“Ɔbarima Begyaw. . . ”
“DA KORO bi yɛn babarima no baa fie,” saa na Tom kae, “na na wuhu sɛ biribi wɔ n’adwene mu. Ɔne me ne me yere traa ase na ɔkae sɛ, ‘Wiɛ, abusuafo. Manya ɔbea a mepɛ sɛ mewareno.’”
Onyankopɔn dii kan huu tebea horow a ɛte sɛɛ bere a ɔkae sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro” no. (Genesis 2:24) Enti hu sɛ kɔ a mo ba no rekɔ no yɛ biribi a wɔ ɔkwan bi so no ɛsɛ sɛ ɛba.
Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmofra fi fie bere a bere nsoe sɛ wɔyɛ saa. Nanso sɛnea odwontofo no kae no: “Sɛ́ ɔbran nsam bɛma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no.” Awiei koraa no agyan no fi kotoku no mu na efi ɔbra ase.—Dwom 127:4.
Te sɛ bɛmma a wɔagyaa mu no, mo ba a wanyin no fi mo hwɛ ase bere a ɔkɔ no. Bere a waware no, ɔbɛyɛ ti wɔ n’ankasa fifo so. Mo babea no ba ne kunu tumidi ase.—Efesofo 5:21-28, 33.
Bible no kyerɛ sɛ ebia ɛbɛyɛ den ama mo ansa na de a wɔade wɔn ho foforo yi akokwaw mo. Sɛ nhwɛso no, ɛda adi sɛ Yesu nã tee nka sɛ ɔwɔ ne so tumi bi—bere a wanyin na wɔasra no sɛ Mesia no akyi mpo no! Wɔ ayeforohyia bi ase no, Maria ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wonni nsa.” (Ɛkyerɛ sɛ,” ‘Yɛ ho biribi.’) Nanso Yesu fi ayamye mu kaee no sɛ ɔde ne ho—na ɔyɛɛ n’anwonwade a edi kan.—Yohane 2:2-11.
Ɛyɛɛ den maa agya panyin Yakob nso sɛ ɔbɛma ne babarima akɔ. Ná ne yere a ɔdɔ no, Rahel, awu bere a ɔrewo ne babarima a ɔtoo ne din Benyamin no. Wubetumi ahu pɛ ara a na ɔpɛ ne ba yi asɛm! Enti bere a wɔkae sɛ ɔmma kwan ma Benyamin ntu kwan nkɔ Misraim no, Yakob ampene so na ɔkae sɛ, “ebia abew bi bɛbew no,” na ɔma ɔtraa fie.—Genesis 35:16-18; 42:4.
Nanso bere a ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ morempɛ sɛ ɔbɛkɔ no, adeyɛ a nyansa wom ne sɛ mubegye ne mpanyinyɛ ne de a wade ne ho no atom.
“Hwɛ Sɛnea Worehaw Me”
Ebia awofo binom bɛsɔre atia sɛ, ‘Nanso so ɛsɛ sɛ wɔkɔ akyirikyiri saa? Dɛn nti na wontumi nne wɔn ho na wɔnkɔ so ara ntra mmɛn yɛn?’
Sɛ nsusuwii a ɛte saa ba a ebetumi ahaw adwene. Sɛ nhwɛso no. Bible no kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ Rebeka tu kwan tenten bi na wakɔware. Ne na ne ne nuabarima srɛe sɛ: “Ma ababaa [Rebeka] ntra yɛn nkyɛn da tiaa bi sɛ dadu ansa na wakɔ” Hwɛ den ara a na ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔbɛma wakɔ! Nanso Rebeka kae sɛ: “Mɛkɔ,” ɛwom sɛ ebia na ɛyɛ nea ɔrenhu n’abusuafo bio mpo de.—Genesis 24:55, 58.
Ebia ɛbɛyɛ nea ɛho hia ankasa nso sɛ wo ba a wanyin no tu kɔ akyirikyiri, sɛ ebia adwuma bi a ɔrehwɛ kwan nti. Sianka a wubesianka no a mfaso nni so no betumi asɛe ade. Sɛ nhwɛso no, ɔyere kumaa bi kae sɛ: “Bere a yɛwaree mfiase no, yɛpɛe sɛ yenya bere pii de bom tra ase. Nanso me na ante ase. Sɛ́ ɔbɛma yɛakɔ kakra na yɛasan aba ne nkyɛn mmom no, ofii ase hyɛɛ yɛn so.” Tebea no kɔɔ so sɛee bere a awarefo yi bɔɔ wɔn tirim sɛ wobetu akɔ no. Eyi maa ɔtan ankasa bɛdaa ɛna ne ɔbabea yi ntam. Ɛna no de abufuw kae sɛ: “Ɛhe na ɛka sɛ asɛyɛde a ɛne sɛ di w’agya ne wo na ni no ba awiei bere a woasuae akyerɛ wo kunu no? Ɛhe na madi wo huammɔ sɛ ɛna?” Nea efii ntɔkwaw yi mu bae? Wɔ aware mu ɔhaw kɛse a ɛde baa awarefo nkumaa baanu no so akyi no, ɔtan bɛdaa ɛna ne ɔbabea yi ntam. Wɔne wɔn ho wɔn ho anni nkitaho asram pii! Nanso na anka wɔne wɔn ho ka paa.
Nhoma No Strings Attached no ka sɛ: “Sɛ woyɛ w’ade wɔ twe a wo ba no atwe ne ho no ho denam ayayade (Hwɛ sɛnea worehaw me, hwɛ sɛnea worehaw w’agya/wo na, ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ yɛn saa) so a, ebia wobɛma wo ba no atwe ne ho akɔ akyirikyiri.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.
Ɔba hohwini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no agya huu eyi. Bere a ne babarima a wanyin no pɛe sɛ ɔde ne ho no, agya no anyeyaw no anaasɛ wanteɛteɛ no sɛ ɛrensi no yiye. Mmom no, ofi ayamye mu maa ne babarima no kɔe. Ebetumi aba sɛ su a ntease wom yi na ɛkaa abofra no kɛse ma ɔsan baa fie akyiri yi no. Enti, sɛ́ mobɛma mo ba a wanyin no ade ne ho no betumi ayɛ nea ɛbɛma mo ne n’adamfofa no akɔ so atra hɔ.—Luka 15:11-24; hwɛ Filipifo 2:4 nso.
“Dɛn na Ohu wɔ Ne Mu?”
“Wopɛ sɛ wo mma nya nea eye ankasa, na sɛ wuhu sɛ wɔanya aware pa a, w’ani gye,” saa na Norma ka. Ne kunu Tom de ka ho sɛ: “Meka no pen sɛ, na minsusuw sɛ yɛde bere yi nyinaa bɛtete yɛn babea no na yɛadan no ama onipa a odi kan a ɔbaa anim no.” Nanso, ɛtɔ bere bi a, mmofra di wɔn awofonom huammɔ kɛse wɔ ahokafo a wɔpaw no mu. Ɔkwan bɛn so na wobɛyɛ w’ade wɔ ho?—Fa toto Genesis 26:34, 35 ho.
So ɛrenyɛ nea eye sɛ mobɛbɔ mmɔden biara a mubetumi sɛ mubegye mo abusua no muni foforo yi atom? Nhwehwɛmu ahorow bi kyerɛ sɛ pene a awofo pene so betumi ayɛ ade titiriw a ɛma aware no gyina.a Ampa, ebia ɔhokafo a mo ba no bɛpaw no bɛma mo ho adwiriw mo anaasɛ ɛbɛma mo aba mu abu mpo. Nanso, aware yɛ ade a nidi wom wɔ Onyankopɔn anim.—Hebrifo 13:4.
Sɛ́ ‘mobɛsɔn ayi nwansena,’ anya adwene a ɛnteɛ wɔ mo ase barima ana mo ase bea mfomso ahorow ho mmom no, mommɔ mmɔden sɛ mubenya adwempa. Mummu no te sɛ nea mo ba no hu no no. Akyinnye biara nni ho sɛ saa onipa yi wɔ nneɛma ahorow bi a eye wɔ ne ho! Na monkae sɛ, mo ankasa babarima anaa ɔbabea no nso nyɛ pɛ. Ɔwofo biako a na n’ani nnye ɔhokafo a ne ba no pawee ho kae sɛ: “Ade biako a ɛboa ne ahobrɛase kakra a wubenya. Mekae da koro bi sɛ ná m’awofo mpene m’aware no so ankasa, na hwɛ mfomso ara a wodii.”
Awofo ani a ennye wɔn ba hokafo ho no betumi ayɛ nea egyina ninkuntwe so kɛse—wɔn ba no dɔ a wɔbɛhwere ho hu—sen sɛ ɛyɛ paara. Nanso ninkuntwe betumi asɛe abusuabɔ pa. (Mmebusɛm 14:30) Enti monntwe mo ho mfi mo babarima anaa mo babea foforo no ho. Mo ne no mmɔ na munhu no. Monhwɛ mo ho yiye wɔ ɔkasatia a ɛnteɛ, nsɛm mu a wɔtwetwe anaa akasakasa ahorow ho. Momma no kwan kakra, na “mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Romafo 12:18.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nhwehwɛmu biako kyerɛ sɛ ‘ɔdɔ a ɛsã wɔ aware mfiase bere a agya ne ɛna pene so no yɛ saa mmɔho bere a wɔsɔre tia ɔhokafo a wɔpaw no.’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Nanso so kɔ a wo ba no kɔ no kyerɛ sɛ wonyɛ ɔwofo bio?
[Kratafa 5 mfoni]
‘Yɛpɛe sɛ yebenya bere pii abom atra ase. Nanso sɛ́ ɔbɛma yɛn kwan kakra mmom no, me na fii ase hyɛɛ yɛn so’
[Kratafa 6 mfoni]
Awofo ntaa mpene ahokafo a wɔn mma paw so bere nyinaa