-
“Muntie Me Mma Minyi M’ano”‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
5 Eduu baabi no, ɛda adi sɛ Paul kaa ntoboa a na ɔde fi Europe aba no ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ nea anuanom a na wɔwɔ akyirikyiri no yɛ de kyerɛe sɛ wɔdwen wɔn nuanom ho no kaa wɔn a na wɔretie Paul no koma paa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, bere a Paul kaa ntoboa no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no, kyerɛwsɛm no ka sɛ mpanyimfo no fii ase “hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam!” (Aso. 21:20a) Ɛnnɛ nso,nnipa pii wɔ hɔ a, atoyerɛnkyɛm to wɔn anaa nyarewa bi a ɛyɛ hu yɛ wɔn na wɔnya mmoa ne nkuranhyɛ wɔ ne bere mu fi wɔn nuanom Kristofo hɔ a, ɛka wɔn koma paa.
Ná Nnipa Pii Da So Ara “Yere Wɔn Ho Di Mmara No So” (Asomafo Nnwuma 21:20b, 21)
6. Ɔhaw bɛn na Paul tee ho asɛm?
6 Afei, mpanyimfo no ka kyerɛɛ Paul sɛ ɔhaw bi wɔ Yudea a ɛfa ɔno Paul ankasa ho. Wɔkaa sɛ: “Onua, wo ara woahu sɛ Yudafo mpempem pii abɛyɛ gyidifo, na wɔn nyinaa yere wɔn ho di Mmara no so. Nanso wɔate sɛ nkurɔfo rekeka sɛ, worekyerɛkyerɛ Yudafo a wɔwɔ amanaman mu nyinaa sɛ wɔnsɔre ntia Mose Mmara. Wɔate sɛ worekeka nso sɛ wonntwa wɔn mma twetia, na wonnni amammerɛ so.”a—Aso. 21:20b, 21.
7, 8. (a) Adwene a ɛntene bɛn na na Kristofo pii a wɔwɔ Yudea no wɔ? (b) Adwene a ɛntene a na Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no wɔ no, adɛn nti na na ɛnkyerɛ sɛ wɔyɛ awaefo?
7 Bere a na wɔayi Mose Mmara no afi hɔ bɛboro mfe 20 no, adɛn nti na na Kristofo pii da so ara kura mu? (Kol. 2:14) Afe 49 Y.B. mu no, na asomafo no ne mpanyimfo a ahyiam wɔ Yerusalem no ama wɔde krataa bi akɔma nsafo no, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ krataa no mu sɛ, enhia sɛ amanaman mufo a wɔabɛyɛ gyidifo no twa twetia na wɔdi Mose Mmara no so. (Aso. 15:23-29) Nanso, Yudafo a wɔabɛyɛ gyidifo a na wɔn mu pii nnye nni sɛ Mose Mmara no nyɛ adwuma bio no, wɔammɔ wɔn din wɔ saa krataa no mu.
8 Adwene a ɛntene a na Yudafo a wɔabɛyɛ gyidifo no wɔ no, na ɛkyerɛ sɛ wɔmfata sɛ wɔfrɛ wɔn Kristofo anaa? Daabi. Ɛnyɛ sɛ bere bi na wɔsom abosonsomfo anyame, ɛnna wɔasan rekɔsom saa anyame no bio. Mose Mmara a na ɛho hia Yudafo no saa no, Yehowa na ɔde maa wɔn. Mmara no, na asɛm biara nni ho. Mmom, na Mose Mmara no fa apam dedaw no ho, na na Kristofo no aba apam foforo ase. Saa bere no, na Mmara apam no nyɛ adwuma bio wɔ nokware som mu. Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo a wɔda so di Mose Mmara no so no, na wɔnte nneɛma ase, na na wɔnni Kristofo asafo no mu ahotoso. Ná ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene ma ɛne nokware a Yehowa reda no adi nkakrankakra no hyia.b—Yer. 31:31-34; Luka 22:20.
-
-
“Muntie Me Mma Minyi M’ano”‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
-
-
a Ɛbɛyɛ sɛ na nsafo pii hyiam wɔ ankorankoro afie mu sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no pii betumi asua Yehowa ho ade.
-