Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Tete Kristofo Ne Mose Mmara No
    Ɔwɛn-Aban—2003 | March 15
    • Na Yudafo Kristofo no Nso Ɛ?

      12. Asɛmmisa bɛn na wɔammua?

      12 Ná sodikuw no akyerɛ pefee sɛ ɛho nhia sɛ wotwa Amanaman mufo Kristofo no twetia. Na Yudafo Kristofo no nso ɛ? Sodikuw no anhyɛ da ammua saa asɛmmisa no wɔ wɔn gyinaesi no mu.

      13. Dɛn nti na na ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛka sɛ ɛsɛ sɛ obi di Mose Mmara no so ansa na wanya nkwagye?

      13 Yudafo Kristofo binom a na “wɔbɔ mmara no ho mmɔden” no kɔɔ so twaa wɔn mma twetia na wodii Mmara no mu nsɛntitiriw bi so. (Asomafo no Nnwuma 21:20) Afoforo nso yɛɛ ade kɔɔ akyiri, wɔhyɛɛ katee mpo sɛ ɛsɛ sɛ Yudafo Kristofo di Mmara no so ansa na wɔagye wɔn nkwa. Wodii mfomso kɛse wɔ eyi mu. Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ dɛn na na Kristoni de aboa bɛbɔ afɔre de apata ama ne bɔne? Ná Kristo afɔrebɔ no ama afɔrebɔ a ɛtete saa no abɛyɛ nea ne bere atwam. Mmara no fa a na ɛhwehwɛ sɛ Yudafo kwati sɛ wɔne Amanaman mufo bɛbɔ fekuw denneennen no nso ɛ? Ná ɛbɛyɛ den paa ama Kristofo asɛmpakafo a wɔyɛ nsi no sɛ wobedi saa anohyeto horow no so na bere koro no ara no wɔadi ahyɛde a ɛne sɛ wɔnkyerɛkyerɛ Amanaman mufo no nea Yesu ahyɛ wɔn nyinaa no so. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8; 10:28)a Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ sodikuw no kyerɛkyerɛɛ saa asɛm no mu wɔ nhyiam a wɔyɛe no bi ase. Nanso, wɔannyaw asafo no saa ara a wɔamma wɔn mmoa biara.

  • Tete Kristofo Ne Mose Mmara No
    Ɔwɛn-Aban—2003 | March 15
    • [Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]

      Paulo Fi Ahobrɛase Mu Gyinaa Sɔhwɛ Bi Ano

      Wɔ Paulo asɛmpatrɛw adwuma a ɛyɛ anigye akyi no, ɔkɔɔ Yerusalem wɔ afe 56 Y.B. mu. Ná sɔhwɛ bi da hɔ retwɛn no. Na asafo no ate sɛ ɔrekyerɛkyerɛ sɛ wɔayi Mmara no asi nkyɛn. Na mpanyimfo no suro sɛ Mmara no ho asɛm a Paulo ka no penpen no bɛto Yudafo a wɔasakra abɛyɛ Kristofo foforo no hintidua ma ebia wɔbɛka sɛ Kristofo mmu Yehowa nhyehyɛe. Na Yudafo Kristofo baanan wɔ asafo no mu a na wɔahyɛ bɔ, ebia ahotua ho bɔhyɛ. Na ɛsɛ sɛ wɔkɔ asɔrefie hɔ kowie bɔhyɛ no ho ahwehwɛde nyinaa.

      Mpanyimfo no ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔne baanan no nkɔ asɔrefie hɔ na ontua wɔn ho aka. Anyɛ yiye koraa no na Paulo akyerɛw nkrataa abien a efi honhom mu ma waka wom sɛ nkwagye nnyina Mmara no a obi bedi so no so. Nanso, osusuw afoforo ahonim ho. Na wadi kan akyerɛw sɛ: “Wɔn a wɔwɔ mmara ase no . . . meyɛɛ me ho sɛ nea ɔwɔ mmara ase memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase no.” (1 Korintofo 9:20-23) Ɛmfa ho sɛ na Paulo rennyae ne ho mu da wɔ baabi a ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm di dwuma no, ɔtee nka sɛ obetumi agye nyansahyɛ a efi mpanyimfo no hɔ no atom. (Asomafo no Nnwuma 21:15-26) Na ɛnyɛ mfomso sɛ ɔbɛyɛ saa. Na nhyehyɛe a ɛwɔ bɔhyɛ ahorow no ho nyinaa gyina Kyerɛwnsɛm no so, na na wɔde ɔsom kronn ma wɔ asɔrefie hɔ, ɛnyɛ abosonsom. Afei, esiane sɛ na Paulo mpɛ sɛ ɔbɛto afoforo hintidua nti, ɔyɛɛ nea mpanyimfo no kae no. (1 Korintofo 8:13) Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo daa ahobrɛase kɛse adi wɔ eyi mu, adeyɛ a ɛma anisɔ a yɛwɔ ma no no mu yɛ den.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena