Nnipakuw Kɛse a Wɔyɛ Nokware Asomfo—Ɛhe na Wofi?
“Hwɛ, nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu . . . gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim.”—ADIYISƐM 7:9.
1. Dɛn nti na nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu ahorow a ɛwɔ Adiyisɛm mu no ho hia yɛn kɛse nnɛ?
ƐDE rekɔ afeha a edi kan Y.B. awiei hɔ no, ɔsomafo Yohane huu Yehowa atirimpɔw ho nsɛm a ɛyɛ nwonwa ho anisoadehu ahorow. Nneɛma a ohui wɔ anisoadehu mu no bi renya mmamu mprempren. Afoforo rebɛbam nnansa yi ara. Eyinom nyinaa fa Yehowa atirimpɔw kɛse a ɔnam so bɛtew ne din ho wɔ abɔde nyinaa anim mmamu a ɛyɛ nwonwa no ho. (Hesekiel 38:23; Adiyisɛm 4:11; 5:13) Afei nso, ɛfa yɛn mu biara nkwa ho anidaso ho. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa?
2. (a) Dɛn na ɔsomafo Yohane hui wɔ n’anisoadehu a ɛto so anan no mu? (b) Anisoadehu yi ho nsemmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?
2 Wɔ Adiyisɛm mu anisoadehu ahorow no mu nea ɛto so anan no mu no, Yohane huu abɔfo a wokurakura ɔsɛe mframa mu kosii sɛ wɔhyehyɛɛ “yɛn Nyankopɔn nkoa” moma so agyirae. Afei ohuu adeyɛ bi a ɛyɛ anigye paa—“nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” sɛ wɔde biakoyɛ resom Yehowa, na wɔrehyɛ ne Ba no anuonyam. Wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ, eyinom ne nnipa a wobetwa ahohiahia kɛse no. (Adiyisɛm 7:1-17) Henanom ne wɔn a wɔka wɔn ho asɛm sɛ “yɛn Nyankopɔn nkoa” no? Na henanom na wɔbɛyɛ “nnipakuw kɛse” a wobetwa ahohiahia kɛse no? Wobɛyɛ wɔn mu biako?
Henanom Ne “Yɛn Nyankopɔn Nkoa” No?
3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ ɔne n’akyidifo ntam abusuabɔ ho mfatoho wɔ Yohane 10:1-18? (b) Dɛn na Yesu nam n’afɔrebɔ wu no so maa ne nguan nyae?
3 Aka bɛyɛ asram anan ma Yesu awu no, ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ ɔne “oguanhwɛfo pa no” na n’akyidifo ne “nguan” a ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama wɔn no. Ɔhyɛɛ da kaa nguan a ohuu wɔn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nguannan bi mu a ɛno akyi no ɔhwɛɛ wɔn yiye no ho asɛm. (Yohane 10:1-18)a Yesu fi ɔdɔ mu de ne kra too hɔ maa ne nguan, na ɔde agyede bo a na ɛho hia ma wɔanya ahofadi afi bɔne ne owu ho mae.
4. Henanom na wodii kan boaboaa wɔn ano sɛ nguan ma ɛne nea Yesu kae wɔ ha yi hyia?
4 Nanso, ansa na Yesu, sɛ Oguanhwɛfo Pa no reyɛ saa no, ɔno ankasa boaboaa asuafo ano. Yohane Osuboni a ɔyɛ “ɔpon ano hwɛfo” wɔ Yesu mfatoho no mu no na ɔde wɔn a wodi kan no brɛɛ no. Ná Yesu rehwehwɛ nnipa a wobegye hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛba abɛyɛ ‘Abraham aseni’ a ɔwɔ abusua kɛse a ɛwɔ afã horow no fã bi atom no. (Genesis 22:18; Galatifo 3:16, 29) Ɔde ɔsoro Ahenni no ho anisɔ hyɛɛ wɔn komam, na ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ ɔrekɔ akosiesie baabi ama wɔn wɔ ne soro Agya fie. (Mateo 13:44-46; Yohane 14:2, 3) Ɔkae wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Efi osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade abran so, na wɔn a wɔyɛ no abran so no fa no anuɔden so.” (Mateo 11:12) Saafo a wodii Yesu akyi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn nsa aka saa botae no daa no adi sɛ wɔwɔ nguannan a ɔkaa ho asɛm no mu ampa.
5. (a) Henanom ne “yɛn Nyankopɔn nkoa” a Adiyisɛm 7:3-8 ka wɔn ho asɛm no? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa pii bɛka honhom fam Israelfo no ho wɔ wɔn som mu?
5 Wɔ Adiyisɛm 7:3-8 no, wɔka wɔn a wotumi kɔ wɔn anim kodu saa ɔsoro botae no ho ho asɛm nso sɛ “yɛn Nyankopɔn nkoa.” (Hwɛ 1 Petro 2:9, 16.) So 144,000 a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ hɔ no yɛ honam fam Yudafo nkutoo? Wɔn a wɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so nguannan a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no yɛ Yudafo nkutoo? Dabida; wɔyɛ honhom fam Nyankopɔn Israel no mufo a wɔn nyinaa ka Kristo ho wɔ Abraham honhom fam asefo no mu. (Galatifo 3:28, 29; 6:16; Adiyisɛm 14:1, 3) Ná bere bedu ma wɔanya nnipa a wɔrehwehwɛ wɔn no nyinaa. Ɛno akyi no na dɛn na ɛbɛba? Sɛnea na Bible no ahyɛ ho nkɔm no, na afoforo—a wɔyɛ nnipakuw kɛse—de wɔn ho bɛbɔ honhom fam Israelfo yi wɔ Yehowa som mu.—Sakaria 8:23.
“Nguan Foforo” No—Wɔyɛ Amanaman Mufo Kristofo?
6. Asɛm bɛn na Yohane 10:16 da no adi?
6 Yesu kaa nguankuw biako ho asɛm wiei wɔ Yohane 10:7-15 no, ɔkaa kuw foforo ho asɛm, bere a ɔkae sɛ: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako” no. (Yohane 10:16) Henanom ne saa “nguan foforo” no?
7, 8. (a) Dɛn nti na adwene a ɛne sɛ nguan foforo no yɛ Amanaman Mufo Kristofo no gyina nsusuwii a ɛnteɛ so? (b) Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ho nokwasɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ ɛboa yɛn ma yenya nnipa ko a nguan foforo no yɛ ho ntease?
7 Kristoman mu nkyerɛkyerɛmufo dodow no ara susuw sɛ saa nguan foforo yi yɛ Amanaman Mufo Kristofo, na wɔn a wɔwɔ nguankuw a yɛadi kan aka ho asɛm no mu yɛ Yudafo a na wɔwɔ Mmara apam no ase no, na akuw abien no nyinaa kɔ soro. Nanso wɔwoo Yesu sɛ Yudani, na n’awo nti, na ɔhyɛ Mmara apam no ase. (Galatifo 4:4) Afei nso, wɔn a wobu nguan foforo no sɛ wɔyɛ Amanaman Mufo Kristofo a wobenya ɔsoro asetra sɛ akatua no rebu wɔn ani agu Onyankopɔn atirimpɔw mu ade titiriw bi so. Bere a Yehowa bɔɔ nnipa a wodi kan na ɔde wɔn kɔtraa Eden turom no, ɔmaa ɛdaa adi pefee sɛ na n’atirimpɔw ne sɛ wɔbɛwo ahyɛ asase so ma, na wɔama ne nyinaa adan paradise, na sɛ nnipa a wɔhwɛ so no kyerɛ obu ma wɔn Bɔfo no na wotie no a—wɔatra ase daa.—Genesis 1:26-28; 2:15-17; Yesaia 45:18.
8 Bere a Adam yɛɛ bɔne no, Yehowa atirimpɔw anyɛ kwa. Onyankopɔn fi ɔdɔ mu yɛɛ nsiesiei maa Adam asefo na wɔanya hokwan de anya ade a Adam ankyerɛ ho anisɔ no mu anigye. Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ ɔbɛma ogyefo bi so, aseni bi a amanaman nyinaa nam ne so benya nhyira. (Genesis 3:15; 22:18) Saa bɔhyɛ no ankyerɛ sɛ wɔde nnipa pa a wɔwɔ asase so nyinaa bɛkɔ soro. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Bere tiaa bi ansa na Yesu reka mfatoho a ɛwɔ Yohane 10:1-16 no, na waka akyerɛ n’asuafo no sɛ “kuw ketewa” bi nkutoo na n’Agya apene so sɛ ɔde ɔsoro Ahenni no bɛma wɔn. (Luka 12:32, 33) Enti sɛ yɛkenkan Yesu mfatoho a ɛka n’ankasa ho asɛm sɛ Oguanhwɛfo Pa a ɔde ne kra to hɔ ma ne nguan no a, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebeyi nnipa dodow no ara a Yesu de wɔn ba ne hwɛ a ɔdɔ wom ase, wɔn a wɔbɛyɛ ne soro Ahenni no asase so nkoa no, afi mu.—Yohane 3:16.
9. Bible Asuafo no hui wɔ 1884 mu tɔnn sɛ nguan foforo no yɛ henanom?
9 Wɔ 1884 mu tɔnn na Ɔwɛn-Aban no daa nguan foforo no adi sɛ nnipa a wobenya hokwan atra asase yi so wɔ tebea horow a ɛbɛma Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw abam mu. Saa tete Bible Asuafo no hui sɛ nguan foforo yi mu binom bɛyɛ nnipa a wɔtraa ase na wowuwui ansa na Yesu refi asase so som adwuma no ase. Nanso, nkyerɛkyerɛmu bi wɔ hɔ a wɔante ase yiye. Sɛ́ nhwɛso no, na wosusuw sɛ nguan foforo no anoboaboa no bɛba so bere a wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa anya wɔn soro akatua no akyi. Nanso, wohui ankasa sɛ, nguan foforo no nyɛ Amanaman Mufo Kristofo. Hokwan a ɛbɛma obi abɛyɛ nguan foforo no muni wɔ hɔ ma Yudafo ne Amanaman Mufo, nnipa a wofi aman ahorow mu ne mmusuakuw nyinaa mu.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 10:34, 35 ho.
10. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ yɛn fam na yɛayɛ nkurɔfo a Yesu bu wɔn sɛ ne nguan foforo ankasa?
10 Sɛnea ɛbɛyɛ na nguan foforo no afata ama nkyerɛkyerɛmu a Yesu de mae no, ɛmfa ho ɔman ne abusuakuw a wofi mu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wogye Yesu Kristo tom sɛ ɔne Oguanhwɛfo Pa no. Dɛn na ɛka ɛno ho? Ɛsɛ sɛ wɔda su horow a nguan wɔ te sɛ ahobrɛase ne pene a wɔpene so sɛ wɔbɛma wɔadi wɔn anim adi. (Dwom 37:11) Sɛnea ɛte wɔ kuw ketewa no fam no, ɛsɛ sɛ ‘wohu Oguanhwɛfo Pa no nne’ na wɔamma kwan amma afoforo a ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔdaadaa wɔn anni wɔn anim. (Yohane 10:4; 2 Yohane 9, 10) Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani sɔ hia a Yesu nkwa a ɔde too hɔ maa ne nguan no ho hia no, na wɔkyerɛ saa nsiesiei no mu gyidi kosi ase. (Asomafo no Nnwuma 4:12) Ɛsɛ sɛ ‘wotie’ Oguanhwɛfo Pa no nne bere a ɔhyɛ wɔn sɛ wɔmfa ɔsom kronn mma Yehowa nkutoo, nkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan, ntwe wɔn ho mfi wiase no ho, na wonyi ɔdɔ a ɛma wɔde wɔn ho bɔ afɔre adi nkyerɛ wɔn ho wɔn ho no. (Mateo 4:10; 6:31-33; Yohane 15:12, 13, 19) So w’abrabɔ da no adi sɛ woka wɔn a Yesu bu wɔn sɛ wɔne nguan foforo no ho? Wopɛ sɛ woka wɔn ho? Abusuabɔ a ɛsom bo bɛn ara hokwan na abue ama wɔn a wɔbɛyɛ Yesu nokware nguan foforo no ankasa sɛɛ yi!
Obu ma Ahenni Tumidi
11. (a) Wɔ Yesu ba ho sɛnkyerɛnne no mu no, asɛm bɛn na ɔka faa nguanten ne mpapo no ho? (b) Henanom ne anuanom a Yesu ka wɔn ho asɛm no?
11 Bere a Yesu de mfatoho a ɛwɔ atifi hɔ no mae akyi asram pii no, ɔsan baa Yerusalem bio. Bere a na ɔte Ngo Bepɔw no so na ɛma ohu baabi a asɔrefi no si no, ɔkaa ‘ne ba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne’ ho nsɛm kyerɛɛ n’asuafo no. (Mateo 24:3) Ɔkaa nguan no anoboaboa ho asɛm bio. Nsɛm pii a ɔkae no bi ne sɛ: “Onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina benkum.” Enti wɔ saa bɛ yi mu no, Yesu kyerɛe sɛ Ɔhene no begyina sɛnea nnipa a ɔtwe n’adwene si wɔn so no ne ne “nuanom” dii nsɛm so na abu wɔn atɛn. (Mateo 25:31-46) Henanom ne ne nuanom yi? Wɔne Kristofo a wɔde honhom awo wɔn a enti wɔyɛ “Onyankopɔn mma” no. Yesu ne Onyankopɔn Abakan. Enti, wɔyɛ Kristo nuanom. Wɔne “yɛn Nyankopɔn nkoa” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:3 no, wɔn a wɔayi wɔn afi nnipa mu ma wɔne Kristo kodi ade wɔ ne soro Ahenni no mu no.—Romafo 8:14-17.
12. Dɛn nti na ɔkwan a nkurɔfo nam so ne Kristo nuanom no di nsɛm no ho hia titiriw?
12 Sɛnea nnipa afoforo ne saa Ahenni adedifo yi di nsɛm no ho hia titiriw. So wubu wɔn sɛnea Yesu Kristo ne Yehowa bu wɔn no? (Mateo 24:45-47; 2 Tesalonikafo 2:13) Su a obi yi no adi kyerɛ saafo a wɔasra wɔn no kyerɛ su a oyi no adi kyerɛ Yesu Kristo ankasa ne n’Agya, Amansan Hene no.—Mateo 10:40; 25:34-46.
13. Bible Asuafo no tee nguanten ne mpapo ho bɛ no ase koduu he wɔ 1884 mu?
13 Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ August 1884 mu no daa no adi wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ “nguan” a wɔwɔ ɛbɛ yi mu no ne wɔn a wɔde wɔn ani asi asase so asetra a ɛyɛ pɛ ho anidaso so no. Wɔtee ase sɛ ɛbɛ no bɛbam wɔ bere a Kristo fi ne soro anuonyam ahengua so redi tumi no. Nanso, saa bere no, wɔanhu bere a obefi mpaapaemu adwuma a wɔaka ho asɛm wɔ hɔ no ase, anaasɛ bere tenten a ebedi no pefee.
14. Ɔkwan bɛn so na ɔmantam nhyiam ase ɔkasa bi a wɔmae wɔ 1923 mu boaa Bible Asuafo no ma wohuu bere a Yesu nkɔmhyɛ kwan so bɛ no bɛbam?
14 Nanso wɔ 1923 mu no, J. F. Rutherford, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no kyerɛkyerɛɛ bere a nguanten ne mpapo ho bɛ no bɛbam no mu wɔ ɔmantam nhyiam ase ɔkasa bi mu. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa no bi ne sɛ ɛbɛ no kyerɛ sɛ Ɔhene no nuanom no—anyɛ yiye koraa wɔn mu bi—bɛwɔ asase so saa bere no. Wɔ nnipa mu no, n’akyidifo a wɔde honhom awo wɔn no nkutoo na wobetumi afrɛ wɔn ne nuanom nokware mu. (Hebrifo 2:10-12) Eyinom rentra asase so wɔ Mfirihyia Apem no nyinaa mu, na nnipa anya hokwan ayɛ wɔn papa sɛnea Yesu kaa ho asɛm no.—Adiyisɛm 20:6.
15. (a) Nsɛm bɛn na ɛboaa Bible Asuafo no ma wohuu nguanten a wɔwɔ Yesu bɛ no mu no yiye? (b) Ɔkwan bɛn so na nguanten no ada anisɔ a wɔwɔ ma Ahenni no adi?
15 Wɔ saa ɔkasa a ɔmae wɔ 1923 mu mu no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn a wɔn bra fata nkyerɛkyerɛmu a Awurade de mae wɔ nguanten ne mpapo ho no, nanso na ɛho hia sɛ wɔte nneɛma foforo ase ansa na nea ɛbɛ no kyerɛ ankasa mu atumi ada hɔ. Wɔ mfe a edii hɔ no mu no, Yehowa twee n’asomfo adwene baa nkyerɛkyerɛmu ahorow a ɛho hia yi so nkakrankakra. Nea ɛka eyinom ho ne ntease pefee a wonyae wɔ 1927 mu sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn kuw a wɔwɔ asase so no nyinaa no; wohui wɔ 1932 mu nso sɛ ɛho hia sɛ obi de ne ho bɔ Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no denneennen te sɛ nea Yonadab ne Yehu yɛe no a osuro biara nnim. (Mateo 24:45; 2 Ahene 10:15) Saa bere no, wogyinaa Adiyisɛm 22:17 so hyɛɛ saafo yi a wɔte sɛ nguanten no titiriw nkuran sɛ wonnya Ahenni asɛm a wɔde kɔ afoforo nkyɛn no mu kyɛfa. Ná ɛnyɛ honam fam ayamye nkutoo na anisɔ a wɔwɔ ma Mesia Ahenni bɛka wɔn ma wɔayi no adi akyerɛ wɔn a Awurade asra wɔn no, na mmom na ɛsɛ sɛ wɔfa Kristo so hyira wɔn nkwa so ma Yehowa, na wɔbɛyɛ nkurɔfo a wɔde wɔn ho abɔ ne nkurɔfo a wɔasra wɔn no denneennen a wɔde nsiyɛ renya adwuma a wɔreyɛ no mu kyɛfa. So woreyɛ saa? Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔreyɛ saa no sɛ: “Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!” Daa nkwa wɔ pɛyɛ mu ho anidaso kɛse wɔ Ahenni no asase so atrae ha na ɛbɛda wɔn anim.—Mateo 25:34, 46.
“Nnipakuw Kɛse” No—Ɛhe na Wɔrekɔ?
16. (a) Adwene a ɛnteɛ bɛn na tete Bible Asuafo no nyae wɔ nnipadɔm kɛse, anaasɛ nnipakuw kɛse a Adiyisɛm 7:9 ka wɔn ho asɛm no ho? (b) Bere bɛn, na dɛn so na wogyina teɛɛ adwene a na wɔwɔ no?
16 Bere bi na Yehowa asomfo gye di sɛ nnipadɔm kɛse (anaasɛ, nnipakuw kɛse) a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9, 10 no yɛ soronko wɔ nguan foforo a wɔn ho asɛm wɔ Yohane 10:16 ne nguanten a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Mateo 25:33 no ho. Esiane sɛ Bible no ka sɛ ‘wogyinagyina ahengua no anim’ nti, na wosusuw sɛ wɔbɛkɔ soro a wɔnkɔtratra nhengua so ne Kristo nni ade, na mmom, wɔbɛwɔ beae a ɛto so abien wɔ ahengua no anim. Wobuu wɔn sɛ Kristofo a wɔn nokwaredi sua, wɔn a wɔanna nokware honhom a ɛma wɔde wɔn ho bɔ afɔre adi. Wɔteɛɛ saa adwene no wɔ 1935 mu.b Adiyisɛm 7:9 mu nhwehwɛmu bi a wogyinaa kyerɛw nsɛm te sɛ Mateo 25:31, 32 so yɛe no maa emu daa hɔ sɛ nnipa a wɔwɔ asase so ha betumi ayɛ wɔn a ‘wogyinagyina ahengua no’ anim. Afei nso wɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn nni nokwaredi ho gyinapɛn ahorow abien. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya Onyankopɔn anim dom nyinaa kura wɔn mudi mu ma no.—Mateo 22:37, 38; Luka 16:10.
17, 18. (a) Dɛn na ama wɔn a wɔrehwɛ daa nkwa wɔ asase so kwan no dodow akɔ soro kɛse fi 1935 reba no? (b) Adwuma a ɛho hia bɛn na nnipakuw kɛse no mufo de nsiyɛ renya mu kyɛfa?
17 Mfe pii na Yehowa nkurɔfo de aka Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛfa asase ho no ho asɛm. Esiane nea na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba wɔ 1920 mfe no mu nti, wɔbɔɔ dawuru sɛ “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ Renwu Da.” Nanso nnipa ɔpepem pii annye nkwagye ho nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ no antom saa bere no. Nnipa a wogyee nokware no mu dodow no ara na honhom kronkron no woo wɔn ma wonyaa ɔsoro asetra ho anidaso. Nanso, 1935 akyi titiriw na nsakrae titiriw bi bae. Na ɛnyɛ sɛ Ɔwɛn-Aban no abu ani agu daa nkwa wɔ asase ho anidaso no so. Mfe du du pii na na Yehowa asomfo de aka eyi ho asɛm na wɔahwehwɛ wɔn a wɔn bra fata nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma no. Nanso, wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, ɔhwɛ maa saafo yi daa wɔn ho adi.
18 Kyerɛwtohɔ ahorow a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ wɔ mfe pii mu no, na wɔn a wɔkɔ Nkaedi ase no mu dodow no ara di abodoo no na wɔnom bobesã no bi. Nanso wɔ mfe 25 mu wɔ 1935 akyi no, nnipa a wɔkɔɔ Kristo wu Nkaedi ase no dodow kɔɔ soro koduu bɛboro wɔn a na wodi abodoo na wɔnom bobesã no bi no so mpɛn ɔha. Ná henanom ne nnipa foforo yi? Wɔne nnipa a wɔbɛyɛ nnipakuw kɛse no mufo. Ɛda adi pefee sɛ na Yehowa bere adu sɛ ɔboaboa wɔn ano na osiesie wɔn ma wotwa ahohiahia kɛse a ɛda wɔn anim pɛɛ no. Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) Wɔde nsiyɛ renya adwuma a Yesu hyɛɛ ho nkɔm, bere a ɔkaa eyi no mu kyɛfa: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ nguankuw a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yohane ti 10 no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri na ɛyɛ ne bere mu de a, hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, February 15, 1984, nkratafa 10-20, 31.
b Engiresi Ɔwɛn-Aban, August 1 ne 15, 1935.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm ti 7 no ho hia nkurɔfo titiriw?
◻ Dɛn nti na ɛnyɛ Amanaman Mufo Kristofo nkutoo na wɔwɔ nguan foforo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Yohane 10:16 no mu?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ wɔn a wɔfata nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma wɔ nguan foforo ho no fam?
◻ Ɔkwan bɛn so na nguanten ne mpapo ho bɛ no si obu a ɛsɛ sɛ wonya ma Ahenni tumidi no so dua?
◻ Dɛn na ɛkyerɛ bere a Yehowa bere dui sɛ ɔboaboa nnipakuw kɛse a Adiyisɛm 7:9 ka wɔn ho asɛm no ano?