“Ma Obiara A Ɔte Nka Sɛ: ‘Bra!’”
Wɔ afe a ɛreba no mu nyinaa no,Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase bɛboro 200 so wɔ wiase nyinaa bɛyɛ ade ma ɛne wɔn 1991 afe asɛm no ahyia: “MA OBIARA A ƆTE NKA SƐ: ‘BRA!’”
“Na honhom no ne ayeforo no kɔ so ka sɛ: ‘Bra!’ Na ma obiara a ɔte nka sɛ: ‘Bra!’ Na ma obiara a osukɔm de no mmra; na obiara a ɔpɛ no nnom nkwa nsu no kwa.”—ADIYISƐM 22:17, NEW WORLD TRANSLATION.
1. “Nsu” bɛn na wɔto nsa frɛ yɛn sɛ ‘yɛmmɛnom’?
WƆTO nsa frɛ wo sɛ “Bra!” Bra begye dɛn? Bɛnom nsu fa kum wo nsukɔm. Eyi nye nsu bi ara kwa, na mmom nsu koro no ara a Yesu Kristo kaa ho asɛm bere a ɔka kyerɛɛ Samariani bea no wɔ asubura no ho sɛ: “Na nea ɔbɛnom nsu a mema no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mema no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.” (Yohane 4:14) Yesu nyaa “nsu” yi fi he?
2. “Nsu” no fi he, na ebetumi asen bere a asɛm bɛn asi akyi nkutoo?
2 Ɔsomafo Yohane nyaa hokwan huu faako a saa “nsu” yi fi ba wɔ anisoadehu mu, sɛnea ɔkae wɔ Adiyisɛm 22:1 no. “Ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu.” Yiw, nsu kurennyen a nneɛma a ɛma nkwa wom yi mfi obiara sɛ Nkwamafo Yehowa a ɔde ma denam Oguammaa Yesu Kristo so no nkyɛn na ɛba. (Fa toto Adiyisɛm 21:6 ho.) Esiane sɛ wɔbɔ “Nyankopɔn ne Oguamma no ahengua no” din nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ bere a wɔde Mesia Ahenni no sii hɔ wɔ 1914 akyi, kyerɛ sɛ bere a Awurade da no fii ase akyi, na nkwa nsu no fii ase sen.—Adiyisɛm 1:10.
3, 4. “Nsu” no gyina hɔ ma dɛn, na ɛwɔ hɔ ma henanom?
3 Nsu yi yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? Ɛyɛ Onyankopɔn nsiesiei a ɛbɛma yɛasan anya ɔdesani pɛyɛ, daa nkwa wɔ pɛyɛ mu wɔ asase a wɔadan no paradise mu ho mfonini. Nkwa nsu no gyina hɔ ma nkwa nsiesiei a ɛnam Yesu Kristo so no nyinaa. So eyinom nyinaa wɔ hɔ mprempren? Dabi, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛwɔ hɔ, efisɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn di kan yi mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no ne ne sodifo a aniwa nhu no, Satan Ɔbonsam fi hɔ ansa. Nanso yebetumi anom “nsu” yi a ɛwɔ hɔ mprempren no bi denam Ahenni no ho asɛmpa a yebetie na yɛadi so na yɛama yɛn asetra ne no ahyia no so.—Yohane 3:16; Romafo 12:2.
4 Enti, bere a Yesu akyerɛ Yohane ‘nkwa asubɔnten’ no akyi no, ɔkaa N’atirimpɔw nti a ɔde anisoadehu no resoma Ne bɔfo no kyerɛɛ Yohane. Afei Yohane tee dawurubɔ no: “Na honhom no ne ayeforo no kɔ so ka sɛ: ‘Bra!’ Na ma obiara a ɔte nka sɛ: ‘Bra!’ Na ma obiara a osukɔm de no mmra; na obiara a ɔpɛ no nnom nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Enti, Onyankopɔn nkoa to nsa frɛ wɔn a nsukɔm de wɔn no sɛ womfi ase nnom Onyankopɔn nsiesiei a ɛbɛma wɔanya daa nkwa wɔ asase so a ɛnam Onyankopɔn Guammaa no so no.—Yohane 1:29.
Sɛnea Nkwa Nsu ho Hia Da Adi
5. Ɛyɛɛ dɛn na adesamma behiaa ɔsoro nsiesiei yi?
5 Awerɛhosɛm ne sɛ adesamma abusua no awofo a wodi kan no anni asetra kwan a anka ɛbɛma wɔn asefo anya hokwan a ɛbɛma wɔanya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɛtra hɔ daa wɔ paradise fie bi mu no akyi. Na daa nkwa ma adesamma hwehwɛ sɛ Adam de nyansa befi ne pɛ mu apaw sɛ ɔde osetie bɛsom ne Bɔfo no. Ɛdenam honhom abɔde otuatewfo bi nkɛntɛnso so no, Hawa fii adeyɛ a ɛma owu baa adesamma so no ase, na ne kunu a ɔyɛ pɛ a ɔne Adam paw sɛ ɔne no bɛyɛ saa ade a edi awu no. Enti, sɛ nea ɔde nkwa bɛma adesamma awo ntoatoaso a ɛbɛba akyiri nyinaa no, Adam na ɔde owu baa adesamma abusua mũ no nyinaa mu. Enti na Bible no ka sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Ɛyɛ bere a Adam ne Hawa tɔɔ bɔne mu akyi na wofii ase woo nnipa afoforo kaa adesamma abusua no ho.—Dwom 51:5.
6. Dɛn nti na Yehowa yɛɛ nhyehyɛe na yɛanya “nsu” no?
6 So wobesiw Onyankopɔn kwan daa wɔ n’atirimpɔw a ɛfa paradise asase a nnipa a wɔyɛ pɛ ayɛ mu ma a ɔbɛma abam ho no ho? Nokwarem no, Bible no ma mmuae sɛ dabi! Nanso, ɛrekɔ n’atirimpɔw no mmamu awiei no, Yehowa yɛɛ ɔdɔ nsiesiei bi a ebedi Adam nkogudi a ɛde amanehunu bae no ho dwuma a ɛne atɛntrenee ne trenee, a Ɔno ne ho nhwɛso a edi mu na ewie pɛyɛ behyia pɛpɛɛpɛ. Ɔnam “nkwa nsu asubɔnten” no so na ɔyɛ eyi. Ɔnam ɛno so de ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ bɛsan ama adesamma asoɔmmerɛfo a wɔhweree Nkwa Nsuti a na wonya no. Saa nsu yi nyinaa sen wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu. Enti, wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu nyinaa no, ɛsɛ sɛ adesamma, a wɔn a wɔanyan wɔn afi owu mu no ka ho nom “nkwa nsu asubɔnten” no mu nsu.—Fa toto Hesekiel 47:1-10; Asomafo no Nnwuma 24:15 ho.
7. Dɛn so na wogyina de “nsu” no ma?
7 Yehowa nya n’ankasa nkwa mu anigye, na n’ani gye nso sɛ ɔbɛma n’abɔde no bi anya hokwan a ɛne sɛ wɔbɛyɛ abɔde a wɔwɔ nyansa. Yehowa nsiesiei a ɛma nkwa no gyina Yesu ogye afɔre no so. (Marko 10:45; 1 Yohane 4:9, 10) Nea ɛka ho bio nso ne Onyankopɔn Asɛm, a ɛtɔ mmere bi a Bible no frɛ no “nsu” no. (Efeso 5:26) Yehowa de ne ho sɛ ɔbɛka sɛ “Bra!” akyerɛ abɔde a wɔne adesamma, a mfiase nsiesiei ahorow a Onyankopɔn yɛ maa nnipa baanu a wɔyɛ pɛ a wɔne Adam ne Hawa no fii wɔn nsa no.
Ayeforo Kuw no To Nsa Frɛ Afoforo Sɛ “Bra!”
