Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bt ti 25 kr. 196-202
  • “Mede Asɛm No Dan Kaesare!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mede Asɛm No Dan Kaesare!”
  • ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Migyina Kaesare Atemmu Agua Anim” (Asomafo Nnwuma 25:1-12)
  • ‘Manyɛ Asoɔden’ (Asomafo Nnwuma 25:13–26:23)
  • ‘Wobɛma Madan Kristoni’ (Asomafo Nnwuma 26:24-32)
  • Paulo Di Adanse Akokoduru So Wɔ Mpanyimfo Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Boa Afoforo Ma Wonnye Ahenni Asɛm No Ntom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Mede Asɛm no Medan Kaesare!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Bɔ Yehowa Ahenni No Ho Dawuru Nnam So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
bt ti 25 kr. 196-202

TI 25

“Mede Asɛm No Dan Kaesare!”

Paul faa mmara kwan so bɔɔ hokwan a ɔde ka asɛmpa no ho ban. Nea ɔyɛe no yɛ nhwɛso ma yɛn

Egyina Asomafo Nnwuma 25:1–26:32 so

1, 2. (a) Tebea bɛn na na Paul wom? (b) Asɛmmisa bɛn na ka a Paul kaa sɛ ɔde n’asɛm bɛkɔ akɔdan Kaesare no ma ɛsɔre?

BERE a na Paul wɔ Kaesarea no, asraafo de wɔn ani dii n’akyi paa. Bere a ɔsan kɔɔ Yudea bɛyɛ mfe mmienu a atwam no, nna kakraa bi ntam Yudafo no bɔɔ mmɔden bɛyɛ mprɛnsa sɛ wɔbekum no. (Aso. 21:27-36; 23:10, 12-15, 27) Ɛde besi saa bere yi, na n’atamfo no nnyaa no nkum no, nanso na wɔnnyaee n’akyi di. Bere a Paul hui sɛ anhwɛ a wɔde no bɛhyɛ n’atamfo nsa no, ɔka kyerɛɛ Roma Amrado Festo sɛ: “Mede asɛm no dan Kaesare!”—Aso. 25:11.

2 Gyinae a Paul sii sɛ ɔde asɛm no bɛkɔ akɔdan ɔhempɔn a ɔwɔ Roma no, na Yehowa pene so anaa? Asɛmmisa yi ho mmuae ho hia yɛn a yɛredi Onyankopɔn Ahenni ho adanse fefeefe wɔ awiei bere yi mu no. Ehia sɛ yehu sɛ, nea Paul yɛe no yɛ sa pa a watwa ato hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛfa so ‘bɔ asɛmpa no ho ban mmara kwan so’ anaa.—Filip. 1:7.

“Migyina Kaesare Atemmu Agua Anim” (Asomafo Nnwuma 25:1-12)

3, 4. (a) Dɛn nti na Yudafo no srɛe sɛ wɔmfa Paul mmra Yerusalem, na ɛyɛɛ dɛn na Paul nyaa ne ti didii mu? (b) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so hyɛ n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no den sɛnea ɔyɛɛ Paul no?

3 Bere a wɔde Festo sii agua so sɛ Roma amrado foforo wɔ Yudea no, ne nnansa so no, ɔkɔɔ Yerusalem.a Bere a ɔwɔ hɔ no, otiee asɔfo mpanyin ne Yudafo atitiriw no bere a wɔrebɔ Paul sobo sɛ wayɛ bɔne a emu yɛ duru no. Ná asɔfo mpanyin ne Yudafo atitiriw no nim sɛ, Romafo no pɛ sɛ amrado foforo no hwɛ ma asomdwoe tena ɔne asɔfo mpanyin ne Yudafo atitiriw no ne Yudafo no nyinaa ntam. Enti, wɔde adesrɛ bi too Festo anim sɛ: Fa Paul bra Yerusalem na di n’asɛm wɔ ha. Nanso, na adwemmɔne bi wɔ wɔn adesrɛ no akyi. Ná Paul atamfo no abɔ pɔw sɛ, sɛ wɔde Paul fi Kaesarea rekɔ Yerusalem a, wɔbekum no wɔ kwan so. Festo ampene wɔn adesrɛ no so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo mu atitiriw no ne me nkɔ [Kaesarea], na sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbarima no ayɛ bɔne bi a, wɔabɔ no kwaadu.” (Aso. 25:5) Enti, Paul san nyaa ne ti didii mu bio.

4 Bere a na wɔredi Paul asɛm nyinaa, Yehowa nam Awurade Yesu Kristo so hyɛɛ no den. Kae sɛ, Yesu ka kyerɛɛ ɔsomafo no wɔ anisoadehu bi mu sɛ: “Nya akokoduru!” (Aso. 23:11) Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo nso hyia nsɛnnennen, na nkurɔfo tan wɔn ani. Ɛnyɛ ɔhaw biara na Yehowa yi fi yɛn so, nanso ɔma yɛn nyansa ne akokoduru a yɛde begyina ano. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no bɛma yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” bere nyinaa.—2 Kor. 4:7.

5. Ɔkwan bɛn na Festo faa so ne Paul dii?

5 Nna bi akyi no, Festo ‘tenaa atemmu agua so’ wɔ Kaesarea.b Ná Paul ne wɔn a na wɔrebɔ Paul sobo no gyinagyina Festo anim. Nkurɔfo no kekaa nsɛm pii a enni nnyinaso biara guu Paul so, na ɔreyi n’ano no, ɔkaa sɛ: “Menyɛɛ bɔne biara a etia Yudafo Mmara anaa asɔrefi no anaa Kaesare.” Ná ɔsomafo no ho nni asɛm, na na ɛfata sɛ wɔgyaa no. Dɛn na na Festo bɛyɛ wɔ asɛm yi ho? Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ onya Yudafo no anim dom nti, obisaa Paul sɛ: “Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem ma wodi asɛm no wɔ m’anim wɔ hɔ anaa?” (Aso. 25:6-9) Asɛm a ɔde too Paul anim no, na nyansa nnim koraa! Sɛ wɔde Paul san kɔɔ Yerusalem ma wɔkodii n’asɛm a, anka wɔn a na wɔrebɔ no sobo no ara na wɔbebu no atɛn, na akyinnye biara nni ho sɛ anka wɔbekum no. Esiane amanyɔsɛm nti, Festo amfa atɛntrenee anyɛ adwuma wɔ asɛm yi mu. Ná amrado bi a watwam a na wɔfrɛ no Pilato nso ayɛ biribi saa. Ɔdeduani a Pontio Pilato dii n’asɛm no mpo de, na ɔsom bo koraa sen Paul. (Yoh. 19:12-16) Atemmufo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi ama amanyɔfo apiapia wɔn ma wɔabu atɛnkyea. Ɛno nti, sɛ atemmufo redi asɛm bi a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔbu yɛn atɛnkyea a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn nwanwa.

6, 7. Dɛn nti na Paul de n’asɛm kɔdan Kaesare, na nhwɛso bɛn na ogyaw maa nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

6 Ná Yudafo no anim dom a Festo pɛ sɛ onya no betumi ama wɔakum Paul. Enti, Paul de hokwan a na ɔwɔ sɛ Romani no dii dwuma. Ɔka kyerɛɛ Festo sɛ: “Migyina Kaesare atemmu agua anim, na ɛha na ɛsɛ sɛ wodi m’asɛm. Menyɛɛ Yudafo no bɔne biara, sɛnea wo ara nso woahu no yiye no. . . . Mede asɛm no dan Kaesare!” Sɛ obi nya ka sɛ ɔde n’asɛm akɔdan Kaesare a, na wɔntaa ntwe nsan. Festo maa wei mu daa hɔ, na ɔkaa sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no, enti Kaesare hɔ na wobɛkɔ.” (Aso. 25:10-12) Paul asɛm a ɔde kɔdan obi a ɔwɔ tumi kɛse paa no, ɛyɛ nhwɛso a nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi adi akyi. Sɛ wɔn a wɔsɔre tia Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛhyɛ mmara akyi de ɔhaw aba’ wɔn so a, Adansefo no de hokwan a wɔwɔ wɔ mmara mu di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi akɔ so aka asɛmpa no.c—Dw. 94:20.

7 Enti bere a Paul de bɛboro mfe mmienu ada afiase a ɔnyɛɛ bɔne biara no, afei de na wanya kwan sɛ obetumi akoyi n’ano wɔ Roma. Nanso, na sodifo foforo bi pɛ sɛ ohu no ansa na wakɔ.

Wɔadi asɛm bi awie wɔ kɔɔto dan bi mu. Onua bi ne n’alɔyafo, ne anuanom pii a wɔbaa hɔ no ayɛ bosaa. Wɔn a wɔnyɛ anuanom no ne wɔn alɔyafo no ani agye, na wɔrebɔ alɔyafo no aba so sɛ wɔama wɔadi atia onua no.

Sɛ wɔdi asɛm tia yɛn a, yɛde kɔdan asɛnnibea foforo

‘Manyɛ Asoɔden’ (Asomafo Nnwuma 25:13–26:23)

8, 9. Dɛn nti na Ɔhene Agripa kɔɔ Kaesarea?

8 Bere a Paul kaa wɔ Festo anim sɛ ɔde n’asɛm no dan Kaesare no, nna kakra bi akyi no, Ɔhene Agripa ne ne nuabea Bernike “bekyiaa” amrado foforo no.d Romafo bere so no, sɛ wɔpaw obi sɛ amrado foforo a, na ade a atumfoɔ taa yɛ ne sɛ wɔkokyia no. Bere a Agripa kɔbɔɔ Festo aba so no, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔrebɔ mmɔden ama adamfofa bi abɛda ɔne no ntam, na daakye ɛso aba no mfaso wɔ n’ahenni mu.—Aso. 25:13.

NOKWARE SOM HO NSƐM A WƆDE KƆDAN ASƐNNIBEA ƐNNƐ

Ɛtɔ da a, Yehowa Adansefo de wɔn nsɛm kɔdan asɛnnibea akɛse sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a ayɛ osiakwan a ɛmma wɔntumi nka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, wɔbɛfa mmara kwan so ayi afi hɔ. Ɛho nhwɛso mmienu ni.

March 28, 1938 no, U.S.A. Asɛnnibea Kunini no kaa sɛ, gyinae bi a asɛnnibea a ɛwɔ Georgia, U.S.A. asi no mfa kwan mu, enti wɔbɔ gui, na wɔkaa sɛ Yehowa Adansefo dodow bi a wɔakyere wɔn sɛ wɔrekyekyɛ Bible ho nhoma wɔ Griffin, Georgia, U.S.A. no, wɔanto mmara. Hokwan a Adansefo no wɔ sɛ wɔka asɛmpa no, na wei ne bere a edi kan a wɔde ho asɛm akɔdan saa asɛnnibea kunini no. Akyiri yi, wɔde saa nsɛm no pii kɔdan asɛnnibea kunini no.g

