Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Nya Akokoduru!”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
    • 10. Sobo akɛseakɛse bɛn na wɔde bɔɔ Paul?

      10 Bere a asraafo no duu Kaesarea no, wɔde Paul kɔmaa amrado no, na ɔhyɛe sɛ “wɔnwɛn no wɔ Herode ahemfi hɔ” nkosi sɛ wɔn a na wɔabɔ no sobo no befi Yerusalem aba. (Aso. 23:35) Nnanum akyi no, Ɔsɔfo Panyin Anania, mmaranimfo bi a ne din de Tertulo, ne mpanyimfo bi bae. Tertulo dii kan yii Felike ayɛ wɔ nea na ɔreyɛ ama Yudafo no ho, na ɛda adi sɛ na ɔreka asɛm a ɛbɛma Felike tirim ayɛ no dɛ na wanya n’anim dom.b Afei Tertulo kɔɔ asɛm a ɛde wɔn baa hɔ no so, na ɔbɔɔ Paul kwaadu sɛ ɔyɛ “ɔmammɔfo, na otutu gu Yudafo nyinaa asom ma wɔtew atua wɔ asaase nyinaa so, na matew-me-ho kuw a wɔfrɛ wɔn Nasaretfo no, ɔno na odi wɔn anim. Ɔsan yɛe sɛ obegu asɔrefi no ho fĩ, enti yɛkyeree no.” Ɛnna Yudafo a wɔaka no nso “de wɔn ano too mu bi, na wɔkae sɛ nsɛm yi yɛ nokware.” (Aso. 24:5, 6, 9) Atua a obi ma nkurɔfo tew, kuw a emufo ho yɛ hu a obi di mu akoten, ne asɔrefie a obi gu ho fĩ nyinaa yɛ sobo a emu yɛ duru a na ebetumi ama wɔabu obi kumfɔ.

  • “Nya Akokoduru!”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
    • b Tertulo daa Felike ase sɛ wama “asomdwoe kɛse” aba ɔman no mu. Nanso nokwasɛm ne sɛ, efi amrado a wɔabɛsen kɔ nyinaa bere so kosi bere a wɔtew Roma so atua no, Felike bere so na na asomdwoe nni Yudea koraa. Nea na ɛnyɛ nokware koraa nso ne ka a ɔkaa sɛ Yudafo no de “aseda kɛse” gye nsakrae a na Felike ayɛ tom no. Nokwasɛm ne sɛ, na Yudafo dodow no ara bu Felike animtiaa efisɛ na wama Yudafo no asetena ayɛ yayaayaw, na bere a Yudafo no tew atua no, ɔne wɔn dii no nwenweenwene.—Aso. 24:2, 3.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena