Aban Awɛmfo Tee Asɛmpa No
Na ɛyɛ afe 59 Y.B. mu. Saa bere no ɔsraani panyin bi a wɔfrɛ no Yulio ne n’asraafo dii nneduafo bi anim kɔfaa Porta Capena pon mu kɔɔ Roma. Wokopuee Palatine Bepɔw so; ɛhɔ na Ɔhempɔn Nero ahemfie si. Wohui sɛ Aban Awɛmfo de asekan ahyehyɛ wɔn “toga” mu rebɔ ahemfie no ho ban.a Yulio de asraafo no faa Roma kurow no mfinimfini kɔforoo Viminal Bepɔw no. Wɔkɔfaa turo bi mu, na na afɔremuka pii sisi hɔ a wɔbɔ afɔre ma Roma anyame wɔ so. Afei nso wotwaam wɔ baabi a asraafo teɛteɛ wɔn apɔw mu.
Aban Awɛmfo mfonini bi. Ebinom kyerɛ sɛ na ɛwɔ Klaudio nkaedum so; wɔyɛɛ nkaedum no wɔ afe 51 Y.B. mu
Na ɔsomafo Paulo ka nneduafo no ho. Bere bi ahum totoo po so hyɛn a na Paulo te mu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no sɛ: “Etwa sɛ wugyina Kaesare anim.” (Aso. 27:24) Afei de na bere aso sɛ Paulo gyina Kaesare anim anaa? Ɔtoo n’ani hwɛɛ Roma Ahemman no ahenkurow no, na ɛbɛyɛ sɛ ɔkaee asɛm a Awurade Yesu ka kyerɛɛ no wɔ Antonia Abantenten a ɛwɔ Yerusalem no. Yesu kae sɛ: “Nya akokoduru! Na sɛnea woadi me ho adanse fefeefe wɔ Yerusalem no, saa ara na ɛsɛ sɛ wudi adanse wɔ Roma nso.”—Aso. 23:10, 11.
Ebia Paulo gyina hwɛɛ Castra Praetoria no. Na ɛyɛ abantenten kakraa bi a wɔde ntayaa kɔkɔɔ asi. Ɛhɔ na na Aban Awɛmfo bɛyɛ 12,000 a wɔbɔ ɔhempɔn no ho ban ne asraafo mpempem ne kurow no mu polisifo tete. Saa abantenten yi kaee nkurɔfo sɛ ɔhempɔn no tumi sõ. Aban Awɛmfo no ara nso na na wɔhwɛ nneduafo so wɔ Roma Ahemman no afã foforo, enti Yulio dii nneduafo no anim faa ɔpon bi mu kɔɔ Roma. Wɔfaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu wɔ wɔn akwantu no mu ɔsram pii, nanso afei de, wɔabedu Roma.—Aso. 27:1-3, 43, 44.
PAULO AMMA ‘BIRIBIARA ANSIW NO KWAN’
Onyankopɔn maa Paulo nyaa anisoadehu sɛ hyɛn no mu nipa biako koraa renwu. Ahurutoa bi kaa Paulo nanso hwee anyɛ no. Ɔsaa nkurɔfo yare wɔ Malta supɔw no so, na ɛhɔfo no kae sɛ ɔyɛ onyame bi. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm yi tenne maa Aban Awɛmfo pii tee.
Na Paulo ne anuanom a ‘wofi Roma baa Apia Gua so ne Nsadan-Mmiɛnsa’ no ahyia dedaw. (Aso. 28:15) Ná nea ɛda Paulo koma so ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no wɔ Roma, nanso ɔdeduani de, ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? (Rom. 1:14, 15) Ebinom susuw sɛ wɔde nneduafo no kɔhyɛɛ nea ɔda awɛmfo ano no nsa. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde yebetumi aka sɛ wɔde Paulo kɔmaa Aban Awɛmfo panyin a wɔfrɛ no Afranius Burrus. Ɛbɛyɛ sɛ ɔhempɔn no nni hɔ a ɔno na ɔwɔ hɔ.b Afei de Paulo fii awɛmfo mpanyimfo nsam kodii ɔsraani bi nsam. Wɔmaa Paulo ankasa pɛɛ baabi a ɔbɛtena. Afei wɔmaa no kwan sɛ obetumi agye ahɔho aka asɛm no akyerɛ wɔn a “biribiara ansiw ho kwan.”—Aso. 28:16, 30, 31.
PAULO DII “NKETEWA NE AKƐSE NYINAA” ADANSE
Sɛnea Castra Praetoria dan no te nnɛ
Ebetumi aba sɛ Burrus bisabisaa ɔsomafo Paulo nsɛm wɔ Awɛmfo atenae anaa ahemfie hɔ ansa na ɔde no rekɔ Nero anim. Paulo amma hokwan yi ammɔ no; odii “nketewa ne akɛse nyinaa” adanse. (Aso. 26:19-23) Yennim nea Burrus huu wɔ Paulo ho, nanso asɛm no ne sɛ wamfa no anto afiase wɔ Awɛmfo atenae hɔ.c
Paulo frɛɛ “Yudafo no mu atitiriw” ne “nnipa pii baa baabi a ɔte no” dii wɔn adanse. Yebetumi aka sɛ Paulo dii Aban Awɛmfo no nso adanse efisɛ bere a ‘odii Onyankopɔn ahenni ho adanse fefeefe kaa Yesu ho asɛm’ kyerɛɛ Yudafo “fi anɔpa kosi anwummere” no, wɔtee.—Aso. 28:17, 23.
Obi rekyerɛw Paulo nkrataa ama no; ɔwɛmfo retie
Da biara na ɛsono Aban Awɛmfo a wɔwɛn ahemfie hɔ. Saa ara nso na na ɛsono awɛmfo a wɔwɛn Paulo da biara. Eyi nti awɛmfo pii tee asɛmpa no. Paulo dii mfe abien wɔ afiase. Saa bere no na ɔkyerɛw nkrataa kɔmaa Efesofo, Filipifo, Kolosefo ne Hebrifo Kristofo no. Na ɔka ma obi kyerɛw enti awɛmfo no tee ne nyinaa. Afei nso awɛmfo no hui sɛ ɔrekyerɛw krataa akɔma Kristoni bi a wɔfrɛ no Filemon. Bere a Paulo wɔ afiase no, ɔboaa akoa bi a wɔfrɛ no Onesimo a na waguan afi ne wura nkyɛn. Na Paulo ‘abɛyɛ ne papa wɔ afiase hɔ,’ na akyiri yi ɔma ɔsan kɔɔ ne wura hɔ. (Filem. 10) Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo ne asraafo a wɔwɛn no no bɔɔ nkɔmmɔ. (1 Kor. 9:22) Ebia Paulo ne ɔsraani bi bɔɔ nkɔmmɔ huu akotade ho nsɛm na ɔde yɛɛ mfatoho wɔ ne krataa mu.—Efe. 6:13-17.
KA ONYANKOPƆN ASƐM NO AKOKODURU SO
Paulo afiasenna no maa Aban Awɛmfo ne afoforo pii tee asɛmpa no. (Filip. 1:12, 13) Aban Awɛmfo no nim nnipa pii wɔ Roma Ahemman no mu. Ebi ne ɔhempɔn no ne ne fiefo. Ɔhempɔn no fiefo yɛ n’abusuafo, n’asomfo ne ne nkoa, na wɔn mu bi bɛyɛɛ Kristofo. (Filip. 4:22) Akokoduru a Paulo de dii adanse no hyɛɛ anuanom a wɔwɔ Roma no mpamden ma ‘wɔkaa Onyankopɔn asɛm a wɔansuro.’—Filip. 1:14.
Tebea a yɛwom biara, yebetumi ama nnipa a wɔba yɛn nkyɛn ate asɛmpa no
Paulo asɛm no boa yɛn ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛka asɛm no mmere pa ne mmere bɔne mu.’ (2 Tim. 4:2) Ebia yɛn mu bi aka dan mu, anaa yɛda ayaresabea, anaa yɛn gyidi nti wɔde yɛn ato afiase. Tebea a yɛwom biara, mpɛn dodow a nnipa ba yɛn nkyɛn de, yebetumi adi wɔn adanse. Sɛ yenya hokwan biara na yɛde akokoduru di adanse a, yebehu ampa sɛ ‘wɔnkyekyeree Onyankopɔn asɛm’ no.—2 Tim. 2:8, 9.
a Hwɛ adaka a wɔato din “Aban Awɛmfo wɔ Nero Bere So.”
b Hwɛ adaka a wɔato din “Sextus Afranius Burrus.”