8. Henanom na wodii kan de “nsu” no maa wɔn, na wɔde mae bere bɛn?
8 Wɔn a wodii kan too nsa frɛɛ afoforo sɛ “Bra!” no ne wɔn a wɔka bom yɛ Oguammaa no, Yehowa honhom mu Abakan no sɛnkyerɛnne kwan so ayeforo no. (Adiyisɛm 14:1, 3, 4; 21:9) Kristo honhom fam ayeforo no nka nkyerɛ n’ankasa ho sɛ “Bra!,” kyerɛ sɛ, ɛnyɛ wɔn a Yehowa Nyankopɔn nnya mmoaboaa wɔn ano sɛ ayeforo kuw no mufo na ama wɔadu 144,000 pɛpɛɛpɛ no na wɔka saa kyerɛ wɔn. Wɔka saa nsɛm a wɔde to nsa frɛ afoforo no kyerɛ adesamma a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ asase so wɔ Harmagedon akyi no. (Adiyisɛm 16:14, 16) Wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei fi 1914 reba no, yɛate nsa a “ayeforo” no ne Onyankopɔn honhom kronkron no to frɛ afoforo no.
9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ kuw ketewaa bi pɛ na wɔde bɛma wɔn?
9 Nea ɛyɛ anigye no, Bible nhoma a etwa to no kyerɛ sɛ “nnipakuw kɛse bi a obi ntumi nkan wɔn” begye Onyankopɔn Ahenni ho dawurubɔ no so na wɔabegyina adehye nniso no afã pintinn. (Adiyisɛm 7: 9, 10, 16, 17) So woyɛ saa nnipakuw kɛse no mu biako? Ɛnde, ma “obiara a ɔte no nka sɛ: ‘Bra!”
Honhom no ne Ayeforo no Se, “Bra!”
10. Ɛhe na ɛsɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so nsu no fi ba, na dɛn ntia?
10 Nanso dɛn nti na wɔmmɔ Onyankopɔn ne sɛnkyerɛnne kwan so Ayeforokunu no din wɔ Adiyisɛm 22:17? Nea edi kan no, hyɛ no nsow sɛ nkyekyem no nka nea honhom no yɛ ade wɔ n’akwanyerɛ ase no ho asɛm. Nanso, honhom no ho asɛm a wɔka no twe yɛn adwene si Yehowa Nyankopɔn ankasa so. Wonyi Agya no mfi asɛm no mu, efisɛ ɔno ne honhom kronkron no Fibea ankasa. Nea ɛto so abien no, Ɔba no ne n’Agya no yɛ biako wɔ biribiara mu, sɛnea n’ankasa ka no: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ.” (Yohane 5:19) Afei nso, bere a nsa a wɔto frɛ afoforo yi yɛ asɛm a efi honhom mu a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ no, adesamma betumi anya ɔsoro akwankyerɛ, anaa ‘nsɛm a efi honhom mu’ denam Yesu Kristo, “Asɛm no” so. (Adiyisɛm 22:6; afei nso 22:17, Reference Bible, ase hɔ asɛm; Yohane 1:1) Ɔkwan a ɛfata so no, yɛde Kristo, Ayeforokunu no bata nsa a wɔto frɛ afoforo yi ho. Yiw, yebetumi agye adi sɛ Yehowa Nyankopɔn, Ayeforokunu no Agya, ne Yesu Kristo, Ayeforokunu no ka “ayeforo” no ho na wɔnam honhom kronkron no so ka sɛ “Bra!”
11, 12. (a) Dɛn na wodii kan hui a na ɛkyerɛ sɛ wɔbɛtrɛw ɔfrɛ a ɛne sɛ wɔmmɛnom nsu no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛm no mu bɛdaa hɔ kɛse wɔ mfe no mu?
11 Mfe du du pii ni no, wɔda so ara to nsa frɛ nnipa a “nkwa nsu” ho nsukɔm de wɔn no sɛ “Bra!” Wɔ 1918 mu mpo no, ayeforo kuw no fii ase kaa nkrasɛm bi a ɛfa wɔn a wobetumi atra asase no so ho titiriw. Ɛyɛ baguam ɔkasa a na n’asɛmti ne sɛ “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Mprempren no Renwu Da.” Eyi ma wonyaa anidaso bi sɛ pii betwa Harmagedon, na ɛno akyi no wɔanya daa nkwa wɔ Paradise asase so wɔ Onyankopɔn Mesia Ahenni ase. Nanso saa nkrasɛm no anhyɛ da ankyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya nkwagye hokwan yi pɔtee, gye denam trenee so kɛkɛ.
12 Nea ɛbɛyɛ na wɔato nsa afrɛ nnipa pii sɛ “Bra!” no, wɔ 1922 mu no, wɔkaa nkrasɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn no nyinaa sɛ: “Mommɔ Ɔhene no ne Ahenni no dawuru.” Wɔ 1923 mu no, ayeforo kuw no tee ase sɛ Yesu bɛ a ɛfa “nguanten” ne “mpapo” ho a ɛwɔ Mateo 25:31-46 no da adi ansa na Harmagedon aba. Afei 1929 mu no, March 15 The Watch Tower no kaa “Ɔfrɛ a Ɔdom Wom” ho asɛm. Kyerɛwsɛm a wɔde asɛmti no gyinaa so no ne Adiyisɛm 22:17, na esii asɛyɛde a ayeforo kuw no wɔ sɛ wɔtrɛw nsa a wɔto frɛ afoforo sɛ “Bra!” no mu no so dua.—Nkratafa 87-9.a
Nguan Foforo Nso Ka “Bra!” No Bi
13, 14. Wɔ 1980 mfe no mu no, nkyerɛkyerɛmu foforo bɛn na wɔde mae sɛ afoforo bɛnom sɛnkyerɛnne kwan so nsu no bi?
13 Afei nso, wɔ 1932 mu tɔnn no, The Watchtower daa “nguan foforo” no asɛyɛde adi, sɛ adu wɔn so sɛ wɔbɛka sɛ “Bra!” (Yohane 10:16) Ɛkae wɔ nea wotintim no August 1, no kratafa 232 nkyekyem 29 sɛ: “Yehowa adansefo wɔ nsi a ɛte sɛ Yehu de no, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ Yonadab kuw [nguan foforo] no nkuran ma wɔbɛka wɔn ho na wɔanya dawuru a wɔbɔ kyerɛ afoforo sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn no mu kyɛfa bi.” Afei bere a afa Adiyisɛm 22:7 mu asɛm aka akyi no, nkyekyem no kae sɛ: “Momma wɔn a wɔasra wɔn no nhyɛ wɔn a wobenya Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka akyerɛ no mu kyɛfa no nyinaa nkuran. Enhia sɛ wɔyɛ Awurade nkurɔfo a wɔasra wɔn ansa na wɔaka Awurade nkrasɛm no akyerɛ. Ɛyɛ awerɛkyekye kɛse ma Yehowa Adansefo sɛ afei wɔahu sɛ wɔama wɔn kwan sɛ wɔmfa nkwa nsu nkɔma nnipakuw a ebia wɔde wɔn betwa Harmagedon na wɔama wɔn daa nkwa wɔ asase so esiane Yehowa papayɛ bebreebe no nti.”b
14 Efi 1934 reba no, nkaefo a wɔasra wɔn no daa no adi sɛ ɛsɛ sɛ afei nguan foforo yi hyira wɔn ho so ma Onyankopɔn na wɔde nsu mu asubɔ yɛ ahosohyira yi ho sɛnkyerɛnne na wɔne ayeforo kuw no bom ka sɛ “Bra!” kyerɛ afoforo a nsukɔm da so de wɔn no. Enti, afei na ayeforo kuw no de ɔfrɛ pɔtee bi to gua de boaboa nguan foforo yi ano akɔka “nguan biako” no ho wɔ “oguanhwɛfo biako” a ɔne Yesu Kristo no ase. (Yohane 10:16) Wɔ 1935 mu no, wɔkanyan nkaefo a wɔasra wɔn no ma wohui wɔ wɔn nhyiam kɛse a wɔyɛɛ no saa afe no ase sɛ nnipakuw a wɔte sɛ nguan a wɔka “Bra!” kyerɛ wɔn no ne “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no ankasa. Eyi hyɛɛ nsa a wɔto frɛ afoforo adwuma no mu den yiye.
15. Ɔkwan bɛn so na na “honhom” no ka ho na wɔto nsa frɛ afoforo sɛ “Bra” no?
15 Bere a ayeforo kuw no kae sɛ “Bra!” no, na wɔne Onyankopɔn honhom yɛ biako. Ɛdenam ne honhom no a ɔnam so buee n’Asɛm a wɔakyerɛw no mu nkɔmhyɛ ahorow mu ntease so no, ɔmaa ayeforo kuw no nkaefo no too nsa frɛɛ afoforo. Onyankopɔn honhom na ɛma wɔhyɛɛ nkɔm ahorow yi a wogyina so frɛ afoforo no. Enti nokwarem no, Onyankopɔn honhom a ɛnam Kristo ne n’ayeforo no so no na ɛka kyerɛ nnipakuw kɛse a wɔte sɛ nguan no sɛ “Bra!” no.—Adiyisɛm 19:10.
16. Ɔkwan bɛn so na honhom no ne ayeforo no to nsa frɛ afoforo nnɛ?
16 Ɛde besi nnɛ no, honhom no ne ayeforo no a nkaefo no gyina hɔ ma wɔn no “kɔ so ka sɛ: ‘Bra!’” Nkaefo no ka kyerɛ nguan foforo yi sɛ wɔnto nsa mfrɛ afoforo nso sɛ “bra!” Ɛnsɛ sɛ wɔn nkutoo fa “nkwa nsu” a ɛwɔ hɔ nnɛ no. Ɛsɛ sɛ wodi ahyɛde a efi “honhom no ne ayeforo” no hɔ a ese: “Na ma obiara a ɔte nka sɛ: ‘Bra!’” no so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wokum wɔn sukɔm no nyinaa to nsa frɛ afoforo. Ɛsɛ sɛ wɔto nsa frɛ obiara a n’abusua, ɔman a ofi mu, ne kasa, anaa ne mprempren nyamesom mfa ho—obiara a ofi baabiara! “Nkwa nsu” a ɛwɔ hɔ wɔ nnɛ mmere yi mu ne nea Yehowa Adansefo to nsa frɛ nnipa nyinaa na wɔboa wɔn sɛ wɔnnom no kwa no!
17. “Nsu” bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ?
17 Asase so nyinaa no, Oguammaa no a ɔne Yesu Kristo rekyerɛ nnipakuw kɛse no kwan akɔ “nkwa asuti” no ho ampa. (Adiyisɛm 7:17) Ɛnyɛ nsu a fi aba mu, na mmom ɛyɛ nsu a emu tew, emu dwo, a eye na efi n’Asuti pɛɛ. Saa sɛnkyerɛnne kwan so nsu yi kyerɛ pii sen nsu a ɛne te a yɛbɛte Bible mu nokware ase; ɛkyerɛ Onyankopɔn nsiesiei ahorow nyinaa a ɛnam Yesu Kristo so a mprempren mpo afi ase sɛ ɛde nnipakuw kɛse no besi ɔkwan a ɛbɛma wɔanya daa nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ anigye mu no so.
Afei Bɔ Dawuru no Bi
18. Ɔfrɛ no mu atrɛw akodu he wɔ yɛn bere yi mu.
18 Saa nnipakuw kɛse yi dodow adu ɔpepem pii dedaw. Wɔde nsiyɛ kɔ so bɔ Ahenni ho asɛmpa no dawuru wɔ asase so nyinaa. Wobu wɔn Ahenni no ho asɛnka adwuma a mprempren adu nsase 212 so no ho akontaa daa. Sɛnea nneɛma nhyehyɛe no awiei yi mu bere ma kwan no, wɔbɛkɔ so ato nsa afrɛ afoforo sɛnea Yehowa Nyankopɔn, Bere Sodifo Kɛse no boasetɔ ne ne abodwokyɛre te. Obehu bere a bere no bedu, ne bere titiriw a ɔbɛma obiara abu no sɛ Yehowa, sɛnea ne nsɛm a waka no mpɛn pii wɔ Bible nkɔmhyɛ mu kyerɛ sɛ wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no.—Hesekiel 36:23; 38:21-23; 39:7.
19. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔde “nsu” yi ma kwa?
19 Enti bere a bere da so wɔ hɔ no, nnipakuw kɛse no mufo de anigye ne ayeforo kuw no bom ka sɛ: ‘Bra na bɛnom nkwa nsu no kwa.’ Asɛmpa a egye nkwa yi adawurubɔfo no rebɔ dawuru no kwa, a wonnye hwee wɔ nea wɔyɛ no ho bere a wɔtrɛw Ahenni nkrasɛm no mu wɔ wiase nyinaa no.
20. Esiane sɛ “nsu” yi wɔ hɔ nti, dɛn na ɛbɛba?
20 Mprempren nkwa nsu wɔ asase no so nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ na nnipa a wɔpɛ sɛ wɔnom bi no atumi anom bi amee na agye wɔn nkwa. Adesamma a wɔagye wɔn no benya nkwa a enni awiei wɔ asase yi a wɔbɛdan no paradise na abu Yehowa atirimpɔw a ɛsom bo no bem no so wɔ ha. Yɛn Bɔfo no anyɛ asase no kwa na mmom sɛ ɛnyɛ Eden Turo, anaa anigye Paradise a atrɛw afa asase so nyinaa a nnipa a wɔyɛ pɛ a wɔwɔ Onyankopɔn suban ne ne nsɛso te so.
21. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi bɛbam?
21 Ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ hokwan kɛse ne anigye a enni kabea sɛ yɛbɛtra wiase foforo a ɛte sɛɛ mu! Afei ahyɛde a Onyankopɔn de maa nnipa baanu a wodi kan no wɔ Genesis 1:27, 28 no bɛbam kɛse. Esiane sɛ Yehowa de ahokokwaw dii amanehunu a ɛtoo adesamma abusua no ho dwuma nti, wobedi asase no so akosi sɛ ɛbɛdan paradise na adesamma abusua a wɔyɛ pɛ ayɛ so ma. Yiw, Onyankopɔn behu biribiara a wayɛ, na hwɛ, ɛbɛyɛ papa yiye. So wobɛtra hɔ bi? Sɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ mprempren wode anisɔ fi ase nom nkwa nsu no kwa. “Bra!” bɛnom mee na fa nkwa nsu a afi ase sen mprempren na ɛbɛsen pii wɔ Mfirihyia Apem a ɛbɛba no mu no kum wo nsukɔm. Na ma obiara a ɔte anigye ɔfrɛ yi nka sɛ: “Bra!”
[Ase hɔ nsɛm]
a Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, asɛm yi kae sɛ: “Ɛmmae da sɛ wɔadi nokware no ho adanse kɛse te sɛ nea wɔyɛe wɔ mfe kakraa a etwaam no mu. . . . Nkaefo no de nkrasɛm a ɛyɛ anigye no brɛ wɔn, na wɔka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Na obiara a ɔpɛ no, momma ɔnnom nkwa nsu no kwa.’ Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ afei wobetumi agyina Awurade afa, na wɔasɔre atia Ɔbonsam, na wɔanya nhyira. So ɛnyɛ nnipakuw a wɔte sɛɛ no na afei wobetumi ahwehwɛ ahobrɛase ne trenee, na wɔde wɔn asie wɔ da a ɔbɛda n’abufuw adi no mu, na wɔde wɔn atwa Harmagedon ɔko kɛse no ma wɔatra ase daa a wɔrenwu? (Sef. 2:3) . . . Nkaefo kuw anokwafo no bɛka ɔfrɛ a ɔdom wom no ho na wɔka sɛ ‘Bra.’ Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkrasɛm yi dawuru kyerɛ wɔn a wɔpɛ trenee ne nokware. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ no mprempren yi ara.”
b August 15, 1934 The Watchtower no nso twee adwene sii nguan foforo no asɛyɛde so na ɛkae wɔ kratafa 249, nkyekyem 31 sɛ: “Yonadab kuw no ne wɔn a ‘wotie’ nokware no nkrasɛm no a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn a wotie wɔn no sɛ: ‘Bra. Na ma nea ɔte nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra. Na ma obiara a ɔpɛ no mfa nkwa nsu no nnom kwa.’ (Adi. 22:17) Ɛsɛ sɛ Yonadab kuw no mufo ne Yehu nsusuwso kuw no mufo a wɔne wɔn a wɔasra wɔn no, bɔ anan kɔ na wɔbɔ ahenni nkrasɛm no dawuru, ɛwom sɛ wɔnyɛ Yehowa adansefo a wɔasra wɔn de.”
Wubebua Dɛn?
◻ “Nsu” bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 22:17?
◻ “Nsu” no fi he?
◻ Dɛn nti na yehia “nsu” no, na bere bɛn nkutoo na ebetumi afi ase asen?
◻ Wɔ yɛn kyerɛwsɛm no mu no, “honhom” a wɔka ho asɛm no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na “ayeforo no” ka ho
◻ Henanom na wobetumi anom “nsu” no, na dɛn na ebefi mu aba?