Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 4/1 kr. 19-24
  • Ɔfã 16: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 16: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • “SƐNEA OGUANHWƐFO PAAPAE NGUANTEN NE MPAPO MU”
  • “MO A M’AGYA AHYIRA MO, MOMMRA”
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 4/1 kr. 19-24

Ɔfã 16: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

“SƐNEA OGUANHWƐFO PAAPAE NGUANTEN NE MPAPO MU”

13. Nnipa a wɔwɔ amanaman no mu a wɔpaapae wɔn mu no fi ase bere bɛn a ɛfa “ahohiahia kɛse’ no ho, na enti dɛn na ɛnka ho?

13 Ɛnyɛ bere a “onipa Ba” a ɔredi tumi no abobɔ amanaman no pasaa wɔ “ahohia bere” kɛse no akyi no na ɔpaapae nnipa a wɔwɔ amanaman no mu mu te sɛ “nguanten” ne “mpapo”. Ɔmfa ne Mfirihyia Apem ahenni bere no nyinaa nyɛ mpaapaemu adwuma wɔ asase sotefo, a wobenyan wɔn mu fã kɛse no ara afi wɔn asase so adamoa mu no ho. (Daniel 12:1) Mpaapaemu no yɛ adwuma a edi “ahohiahia kɛse” a ɛbɛpae agu no anim, na nea edi awiei koraa ne amanaman no a wɔbɛsɛe wɔn pasaa wɔ Harmagedon. (Mateo 24:21, 22; Adiyisɛm 16:14, 16; 19:15) Enti amanaman no nyinaa a wɔboaboa wɔn ano wɔ onipa Ba no anim ma ofi mpaapaemu adwuma no ase no yɛ nea asase so awufo no nka ho.

14. So wɔboaboa amanaman no ano wɔ faako wɔ asase so ma mpaapaemu adwuma no, anaasɛ ɔkwan bɛn so na onipa Ba a ɔwɔ soro no di wɔn ho dwuma?

14 Amanaman no a wɔboaboa wɔn ano no nkyerɛ hyia a wɔde wɔn nyinaa hyiam wɔ faako wɔ asase so, ɛyɛ ade a ɛrentumi nyɛ yiye. Mmom no, wɔyɛ anoboaboa adwuma no bere a ɔsoro ne asase Bɔfo no de amanaman no nyinaa ma onipa Ba no sɛ n’apɛgyade, ne asase ano nyinaa sɛ n’ahonyade no. Efi Onyankopɔn nsam na onya tumi wɔ saa amanaman no nyinaa so, na ɔde n’adwene si wɔn nyinaa so, na ɔde ‘n’abɔfo nyinaa a wɔka ne ho no’ di saa amanaman no ho dwuma. Enti wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no ‘nnipa’ a wɔwɔ amanaman no nyinaa mu no bɛyɛ ne nguankuw, a wɔte sɛ nguanten ne mpapo a wɔaka wɔn abom sɛ nguankuw. Saa mmoa ahorow a wɔka wɔn bom sɛ nguankuw no yɛ nea wɔtaa yɛ wɔ Mfinimfini Apuei.

15. (a) So mpaapaemu adwuma a wɔyɛ ho mfonini sɛ nguanten ne mpapo no yɛ nea wɔde kyerɛ sɛ wɔmpɛ mpapo asɛm? (b) Bere bɛn mu na wɔyɛ mpaapaemu no?

15 Mpapo a wɔpaapae mu, yi wɔn fi nguanten no mu no nyɛ nea wɔyɛ de kyerɛ pɛ a wɔmpɛ aboa ɔpapo asɛm. Bere a Yesu wɔ asase so no na wotumi de apapowa di afe afe Twam afahyɛ no sɛnea wɔde oguammaa di ara pɛ no. (Exodus 12:1-5) Afei nso, wɔ afe afe Mpata Da no ná ɛyɛ Yehowa ɔpapo no mogya na wɔde fa mmɔhɔɔ no mu kɔ asɔrefi no Kronkron mu Kronkronbea hɔ, na wɔde ‘apata ama . .. Israelfo asafo nyinaa.’ (Leviticus 16:7-9, 15-17) Enti, wɔ ɛbɛ no mu no, wɔde mpapo no di dwuma sɛ nnipakuw biako ho mfonini ara kwa, bere a wɔde nguanten no nso di dwuma de yɛ kuw foforo ho mfonini; na sɛnea bere du ma oguanhwɛfo paapae mmoa ahorow abien yi mu no, saa ama na wɔ onipa Ba no parousia no mu, ne ansa na “ahohiahia kɛse” no bɛba no, bere no du sɛ wɔpaapae nnipa akuw ahorow abien no mu.

16. Mpaapaemu adwuma wɔ ɛbɛ no mmamu mu no ma pa·rou·siʹa nya asekyerɛ bɛn?

16 Ɛwom, wobetumi apaapae nguankuw a ɛyɛ nguanten ne mpapo ankasa mu a ennu da koro, nanso nnipa a wɔwɔ abrabɔ mu ahofadi a wɔpaapae wɔn mu te sɛ nguanten ne mpapo no yɛ nea ebegye bere tenten wɔ asase nyinaa so. Saa nokwasɛm yi ankasa hwehwɛ sɛ Hela asɛmfua pa·rou·siʹa no asekyerɛ yɛ “ba a waba” na ɛnyɛ “ba a ɔreba” anaasɛ “ba a ɔbɛba.”

17. (a) Nsonsonoe bɛn nti na wɔpaapae nguanten ne mpapo no mu? (b) Dɛn nti na nnipa a wɔwɔ abrabɔ mu ahofadi a wɔpaapae wɔn mu no begye bere tenten asen mmoa ankasa de?

17 Wɔ ɛbɛ no mu no, wɔpaapae mmoa no mu esiane sɛ wɔyɛ ahorow abien nti, na oguanhwɛfo rempɛ sɛ mmirekyi nufusu ne nguanten nufusu bɛfra ma wɔde ayɛ aduan. Na ɛsono mmoakuw no biara nhwi wɔ kuw foforo de ho nso, na ná ɛnsɛ sɛ wɔde eyinom frafra (Leviticus 19:19; Deuteronomium 22: 11; Exodus 36:14; Mmebusɛm 27:27) Wɔ ɛbɛ no mmamu mu no, wogyina nipasu ahorow ahorow ne akwan horow a wɔfa so yɛ wɔn ade so na ɛpaapae nnipa no mu. Egye bere na nipasu anya nkɔso yiye, na ɔkwan a obi fa so yɛ n’ade da adi wɔ nneɛma ahorow a ɔtaa yɛ mu. Enti egye bere tenteenten na wɔatumi abu atɛn wɔ obi nipasu ne sɛnea ɔbɔ ne bra ankasa ho. Eyi hwehwɛ sɛ wɔma bere pii ansa na wɔatumi abu obi atɛn a ɛteɛ a wontumi nnan no. Ɛnyɛ da koro a ɛyɛ nnɔnhwerew aduonu anan asɛm.

18. (a) Esiane sɛ wɔakyerɛ nea nsa nifa no ne nsa benkum no kyerɛ nti, dɛn ne asemmisa a ɛsɛ sɛ obiara gyina so si ne gyinae? (b) So onipa Ba no parousia a aniwa ntumi nhu no ma obi nya hokwan yi ne ho ano, na dɛn nti na ɛte saa anaasɛ ɛnte saa?

18 Wɔ ɛbɛ no mu no onipa Ba a ɔte sɛ oguanhwɛfo no de wɔn a wɔte sɛ nguanten no gyina ne nifa na ɔde wɔn a wɔte sɛ mpapo no gyina ne benkum. Wɔn a wɔwɔ nifa no na wonya atemmu a ɔdom wom, na wɔn a wɔwɔ benkum no nya atemmu a ɔdom nnim. Nea efi amu ba yi ma nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu nnɛ no tebea bɛyɛ nea anibere wom. Asemmisa a ɛsɛ sɛ obiara gyina so si ne gyinae ne, So merenya onipa Ba a mprempren ɔte n’anuonyam ɔsoro ahengua so, a abɔfo no nyinaa ka ne ho no dom anaasɛ n’abufuw? Wɔbɛfrɛ obiara ma wabu akontaa ɔkwan biara so. Nokware a ɛyɛ sɛ wontumi mfa aniwa nhu onipa Ba a ɔredi tumi no wɔ ne parousia no mu no nyɛ nea ɛbɛma obi anya kwan asrɛ sɛ, “Na minnim.” Wɔabɔ onipa Ba no parousia a aniwa ntumi nhu no ho dawuru wiase nyinaa, na eyi hwehwɛ sɛ obiara susuw nea ɔyɛ anaasɛ nea ɔnyɛ a ɛma onya Ɔhene ne Ɔtemmufo no dom anaasɛ n’abufuw no ho anibere so.

19. Bere bɛn mu na Otitrani Rutherford kasa a ɔmae wɔ I.B.S.A. nhyiam a wɔyɛe wɔ Los Angeles wɔ 1923 mu no ase no kyerɛe sɛ nguanten ne mpapo ho bɛ no benya mmamu?

19 Ɛnde, henanom ne sɛnkyerɛnne kwan so nguanten no na henanom ne sɛnkyerɛnne kwan so mpapo no? Wɔde nea wɔn mu biara yɛ ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ anigye maa Kyerɛw Kronkron no ho Kristofo asuafo, Memeneda, August 25, 1923. Na eyi yɛ da a ɛto so awotwe wɔ nna akron ɔmantam nhyiam a Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw no yɛe wɔ Los Angeles, California, U.S.A. no ase. Saa da no, Kuw no titrani J. F. Rutherford kasa kyerɛɛ atiefo 2,500 wɔ asɛm “Nguanten ne Mpapo Ho Bɛ” no ho. Saa Bible mu ɔkasa yi ankyerɛ sɛ Mateo 25:31-46 bɛ no mmamu bɛba wɔ “ahohiahia bere” a ɛde saa nnɛ nneɛma nhyehyɛe yi ba awiei no akyi ne Kristo mfirihyia apem ahenni no mu. Ɛkyerɛe sɛ ɛbɛ no renya mmamu mprempren, fi 1919 Y.B., wɔ onipa Ba a ɔredi tumi no parousia anaasɛ “ba a waba” a aniwa ntumi nhu no mu, ne de kosi saa nneɛma nhyehyɛe yi sɛe mu. Wotintim saa nhyiam yi ase ɔkasa yi wɔ October 15, 1923, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 307-314.​—Hwɛ Ɔwɛn-Aban a yɛaka ho asɛm no nkyekyem 17-21 wɔ asɛmti “Bere No” ase.

20. Enti, dɛn nti na ɛbɛyɛɛ nea nyansa wom sɛ obiara susuw nnipasu ko a ɔrenya no ho?

20 Saa kwan yi so no wɔmaa Ɔwɛn-Aban akenkanfo ne Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw no mufo huu nokware a ɛyɛ sɛ ná ɛbɛ no renya ne mmamu dedaw, na na adesamma awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho wom kɛse. Eyi ma ɛbɛyɛɛ nea nyansa wom ma obiara sɛ osusuw nipasu ko a ɔrenya ne afã ko a ne bra a ɔbɔ de no gyina wɔ onipa Ba a ɔredi tumi no anim ho.

21. Mmɔden ahorow bɛn na wɔbɔ de boaa Yudafo ma wɔabɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so “nguanten,” na Yudafo ho anigye titiriw yi kɔɔ so kosii bere bɛn?

21 Wɔ mfe pii mu no wɔbɔɔ mmɔden titiriw boaa Yudafo twetiafo ankasa a wɔwɔ wiase no ma wɔabɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so “nguanten” wɔ Mesia a ɔredi tumi no nifa so. Wɔbɔɔ saa mmɔden yi denam baguam ɔkasa ahorow a egyina asɛmti “Yudafo Resan Akɔ Palestina” so, te sa nea I.B.S.A. otitrani J. F. Rutherford ma kyerɛɛ atiefo akuw a wɔdɔɔso pii wɔ afe 1925 mu no, ne afei nso denam baguam ɔkasa a ne ti ne “Palestina ma Yudafo​—Dɛn Ntia?” a ɔmaa no Dwoda anadwo, May 31, 1926 wɔ Royal Albert Hall a agye din a ɛwɔ London, England, a nnipa 10,000 tumi kɔ hɔ, a Yudafo atiefo yɛɛ hɔ ma no so. Baguam ɔkasa ahorow yi akyi no wotintim nhoma Comfort for the Jews no wɔ ‘October, 1925 mu, ne akyiri yi, nhoma a ekura nkratafa 360 a wɔtoo din “Life,” a wɔdaa no adi Kwasida, August 25, 1929, sɛ wɔnkyekyɛ mma ɔmanfo, bere a wɔama asɛm “Akwahosan ne Nkwa ma Ɔmanfo” ho ɔkasa wɔ radio so wɔ ɔman no nyinaa mu fi radio adwumayɛbea a wɔfrɛ no WBBR, wɔ Staten Island, New York no so akyi. Saa honam fam Yudafo twetiafo ho anigye titiriw no kɔɔ so kosii sɛ wɔdaa nhoma Vindication Po 2 no adi wɔ 1932 mu, a saa po yi kyerɛe sɛ Hesekiel nkɔmhyɛ a ná ɛfa Israel ho no fa honhom mu Israel ho nnɛ no.

22. Na ɔkwan bɛn so na wokanyan anigye kɛse wɔ wɔn a wɔte sɛ nguanten no ho denam asɛm a wɔkae wɔ Columbus nhyiam no ase 1931 mu no so?

22 Nanso, wokanyan anigye wɔ “nguanten” kuw no ho kɛse wɔ afe 1931 mu. July 30, wɔ amanaman ntam nhyiam a Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw no yɛe wɔ Columbus, Ohio ase no, Kuw no titrani no maa “Ɔbarima a Okura Ɔkyerɛwfo Toaa No” no ho ɔkasa a ɛno akyi na Robert J. Martin bɔɔ nhoma foforo a wɔada no adi a wɔfrɛ no “Vindication,” Po 1 no ho amanneɛ. Saa nhoma yi kyerɛkyerɛɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no ti akron a ɛde saa ɔbarima a ɔhyɛ nwera a okura ɔkyerɛwfo toaa yi ho anisoadehu ma no nkyekyem no nyinaa mu kɔɔ akyiri. Ɔkasa yi ne nhoma no nyinaa twee adwene sii nokwasɛm a ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo asuafo nkaefo a wɔasra wɔn no yɛ agyiraehyɛ adwuma bi de ma nnipa a wɔte sɛ nguanten a wɔwɔ asase so, a ɛnyɛ Israelfo ankasa nko, na mmom nnipa a wofi amanaman nyinaa mu nso so. Ná eyi yɛ nkwagye adwuma, efisɛ Kyerɛw Kronkron no kyerɛ sɛ wɔn a wɔahyɛ wɔn agyirae no nkutoo na wɔbɛkora wɔn so wɔ nkwa mu aka nkaefo a wɔasra wɔn no ho atwa “ahohiahia kɛse” a ɛreba no. Wɔbɛyɛ Ahenni no asase so mma.

23. Wɔ mfe pii mu no ná anigye bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛfa “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm, ti ason no ho, na ɔkwan bɛn so na nhoma Jehovah a woyii no adi wɔ 1934 mu no antumi ankyerɛkyerɛ nneɛma mu pefee?

23 Mfedudu pii no wɔakyerɛ anigye pii wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn “nnipakuw kɛse” wɔ Adiyisɛm 7:9 no ho. Ná henanom na wɔbom yɛ nnipakuw kɛse yi? November 19, 1934 mu, wɔ Brooklyn, New York no, wɔdaa nhoma a wɔtoo din “Jehovah” no adi maa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔde wɔn ho ama. Saa nhoma a ekura nkratafa 384 yi kaa saa “nnipakuw kɛse” yi, ne nguanten ne mpapo bɛ no nyinaa ho asɛm. (Hwɛ kratafa 159 wɔ “Nnipa kuw Kɛse” ase; afei nso nkratafa 354, ne 359 a ɛfa “nguanten” ho.) Nanso, saa nhoma yi a na ɛne nea aba foforo koraa saa bere no ankyerɛ sɛ “nguanten” a wɔwɔ ɛbɛ no mu no ara ne “nnipakuw kɛse” no, na ankyerɛ nso sɛ, wɔne wɔn a sɛnkyerɛnne kwan so ɔbarima a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toaa bɔ n’asen no hyɛɛ wɔn momaso agyirae no. Na anteɛ Bible asuafo no adwene so nso wɔ adwene a ná wɔakura mu akyɛ sɛ na “nnipakuw kɛse” no yɛ Kristofo a wɔde honhom awo wɔn, mogyadansefo kuw bi a wobenya ɔsoro asetra, ɛwom sɛ na wɔnyɛ Ɔhene Yesu Kristo yɔnko adedifo 144,000 no mufo de. Wosusuwii sɛ saa “nnipakuw kɛse” no da so ara yɛ Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no “nneduafo”.

24. Nhyiam bɛn ase na nkyerɛkyerɛmu a ntease wom na ɛyɛ nokware wɔ “nnipakuw kɛse” no ho bae, na henanom titiriw na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra saa nhyiam no ase?

24 Ɛnde, bere bɛn na wɔn a na wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu no nyaa “nnipakuw kɛse” ho anisoadehu no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ anigye na ɛne nokwasɛm ahorow a na ɛreda adi hyia no? Wɔ afe 1935 mu, bere a woyii nhoma Jehovah no adi akyi asram asia. Eyi yɛ bere a ná wɔreyɛ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ Washington (D.C.) , May 30 kosi June 3, 1935. Kratafa biako a na wɔde ne nyinaa rebɔ amanneɛ wɔ April 15, 1935 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu a ɛne kratafa 127 kae sɛ: “Yɛma nnipa a wɔwɔ Yehowa ne n’ahenni no afã nyinaa akwaaba.”Ɛkɔɔ so kae bio sɛ: “Eyi yɛ ɔsom nhyiam, na wɔhwɛ kwan sɛ nkaefo no ne Yonadabfo no nyinaa benya adwuma no mu kyɛfa. . . . Wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne nyinaa.” Akyiri yi nhyiam no ho nkaebɔ ahorow kae sɛ: “Besi saa bere yi Yonadabfo no pii nnyaa hokwan nkɔɔ nhyiam, na ebia Washington nhyiam yi bɛyɛ awerɛkyekye ankasa, na ɛho bɛba mfaso ama wɔn.”

25. (a) Bere bɛn na wɔn a wɔfrɛ wɔn Yonadabfo no huu nea enti titiriw a ná wɔato nsa afrɛ wɔn aba Washington nhyiam no ase? (b) Ɔkasafo a ɔkaa “Nnipakuw Kɛse” no ho asɛm no kyerɛe sɛ wɔne henanom?

25 Na ɛyɛ Fida awia, May 31, na saa anigyefo a wohuu sɛ wɔte sɛ Yonadab, Rekab ba a ɔtraa ase tete no, ba behuu nea enti a ná wɔato nsa afrɛ wɔn titiriw sɛ wɔmmra saa Washington nhyiam yi no. Dɛn ntia? Efisɛ saa bere no na nhyiam no ase ɔkasafo titiriw, J. F. Rutherford, kasa kyerɛɛ n’atiefo a ohu wɔn wɔ Washington Auditorium ne atiefo a wontumi nkan wɔn a wonhu wɔn bere koro mu denam radio nnwumayɛbea ahorow a ɛne WBBR ne WHPH (Petersburg, Virginia) so wɔ asɛm “Nnipakuw Kɛse” no ho. Saa Adiyisɛm 7:9-15 nkyerɛkyerɛmu yi daa no adi sɛ “nnipakuw kɛse” no nyɛ Onyankopɔn asɔrefo nnipadɔm a wobenya honhom mu owusɔre na wɔakɔ soro. Mmom, wɔyɛ Yehowa asɔrefo no asase so kuw a wɔada wɔn anidaso a ɛne daa nkwa wɔ Paradise asase so wɔ Yesu Kristo ne n’asɔre anaa n’asafo a wɔahyɛ no anuonyam no ɔsoro ahenni no ase no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. Saa bere no, wɔde saa asɔrefo a wɔn anidaso yɛ asase so de no totoo Yonadab, Rekab ba no ho na wɔfrɛɛ wɔn “Yonadabfo.” Sɛnea Ɔwɛn-Aban no kae akyiri yi no: “Wɔfrɛ eyinom wɔ ɔkwan foforo so sɛ ‘Yonadabfo.’ Wɔrebɔ eyinom asu, a edi adanse sɛ wɔahyira wɔn ho so sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔabegyina Yehowa afã, na wɔsom ɔno ne ne Hene no; enti wɔatew wɔn ho na mprempren ‘wɔhyehyɛ ntade yuu fitaa.’ Enti wɔda nnipakuw kɛse no adi koraa, ɛnyɛ sɛ kuw a wɔde honhom awo wɔn a wɔn anidaso yɛ ɔsoro de, na mmom . . . wɔn na ‘wofi ahohia kɛse no mu’ no . . . ”​—August 15, 1935, Engiresi Ɔwɛn-Aban kratafa 248, nkyekyem 21.

26. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ ɔkasa no ho dawuru kɛse bio, na nnipa dodow ahe na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ ɔkasa no akyi? (b) So asubɔfo no kɔkaa kuw bi ho, na ɔkwan bɛn so na na wɔbɛba abehu kuw ko a wɔwom?

26 Wotintim ɔkasa titiriw yi mu nsɛm wɔ August 1 ne 15, 1935, Engiresi Ɔwɛn-Aban abien a ekura atifi asɛm “Nnipakuw Kɛse” no mu de bɔɔ Yehowa asɔrefo a wɔwɔ wiase nyinaa amanneɛ. Ɛda a edi ɔkasa no akyi no nnipa 840 na wɔde wɔn ho mae ma wɔde nsu bɔɔ wɔn asu de yɛɛ Awurade Yesu Kristo asuafo a wɔabɛyɛ no ho sɛnkyerɛnne.a (Mateo 28:19, 20) Ná wɔ Kyerɛwsɛm mu no wɔmmaa saa asubɔfo 840 yi kwan sɛ wɔnkɔka Kristo yɔnko adedifo ɔsoro kuw no ho anaasɛ wɔnkɔka asase so kuw a wɔde “nnipakuw kɛse” agyina hɔ ama wɔn no ho. Ná ɛnyɛ wɔn pɛ na ɛbɛyɛ hɔ, na mmom ɛyɛ Yehowa pɛ. Ná ɔne Nea ɛsɛ sɛ ɔda ne tumi adi wɔ ɔkwan a ɔpɛ so na ɔkyerɛ kuw a ɔde wɔn bɛka ho sɛnea eye ma no. Sɛ wɔn asubɔ akyi no ɔde ne honhom kronkron no wo eyinom bi ma wɔbɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma a, ɛnde ɔde wɔn a wɔte saa no ba honhom mu kuw no mu a wɔwɔ ɔsoro anidaso. Sɛ Wanwo obi sɛ honhom mu ba, na ɔne no anni sɛnea Ɔne honhom mu mma di no a, ɛnde ná wɔde onii a wɔanwo no honhom mu no aka asase so nnipakuw kɛse no ho.

27. Dɛn na saa asɛm foforo a ɛfa “nnipakuw kɛse” no ho no de mae wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no ho?

27 Washington (D.C.) ɔkasa a ɛfa “nnipakuw kɛse” no ho ne nea ɛno akyi wotintimii wɔ asɛm no ho no de ntease foforo bae wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔte nguanten ne mpapo ho bɛ no ase no mu. Ɛmaa nea wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ “nguanten” kuw no mufo ho no daa adi pefee sen nea wɔdaa no adi wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ ho ɔkasa a wɔmae mfirihyia dumien a na abetwam wɔ Los Angeles, California, 1923 mu no.

28. Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛe sɛ nneɛma ahorow a wɔhwehwɛ wɔ “nguanten” kuw no ho no sõ sen nea wɔdaa no adi wɔ 1923 mu no?

28 Sɛ nhwɛso no, na ɛnsɛ sɛ saa “nguanten” kuw no yɛ nnipa atreneefo a wɔn yam ye a ná wɔte nka ma nnipa a woyii ayamye adi kyerɛɛ Kristo asuafo nkaefo a wɔasra wɔn no ara kwa. Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa yɛ Kristo asuafo, a wɔabɔ wɔn asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no din mu,” na afei nso wɔyɛ wɔn ade sɛ Yehowa adansefo Kristofo. Ná “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no ne “nguanten” kuw a wɔwɔ Yesu bɛ a ɛwɔ Mateo 25:31-46 no yɛ ade koro.

“MO A M’AGYA AHYIRA MO, MOMMRA”

29. Asɛm bɛn mu na wɔada nneɛma ahorow titiriw a wɔhwehwɛ na obi anya Ɔhene no nifa so agyina no adi wɔ nea ɔka kyere “nguanten” no mu?

29 Wɔkyerɛ nneɛma titiriw a wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔka bom yɛ “nguanten” kuw no ho no denam nea Ɔhene Guanhwɛfo no kyerɛ sɛ ɛno nti na ɔma sɛnkyerɛnne kwan so “nguanten” no nya daakye a nhyira wom no so. Ɛbɛ no yɛ “nguanten” kuw no ho mfonini wɔ onipa Ba a ɔyɛ ɔhene no nsa nifa bere a ɔkasa kyerɛ wɔn. “Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni! Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me biribi menomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi; medaa adagyaw, na mufuraa me ntama, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn.”​—Mateo 25:34-36.

30. Dɛn nti na ɔkwan a ɛnyɛ tẽe so nkutoo na na saa “nguanten” no betumi ayɛ nneɛma ahorow a ɔbobɔɔ din no ama Yesu?

30 Saa nnipa a wɔte sɛ nguanten a wofi “amanaman nyinaa mu” yi anyɛ saa nneɛma yi amma Awurade Yesu Kristo tẽe. Mommma yɛn werɛ mfi sɛ, bere a Yesu wɔ asase so no ɔyɛɛ ne mfirihyia abiɛsa ne asram bi nkyerɛkyerɛ ne asɛnka no wɔ Israel man no ne Samariafo a wɔwɔ Mfinimfini Apuei no nkutoo mu. (Mateo 15:24; 10:6; Yohane 1:11; 4:3-43; Luka 17:15-18) Enti saa nnipa a wɔte sɛ nguanten yi te sɛ saa Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu wɔ Roma amansin a ɛwɔ Asia Kuma no mu no, a wɔn na ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Ɔno na munhuu no ɛ, nanso modɔ no. Ɔno na munhuu no mprempren de, nanso mugye no di.” (1 Petro 1:8) Ɛwom sɛ wɔantumi anhu no wɔ asase so pɛn de, nanso nnipa a wɔte sɛ nguanten a wɔde wɔn agyina Yesu nsa nifa no pɛe sɛ wɔyɛ biribi ma no, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa, a ɛnyɛ tẽe.

31. So Ɔhene ne “nguanten” no nkɔmmɔbɔ a wɔaka ho asɛm wɔ ɛbɛ no mu no bɛyɛ tẽe, ɛna dɛn na 1 Timoteo 6:14-16 kyerɛ wɔ asɛm no ho?

31 Bere na nkɔmhyɛ kwan so bɛ no fã yi anya mmamu no, saa nnipa a wɔte sɛ nguanten yi renhu onipa Ba no sɛ ɔte ne soro anuonyam ahengua so, saa ara na ɔremma nipadua mu a wɔde aniwa ankasa hu no a ɔbɛka n’anisɔ asɛm no akyerɛ wɔn ma wɔate wɔ wɔn aso mu ankasa. Wɔ ne ba a waba anaasɛ parousia no mu wɔ honhom mu no, wɔde gyidi aniwa nkutoo na ehu no wɔ n’ahengua so, na bere a ɔreda ne gyinaesi a ɔdom wom no adi akyerɛ wɔn no ɔde ne nsɛm a ɛyɛ ɔdom no bɛma wɔn denam kaseɛbɔ kwan biara a ɔno ankasa paw so. Ɛsɛ sɛ wosusuw nea wɔaka wɔ 1 Timoteo 6:14-16 no ho, wɔ nkɔmmɔ a onipa Ba a wɔde no asi ahengua so no ne “nguanten” no bɔ wɔ ɛbɛ no mu no mmamu mu: “Kosi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi so. Ɛno na nea ɔbɛkyerɛ ɛbere a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfoɔ koro no, ahene mu hene ne awuranom mu Awurade, nea ne nko wɔ daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no.” Enti ahene mu Hene no ne “nguanten” no nkɔmmɔbɔ no renyɛ tẽe.

32, 33. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔka wɔ sɛ́ ebia nsa a Ɔhene no to frɛ “nguanten” no sɛ ‘wɔmmra’ no yɛ nsa a wɔto frɛ wɔn kɔ ɔsoro no ho? (b) Dɛn nti na Yesu kaa eyinom ho asɛm sɛ “nguan foforo”?

32 Bere a ɔto nsa frɛ nnipa a wɔte sɛ nguanten no sɛ, “mommra” no, na ɔrento nsa mfrɛ wɔn sɛ wɔmmra ɔsoro na wɔne no mmɛtra n’ahengua no so. Saa sɛnkyerɛnne kwan so “nguanten” yi nyɛ 144,000 a wɔde honhom awo wɔn a wɔne Yesu Kristo yɛ yɔnko adedifo a wonya “owusɔre a edi kan” a wɔne no di adesamma so tumi mfirihyia apem no mufo. (Adiyisɛm 14:1-3; 20:4-6) Esiane sɛ wɔyɛ nnipa a wofi “amanaman nyinaa” mu a wɔboaboa wɔn ano wɔ ne ba a waba anaasɛ parousia wɔ honam mu no mu nti, wɔdɔɔso pii sen 144,000 no, ampa, wobunkam wɔn so. Wɔn na wɔyɛ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no.” (Adiyisɛm 7:9, 10) Wɔde saa “nnipakuw kɛse” yi mufo toto “nguanten” ho, bere a wɔka wɔ wɔn ho bio sɛ: “Na Oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho” no. (Adiyisɛm 7:17) Ampa, wɔyɛ saa “nguan foforo” a Yesu kyerɛe sɛ ɛsono wɔn wɔ “kuw ketewa” a wɔyɛ 144,000 yɔnko adedifo no ho no fã, sɛ:

33 “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wo- betie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.”​—Yohane 10:16; Luka 12:32.

34. Bere bɛn na onipa Ba a wɔde no atra ahengua so no ka kyerɛ “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ”nguan foforo” no sɛ ‘wɔmmra.’ na ɔkwan bɛn so na wɔyɛ wɔn a ne soro Agya no “ahyira” wɔn?

34 “Nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” yi na onipa Ba a wɔde no asi ahengua so no ka kyerɛ wɔn sɛ ‘wɔmmra’ ne nkyɛn no, kyerɛ sɛ, wɔmmɛn no bere ra ɔde wɔn akatua ma wɔn no. Ɔfrɛ wɔn “mo a m’agya ahyira mo.” (Mateo 25:34) Ampa, bere a ná wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi a eye na ɛbɛboa Awurade Yesu Kristo wɔ ne ba a waba anaasɛ parousia bere yi mu no, ne soro Agya no hyira wɔn wɔ eyi ho. Nanso, ne soro Agya no “ahyira” wɔn titiriw efisɛ ɔde akatua a nhyira wom yi asie ama wɔn. Ɔsoro Agya no dii kan huu saa kuw a wɔte sɛ nguanten wɔ ne Ba no ba a waba anaasɛ parousia bere yi mu, na saa ara na ɔde akatua a nhyira wom yi asie ama wɔn. Nhyira horow a wɔn nsa aka dedaw no nnu nhyira a afei na wɔrebenya no. Dɛn ne saa nhyira titiriw a wɔde asie ama wɔn yi?

35. (a) Dɛn na Yesu kyerɛ sɛ ɛne nhyira titiriw a wɔde asie ama “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” no? (b) Dɛn pɔtee ne “ahenni” a wonya no, na ɛhe na wɔyɛ saa?

35 Wɔkyerɛ wɔ Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no mu: “Mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni.” (Mateo 25:34) Ná Yesu remfa asɛm yi nto nsa mfrɛ “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” no sɛ wɔne no mmɛtra ne soro ahengua no so, efisɛ wɔnka 144,000 yɔnko adedifo no ho. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔte nsɛm a wɔde to nsa frɛ wɔn no ase? Wɔ mfitiase Hela asɛmfua ma “ahenni” (Ba·si·leiʹa) ase no, Liddell ne Strong Greek-English Lexicon no Po I, kratafa 309 kyerɛ sɛ Hela asɛmfua no wɔ nkyerɛase foforo nso, a ɛne obi a “ɔhene di ne so tumi,” na ebia ɛbɛkyerɛ “ahenni” nso. Enti saa na ɛte ampa: “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” no ba tebea a “ɔhene” a ɔne Mesia Hene Yesu “di wɔn so tumi” mu, na wɔba ahene mu Hene, Yesu Kristo mfirihyia apem “ahenni” no mu. Ɛhe na wobenya saa mfirihyia apem a onipa Ba a wɔahyɛ no anuonyam no di wɔn so tumi yi wɔ? Ɛnyɛ ɔsoro, a wɔn sɛ́ abɔde a wɔyɛ “ɔhonam ne mogya” no wontumi nkɔ hɔ no (1 Korintofo 15: 50) ; na mmom asase so ha, wɔ Kristo ahenni no ase.​—Dwom 2:8; Daniel 2:35-45.

36. Fi “wiase” bɛn asefi mu na na wɔasiesie saa “ahenni” no ama “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” no, na ɔkwan bɛn so?

36 Asase yi bɛyɛ beae a ɛsõ a wɔtra wɔ ɔhene te sɛ Awurade Yesu Kristo, ne ne mfɛfo adedifo 144,000 a wɔahyɛ wɔn anuonyam no ase. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ná, wɔ eyi mu no, “wɔasiesie” “ahenni” no ama saa “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ nguanten no “fi wiase asefi mu”? Efisɛ na ɛwɔ ɔsoro Agya a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no adwene mu “fi wiase asefi mu” sɛ ɔde bɛma wɔn. Eyi nkyerɛ fi bere a wɔde yɛn asase okyinsoroma yi sii hɔ. Ɛkyerɛ adesamma wiase no. Na eyi yɛ bere a wɔbɔɔ Adam ne Hawa wɔ pɛyɛ mu wɔ Eden Turo mu no akyi. Wɔanyɛ Adam Ɔhene a na Hawa yɛ ne hemmaa. Wɔanyɛ Adam ɔhene wɔ mmoa nyinaa so, wɔn a wɔte asase so, wɔn a wotumi tra nsu mu ne asase so, mpataa ne nnomaa so. Wɔ Hiob 41:34 no Yehowa frɛ dɛnkyɛmmirampɔn “ahokyerɛ mma nyinaa hene.” Nanso ná ɛnyɛ sɛ Adam bɛyɛ ɔhene wɔ n’asefo a wɔyɛ nnipa nyinaa so. Noa bere so nsuyiri no akyi na ahemfo baa asase so, na Nimrod, ɔbɔmmɔfo a ne koko yɛ duru a ɔkyekyeree Babel anaa Babilon wɔ Mesopotamia Bon mu no na ofii ase. (Genesis 10:8-10) Wɔanwo Adam asefo amma Adam ahenni bi mu. Adam ne Hawa nkutoo nyɛ “wiase.”

37. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na saa wiase no fii ase? (b) Ɔkwan bɛn so na efi saa bere no wosiesie ”ahenni” no?

37 Nanso, bere a Adam ne Hawa, wɔ Eden Turo a ná wɔapam wɔn afi mu no akyi wɔ owu afobu ase no, fii ase woo mma no, afei “wiase,” a ɛne adesamma wiase, fii ase. Ɛwom sɛ wɔwoo saa mmofra yi wɔ bɔne ne sintɔ mu a wɔwɔ owu afobu ase de, nanso wonyaa hokwan a wɔdaa no adi wɔ Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ ɔwɔ no wɔ Eden bere a ɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ bɔne akyi no mu: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno [ɔbea no aseni no] na ɔbɛbɔ wɔ ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:14, 15) Bere a bere kɔɔ so no, Yehowa de asɛm foforo a ɛfa saa Aseni a na wonnim no a obedi sɛnkyerɛnne kwan so Ɔwɔ, Satan Ɔbonsam so nkonim no ho mae. Ná ɛsɛ sɛ Aseni nkonimdifo no bɛyɛ adesamma nyinaa Hene. Enti, bere a wofii ase woo mma a, na wɔwɔ hokwan sɛ wɔbɛba Aseni no ahenni a wɔde asi hɔ no ase no, Yehowa bɔhyɛ no fii ase yɛɛ adwuma wɔ adesamma wiase a afei na wɔafi ase no so. Enti wɔde “ahenni” no too hɔ twɛnee, ‘wosiesie’ maa asase sotefo “fi wiase asefi mu.”​—Fa toto Luka 11:50, 51 ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ The Golden Age, July 17,1935 de no, kratafa 660, ɔfã 2.

Esiane eyi a wonim nti, Engiresi Ɔwɛn-Aban May 1, 1936 de no, daa “nguanten” kuw no adi kaa “nnipa kuw kɛse” no ho wɔ asɛm a wɔtoo din “Nnipa a Wobetwa Harmagedon” no mu, wɔ kratafa 140, nkyekyem 47, 48.

May Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena