Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 7/15 kr. 21-23
  • Nea Mmoa A “Wofi Nkate Mu Nim Nyansa” Betumi Akyerɛ Yɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Mmoa A “Wofi Nkate Mu Nim Nyansa” Betumi Akyerɛ Yɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Me Nguan Tie Me Nne”
  • ‘Anifere sɛ Awɔ, ne Kronn sɛ Mmorɔnoma’
  • “Mmoadabi no Suban Te Sɛ Apɔnkɔ a Wɔasiesie Wɔn Ama Ɔko”
  • Kɔ So Da Kristofo Su Adi
  • Due a Edi Kan—Mmoadabi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Kɔhwɛ Asase No Kɔhwɛ Nguan No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Wofi Mmɔborohunu Mu Yɛn Nguan Nketewa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yehowa Da No Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 7/15 kr. 21-23

Nea Mmoa A “Wofi Nkate Mu Nim Nyansa” Betumi Akyerɛ Yɛn

MFRAMA a wɔma ɛyɛ nwini, nsu a wɔmma ɛnnan nsukyenee, nkyene a woyi fi ɛpo nsu mu, ne adwinnade a wɔde hu beae pɔtee a ade bi wɔ wɔ nsu ase, abɛyɛ abɔrehude a adesamma nim no baabiara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Nanso, na ɛwɔ mmoa mu mfe mpempem a atwam no. Yiw, sɛ adesamma sua mmoa a “wofi nkate mu “nim nyansa” saa no ho ade a, wonya mu mfaso. (Mmebusɛm 30:24-28; Hiob 12:7-9, NW) Ɛte sɛ nea mmoa bi ‘abɛyɛ adesamma akyerɛkyerɛfo a wɔnkasa, na sɛ yɛyɛ wɔn mu nhwehwɛmu a, yebetumi anya anigye kɛse.

So yebetumi anya mmoa bi su a yebesusuw ho mu mfaso? Wiɛ, Yesu Kristo de n’akyidifo totoo nguan, awɔ, mmorɔnoma, ne mmoadabi mpo ho. Dɛn na na ɛwɔ n’adwene mu bere a ɔde n’akyidifo totoo saa mmoa yi ho no? Ma yɛnhwɛ.

“Me Nguan Tie Me Nne”

Wɔbɔ nguan din bɛboro mpɛn 200 wɔ Bible mu. Sɛnea Smith’s Bible Dictionary kyerɛkyerɛ mu no, “oguan yɛ odwo, abotare, ne ahobrɛase ho sɛnkyerɛnne.” Wɔ Yesaia ti 53 no, wɔde Yesu ankasa totoo oguan ho wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Hwɛ fata a ɛfata sɛ ɔde n’akyidifo toto aboa koro no ara ho! Nanso na oguan su atitiriw bɛn na ɛwɔ Yesu adwene mu?

Yesu kae sɛ: “Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi.” (Yohane 10:27) Enti osii dwo a n’asuafo no bedwo ne ɔpɛ a wobenya sɛ wobedi n’akyi no so dua. Nguan ankasa tie wɔn wura, na wofi ɔpɛ mu di n’akyi. Oguanhwɛfo no nso ne nguankuw no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den.

Sɛ nguankuw redidi wɔ sare so a, wɔn mu betumi atetew, nanso ‘oguan biara kɔ so bɛn kuw no nyinaa. Enti, sɛ mmoa no te nka sɛ wonni ahobammɔ anaa biribi bɔ wɔn hu a, Alles für das Schaf (Biribiara Ma Nguan no) nhoma no ka sɛ “wotumi boa wɔn ho ano ntɛm ara.” Sɛ nguan reguan abɔ wɔn ho ban a, wɔyɛ saa sɛ kuw, na wogyinagyina bere ne bere mu hwɛ tebea no. “Gyina a wogyinagyina bere ne bere mu bere a wɔreguan no ma nguammaa ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw no bɛto wɔn. Kuw a wɔyɛ no mpo ma wonya ahobammɔ titiriw bi.” Dɛn na yebetumi asua afi saa nneyɛe yi mu?

Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ntu mpetee Kristoman asɔreasɔre no mu. Mmom no, wɔaboa wɔn ho ano wɔ kuw biako mu. Kristoni biara ne Onyankopɔn nguankuw yi wɔ abusuabɔ ankasa, na eyi na ɛma biakoyɛ ba Yehowa Adansefo ahyehyɛde no mu. Sɛ ɔhaw bi ba a​—sɛ́ ɛyɛ yare a emu yɛ den, akodi, anaa asiane no​—ɛhe na ɔsomfo biara hwehwɛ akwankyerɛ ne ahobammɔ? Wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛde afotu a ɛde honhom fam ahobammɔ ma no mu.

Ɔkwan bɛn so na wonya Bible afotu? Ɛdenam nhoma ahorow te sɛ Ɔwɛn-Aban ne nsɛmma nhoma a ɛka ho, Nyan!, no so. Saa nsɛmma nhoma yi ne Kristofo nhyiam horow no de mmoa titiriw bi mpo ma wɔn a wohia ɔhwɛ soronko, te sɛ nguammaa ne nguan a wɔayɛ mmerɛw wɔ kuw no mu no. Sɛ nhwɛso no, wɔtwe adwene si awofo a wonni ahokafo ne wɔn a wɔrehyia adwenemhaw no so. Enti, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛbɛkenkan nsɛmma nhoma biara, akɔ asafo nhyiam biara, na yɛde nea yesua no adi dwuma! Yɛnam saayɛ so da odwo ne abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Onyankopɔn nguankuw wɔ no adi.​—1 Petro 5:2.

‘Anifere sɛ Awɔ, ne Kronn sɛ Mmorɔnoma’

Smith’s Bible Dictionary ka sɛ: “Wɔ Apuei fam nyinaa no, wɔde ɔwɔ yɛɛ ade bɔne, asoɔden honhom, ho sɛnkyerɛnne.” Nanso, na “m’aborɔnoma” yɛ asɛm a wɔde kyerɛ sɛ wɔdɔ obi. (Nnwom mu Dwom 5:2) Ɛnde, dɛn na na ɛwɔ Yesu adwene mu, bere a ɔhyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnyɛ “anifere sɛ awɔ” no?​—Mateo 10:16.

Ná Yesu de asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho ahyɛde rema. Ná n’asuafo no betumi ahyia tebea pa ne tebea bɔne nyinaa. Ná nnipa kakraa bi na wɔbɛkyerɛ anigye, bere a na afoforo bɛpow asɛmpa no. Na ebinom bɛtaa Onyankopɔn nokware asomfo yi mpo. (Mateo 10:17-23) Ná asuafo no bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ ɔtaa ho?

Wɔ Das Evangelium des Matthäus (Mateo Asɛmpa No) mu no, Fritz Rienecker ka Mateo 10:16 ho asɛm sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔyɛ anifere . . . wogyina pintinn, wodi nokware, na wɔka nsɛntrenee, na wɔamma atamfo annya wɔn ho asɛm bi anka. Ná Yesu ananmusifo no wɔ atamfo a wɔn tirim yɛ den na wonsusuw asomafo no ho, na wotow hyɛ wɔn so a wonhu wɔn mmɔbɔ na wɔmma wonnya hokwan ketewa bi mpo, ntam. Enti, na ɛho hia​—te sɛ ɔwɔ​—sɛ wɔhwɛ wɔn atamfo yiye, na wɔma wɔn ani ne wɔn adwene mu da hɔ na wosusuw tebea no ho; wodi tebea no so a brada anaa nnaadaa nnim, wɔyɛ kronn na wodi nokware wɔ nsɛm ne nneyɛe mu, na wɔnam ɛno so kyerɛ sɛ wɔte sɛ mmorɔnoma.”

Dɛn na Onyankopɔn nnɛyi asomfo betumi asua afi Yesu nsɛm a yehu wɔ Mateo 10:16 no mu? Ɛnnɛ, nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ asɛmpa no ho te sɛ nea wɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu ara pɛ. Sɛ nokware Kristofo hyia ɔtaa a, ehia sɛ wɔda ɔwɔ anifere ne aborɔnoma kronnyɛ adi. Kristofo mfa nnaadaa anaa atorodi so nka Ahenni asɛm no nkyerɛ afoforo da, na mmom, wɔyɛ nkurɔfo a wɔde kronnyɛ ne nokwaredi na ɛyɛ saa.

Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Mfɛfo adwumayɛfo, sukuu mmofra, anaa w’ankasa w’abusuafo mpo betumi aka wo gyidi ahorow sɛ Yehowa Ɔdansefo no ho nsɛmmɔne. Ebia nea wudi kan yɛ wɔ ho ne sɛ wobɛka wɔn gyidi ho nsɛmmɔne saa ara. Nanso, ɛno yɛ nea asɛm biara nni ho? Dabida. Sɛ wokyerɛ wɔn a wɔkasa tia wo no sɛ nsɛm no nnya wo nneyɛe pa no so tumi biara a, ebia wobegyae nsɛmmɔne no ka. Afei ɛno bɛma woayɛ onitefo ne obi a odi mũ​—‘ɔyɛ anifere sɛ ɔwɔ, na ɔyɛ kronn sɛ aborɔnoma.’

“Mmoadabi no Suban Te Sɛ Apɔnkɔ a Wɔasiesie Wɔn Ama Ɔko”

GEO nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ wɔ 1784 mu no, “[mmoadabi] a wɔdɔɔso sen biara wɔ abakɔsɛm mu” yɛɛ South Africa pasaa. Mmoadabi no gyee beae a n’afanan yɛ kilomita 5,200, a ɛbɛyɛ Hong Kong kɛse mmɔho anum, fae. Smith’s Bible Dictionary ka sɛ mmoadabi no “sɛe afifide pasaa wɔ aman a wɔhyɛne mu no mu.”

Wɔ adiyi a Onyankopɔn de maa no a ɛfa nneɛma a ɛbɛba wɔ “Awurade da no” mu ho no, Yesu de anisoadehu bi a mmoadabi pii wom dii dwuma. Wɔkaa ɛno ho asɛm sɛ: “Mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko.” (Adiyisɛm 1:1, 10; 9:3-7) Ná saa sɛnkyerɛnne yi kyerɛ dɛn?

Yehowa Adansefo fi bere tenten ate ase sɛ mmoadabi a wɔwɔ Adiyisɛm ti 9 mu no yɛ Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so wɔ afeha yi mu no ho mfonini.a Wɔde dwumadi titiriw bi ahyɛ saa Kristofo yi nsa​—sɛ wɔnka Ahenni asɛm no wɔ asase nyinaa so, na wɔnyɛ asuafo. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Eyi hwehwɛ sɛ wodi akwanside ahorow so na wokura wɔn adwuma no mu. Dɛn na ebetumi akyerɛkyerɛ eyi mu asen mmoadabi a wontumi nni wɔn so nkonim no?

Ɛwom sɛ mmoadabi no tenten boro sɛntimita 5 kakraa bi de, nanso wotumi twa kilomita 100-200 da koro. Anhweatam so mmoadabi betumi atrɛw eyi mu akodu kilomita 1,000 mpo. GEO kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɔbɔ ne ntaban mu mpɛn 18 anibu biako mu, na ɔkɔ so yɛ saa nnɔnhwerew 17 da koro​—ade a akoekoeboa foforo biara ntumi nyɛ.” Adwuma kɛse bɛn ara na aboa ketewa yi yɛ saa yi! Sɛ́ kuw no, Yehowa Adansefo gyina pintinn wɔ Ahenni ho asɛmpa no a wɔtrɛw mu no mu. Mprempren wɔka asɛm no wɔ nsase bɛboro 230 so. Saa Onyankopɔn asomfo yi di nsɛnnennen pii so na ama wɔatumi ayɛ adwuma. Ɔhaw ahorow bɛn saa na wohyia? Menasepɔw, mmara mu anohyeto, yare, abasamtu, ne ɔsɔretia a efi abusuafo hɔ yɛ emu kakraa bi. Nanso biribiara ntumi nsii wɔn nkɔso kwan. Wɔkɔ so kura adwuma a Onyankopɔn de ama wɔn no mu.

Kɔ So Da Kristofo Su Adi

Yiw, Yesu de n’akyidifo totoo nguan, awɔ, mmorɔnoma, ne mmoadabi ho. Nokwarem no, eyi fata ma yɛn da yi. Dɛn ntia? Efisɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei abɛn, na ɔhaw ahorow mu rekɔ so yɛ den kɛse sen bere biara.

Bere a Yesu mfatoho nsɛm no wɔ nokware Kristofo adwenem no, wɔde wɔn ho bata Onyankopɔn nguankuw no ho kɛse, na wofi ahobrɛase mu gye afotu a efi Yehowa ahyehyɛde no hɔ no tom. Wɔkɔ so wɛn, na wɔma wɔn ani da hɔ wɔ tebea horow a ebetumi atwitware wɔn Kristofo dwumadi ananmu no ho, bere a wongu wɔn ho fĩ wɔ biribiara mu no. Afei nso, wɔde animia yɛ Onyankopɔn apɛde wɔ akwanside ahorow mu. Na wɔkɔ so sua biribi fi mmoa bi a “wofi nkate mu nim nyansa” hɔ.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Adiyisɛm​—N’awiei Koraa Abɛn!, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., yɛe no, ti 22

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena