Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 7/1 kr. 8-9
  • Nkae Anwummeduan No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkae Anwummeduan No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awurade Anwummeduane
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yuda Yii Kristo Mae na Wɔkyeree no Kɔe
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Oyima Ne Ɔkyere
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Dɛn Ne “Yuda Asɛmpa” No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 7/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Nkae Anwummeduan No

YESU hohoro n’asomafo no nan ho akyi no, ɔfa kyerɛwsɛm a ɛwɔ Dwom 41:9 no ka sɛ: “Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.” Afei, bere a ne ho yeraw no honhom mu no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mo mu biako rebeyi me ama.”

Asomafo no werɛ fi ase how, na wɔka kyerɛ Yesu mmiako mmiako sɛ: “Ɛyɛ me?” Yuda Iskariot mpo nso bisaa bi. Yohane a ɔda bɛn Yesu wɔ ɔpon no ho no pa tweri Yesu kokom na obisa sɛ: “Awurade ɛyɛ hena?”

Yesu bua sɛ: “Ɛyɛ dumien no mu biako a ɔne me to nsa abeyaa mu. Onipa ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi onipa ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.” Ɛno akyi no, Satan san hyɛn Yuda mu bio, na ɔde hokwan a ɔkwan a abɛda ne koma a adan bɔne no ho ama abue no di dwuma. Akyiri yi saa anadwo no, Yesu frɛ Yuda sɛ ‘ɔsɛe ba’ ma ɛfata.

Afei Yesu ka kyerɛ Yuda sɛ: “Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!” Asomafo a wɔaka no mu biara ante nea Yesu kyerɛ no ase. Ebinom susuw sɛ esiane sɛ Yuda kura sika kotoku no nti, na Yesu reka akyerɛ no sɛ: “Kɔtotɔ nea ehia yɛn sie afahyɛ no,” anaasɛ ɔmfa biribi nkɔma ahiafo.

Bere a Yuda kɔe akyi no, Yesu ka afahyɛ anaasɛ nkaede foforo bi koraa ho asɛm kyerɛ n’asomafo anokwafo no. Ɔfa abodoo, ɔbɔ mpae de da ase, obubu mu, na ɔde ma wɔn se: “Munnye nni.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”

Bere a wɔn mu biara adi abodoo no, Yesu fa kuruwa a bobesa wom, ɛda adi sɛ ɛyɛ kuruwa a ɛto so anan a wɔde dii dwuma wɔ Twam afahyɛ no ase no. Ɔbɔ so mpae nso de da ase, ɔde ma wɔn na ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnom, na ɔka sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.”

Nokwarem no, eyi yɛ ade a wɔde kae Yesu wu. Sɛnea Yesu ka no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ no afe biara Nisan 14 de kae no. Eyi bɛma wɔn a wodi afahyɛ no akae nea Yesu ne ne soro Agya ayɛ na adesamma aguan afi owu afobu ase no. Yudafo a wɔbɛyɛɛ Kristo akyidifo fam no, na afahyɛ no besi Twam no ananmu.

Apam foforo a Yesu mogya a ohwie gui no ma ɛyɛ adwuma no si Apam Dedaw no ananmu. Yesu Kristo na ɔyɛ afanu no ntamgyinafo​—Yehowa Nyankopɔn wɔ ɔfã biako, na Kristofo 144,000 a wɔde honhom awo wɔn no nso wɔ ɔfã foforo. Wɔ bɔne fafiri a apam no de ma akyi no, ɛma kwan ma wɔhyehyɛ ɔman bi a ɛwɔ ɔsoro a emufo yɛ ahene san yɛ asɔfo. Mateo 26:21-29; Marko 14:18-25; Luka 22:19-23; Yohane 13:18-30; 17:12; 1 Korintofo 5:7.

◆ Nkɔmhyɛ bɛn na Yesu fa mu asɛm ka fa ɔyɔnko bi ho, na ɔde di dwuma dɛn?

◆ Dɛn nti na asomafo no werɛ how kɛse, na asɛm bɛn na wɔn mu biara bisa?

◆ Dɛn na Yesu ka kyerɛ Yuda sɛ ɔnyɛ, nanso asomafo a wɔaka no te ahyɛde horow yi ase dɛn?

◆ Afahyɛ bɛn na Yesu ka ho asɛm bere a Yuda yi no na edi atirimpɔw bɛn ho dwuma?

◆ Henanom na wɔyɛɛ apam foforo no, na dɛn na apam no tumi yɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena