-
Bɔ Yehowa Ahenni No Ho Dawuru Nnam So!Ɔwɛn-Aban—1990 | June 15
-
-
7. Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ nhwɛso wɔ Onyankopɔn apɛde a ɔbrɛɛ ne ase mae no mu?
7 Bere a Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no reba n’awiei (bɛyɛ 56 Y.B. mu) no, ɔyɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ Onyankopɔn pɛ a ɔde ne ho hyɛ ase no mu. (21:1-14) Wɔ Kaesarea no, ɔne n’ahokafo traa Filipo a na ɔwɔ mmaabun baanan a “wɔhyɛ nkɔm,” wɔnam honhom kronkron no so ka nsɛm a ebesisi no fie. Ɛhɔ na Kristoni odiyifo Agabo faa Paulo abɔso de kyekyeree ne nsa ne ne nan na honhom kaa no ma ɔkae sɛ Yudafo bɛkyekyere nea abɔso no yɛ ne de no wɔ Yerusalem na wɔayi no ahyɛ Amanaman mufo nsa. Paulo kae sɛ: “M’asiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu wɔ Yerusalem.” Asuafo no gyaee mu, na wɔkae sɛ: “Nea [Yehowa] pɛ nyɛ.”
-
-
Bɔ Yehowa Ahenni No Ho Dawuru Nnam So!Ɔwɛn-Aban—1990 | June 15
-
-
9. Ɛdefa nnipadɔm sakasakayɛ ho no, nsɛdi bɛn na ɛwɔ Paulo ne Yehowa Adansefo ntam nnɛ?
9 Yehowa Adansefo akura mudi mu ama Onyankopɔn mpɛn pii wɔ nnipadɔm sakasakayɛ mu. (Sɛ nhwɛso no, hwɛ 1975 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kr. 180-90.) Yudafo a wofi Asia Kumaa hwanyan nnipadɔm sakasakayɛ tiaa Paulo saa ara. (21:27-40) Wohui sɛ Trofimo a ɔyɛ Efesoni no ka ɔsomafo no ho no, wɔtotoo n’ano atoro so sɛ ogu asɔrefi no ho fi sɛ ɔde Helafo ba hɔ. Anka wɔrebekum Paulo bere a Romafo safohene Klaudio Lisia ne ne mmarima bɛbɔɔ sakasakayɛ no gui! Sɛnea na wɔaka asie (na Yudafo ma ɛbae) no, Lisia ma wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Paulo. (Asomafo no Nnwuma 21:11) Na anka wɔde ɔsomafo no rekɔ asraafo atrae a ɛwɔ Antonia Aban a ɛne asɔrefi adiwo hɔ bom no mu bere a Lisia hui sɛ Paulo nyɛ ɔman ase tutufo na mmom Yudani a wɔma no kwan ma ɔkɔ asɔrefi hɔ. Paulo nyaa kwan sɛ ɔbɛkasa no, ɔkasa kyerɛɛ nkurɔfo no wɔ Hebri kasa mu.
-