Nhwɛso a ɛtɔ so mmienu ne Ɔdansefo bi a ɔwɔ Greece a ne din de Minos Kokkinakis asɛm no. Bɛyɛ mfe 48 ntam no, wɔkyeree no bɛboro mpɛn 60. Kwaadu a wɔde bɔɔ no ne sɛ, “ɔma nkurɔfo sakra wɔn som.” Wɔde no kɔɔ asɛnnibea mpɛn 18 kodii n’asɛm. Wɔde no too afiase mfe pii, na wɔtwaa no asu kɔɔ Aegean Po so nsupɔw a atew ne ho no bi so. Bere a wɔbuaa Onua Kokkinakis fɔ nea etwa to wɔ afe 1986 no, ɛno akyi no, asɛnnibea akɛse a ɛwɔ Greece no buu n’asɛm a ɔde kɔdan wɔn no guu no so. Afei, ɔkɔhwehwɛɛ mmoa fii Europe Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So (anaa ECHR) no hɔ. Wɔ May 25, 1993 no, saa Asɛnnibea no kaa sɛ, fahodi a Onua Kokkinakis wɔ sɛ ɔdɔm ɔsom biara a ɔpɛ no, Greece man no atiatia so.

Yehowa Adansefo de wɔn nsɛm pii akɔdan ECHR no, na wɔadi nkonim wɔ emu pii mu. Ahyehyɛde biara nni hɔ, sɛ́ ɛyɛ nyamesom de anaa ahyehyɛde foforo biara, a ɛde nnipa fahodi a wɔatiatia so ho nsɛm akɔ ECHR no anim, na wɔadi pii mu nkonim saa da.

Nkonim a Yehowa Adansefo adi wɔ asɛnnibea no, afoforo nya so mfaso anaa? Nhomanimfo Charles C. Haynes kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da Yehowa Adansefo ase. Ɛmfa ho mpɛn dodow a wɔyeyaw wɔn, wɔpam wɔn fi kurom, anaasɛ wɔhwe wɔn mpo no, wɔkɔ so pere sɛ wɔbenya nyamesom mu ahofadi (na yɛn nso yɛanya bi). Na sɛ wɔdi nkonim a, yɛn nyinaa nso nya so mfaso bi.”

g Hwɛ U.S.A. Asɛnnibea Kunini no gyinaesi a ɛfa kasa mu ahofadi ho no. Ɛwɔ kratafa 3-11 wɔ January 8, 2003, Nyan! no mu.

9 Festo kaa Paul ho asɛm kyerɛɛ Agripa, na na Agripa ani gye ho sɛ obetie Paul. Ade kyee no, atumfoɔ mmienu no tenaa atemmu agua so. Ná wɔahyehyɛ wɔn ho kɔsɔɔ de rekyerɛ sɛ wɔwɔ tumi, nanso asɛm a na ɔdeduani a ogyina wɔn anim no rebɛka akyerɛ wɔn no, na ehia sen sɛnea wɔasiesie wɔn ho no koraa.—Aso. 25:22-27.

10, 11. Dɛn na Paul yɛe de daa obu adi kyerɛɛ Agripa, na nneɛma a na Paul ayɛ atwam bɛn na ɔno ankasa kaa ho asɛm kyerɛɛ ɔhene no?

10 Paul fi obu mu daa Ɔhene Agripa ase sɛ wama wanya hokwan rebeyi n’ano wɔ n’anim, na ɔkaa sɛ Agripa nim Yudafo amanne nyinaa ne nneɛma a wɔgye ho akyinnye. Afei, Paul kaa asetena a kan no na ɔwom ho asɛm sɛ: “Mebɔɔ me bra sɛ Farisini a odi yɛn som mu amanne so pɛpɛɛpɛ.” (Aso. 26:5) Esiane sɛ na Paul yɛ Farisini nti, na ɔhwɛ kwan sɛ Mesia no bɛba. Saa bere yi a wabɛyɛ Kristoni no, ɔde akokoduru kaa sɛ Yesu Kristo ne Mesia a wɔde bere tenten ahwɛ no kwan no. Paul kyerɛɛ mu sɛ, ɔne wɔn a na wɔrebɔ no sobo no nyinaa wɔ anidaso sɛ Onyankopɔn bɛma Mesia ho bɔ a ɔhyɛɛ wɔn agyanom no aba mu, na ɛno ho adanse a odi nti na na wɔredi n’asɛm saa da no. Asɛm a Paul kae no maa Agripa ani gyee ho kɛse sɛ obetie asɛm a na ɔreka no.e

11 Bere a Paul reka atirimɔdensɛm a na ɔde adi Kristofo ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Me nso, na migye di paa sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nneɛma pii de ko tia Nasaretni Yesu din. . . . Esiane m’ani a na abere wɔn [kyerɛ sɛ, Kristo akyidifo no] so denneennen nti, mekɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtan wɔn ani wɔ hɔ.” (Aso. 26:9-11) Ɛnyɛ sɛ na Paul rehããhãã n’ani aka asɛm. Ná nnipa pii nim sɛnea na wateetee Kristofo no. (Gal. 1:13, 23) Ɛbɛyɛ sɛ Agripa bisaa ne ho sɛ, ‘Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa saa ɔbarima yi sesae?’

12, 13. (a) Paul kaa ɔkwan a ɔfaa so bɛyɛɛ Kristoni no ho asɛm sɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na na Paul ‘tu ne nan de wɔ poma ano’?

12 Asɛm a edi hɔ a Paul kae yi ma yehu nea ɛma ɔsesae. Ɔkaa sɛ: “Na menam kwan so de tumi ne ahyɛde a minya fii asɔfo mpanyin no hɔ rekɔ Damasko. Ɔhene, bere a menam kwan so prɛmtobere no, mihui sɛ hann bi a ano yɛ den sen owia fi soro ahyerɛn atwa me ho ahyia, na etwaa wɔn a wɔne me rekɔ no nso ho hyiae. Na bere a yɛn nyinaa hwehwee fam no, metee sɛ ɛnne bi reka kyerɛ me wɔ Hebri kasa mu sɛ: ‘Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani? Sɛ wokɔ so tu wo nan de wɔ poma ano a, ɛbɛyɛ den ama wo.’ Na mekae sɛ: ‘Ɛyɛ wo hena, Owura?’ Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Ɛyɛ me Yesu a woretan m’ani no.’”f—Aso. 26:12-15.

13 Ansa na Paul renya anisoadehu no, na ‘otu ne nan de wɔ poma ano’ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Sɛ aboa a ɔsoa nneɛma tu ne nan de wɔ poma a ano yɛ nnam ano a, na opira ne ho. Saa ara na Paul nso, esiane sɛ na ɔreko tia Onyankopɔn apɛde nti, na ɔrepira ne ho wɔ honhom fam. Bere a Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no yii ne ho adi kyerɛɛ Paul wɔ Damasko kwan so no, ɔboaa saa barima komapafo a wafom kwan yi ma ɔsesaa n’adwene.—Yoh. 16:1, 2.

14, 15. Asɛm bɛn na Paul ka faa nsakrae a na wayɛ wɔ n’asetena mu no ho?

14 Paul yɛɛ nsakrae akɛse ankasa wɔ n’asetena mu. Bere a ɔne Agripa rekasa no, ɔkaa sɛ: “Anisoadehu a efi soro no, manyɛ ho asoɔden. Mmom midii kan kasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko, ɛnna akyiri yi mekasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Yerusalem, ne wɔn a wɔwɔ Yudea mantam nyinaa mu, ne amanaman no nso. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnyɛ nnwuma a ɛkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene, na wɔmfa so nnan mmra Onyankopɔn nkyɛn.” (Aso. 26:19, 20) Ná Paul de mfe pii ayɛ adwuma a Yesu Kristo de maa no wɔ anisoadehu a onyae saa awiabere no mu no. Dɛn na efii mu bae? Wɔn a wɔtiee asɛmpa a Paul kae no sakra fii ɔbrasɛe ne subammɔne a na wɔwom no ho, na wɔbaa Onyankopɔn nkyɛn. Saafo no bɛyɛɛ ɔmamma pa, na wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔdi mmara so.

15 Nanso, adepa a efii adwuma a Paul yɛe mu bae yi, na ɛho nhia Yudafo a wɔsɔre tiaa Paul no. Paul kaa sɛ: “Eyi nti na Yudafo no kyeree me wɔ asɔrefi hɔ a wɔyɛe sɛ wobekum me no. Nanso boa a Onyankopɔn aboa me nti na makɔ so atena hɔ abedu nnɛ a meredi adanse akyerɛ nketewa ne akɛse nyinaa yi.”—Aso. 26:21, 22.

16. Sɛ yɛne atemmufo ne atumfoɔ rekasa a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Paul?

16 Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ‘siesie yɛn ho sɛ bere biara yebeyi yɛn ano’ wɔ yɛn gyidi ho. (1 Pet. 3:15) Sɛ yɛreka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ atemmufo ne atumfoɔ, na sɛ yesuasua ɔkwan a Paul faa so ne Agripa ne Festo kasae no a, ebetumi aboa yɛn. Sɛ yefi obu mu ka sɛnea Bible mu nokware no asesa yɛn abrabɔ ne wɔn a wɔtie asɛm a yɛka no abrabɔ ama ayɛ papa no ho asɛm kyerɛ atumfoɔ a, ebetumi aka wɔn koma.

‘Wobɛma Madan Kristoni’ (Asomafo Nnwuma 26:24-32)

17. Dɛn na Festo yɛe wɔ asɛm a na Paul reka de ayi n’ano no ho, na sɛn na nnipa bi da suban a ɛte saa ara adi nnɛ?

17 Bere a atumfoɔ mmienu no retie Paul asɛm a ɛtɔ asom no, ɛkaa wɔn. Hyɛ nea ɛkɔɔ so yi nsow: “Bere a Paul reka nsɛm yi de ayi n’ano no, Festo de nne kɛse teɛɛm sɛ: ‘Paul, worebɔ dam! Adesua bebrebe reyɛ ama woabɔ dam!’” (Aso. 26:24) Asɛm a Festo teɛɛm kae no betumi akyerɛ sɛ, suban bi a yehu sɛ nkurɔfo da no adi nnɛ no, na ɔwɔ bi. Nnipa pii susuw sɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ nea Bible ka ankasa no adwene nyɛ adwuma. Ɛtaa yɛ den ma wiase anyansafo sɛ wɔbegye nea Bible kyerɛkyerɛ fa awufo a wɔbenyan wɔn ho no atom.

18. Ɔkwan bɛn na Paul faa so maa Festo mmuae, na dɛn na ɛno maa Agripa kae?

18 Nanso, na Paul wɔ mmuae a ɔde bɛma amrado no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onuonyamfo Festo, ɛnyɛ dam na merebɔ. Mmom nsɛm a mereka no yɛ nokware, na m’adwenem da hɔ paa na merekasa. Nea ɛwom ne sɛ, ɔhene a mede ahotoso rekasa akyerɛ no yi, onim nsɛm yi mu yiye . . . Ɔhene Agripa, wugye Adiyifo no di anaa? Minim sɛ wugye wɔn di.” Agripa nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Aka kakraa bi na woama madan Kristoni.” (Aso. 26:25-28) Sɛ́ asɛm a Agripa kae no fi ne komam anaa emfi ne komam no, yehu sɛ asɛm a Paul kae no kaa ɔhene no koma paa.

19. Gyinae bɛn na Festo ne Agripa sii wɔ Paul ho?

19 Afei Agripa ne Festo maa wɔn mu so de kyerɛe sɛ wɔatie Paul anom asɛm awie. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Bere a wɔrefi hɔ no, wofii ase kekae sɛ: ‘Ɔbarima yi nyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ owu anaa wɔde afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn gu no.’ Ɛnna Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: ‘Sɛ ɛnyɛ sɛ ɔbarima yi de asɛm no akɔdan Kaesare a, anka yebetumi agyaa no.’” (Aso. 26:31, 32) Ná wɔnim sɛ ɔbarima a ogyinaa wɔn anim kasae no ho nni asɛm. Ebia afei de, na wɔbenya Kristofo ho adwempa.

20. Dɛn na efii aban mpanyimfo a Paul dii wɔn adanse no mu bae?

20 Atumfoɔ a kyerɛwtohɔ yi ka wɔn ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu biara annye Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no antom. Enti wohwɛ a, na nyansa wom sɛ ɔsomafo Paul kɔɔ saa mmarima yi anim? Mmuae no yɛ yiw. Kɔ a wɔde Paul kɔɔ “ahemfo ne amradofo anim” wɔ Yudea no, ɛma otumi nyaa kwan dii Roma aban mpanyimfo a anka ebetumi ayɛ den sɛ wɔbenya wɔn aka asɛm no akyerɛ wɔn no adanse. (Luka 21:12, 13) Bio nso, osuahu a onyae ne nokware a odii bere a na wɔredi n’asɛm no hyɛɛ ne nuanom mmarima ne mmea gyidi den.—Filip. 1:12-14.

21. Sɛ yemia yɛn ani yɛ Ahenni asɛmpaka adwuma no a, nneɛma pa bɛn na ebetumi afi mu aba?

21 Saa ara na ɛte nnɛ. Sɛ yemia yɛn ani ka Ahenni no ho asɛm no ɛmfa ho sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow ne ɔsɔretia a, nneɛma pa pii betumi afi mu aba. Ebetumi ama yɛadi aban mpanyimfo a anka ɛbɛyɛ den sɛ yebenya wɔn aka asɛm no akyerɛ wɔn no adanse. Sɛ yɛde nokwaredi gyina ɔhaw a yehyia wɔ asɛnka mu no ano a, ebetumi ahyɛ yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea den, na aka wɔn ma wɔde akokoduru kɛse paa adi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse frenkyemm.

ROMA AMRADO PORKIO FESTO

Porkio Festo ho nsɛm a wɔn a wɔde wɔn ani huu no no kae no, Asomafo Nnwuma no mu ne Flavius Josephus nhoma mu nko ara na ɛwɔ. Festo bedii Felike ade sɛ Yudea amrado bɛyɛ afe 58 Y.B. mu, na ɛbɛyɛ sɛ odii ade bɛyɛ mfe mmienu anaa mmiɛnsa pɛ na owui.

Porkio Festo.

Wohwɛ mu a, wutumi hu sɛ na Festo yɛ amrado a onim nyansa na ɔyɛ n’adwuma yiye sen Felike a ɔno Festo bedii n’ade, ne Albinus a obedii Festo ade no. Festo nniso no mfiase no, na akorɔmfo-werɛmfo ahyɛ Yudea ma. Sɛnea Josephus kyerɛ no, “Festo . . . de sii n’ani so sɛ obeyi wɔn a na wɔresɛe ɔman no asomdwoe no afi hɔ. Enti ɔkyeree akorɔmfo-werɛmfo no mu fã kɛse no ara, na okunkum wɔn mu pii.” Bere a na Festo redi ade no, Yudafo no too ɔfasu bi sɛnea ɛbɛyɛ a na Ɔhene Agripa renhu nneɛma a na wɔyɛ wɔ asɔrefie hɔ no. Mfiase no, Festo kaa sɛ wɔmmubu ɔfasu no. Nanso Yudafo no srɛɛ no, na akyiri yi, ɔmaa Yudafo no de asɛm no kɔdan Roma Ɔhempɔn Nero.

Ɛda adi sɛ, Festo ko tiaa nsɛmmɔnedifo ne atuatewfo denneennen. Nanso, esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔne Yudafo no ntam yɛ papa nti, wamfa atɛntrenee anyɛ adwuma, na sɛ na ɔde yɛ adwuma mpo a, wanyɛ saa wɔ ɔsomafo Paul asɛm no mu.

ƆHENE HERODE AGRIPA II

Agripa a wɔaka ne ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma ti 25 no yɛ Ɔhene Herode Agripa II. Ná ɔyɛ Herode Ɔkɛseɛ no banana, na ne papa ne Herode a ɔtow hyɛɛ Yerusalem asafo no so mfe 14 a atwam no. (Aso. 12:1) Ná Agripa na ɔyɛ ahemfo a na wɔfrɛ wɔn Herode no mu nea otwa to.

Ɔhene Herode Agripa II.

Bere a Agripa papa wui wɔ afe 44 Y.B. mu no, na Agripa adi mfe 17, na na ɔwɔ Roma. Ná ɔresua nhoma wɔ Roma Ɔhempɔn Klaudio ahemfie. Ɔhempɔn no afotufo adwene yɛɛ wɔn sɛ na Agripa sua dodo sɛ obedi ɔmantam a na ne papa di so no so. Enti wɔpaw Roma amrado bi mmom. Ɛno mpo no, sɛnea Flavius Josephus kyerɛ no, bere a na Agripa da so wɔ Roma no, odi boaa Yudafo no, na ɔkasa maa wɔn.

Bɛyɛ afe 50 Y.B. mu no, Klaudio maa Agripa dii Chalcis so hene, na afe 53 Y.B. no, ɔde Iturea, Trakoniti, ne Abilene kaa ho maa no. Wɔmaa Agripa san hwɛɛ Yerusalem asɔrefie no so, na wɔmaa no tumi sɛ ɔmpaw Yudafo asɔfo mpanyin. Nero a obedii Klaudio ade no trɛw nsaase a na Agripa di so no mu maa Galilea ne Perea afã bi bɛkaa ho. Bere a Agripa hyiaa Paul no, na Agripa ne ne nuabea Bernike wɔ Kaesarea. Saa bere no, na Bernike agyaa ne kunu a ɔyɛ Kilikia hene no aware.—Aso. 25:13.

Afe 66 Y.B. no, Agripa bɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo Yudafo a wɔatew atua atia Roma no bo, nanso anyɛ yiye, na atuatewfo no tuu wɔn ani sii ɔno ankasa so. Afei ɔyɛ ho hwee a na ɛnyɛ yiye, enti ɔde ne ho bɔɔ Romafo no. Bere a wɔdii Yudafo a wɔtew atua no so nkonim no, Vespasian a na ɔyɛ ɔhempɔn foforo no maa Agripa nsaase foforo kaa ho sɛ akatua.

a Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 199 a wɔato din “Roma Amrado Porkio Festo” no.

b Ná “atemmu agua” no yɛ akongua bi a wɔde asi bamma so. Esiane sɛ na akongua no si baabi a ɛwɔ soro nti, sɛ ɔtemmufo no kasa wie a, na ɔmanfo no bu no sɛ asɛm asa, na ɛsɛ sɛ obiara gye tom. Bere a Pilato redi Yesu asɛm no, na ɔte atemmu agua so.

c Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 200 a wɔato din “Nokware Som Ho Nsɛm a Wɔde Kɔdan Asɛnnibea Ɛnnɛ” no.

d Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 201 a wɔato din “Ɔhene Herode Agripa II” no.

e Esiane sɛ na Paul yɛ Kristoni nti, na ogye tom sɛ Yesu ne Mesia no. Yudafo a wɔannye Yesu antom no buu Paul sɛ na ɔyɛ ɔwaefo.—Aso. 21:21, 27, 28.

f Bible ho ɔbenfo bi kaa asɛm a Paul kaa sɛ na ɔretu kwan “prɛmtobere” no ho asɛm sɛ: “Sɛ ɛnyɛ sɛ na ɔkwantufo bi pɛ ntɛm paa akɔ baabi a ɔrekɔ a, na ogye n’ahome awiabere, bere a awia no ano yɛ den paa no. Enti yehu sɛ na Paul ayere ne ho denneennen retan Kristofo no ani.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena