nnanson—akontaahyɛde a Bible de gyina hɔ ma biribi a edi mũ wɔ honhom fam. Afahyɛ nsusuwso no bɛtra hɔ bere tenten a Kristofo asafo a wɔasra wɔn no wɔ asase so no, na ɛsɛ sɛ wodi no “kronkronyɛ ne nokware” mu. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ani to fam bere nyinaa na wɔahu sɛnkyerɛnne kwan so mmɔkaw no. Wɔde mmɔkaw di dwuma wɔ Bible mu de gyina hɔ ma nkyerɛkyerɛ bɔne, nyaatwomyɛ, ne bɔne. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo anokwafo kyi mmɔkaw a ɛte saa, a wɔmma ɛnsɛe wɔn asetra ne Kristofo asafo no ahotew.—1 Korintofo 5:6-8; Mateo 16:6, 12.

[Kratafa 9 mfonini]

Afe biara, na wɔde atoko a wɔatwa no foforo afi biako kɔma wɔ Nisan 16, da a wonyanee Yesu no

[Kratafa 10 mfonini]

Gyama na Yesu retwe adwene asi afahyɛ bere mu akanea no so bere a ɔfrɛɛ ne ho “wiase hann” no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena