Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 8/8 kr. 3-4
  • Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ Ahotoso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ Ahotoso
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Faako a Yebenya Awerɛkyekye
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yehowa Ne Yɛn Hwɛfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yesu Hwɛ Ne Nguan
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nnansa Yi Ban Ma “Nguan Foforo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 8/8 kr. 3-4

Nguanhwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ, Nguan A Wɔwɔ Ahotoso

WƆ BIBLE mmere mu no, na mmataho dennen a ɛwɔ oguanhwɛfo ne ne nguan ntam no yɛ akasabebui. Mpɛn pii no na oguanhwɛfo no yɛ nguan no wura ankasa anaasɛ wɔn wura no abusua muni bi. Ɔkɔ nguamman no mu anɔpa na ɔfrɛ ne nguan no fi nguan afoforo pii a wɔwɔ hɔ no mu. Na onim ne nguan no; na wonim ne nne. Na ɔnka wɔn​—odii wɔ anim na wodii n’akyi. Ɔkyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ sare momono ne nsu pa ho. Wɔ anadwo wim tebea bɔne mu no, ɔsan de wɔn ba nguamman no mu anaasɛ ɔma wɔda ɔbodan bi mu. Wɔ wim tebea a ano nyɛ den mu no, ɔne wɔn da wuram wɔ ewi no ase​—sɛnea na ɛte wɔ afe 2 A.Y.B asusow bere mu bere a na nguanhwɛfo bi “da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo” no ara pɛ.​—Luka 2:8.

Sɛ oguan biako yera a, oguanhwɛfo no hwehwɛ no kosi sɛ obehu no. (Luka 15:4) Na 99 no mma ne koma ntɔ ne yam kosi sɛ obehu nea wayera no na wasan de no aba.

Ná abusuabɔ a ɛda Apuei Fam oguanhwɛfo ne ne nguan ntam no yɛ nkate mu ade a emu dɔ, sɛnea wɔn mu biako dii ho adanse no: “Na oguan biako a mehwere no no ma me kra werɛ how. Sɛ biako yare anaasɛ metɔn no a, misu efisɛ na merehwere adamfo a midwen ne ho na ɔno nso dwen me ho. Wɔ Bible nsase no so wim a abae na ayɛ hyew no ase no, na oguanhwɛfo ne ne nguan ntam mmataho ne ɔdɔ bi nyin sɛnea ɛyɛe wɔ me fam no. Wɔ wɔn kommyɛ no mu bere a onipa biara mmɛn hɔ, wɔ asomdwoe anaa ɔhaw bere mu no, oguanhwɛfo no ne nguan no wɔ nkate koro wɔ asetra mu.”

Ná oguanhwɛfo ɔnokwafo no yɛ ɔhobammɔfo a onsuro. Ɔko pam adwotwafo a wɔrebewia ade. Ɔbobɔɔ wuram mmoa a wɔreba abɛkyere bi. Na ɔtow ataabo a ɔmfom. (1 Samuel 17:34-36, 49; hwɛ Atemmufo 20:16 nso.) Sɛ aboa bi kyere nguan no bi we a, oguanhwɛfo no hwɛ sɛ ne nsa bɛka dompe anaasɛ nhoma na ɔde akobu aboa a wayera no ho akontaa. Ná eyi te saa titiriw sɛ oguanhwɛfo no yɛ nea wɔabɔ no paa a​—sɛ adanse a ɛte saa nni hɔ a wɔbɛka sɛ ɔno na owiae.​—Exodus 22:12-15; fa toto Amos 3:12 ho.

Na nguan no wɔ wɔn ahwɛfo no mu ahotoso. Wɔmaa pii din ahorow a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wɔte​—aso a apae, dua kɛse, anim tuntum, fitafita. Sɛ oguanhwɛfo no bɔ wɔn din a, wogye so. Nhwehwɛmufo bi pɛe sɛ ohu sɛnea eyi yɛ nokware bere a na ɔretwam wɔ nguankuw bi ho no. Ɔka nea edi so yi kyerɛ: “Afei mekyerɛɛ [oguanhwɛfo no] sɛ ɔmfrɛ ne nguan no biako. Ɔyɛɛ saa, na ntɛm ara ogyaw n’adidibea no ne n’ahokafo na otuu mmirika de anigye sɛnkyerɛnne ne mpofirim osetie a minhuu bi da wɔ aboa foforo biara mu bɛhyɛɛ oguanhwɛfo no nsam. Ɛyɛ nokware nso sɛ wɔ saa ɔman yi mu no, ‘wɔrenni ɔnanani akyi, na mmom woguan fi ne ho.’”

Yesu sii nea yɛasusuw ho yi mu pii so dua bere a ɔdaa n’ankasa ho adi sɛ n’akyidifo a wɔte sɛ nguan no Oguanhwɛfo Pa no: “Nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi [fi nguamman no mu]. Na ɔma n’ankasa nguan fi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne. Ɔnana, wɔrenni n’akyi, efisɛ wonnim ananafo nne. Mene oguanhwɛfo pa no; na minim me de, na mede nso nim me, sɛnea agya no nim me na me nso minim agya no; na mede me kra [me nkwa] meto hɔ mema nguan no.”​—Yohane 10:3-5, 14, 15.

Ɛnyɛ Kristo Yesu nko na mmom wɔka Yehowa Nyankopɔn nso ho asɛm sɛ oguanhwɛfo. Odwontofo no se: “[Yehowa] ne me hwɛfo.” Ne saa nti Ɔno ne Yesu nyinaa da ɔdɔ adi kyerɛ “n’adidibea nguan” no. Wɔakyerɛw afa ne ho sɛ: “Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.”​—Dwom 23:1; 100:3; Yesaia 40:11.

Nanso Yehowa ka kyerɛ atoro nguanhwɛfo a wɔyɛ ne nguan basabasa no sɛ: “Megye me nguan afi wɔn anom, na wɔannye wɔn aduan bio.”​—Hesekiel 34:10.

Esiane nnɛyi nyamesom nguanhwɛfo no su ne wɔn nkyerɛkyerɛ nti, wɔte dɛn wɔ Yehowa ani so? Asɛm a edi hɔ no susuw eyi ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena