Atemmu Da—Bere A Anidaso Wom!
SƐ ATEMMU da ho adwene no ma wobɔ hu a, dɛn nti na wonhwehwɛ nea Bible ka wɔ ho mu nhwɛ? Sɛ nhwɛso no, so ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn bu abɔnefo atɛn a, ɔde wɔn gu hell-gya mu anaa?
Wiɛ, ɔsoro atemmu a wodii kan yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no bae wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ. Adam ne Hawa nyaa hokwan sɛ anka wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so. (Genesis 1:26-28; 2:7-9, 15-25) Nanso, wɔyɛɛ bɔne, na Onyankopɔn buu wɔn fɔ. Dɛn na efii mu bae? Onyankopɔn gyee nkwa akyɛde no fii wɔn nsam. Yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, wowui. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”—Genesis 3:16-19.
Na eyi yɛ atemmu a emu yɛ den, nanso na ɛteɛ. Nokwarem no, na hell-gya ho asɛm nni mu koraa. Bere a Adam ne Hawa wui no, wɔsan kɔɔ dɔte mu. Na wonni nkwa mu bio. Bible no nka wɔ baabiara sɛ Adam anaa onipa foforo biara fã bi kɔɔ so traa ase wɔ owu akyi ma wɔyɛɛ no ayayade wɔ baabi daa. Yɛkenkan mmom sɛ: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnkafo 9:5.
So na wunim sɛ Bible no ka saa? Na wunim nso sɛ Bible no mfa nsɛm “ɔkra a enwu” nni dwuma da? Ɛka mmom sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Eyi ne Bible nnyinasosɛm yi hyia pɛpɛɛpɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Nnyinasosɛm yi ka yɛn nyinaa. Yɛn nyinaa yɛ Adam a ɔyɛɛ bɔne no asefo, enti yɛn nyinaa yɛ bɔne na yenya bɔne so akatua a ɛne owu. Sɛnea Bible no ka no: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Atemmu Da no yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a ɔnam so begye yɛn afi tebea yi mu no fã titiriw.
Atemmu Da no Nnyinaso
Bible no kyerɛ sɛ bɛyɛ mfe 2,000 ni a Onyankopɔn too nhyɛase maa nea ebesi wɔ Atemmu Da no mu. Eyi ne bere a Yesu baa asase so de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ bɛbɔɔ afɔre maa yɛn no. Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.
Sɛ yɛkyerɛ Yesu mu gyidi a, yenya n’afɔrebɔ no mu mfaso mprempren mpo wɔ honhom fam. Onyankopɔn de yɛn bɔne firi yɛn na ɔma yɛn kwan ma yɛba ne nkyɛn. (Yohane 14:6; 1 Yohane 2:1, 2) Nanso yɛda so ara tɔ sin, na yɛyɛ abɔnefo, enti yɛda so ara yare wɔ honam fam na awiei koraa no yewu. Yennyaa daa nkwa a Yesu hyɛɛ ho bɔ no ɛ. Atemmu Da no na ɛde eyi bɛba.
Atemmu Da No
Ɔsomafo Yohane nyaa Atemmu Da ho anisoadehu, na ɔkaa ho asɛm sɛnea edi so yi: “Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn. Na mihuu awufo, nketewaa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu; na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.”—Adiyisɛm 20:11, 12.
Yiw, sɛnea Yohane anisoadehu no kyerɛ no, Onyankopɔn ankasa bɛhwɛ ma wɔadi nneɛma ho dwuma wɔ Atemmu Da no mu. Nanso obi foforo nso ka ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “[Onyankopɔn] ayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu.” (Asomafo no Nnwuma 17:31) Na hena ne saa ɔbarima no? Ɛyɛ Yesu, a ɔno ankasa kae sɛ: “Agya no mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa.” (Yohane 5:22) Enti Yesu na ɔbɛyɛ Ɔtemmufo a Onyankopɔn apaw no wɔ Atemmu Da no mu.
Eyi yɛ asɛmpa ma nnipa. Nsɛmpa no da Yesu adi sɛ obi a ɔwɔ ayamhyehye pii. Ɔnyɛ ahantan anaa nhyɛso, na mmom ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu.’ (Mateo 11:29; 14:14; 20:34) Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛhyɛ ɔtemmufo a ɔte sɛɛ nsam.
Bere Bɛn na Ɛbɛba?
Nanso, bere bɛn na Atemmu Da no bɛba? Adiyisɛm se ɛbɛba bere a “asase ne ɔsoro [aguan] no.” Eyi kae yɛn ɔsomafo Petro nsɛm yi: ‘Na wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.’ (2 Petro 3:7) So asase yi ankasa na wɔbɛhyew no? Dabi, Bible no kyerɛkyerɛ eyi mu pefee. Wɔrensɛe asase yi ankasa da. “Asase no [remfi] hɔ da biara da.” (Dwom 104:5, King James Version) Nsɛm afoforo a ɛka Petro nsɛm no ho no kyerɛ sɛ ɛyɛ mprempren wiase nneɛma nhyehyɛe bɔne no na wɔrebɛsɛe no. Ɛnyɛ okyinsoroma a ɛne Asase yi, na mmom nnipa amumɔyɛfo na wɔbɛsɛe wɔn.—Yohane 12:31; 14:30; 1 Yohane 5:19.
Wɔbɛsɛe nnipa amumɔyɛfo wɔ nea Bible no frɛ no Harmagedon ɔko—a sɛnea nsɛmma nhoma yi akyerɛ mpɛn pii no, ɛbɛba nnansayi ara—no mu. (Adiyisɛm 16:14, 16) Ɛno akyi no, wɔde Satan ankasa bɛto afiase na wɔremma no kwan ma ɔmfa ne ho nhyehyɛ adesamma nsɛm mu mfirihyia apem, na Atemmu Da no ankasa tenten ne mfirihyia apem yi. (Adiyisɛm 19:17-20:3) Sɛ wɔsɛe nnipa amumɔyɛfo wɔ Harmagedon a, dɛn na ɛbɛba anokwafo so? Wɔbɛkɔ so atra ase akosi Atemmu Da no mu. Yɛkenkan sɛ: “Wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra [asase so]; na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.
Bible no foa eyi nsɛmmoa bere a ɛka “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” a wɔbɛba asase so ansa na Harmagedon aba ho asɛm no. Eyinom “fi ahohiahia kɛse no mu”; yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, wofi wiase bɔne yi awiei mu ka sɛnea Noa fii ne bere so wiase no awiei mu kae no. (Adiyisɛm 7:9-17; 2 Petro 2:5) So wunim sɛ saa Kristofo nnipakuw kɛse a wofi amanaman mu na wɔyɛ nnam yi wɔ hɔ mprempren mpo anaa? Wɔn anidaso ne sɛ wobefi ahohiahia kɛse no mu aka na wɔatra ase daa wɔ asase so. Wɔ a wɔwɔ hɔ no yɛ adanse pefee sɛ Atemmu Da no abɛn.
Henanom na Wobebu Wɔn Atɛn?
Wobebu nnipakuw kɛse yi atɛn wɔ Atemmu Da no mu. Nanso ɛnyɛ wɔn nkutoo. Yohane amanneɛbɔ no toa so sɛ: “Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne hell yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae, na wobubuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.” (Adiyisɛm 20:13, KJ) Eyi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ nnipa nhu amane daa wɔ hell. Sɛ hell yi awufo a ɛwom no ma a, ɛbɛyɛ dɛn na obi atra hɔ daa? Nokwarem no, Bible mu hell no yɛ adesamma nyinaa adamoa, faako a awufo a wonnim hwee twɛn owusɔre. Wobeyi hell mu awufo nyinaa afi adi Atemmu Da no mu.—Ɔsɛnkafo 9:10.
Henanom na wobenyan wɔn afi awufo mu wɔ Atemmu Da no mu? Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Enti, wobenyan Onyankopɔn asomfo anokwafo, “wɔn a wɔteɛ” no afi awufu mu. Na saa ara nso na wobenyan afoforo pii, “wɔn a wɔnteɛ” no afi awufu mu. Ɛda adi sɛ wobenyan wɔn a wɔawuwu na wɔda so wɔ adamoa mu no nyinaa afi awufu mu—gye wɔn a esiane wɔn bɔne mu duru nti, Onyankopɔn abu wɔn atɛn dedaw sɛ wɔmfata sɛ wonya nkwa no.—Mateo 12:31.
Atemmu No
Nanso, dɛn na ɛba nnipakuw kɛse a wofi mu ka ne wɔn a wɔanyan wɔn no so wɔ Atemmu Da no mu? Bible no se: “Wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.” Eyi yɛ mpɛɛpɛemu bere. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ade ma ɛne ‘saa nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu’ no—ɛda adi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ma adesamma saa bere no—ahyia no nyinaa ho kyerɛwtohɔ wɔ “nkwa nhoma no” mu. (Adiyisɛm 20:12) Ɛbɛyɛ nea na wɔasi daa nkwa a wobenya kwan so!
Afei awiei koraa no, Kristo afɔrebɔ wu no de honam fam nhyira horow bɛba! Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu saa bere no renyare na wonwuwu bio. Mmom no, wɔde nkakrankakra bɛma wɔasan anya ɔdesani pɛyɛ ne daa nkwa a wɔde ahyɛ wɔn a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi no bɔ no. Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Nanso, ɛda adi sɛ ebinom renni ‘saa nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no’ so. Dɛn na ɛbɛba wɔn so? Wɔrennya daa nkwa. Mmom no, kyerɛwsɛm no se: “Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔde no ahyɛ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.”—Adiyisɛm 20:15.
So eyi ne hell-gya a Kristoman ka ho asɛm no? Dabi, efisɛ yɛkenkan wɔ nkyekyem a edi ɛno anim no mu sɛ: “Na wɔtow owu ne hell kyenee ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no.” (Adiyisɛm 20:14, KJ) Sɛ wɔtow hell kyene ogya tare no mu a, ɛnde ɔtare no ankasa rentumi nyɛ hell-gya. Bio nso, owu nyɛ ade a wobetumi ama so atow akyene baabi. Enti ɛbɛyɛ sɛ ogya tare no gyina hɔ ma biribi. Dɛn ade? Bible no se: “Eyi ne owuprenu no.” Sɛ wɔtow owu ne Hades kyene ogya tare no mu a, “wowu,” wonni hɔ bio. Saara na nnipa atuatewfo a wɔkɔ hɔ no wu, anaasɛ wɔntra ase bio. Nanso, eyi ne owuprenu no, a wonni owusɔre ho anidaso biara.
Atemmu Da—Bere a Anidaso Wom
Enti sɛ yesusuw Atemmu Da ho a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu anaa ɛho asɛm fono yɛn. Mmom no, Atemmu Da yɛ bere a anidaso wom, bere a wɔbɛsan de daa nkwa a Adam hweree no ama adesamma. Tie nhyira horow a ɛde bɛbrɛ wɔn a wobu wɔn atɛn sɛ anokwafo no: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
Mfirihyia apem Atemmu Da no bɛba awiei no, na nnipa anokwafo a wɔwɔ asase no afanan nyinaa no ayɛ pɛ afei. ‘Wobenya nkwa bio,’ sɛnea asɛm no kyerɛ ankasa, na ɛbɛyɛ nea Atemmu Da no adi ɛho atirimpɔw no ho dwuma awie. (Adiyisɛm 20:5) Afei, Bible no se wɔbɛma Satan aba adesamma ntam nea etwa to. (Adiyisɛm 20:3, 7-10) Wɔn a wɔbɛko atia no nea etwa to yi nsa bɛka Bible bɔhyɛ yi mmamu a edi mu: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.
Nsiesiei a ɛyɛ anigye bɛn ara na Atemmu Da no yɛ sɛɛ yi! Na hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yebetumi asiesie yɛn ho mprempren mpo ama saa bere no, denam Bible sua, Onyankopɔn apɛde sua, ne ɔsoro apɛde yi a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn asetra mu so! Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no daa anigye adi wɔ Onyankopɔn atemmu ho a osusuwii no mu, bere a ɔkyerɛw sɛ: “Ɔsoro ani begye na asase ho asan no, ɛpo ne ne mãyɛ bɛworo. Petee mu ne nea ɛwom nyinaa bedi ahurusi, ɛno na kwae mu nnua nyinaa bɛto ahosan nnwom, [Yehowa] anim, na ɔreba, na ɔreba abebu asase atɛn.”—Dwom 96:11-13.